< Exodus 16 >
1 On the fifteenth day of the second month after they had left the land of Egypt, the whole congregation of Israel set out from Elim and came to the Desert of Sin, which is between Elim and Sinai.
Afei, wɔtu firii Elim baa Sin ɛserɛ so a ɛda Elim ne Bepɔ Sinai ntam. Wɔtu firii Misraim no, bosome a ɛtɔ so mmienu dadu nnanum so na wɔduruu hɔ.
2 And there in the desert they all grumbled against Moses and Aaron.
Wɔduruu hɔ no nso, nnipa no kasa tiaa Mose ne Aaron sɛ,
3 “If only we had died by the LORD’s hand in the land of Egypt!” they said. “There we sat by pots of meat and ate our fill of bread, but you have brought us into this desert to starve this whole assembly to death!”
“Ao! Sɛ yɛwɔ Misraim bio na anka Awurade rekunkum yɛn wɔ hɔ a, anka yɛpɛ. Na yɛnya nnuane bebree di wɔ hɔ. Nanso, mode yɛn abɛgu ɛserɛ so ha ama ɛkɔm rekum yɛn.”
4 Then the LORD said to Moses, “Behold, I will rain down bread from heaven for you. Each day the people are to go out and gather enough for that day. In this way I will test whether or not they will follow My instructions.
Ɛnna Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Merebɛtɔ aduane firi soro abɛgu asase so ama wɔn. Obiara bɛtumi akɔboaboa dodoɔ biara a ɔpɛ ano ama deɛ ɔbɛdi no ɛda koro. Mede yei bɛsɔ wɔn ahwɛ sɛ wɔbɛdi mʼahyɛdeɛ so anaasɛ wɔrenni so.
5 Then on the sixth day, when they prepare what they bring in, it will be twice as much as they gather on the other days.”
Ka kyerɛ wɔn na nnawɔtwe biara mu ɛda a ɛtɔ so nsia no, wɔmmoaboa aduane no ano sɛdeɛ daa wɔboaboa no no, mmɔho mmienu.”
6 So Moses and Aaron said to all the Israelites, “This evening you will know that it was the LORD who brought you out of the land of Egypt,
Enti, Mose ne Aaron frɛɛ Israelfoɔ no nyinaa ne wɔn hyiaeɛ ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Anwummerɛ yi, mobɛhunu sɛ Awurade na ɔyii mo firii Misraim asase so.
7 and in the morning you will see the LORD’s glory, because He has heard your grumbling against Him. For who are we that you should grumble against us?”
Sɛ ɛduru anɔpa a, mobɛhunu nʼanimuonyanneɛ bebree; ɛfiri sɛ, wate mo anwiinwii a monwiinwii tia no no. Na yɛn ne hwan a monnwiinwii tia yɛn?
8 And Moses added, “The LORD will give you meat to eat this evening and bread to fill you in the morning, for He has heard your grumbling against Him. Who are we? Your grumblings are not against us but against the LORD.”
Anwummerɛ yi, Awurade bɛma mo ɛnam awe, na wama mo aduane anɔpa. Ɛfiri sɛ, wate mo anwiinwii a monwiinwii tia no no. Moannwiinwii antia yɛn, na monwiinwii tiaa Awurade.”
9 Then Moses said to Aaron, “Tell the whole congregation of Israel, ‘Come before the LORD, for He has heard your grumbling.’”
Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ, “Ka kyerɛ Israelfoɔ no nyinaa sɛ wɔmmra Awurade anim na wɔmmɛtie wɔn anwiinwii no ho mmuaeɛ.”
10 And as Aaron was speaking to the whole congregation of Israel, they looked toward the desert, and there in a cloud the glory of the LORD appeared.
Enti, Aaron frɛɛ wɔn boaa ano, na prɛko pɛ, wɔmaa wɔn ani so kyerɛɛ baabi a omununkum a ɛrekyerɛ wɔn ɛkwan no wɔ no, Awurade firii mu daa nʼanimuonyam kɛseɛ no adi.
11 Then the LORD said to Moses,
Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
12 “I have heard the grumbling of the Israelites. Tell them, ‘At twilight you will eat meat, and in the morning you will be filled with bread. Then you will know that I am the LORD your God.’”
“Mate wɔn anwiinwii no, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Anwummerɛ, mobɛnya ɛnam awe na anɔpa nso mobɛnya aduane pii adi na mobɛhunu sɛ mene Awurade, mo Onyankopɔn, no.’”
13 That evening quail came and covered the camp, and in the morning there was a layer of dew around the camp.
Anwummerɛ no, nnomaa pii bɛbuu so wɔ wɔn atenaeɛ hɔ na anɔpa no, obosuo tɔ guu ɛserɛ no so ma ɛyɛɛ fɔkyee;
14 When the layer of dew had evaporated, there were thin flakes on the desert floor, as fine as frost on the ground.
obosuo no tuiɛ no akyire no, biribi te sɛ nsenseneeɛ bi a ɛte sɛ nkyenkyeneeɛ bɛguu asase no so.
15 When the Israelites saw it, they asked one another, “What is it?” For they did not know what it was. So Moses told them, “It is the bread that the LORD has given you to eat.
Israelfoɔ no hunuiɛ no, wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Ɛdeɛbɛn nie?” Na Mose buaa wɔn sɛ, “Ɛyɛ aduane a Awurade de ama mo sɛ monni no.
16 This is what the LORD has commanded: ‘Each one is to gather as much as he needs. You may take an omer for each person in your tent.’”
Awurade aka sɛ, ‘Obiara mmoaboa dodoɔ biara a ɛbɛso ɔne ne fiefoɔ die ano.’”
17 So the Israelites did this. Some gathered more, and some less.
Enti, Israelfoɔ no firii adi kɔboaboaa aduane no bi ano. Ebi faa pii ɛnna ebi faa kakraa bi.
18 When they measured it by the omer, he who gathered much had no excess, and he who gathered little had no shortfall. Each one gathered as much as he needed to eat.
Wɔhwiee deɛ wɔaboaboa ano no nyinaa guu susukoraa mu no, na ɛdɔɔso sɛ obiara bɛnya bi. Wɔn a wɔnyaa pii no, ebi anka, ɛnna wɔn a wɔnyaa kakra bi no nso, ɛsoo wɔn. Efie biara nyaa ne so ne ne deɛ.
19 Then Moses said to them, “No one may keep any of it until morning.”
Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mommma adeɛ nkye so.”
20 But they did not listen to Moses; some people left part of it until morning, and it became infested with maggots and began to smell. So Moses was angry with them.
Nanso, ebinom yɛɛ asoɔden maa adeɛ kyee so. Adeɛ kyee so no, na adɔre nsaama ma ɛbɔn enti Mose bo fuu wɔn yie.
21 Every morning each one gathered as much as was needed, and when the sun grew hot, it melted away.
Afei, na wɔkɔtase aduane no anɔpa biara, na wɔtase dodoɔ biara a, ɛso efie biara. Na awia bɔɔ dendeenden guu so no, aduane no nyinaa naneeɛ.
22 On the sixth day, they gathered twice as much food—two omers per person —and all the leaders of the congregation came and reported this to Moses.
Ɛda a ɛtɔ so nsia no, wɔtasee sɛdeɛ wɔtase no daa no mmɔho mmienu. Wɔtasee susukoraa nsia, nanso daa na wɔtase susukoraa mmiɛnsa. Mpanimfoɔ a wɔtuatua nnipa no ano no bɛbisaa Mose deɛ enti a aba saa.
23 He told them, “This is what the LORD has said: ‘Tomorrow is to be a day of complete rest, a holy Sabbath to the LORD. So bake what you want to bake, and boil what you want to boil. Then set aside whatever remains and keep it until morning.’”
Mose buaa wɔn sɛ, “Ɛfiri sɛ, Awurade aka ato hɔ sɛ, ‘Ɔkyena yɛ homeda. Ɛyɛ homeda kronkron ma Awurade a ɛnsɛ sɛ yɛyɛ yɛn nnwuma biara. Enti, monnoa dodoɔ biara a mopɛ ɛnnɛ, na deɛ ɛbɛka no, monnya ma adeɛ nkye so.’”
24 So they set it aside until morning as Moses had commanded, and it did not smell or contain any maggots.
Na adeɛ kyee so no, na ɛyɛ a nsaama biara nni mu na ɛmmɔn nso.
25 “Eat it today,” Moses said, “because today is a Sabbath to the LORD. Today you will not find anything in the field.
Mose kaa sɛ, “Ɛnnɛ, mo aduane nie, ɛfiri sɛ, ɛnnɛ yɛ Awurade homeda enti aduane biara rentɔ ngu asase so.
26 For six days you may gather, but on the seventh day, the Sabbath, it will not be there.”
Momfa nna nsia mmoaboa aduane ano, ɛfiri sɛ, ɛda a ɛtɔ so nson no yɛ homeda enti morennya aduane biara saa ɛda no.”
27 Yet on the seventh day some of the people went out to gather, but they did not find anything.
Homeda no, nnipa no bi firii adi sɛ wɔrekɔpɛ aduane no bi, nanso na ebi nni hɔ.
28 Then the LORD said to Moses, “How long will you refuse to keep My commandments and instructions?
Awurade bisaa Mose sɛ, “Saa nnipa yi bɛyɛ asoɔden akɔsi da bɛn?
29 Understand that the LORD has given you the Sabbath; that is why on the sixth day He will give you bread for two days. On the seventh day, everyone must stay where he is; no one may leave his place.”
Wɔnhunu sɛ nna nsia so no, memaa wɔn mmɔho mmienu sɛdeɛ ɛbɛso wɔn nnanu? Awurade se momfa ɛda a ɛtɔ so nson no sɛ homeda; montena mo ntomadan mu. Mommfiri adi nkɔtase aduane mfiri asase so.”
30 So the people rested on the seventh day.
Enti, ɛda a ɛtɔ so nson no, nnipa no homee.
31 Now the house of Israel called the bread manna. It was white like coriander seed and tasted like wafers made with honey.
Israelfoɔ no too aduane no edin sɛ, Mana aseɛ ne “Ɛyɛ ɛdeɛn?” Ɛyɛ fitaa sɛ wisa aba na ɛyɛ dɛ te sɛ taterɛ a ɛwoɔ wɔ mu.
32 Moses said, “This is what the LORD has commanded: ‘Keep an omer of manna for the generations to come, so that they may see the bread I fed you in the wilderness when I brought you out of the land of Egypt.’”
Mose kaa asɛm a Awurade ka kyerɛɛ no sɛ ɔnka nkyerɛ wɔn sɛ wɔmfa aduane no susukoraa mmiɛnsa na wɔmfa nkɔsie wɔn adekorabea afebɔɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nkyirimma bɛhunu aduane a Awurade de maa wɔn dii wɔ ɛserɛ so ɛberɛ a ɔyii wɔn firii Misraim no.
33 So Moses told Aaron, “Take a jar and fill it with an omer of manna. Then place it before the LORD to be preserved for the generations to come.”
Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ ɔmfa kyɛnsee na ɔmfa mana lita mmiɛnsa ngu mu na ɔmfa nsie kronkronbea bi mma nkyirimma.
34 And Aaron placed it in front of the Testimony, to be preserved just as the LORD had commanded Moses.
Aaron yɛɛ sɛdeɛ Awurade kyerɛɛ Mose sɛ ɔnyɛ no na ɔkɔkoraa no wɔ Apam Adaka no mu wɔ kronkronbea hɔ.
35 The Israelites ate manna forty years, until they came to a land where they could settle; they ate manna until they reached the border of Canaan.
Enti, Israelfoɔ dii mana yi mfeɛ aduanan kɔsii sɛ wɔduruu Kanaan asase so a ɛhɔ deɛ, na afuomduane wɔ no.
36 (Now an omer is a tenth of an ephah.)
Omer na na wɔde susu mana no. Omer yɛ lita mmiɛnsa.