< Exodus 10 >

1 Then the LORD said to Moses, “Go to Pharaoh, for I have hardened his heart and the hearts of his officials, that I may perform these miraculous signs of Mine among them,
Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “San kɔ Farao nkyɛn efisɛ mapirim ɔne ne mpanyimfo nyinaa koma sɛnea ɛbɛyɛ a metumi ayɛ me nsɛnkyerɛnne ahorow yi wɔ wɔn mu
2 and that you may tell your children and grandchildren how severely I dealt with the Egyptians when I performed miraculous signs among them, so that all of you may know that I am the LORD.”
na ɛnam so ama woatumi aka anwonwade a mayɛ wɔ Misraim asase so no akyerɛ wo mma ne wo nenanom, sɛnea me ne Misraimfo no dii no nwenweenwen ne sɛnea meyɛɛ nsɛnkyerɛnne ahorow wɔ wɔn mu no, na ama woahu sɛ mene Awurade no.”
3 So Moses and Aaron went to Pharaoh and told him, “This is what the LORD, the God of the Hebrews, says: ‘How long will you refuse to humble yourself before Me? Let My people go, so that they may worship Me.
Enti Mose ne Aaron kohuu Farao ka kyerɛɛ no se, “Awurade a ɔyɛ Hebrifo Nyankopɔn no se mimmisa wo se, ‘Enkosi da bɛn na wubebu me animtiaa? Ma me nkurɔfo nkɔ na wɔnkɔsom me.
4 But if you refuse to let My people go, I will bring locusts into your territory tomorrow.
Sɛ woamma wɔn ankɔ a, ɔkyena nko ara mɛma mmoadabi aba wo man yi mu.
5 They will cover the face of the land so that no one can see it. They will devour whatever is left after the hail and eat every tree that grows in your fields.
Wɔbɛkata asase no ani nyinaa. Na wɔbɛwe biribiara a ɛkae a mparuwbo a ɛtɔe no ansɛe no no nyinaa a wuram nnua nyinaa ka ho.
6 They will fill your houses and the houses of all your officials and every Egyptian—something neither your fathers nor your grandfathers have seen since the day they came into this land.’” Then Moses turned and left Pharaoh’s presence.
Mmoa no bɛhyɛ wʼahemfi hɔ, wo mpanyimfo afi mu ne Misraimfo afi nyinaa ma tɔ. Ɛbɛyɛ ɔhaw a, efi bere a mo agyanom bɛtenaa asase yi so de besi nnɛ no, bi nsii saa da.’” Na Mose fii Farao anim kɔe.
7 Pharaoh’s officials asked him, “How long will this man be a snare to us? Let the people go, so that they may worship the LORD their God. Do you not yet realize that Egypt is in ruins?”
Farao mpanyimfo bisaa no se, “Enkosi da bɛn na saa ɔbarima yi bɛyɛ yɛn konnua? Wunhuu sɛ Misraim nyinaa adan amamfo? Ma nnipa no kwan na wɔnkɔ nkɔsom Awurade wɔn Nyankopɔn no!”
8 So Moses and Aaron were brought back to Pharaoh. “Go, worship the LORD your God,” he said. “But who exactly will be going?”
Enti wɔsan de Mose ne Aaron baa Farao anim. Farao kae se, “Eye, monkɔsom Awurade, mo Nyankopɔn no. Na ɛhefo na mo ne wɔn bɛkɔ?”
9 “We will go with our young and old,” Moses replied. “We will go with our sons and daughters, and with our flocks and herds, for we must hold a feast to the LORD.”
Mose buaa Farao se, “Yɛde mmofra ne mpanyin, yɛn mmabarima, yɛn mmabea, yɛn nguan ne yɛn anantwi na ɛbɛkɔ. Yɛde yɛn agyapade nyinaa na ebetu saa kwan no, efisɛ ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa kɔ Awurade afahyɛ no.”
10 Then Pharaoh told them, “May the LORD be with you if I ever let you go with your little ones. Clearly you are bent on evil.
Farao de abufuw buae se, “Sɛ mɛma mode mmofra nketewa yi akɔ a, ɛno de, Awurade ankasa nka mo ho. Mahu sɛ mowɔ adwemmɔne.
11 No, only the men may go and worship the LORD, since that is what you have been requesting.” And Moses and Aaron were driven from Pharaoh’s presence.
Ɛnsɛ sɛ ɛba saa. Mo mmarima no, monkɔsom Awurade, efisɛ ɛno na mobisaa me.” Farao pam wɔn fii nʼahemfi hɔ.
12 Then the LORD said to Moses, “Stretch out your hand over the land of Egypt, so that the locusts may swarm over it and devour every plant in the land—everything that the hail has left behind.”
Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Teɛ wo nsa wɔ Misraim so na mmoadabi mmɛkata asase no nyinaa so, na wonni biribiara a mparuwbo no ansɛe no no.”
13 So Moses stretched out his staff over the land of Egypt, and throughout that day and night the LORD sent an east wind across the land. By morning the east wind had brought the locusts.
Enti Mose maa ne pema so kyerɛɛ Misraim asase so maa Awurade bɔɔ mframa bi fii apuei fam awia ne anadwo. Ade kyee no, na apuei mframa no de mmoadabi no abegu asase no so nyinaa.
14 The locusts swarmed across the land and settled over the entire territory of Egypt. Never before had there been so many locusts, and never again will there be.
Mmoadabi no kataa Misraim asase no so mmaa nyinaa. Misraim abakɔsɛm kyerɛ se, mmoadabi mmaa ɔman no mu saa da na bi nso remma saa bio.
15 They covered the face of all the land until it was black, and they consumed all the plants on the ground and all the fruit on the trees that the hail had left behind. Nothing green was left on any tree or plant in all the land of Egypt.
Mmoa no kataa asase ani nyinaa ma wosiw owia ani enti wɔmaa sum duruu asase no so. Wɔwee biribiara a mparuwbo no ansɛe no no; biribiara a ɛyɛ ahabammono anka; sɛ ɛyɛ dua anaa afifide a ɛwɔ ɔman no mu baabiara no.
16 Pharaoh quickly summoned Moses and Aaron and said, “I have sinned against the LORD your God and against you.
Ntɛm pa ara Farao tuu abɔfo kɔfrɛɛ Mose ne Aaron ka kyerɛɛ wɔn se, “Mayɛ bɔne atia Awurade, mo Nyankopɔn no, ne mo nyinaa.
17 Now please forgive my sin once more and appeal to the LORD your God, that He may remove this death from me.”
Afei, momfa me bɔne nkyɛ me bio na monsrɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, sɛ onyi owu yi mfi yɛn so.”
18 So Moses left Pharaoh’s presence and appealed to the LORD.
Enti Mose fii Farao anim kɔsrɛɛ Awurade.
19 And the LORD changed the wind to a very strong west wind that carried off the locusts and blew them into the Red Sea. Not a single locust remained anywhere in Egypt.
Awurade bɔɔ atɔe fam mframa dennen bi ma epiaa mmoadabi no nyinaa koguu Po Kɔkɔɔ no mu, a anka ɔbaako pɛ koraa wɔ Misraim asase no so.
20 But the LORD hardened Pharaoh’s heart, and he would not let the Israelites go.
Nanso Awurade pirim Farao koma nti wamma Israelfo no ankɔ.
21 Then the LORD said to Moses, “Stretch out your hand toward heaven, so that darkness may spread over the land of Egypt—a palpable darkness.”
Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Teɛ wo nsa kyerɛ soro mma sum kabii mmeduru Misraim asase so.”
22 So Moses stretched out his hand toward heaven, and total darkness covered all the land of Egypt for three days.
Enti Mose teɛɛ ne nsa hwɛɛ soro maa sum kabii beduruu Misraim asase no so nnansa.
23 No one could see anyone else, and for three days no one left his place. Yet all the Israelites had light in their dwellings.
Sum no duruu saa no, na obiara nhu hwee na wontumi ntu wɔn anan nso nnansa. Nanso Israelfo no de, na nea wɔte hɔ yɛ hann.
24 Then Pharaoh summoned Moses and said, “Go, worship the LORD. Even your little ones may go with you; only your flocks and herds must stay behind.”
Farao frɛɛ Mose ka kyerɛɛ no se, “Kɔ na kɔsom Awurade. Wubetumi de wo mma aka wo ho akɔ; nanso wo nguan ne wʼanantwi no de, ma wɔnka ha.”
25 But Moses replied, “You must also provide us with sacrifices and burnt offerings to present to the LORD our God.
Nanso Mose buae se, “Dabi, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn nguan ne yɛn anantwi kɔ na yɛde wɔn mu bi bɔ ɔhyew afɔre ma Awurade, yɛn Nyankopɔn.
26 Even our livestock must go with us; not a hoof will be left behind, for we will need some of them to worship the LORD our God, and we will not know how we are to worship the LORD until we arrive.”
Aboa tɔte koraa yɛrennyaw wɔ ha; ɛsɛ sɛ yɛbɔ Awurade, yɛn Nyankopɔn no afɔre. Yennim nea ɔbɛpɛ gye sɛ yedu hɔ.”
27 But the LORD hardened Pharaoh’s heart, and he was unwilling to let them go.
Nanso Awurade pirim Farao koma nti wamma wɔn ankɔ.
28 “Depart from me!” Pharaoh said to Moses. “Make sure you never see my face again, for on the day you see my face, you will die.”
Farao teɛteɛɛ Mose se, “Fi mʼani so kɔ! Mɛhwɛ sɛ woremma mʼanim bio! Da a wubehu mʼanim no, wubewu.”
29 “As you say,” Moses replied, “I will never see your face again.”
Mose buae se, “Meremma wʼanim bio sɛnea woreka no pɛpɛɛpɛ.”

< Exodus 10 >