< Deuteronomy 6 >
1 These are the commandments and statutes and ordinances that the LORD your God has instructed me to teach you to follow in the land that you are about to enter and possess,
Yeinom ne ahyɛdeɛ, mmara ne nhyehyɛeɛ a Awurade mo Onyankopɔn ka kyerɛɛ me sɛ menkyerɛ mo na monni so wɔ asase a moretwa Yordan akɔtena so no,
2 so that you and your children and grandchildren may fear the LORD your God all the days of your lives by keeping all His statutes and commandments that I give you, and so that your days may be prolonged.
sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mo, mo mma ne wɔn mma bɛsuro Awurade mo Onyankopɔn mmerɛ dodoɔ a mote ase. Sɛ modi ne mmara ne nʼahyɛdeɛ nyinaa so a, mo nkwa nna bɛware.
3 Hear, O Israel, and be careful to observe them, so that you may prosper and multiply greatly in a land flowing with milk and honey, just as the LORD, the God of your fathers, has promised you.
Montie, Ao Israel, na monhwɛ yie nni so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɛbɛsi mo yie na mo ase atrɛ yie wɔ asase a nufosuo ne ɛwoɔ resene wɔ so sɛdeɛ Awurade, mo agyanom Onyankopɔn, hyɛɛ mo ho bɔ no.
4 Hear, O Israel: The LORD our God, the LORD is One.
Tie, Ao Israel, Awurade yɛn Onyankopɔn yɛ Awurade koro.
5 And you shall love the LORD your God with all your heart and with all your soul and with all your strength.
Dɔ Awurade wo Onyankopɔn firi wʼakoma mu nyinaa ne wo kra nyinaa mu ne wʼahoɔden nyinaa mu.
6 These words I am commanding you today are to be upon your hearts.
Momma saa mmaransɛm a mede rema wo ɛnnɛ yi ntena mo akoma mu.
7 And you shall teach them diligently to your children and speak of them when you sit at home and when you walk along the road, when you lie down and when you get up.
Momfa nhyɛ mo mma mu. Sɛ mowɔ fie anaa monam ɛkwan so, sɛ moda hɔ anaa mosɔre anɔpa a, monkyerɛkyerɛ wɔn.
8 Tie them as reminders on your hands and bind them on your foreheads.
Monkyekyere no sɛ agyinahyɛdeɛ mmɔ mo nsa na momfa bi mmɔ abotire.
9 Write them on the doorposts of your houses and on your gates.
Montwerɛ ngu mo fie aponnwa ne mo aboboanopono ho.
10 And when the LORD your God brings you into the land He swore to your fathers, to Abraham, Isaac, and Jacob, that He would give you—a land with great and splendid cities that you did not build,
Ɛrenkyɛre biara, Awurade mo Onyankopɔn de mo bɛba asase a ɔkaa ntam sɛ ɔde bɛma mo agyanom Abraham, Isak ne Yakob no. Ɛyɛ asase a animuonyam nkuropɔn a ɛnyɛ mo na mokyekyereeɛ ahyɛ so ma.
11 with houses full of every good thing with which you did not fill them, with wells that you did not dig, and with vineyards and olive groves that you did not plant—and when you eat and are satisfied,
Wɔde nneɛma pa a ɛnyɛ mo na moyɛeɛ bɛhyɛ no ma. Mobɛto nsuo afiri abura a ɛnyɛ mo na motuiɛ mu, na mobɛdidi afiri turo a ɛnyɛ mo na moyɛeɛ mu ne ngo nnua a ɛnyɛ mo na moduaeɛ. Sɛ modidi mee wɔ saa asase yi so wie a,
12 be careful not to forget the LORD who brought you out of the land of Egypt, out of the house of slavery.
monhwɛ yie na mo werɛ amfiri Awurade a ɔgyee mo firii nkoasom mu Misraim asase so no.
13 Fear the LORD your God, serve Him only, and take your oaths in His name.
Ɛsɛ sɛ mosuro Awurade, mo Onyankopɔn, na mosom ɔno nko ara. Ne din nko ara na momfa nka ntam.
14 Do not follow other gods, the gods of the peoples around you.
Monnni anyame foforɔ akyi—anyame a wɔyɛ nnipa a wɔatwa mo ho ahyia no dea;
15 For the LORD your God, who is among you, is a jealous God. Otherwise the anger of the LORD your God will be kindled against you, and He will wipe you off the face of the earth.
na Awurade mo Onyankopɔn a ɔwɔ mo ntam no yɛ Onyankopɔn ninkunfoɔ a nʼabufuhyeɛ no bɛhye mo na ɔbɛsɛe mo afiri asase so.
16 Do not test the LORD your God as you tested Him at Massah.
Monnsɔ Awurade, mo Onyankopɔn, nhwɛ sɛdeɛ moyɛeɛ ɛberɛ a na mowɔ Masa no.
17 You are to diligently keep the commandments of the LORD your God and the testimonies and statutes He has given you.
Ɛsɛ sɛ modi Awurade mo Onyankopɔn ahyɛdeɛ so pɛpɛɛpɛ—monni mmara no mu nsɛm nyinaa so sɛdeɛ ɔde ama mo no.
18 Do what is right and good in the sight of the LORD, so that it may be well with you and that you may enter and possess the good land that the LORD your God swore to give your fathers,
Monyɛ deɛ ɛtene na ɛyɛ wɔ Awurade ani so na biribiara awie mo yie. Na moakɔ akɔtena asase pa a Awurade hyɛɛ ho bɔ kyerɛɛ mo agyanom no.
19 driving out all your enemies before you, as the LORD has said.
Mobɛpam atamfoɔ a wɔte mo asase no so nyinaa sɛdeɛ Awurade ka kyerɛɛ mo sɛ ɔbɛyɛ no.
20 In the future, when your son asks, “What is the meaning of the decrees and statutes and ordinances that the LORD our God has commanded you?”
Daakye bi, mo mma bɛbisa mo sɛ, “Saa mmara ne nʼahyɛdeɛ a Awurade, yɛn Onyankopɔn de ama yɛn yi aseɛ ne sɛn?”
21 then you are to tell him, “We were slaves of Pharaoh in Egypt, but the LORD brought us out of Egypt with a mighty hand.
Monka nkyerɛ wɔn sɛ “Na yɛyɛ Farao nkoa wɔ Misraim, nanso Awurade nam anwanwatumi so yii yɛn firii Misraim.
22 Before our eyes the LORD inflicted great and devastating signs and wonders on Egypt, on Pharaoh, and on all his household.
Yɛhunuu Awurade nsɛnkyerɛnneɛ nnwuma a ɔyɛ tiaa Misraim, Farao ne ne nkurɔfoɔ nyinaa.
23 But He brought us out from there to lead us in and give us the land that He had sworn to our fathers.
Ɔyii yɛn firii Misraim sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛtumi de asase a wahyɛ yɛn agyanom ho bɔ no ama yɛn.
24 And the LORD commanded us to observe all these statutes and to fear the LORD our God, that we may always be prosperous and preserved, as we are to this day.
Na Awurade yɛn Onyankopɔn hyɛɛ yɛn sɛ yɛnni mmara no nyinaa so na yɛmfa obuo ne anidie mma no sɛdeɛ ɛbɛma daakye asi yɛn yie sɛdeɛ ɛte ɛnnɛ yi.
25 And if we are careful to observe every one of these commandments before the LORD our God, as He has commanded us, then that will be our righteousness.”
Ɛfiri sɛ, sɛ yɛdi mmara no nyinaa a Awurade, yɛn Onyankopɔn, de ama yɛn no so a, ɛbɛma yɛayɛ ateneneefoɔ.”