< Deuteronomy 30 >

1 “When all these things come upon you—the blessings and curses I have set before you—and you call them to mind in all the nations to which the LORD your God has banished you,
Sɛ nhyira ne nnome a mede ato mo anim no nyinaa ba mo so, na mode hyɛ mo koma mu wɔ baabiara a Awurade, mo Nyankopɔn no, bɛfa mo akɔ, wɔ aman no mu,
2 and when you and your children return to the LORD your God and obey His voice with all your heart and all your soul according to everything I am giving you today,
na mo ne mo mma san ba Awurade, mo Nyankopɔn no, nkyɛn, na mode mo koma ne mo kra nyinaa yɛ osetie ma no sɛnea merekyerɛ mo nnɛ yi a,
3 then He will restore you from captivity and have compassion on you and gather you from all the nations to which the LORD your God has scattered you.
ɛno de, Awurade, mo Nyankopɔn no, de mo siade bɛma mo, na wahu mo mmɔbɔ, na waboaboa mo ano bio afi amanaman a ɔbɔɔ mo hwete kɔɔ so no nyinaa so, asan de mo aba.
4 Even if you have been banished to the farthest horizon, He will gather you and return you from there.
Sɛ mpo, wɔapam mo kɔ akyirikyiri asase bi a ɛwɔ ɔsoro ase a, efi hɔ no, Awurade, mo Nyankopɔn no, bɛboaboa mo ano asan de mo aba.
5 And the LORD your God will bring you into the land your fathers possessed, and you will take possession of it. He will cause you to prosper and multiply more than your fathers.
Ɔde mo bɛba asase a ɛyɛ mo agyanom de no so na moafa sɛ agyapade. Ɔbɛma mo adi yiye na moadɔɔso asen mo agyanom.
6 The LORD your God will circumcise your hearts and the hearts of your descendants, and you will love Him with all your heart and with all your soul, so that you may live.
Awurade, mo Nyankopɔn no, beyi fi a ɛwɔ mo ne mo asefo koma mu no sɛnea ɛbɛyɛ a mode mo koma ne mo kra nyinaa bɛdɔ no na moanya nkwa.
7 Then the LORD your God will put all these curses upon your enemies who hate you and persecute you.
Awurade, mo Nyankopɔn no, de saa nnome yi nyinaa begu mo atamfo a wɔtaa mo no so.
8 And you will again obey the voice of the LORD and follow all His commandments I am giving you today.
Mobɛsan atie, adi Awurade ahyɛde a mede rema mo nnɛ no nyinaa so.
9 So the LORD your God will make you abound in all the work of your hands and in the fruit of your womb, the offspring of your livestock, and the produce of your land. Indeed, the LORD will again delight in your goodness, as He delighted in that of your fathers,
Awurade, mo Nyankopɔn no, bɛma biribiara a moyɛ no asi mo yiye. Ɔbɛma mo yafunu mu aba asi yiye pii. Mo nyɛmmoa bɛdɔɔso. Na mo mfuw mu nnɔbae nso bebu so, efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, ani begye sɛ ɔbɛma mo adi yiye sɛnea na ɔyɛ mo agyanom no.
10 if you obey the LORD your God by keeping His commandments and statutes that are written in this Book of the Law, and if you turn to Him with all your heart and with all your soul.
Sɛ mutie Awurade, mo Nyankopɔn no, nne, na mudi nʼahyɛde ne ne mmara a wɔakyerɛw wɔ saa Mmara Nhoma no mu no so, na mode mo koma ne mo kra dɔ no a, nʼani begye mo yiyedi ho.
11 For this commandment I give you today is not too difficult for you or beyond your reach.
Nokware, saa mmara a merehyɛ ama mo nnɛ yi sodi nyɛ den na ɛnyɛ ade a morentumi nyɛ nso.
12 It is not in heaven, that you should need to ask, ‘Who will ascend into heaven to get it for us and proclaim it, that we may obey it?’
Enni ɔsoro a enti mobɛka se, “Hena na ɔbɛkɔ ɔsoro ama yɛn na wakogye abrɛ yɛn, na yɛate adi so?”
13 And it is not beyond the sea, that you should need to ask, ‘Who will cross the sea to get it for us and proclaim it, that we may obey it?’
Saa ara nso na enni po agya a enti mobɛka se, “Hena na obetwa akɔ ɛpo fa nohɔ ama yɛn na wakogye abrɛ yɛn, na yɛate adi so?”
14 But the word is very near you; it is in your mouth and in your heart, so that you may obey it.
Dabi, asɛm no abɛn wo. Ɛda wʼano na ɛwɔ wo koma mu sɛ mudi so.
15 See, I have set before you today life and goodness, as well as death and disaster.
Muntie, nnɛ, mede nkwa ne yiyedi, owu ne ɔsɛe asi mo anim.
16 For I am commanding you today to love the LORD your God, to walk in His ways, and to keep His commandments, statutes, and ordinances, so that you may live and increase, and the LORD your God may bless you in the land that you are entering to possess.
Na Sɛ mutie Awurade, mo Nyankopɔn no, mmara a merehyɛ ama mo nnɛ yi, nam so dɔ Awurade, mo Nyankopɔn, nantew nʼakwan mu, di ne mmara so a, mubenya nkwa na mo ase adɔ, na Awurade, mo Nyankopɔn behyira mo wɔ asase a morekɔ akɔtena so no so.
17 But if your heart turns away and you do not listen, but are drawn away to bow down to other gods and worship them,
Nanso sɛ mo koma dan, sɛ moanyɛ osetie, na sɛ wɔtwe mo kɔkotow anyame afoforo, na mosom wɔn a,
18 I declare to you today that you will surely perish; you shall not prolong your days in the land that you are crossing the Jordan to possess.
mepae mu ka kyerɛ mo nnɛ sɛ, nea ɛte biara no wɔbɛsɛe mo; morentena asase a moretwa Yordan akɔ so akɔfa sɛ agyapade no so nkyɛ.
19 I call heaven and earth as witnesses against you today that I have set before you life and death, blessing and cursing. Therefore choose life, so that you and your descendants may live,
Nnɛ mede nkwa ne owu, nhyira ne nnome, asi mo anim sɛ munyi nea mopɛ. Mefrɛ ɔsoro ne asase sɛ nnansefo. Momfa nkwa sɛnea ɛbɛyɛ a mo ne mo asefo benya nkwa!
20 and that you may love the LORD your God, obey Him, and hold fast to Him. For He is your life, and He will prolong your life in the land that the LORD swore to give to your fathers, to Abraham, Isaac, and Jacob.”
Monnɔ Awurade, mo Nyankopɔn no, monyɛ osetie mma no, na momfa mo ho mma no, efisɛ ɔno ne mo nkwa. Ɛno na mobɛtena ase akyɛ wɔ asase a Awurade kaa ntam sɛ ɔde bɛma mo tete agyanom; Abraham, Isak ne Yakob no.

< Deuteronomy 30 >