< Deuteronomy 25 >
1 If there is a dispute between men, they are to go to court to be judged, so that the innocent may be acquitted and the guilty condemned.
Sɛ akasakasa si mmarima baanu ntam a, wɔmfa asɛm no nkɔ asɛnniiɛ na ɔtemmufoɔ no nni asɛm no. Ɔbɛgyaa deɛ ɔdi bem no na wɔatwe deɛ ɔdi fɔ no aso.
2 If the guilty man deserves to be beaten, the judge shall have him lie down and be flogged in his presence with the number of lashes his crime warrants.
Sɛ ɔbarima a ɔdi fɔ no fata sɛ wɔtwa no mmaa a, ɔtemmufoɔ no bɛma no ada hɔ na watwa no mmaa dodoɔ a ɛfata ne bɔne no wɔ nʼanim.
3 He may receive no more than forty lashes, lest your brother be beaten any more than that and be degraded in your sight.
Nanso, ɛnsɛ sɛ wɔtwa no mmaa boro aduanan. Sɛ wɔtwa no boro saa a, na wɔagu wo nua anim ase wɔ wʼanim.
4 Do not muzzle an ox while it is treading out the grain.
Nkyekyere nantwie a ɔreporo atokoɔ ano.
5 When brothers dwell together and one of them dies without a son, the widow must not marry outside the family. Her husband’s brother is to take her as his wife and fulfill the duty of a brother-in-law for her.
Sɛ nuammarima baanu te fie na wɔn mu baako wu a wanwo ɔba a, ɛnsɛ sɛ okunafoɔ no kɔware ɔhɔhoɔ. Mmom, ne kunu a wawuo no nuabarima na ɛsɛ sɛ ɔware okunafoɔ no, na wayɛ okunu nua asɛdeɛ ama okunafoɔ no.
6 The first son she bears will carry on the name of the dead brother, so that his name will not be blotted out from Israel.
Abakan a wɔbɛwo no no, wɔde no bɛto nʼagya a wawuo no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, owufoɔ no din rempepa mfiri Israel.
7 But if the man does not want to marry his brother’s widow, she is to go to the elders at the city gate and say, “My husband’s brother refuses to preserve his brother’s name in Israel. He is not willing to perform the duty of a brother-in-law for me.”
Na sɛ ɛba sɛ owufoɔ no nuabarima mpɛ sɛ ɔware ne nua no yere no a, ɔbaa no bɛkɔ kuro no mpanimfoɔ nkyɛn wɔ kuro no ɛpono ano akɔka akyerɛ wɔn sɛ, “Me kunu nua no mpɛ sɛ ne nua no din bɛka Israel. Ɔrentumi nyɛ okunu nua asɛdeɛ mma me.”
8 Then the elders of his city shall summon him and speak with him. If he persists and says, “I do not want to marry her,”
Afei, ɔbarima no kurom mpanimfoɔ bɛfrɛ no akasa akyerɛ no. Sɛ ɔse pene ara na ɔrempene no so a, ɔbɛka sɛ, “Mempɛ sɛ meware no” a,
9 his brother’s widow shall go up to him in the presence of the elders, remove his sandal, spit in his face, and declare, “This is what is done to the man who will not maintain his brother’s line.”
okunafoɔ no bɛkɔ ɔbarima no anim a mpanimfoɔ no nso wɔ hɔ bi. Ɔbɛworɔ ɔbarima no mpaboa baako, ate ntasuo agu nʼanim na waka sɛ, “Sei na ɛsɛ sɛ wɔyɛ ɔbarima a ɔmpɛ sɛ ɔtoa ne nua abusua so.”
10 And his family name in Israel will be called “The House of the Unsandaled.”
Wɔbɛfrɛ saa onipa no asefoɔ wɔ Israel sɛ abusua a wɔaworɔ wɔn mpaboa.
11 If two men are fighting, and the wife of one steps in to rescue her husband from the one striking him, and she reaches out her hand and grabs his genitals,
Sɛ Israelfoɔ mmarima baanu reko na wɔn mu baako yere pɛ sɛ ɔboa ne kunu enti, ɔsɔ ɔbarima baako no barima mu a,
12 you are to cut off her hand. You must show her no pity.
ɛsɛ sɛ wɔtwa ɔbaa no nsa no a ahummɔborɔ biara nni mu.
13 You shall not have two differing weights in your bag, one heavy and one light.
Momfa nsania papa nkari adwadeɛ
14 You shall not have two differing measures in your house, one large and one small.
na monsusu adwadeɛ no pɛpɛɛpɛ.
15 You must maintain accurate and honest weights and measures, so that you may live long in the land that the LORD your God is giving you.
Aane, momfa nsania pa na monsusu adwadeɛ nso pɛpɛɛpɛ na moanya nkwa nna tenten wɔ asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo no so.
16 For everyone who behaves dishonestly in regard to these things is detestable to the LORD your God.
Wɔn a wɔfa nsania bɔne ne nkontompo so kari adwadeɛ no yɛ Awurade, mo Onyankopɔn, akyiwadeɛ.
17 Remember what the Amalekites did to you along your way from Egypt,
Mommma mo werɛ mfiri deɛ Amalekfoɔ yɛɛ mo ɛberɛ a mofiri Misraim reba no ɛda biara da.
18 how they met you on your journey when you were tired and weary, and they attacked all your stragglers; they had no fear of God.
Wɔto hyɛɛ mo so ɛberɛ a moabrɛbrɛ na moatotɔ baha no, na wɔn a wɔaka akyi no nso, wɔbobɔɔ wɔn hwehwee fam. Na wɔnsuro Onyankopɔn.
19 When the LORD your God gives you rest from the enemies around you in the land that He is giving you to possess as an inheritance, you are to blot out the memory of Amalek from under heaven. Do not forget!
Ɛno enti, sɛ Awurade mo Onyankopɔn ma mo ahomegyeɛ firi mo atamfoɔ nyinaa nsam wɔ asase a ɔde rema mo sɛ agyapadeɛ sononko no so a, ɛsɛ sɛ mosɛe Amalekfoɔ, na yɛankae wɔn bio wɔ asase yi so. Mommma mo werɛ mfiri yei da!