< Deuteronomy 23 >

1 No man with crushed or severed genitals may enter the assembly of the LORD.
Ɔbarima a wɔasa no anaa wɔatwa ne barima atwene no mmma Awurade badwa ase.
2 No one of illegitimate birth may enter the assembly of the LORD, nor may any of his descendants, even to the tenth generation.
Wɔn a wɔyɛ mpena mma ne wɔn asefoɔ kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ a ɛtɔ so edu no mmma Awurade badwa ase.
3 No Ammonite or Moabite or any of their descendants may enter the assembly of the LORD, even to the tenth generation.
Amonfoɔ anaa Moabfoɔ anaa sɛ wɔn asefoɔ kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ edu no mu biara mmma Awurade badwa ase.
4 For they did not meet you with food and water on your way out of Egypt, and they hired Balaam son of Beor from Pethor in Aram-naharaim to curse you.
Saa aman yi annye mo, amma mo aduane anaa sɛ nsuo ɛberɛ a mofiri Misraim reba no. Mmom, wɔkɔbɔɔ Beor babarima Balaam a ɔfiri Petor a ɛwɔ Mesopotamia paa sɛ ɔmmɛdome mo.
5 Yet the LORD your God would not listen to Balaam, and the LORD your God turned the curse into a blessing for you, because the LORD your God loves you.
Nanso Awurade, mo Onyankopɔn, antie Balaam. Ɔdanee nnome no ma ɛyɛɛ nhyira maa mo, ɛfiri sɛ, Awurade mo Onyankopɔn dɔ mo.
6 You are not to seek peace or prosperity from them as long as you live.
Na sɛ mote ase yi, mommmoa Amonfoɔ ne Moabfoɔ ɛkwan biara so da biara da.
7 Do not despise an Edomite, for he is your brother. Do not despise an Egyptian, because you lived as a foreigner in his land.
Monnkyiri Edomfoɔ anaa Misraimfoɔ, ɛfiri sɛ, Edomfoɔ yɛ mo nuanom na motenaa Misraimfoɔ nso mu sɛ ahɔhoɔ.
8 The third generation of children born to them may enter the assembly of the LORD.
Misraimfoɔ awoɔ ntoatoasoɔ mmiɛnsa a wɔne mo firii Misraim no bɛkɔ Awurade badwa ase.
9 When you are encamped against your enemies, then you shall keep yourself from every wicked thing.
Sɛ mokɔ ɔko de tia mo atamfoɔ a, montwe mo ho mfiri deɛ ɛho nte biara ho.
10 If any man among you becomes unclean because of a nocturnal emission, he must leave the camp and stay outside.
Sɛ ɔbarima bi ho gu fi ɛsiane anadwo mu ahobaa a, ɛsɛ sɛ ɔfiri atenaeɛ hɔ kɔtena baabi ɛda mu no nyinaa.
11 When evening approaches, he must wash with water, and when the sun sets he may return to the camp.
Ɛduru anwummerɛ a, ɛsɛ sɛ ɔdware na owia kɔtɔ a, ɔnsane mmra atenaeɛ hɔ.
12 You must have a place outside the camp to go and relieve yourself.
Montwa baabi a mobɛgya mo anan wɔ asraafoɔ atenaeɛ hɔ.
13 And you must have a digging tool in your equipment so that when you relieve yourself you can dig a hole and cover up your excrement.
Mo mu biara mfa sofi nka ne nneɛma ho. Ɛberɛ biara a mobɛgya mo anan no, momfa sofi no ntu amena na monkata agyanan no so.
14 For the LORD your God walks throughout your camp to protect you and deliver your enemies to you. Your camp must be holy, lest He see anything unclean among you and turn away from you.
Ɛsɛ sɛ asraafoɔ atenaeɛ hɔ yɛ kronkron, ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn, nam mo atenaeɛ no so bɔ mo ho ban, na moadi mo atamfoɔ so nkonim. Ɛnsɛ sɛ ɔhunu animguasedeɛ biara wɔ mo mu; sɛ ɛba saa a, ɔbɛdane nʼakyi akyerɛ mo.
15 Do not return a slave to his master if he has taken refuge with you.
Sɛ ɛba sɛ nkoa dwane firi wɔn wuranom nkyɛn na wɔba mo nkyɛn bɛgye wɔn ho dwanekɔbea a, mommpam wɔn mma wɔnnsane wɔn akyi.
16 Let him live among you wherever he chooses, in the town of his pleasing. Do not oppress him.
Momma wɔntena mo mu wɔ kuro biara a wɔpɛ so a monnnyɛ wɔn aniɛyaadeɛ.
17 No daughter or son of Israel is to be a shrine prostitute.
Ɛnsɛ sɛ Israelni barima anaa ɔbaa yɛ no ho hyiadan mu odwamanfoɔ.
18 You must not bring the wages of a prostitute, whether female or male, into the house of the LORD your God to fulfill any vow, because both are detestable to the LORD your God.
Mommfa afɔrebɔdeɛ anaa adenya bi a ɛfiri odwamanfoɔ nkyɛn, sɛ ɔyɛ ɔbarima anaa ɔbaa, mma Awurade mo Onyankopɔn fie, ɛfiri sɛ, ɛyɛ Awurade mo Onyankopɔn akyiwadeɛ.
19 Do not charge your brother interest on money, food, or any other type of loan.
Bosea a mobɔ mo yɔnko Israelni no, sɛ ɛyɛ sika, aduane anaa biribi foforɔ no, monnnye ho mfɛntom.
20 You may charge a foreigner interest, but not your brother, so that the LORD your God may bless you in everything to which you put your hand in the land that you are entering to possess.
Motumi gye bosea ho mfɛntom firi ahɔhoɔ nkyɛn, na ɛnyɛ Israelfoɔ nkyɛn, sɛdeɛ Awurade, mo Onyankopɔn, bɛhyira mo wɔ biribiara a moyɛ mu wɔ asase a morekɔ so akɔfa no.
21 If you make a vow to the LORD your God, do not be slow to keep it, because He will surely require it of you, and you will be guilty of sin.
Sɛ mohyɛ Awurade mo Onyankopɔn bɔ a, biribiara a mohyɛɛ no ho bɔ no, monyɛ no ntɛm so. Ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn hwehwɛ sɛ, ɛbɔ a moahyɛ no no, mobɛdi so ntɛm so. Sɛ moanyɛ a, mobɛdi ho fɔ.
22 But if you refrain from making a vow, you will not be guilty of sin.
Nanso, sɛ moanhyɛ biribiara ho bɔ a, monyɛɛ bɔne biara.
23 Be careful to follow through on what comes from your lips, because you have freely vowed to the LORD your God with your own mouth.
Na sɛ wo ara wofiri wo pɛ mu hyɛ bɔ a, hwɛ yie na di asɛm a woaka no so, ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn na woahyɛ no bɔ no.
24 When you enter your neighbor’s vineyard, you may eat your fill of grapes, but you must not put any in your basket.
Wotumi di bobe aba dodoɔ biara wɔ wo yɔnko bobe turom nanso, mfa bi ngu kɛntɛn mu nkɔ.
25 When you enter your neighbor’s grainfield, you may pluck the heads of grain with your hand, but you must not put a sickle to your neighbor’s grain.
Saa ara na mobɛtumi de mo nsa apempan aburoo mmɛtem kakra wɔ mo yɔnko afuom, nanso ɛnsɛ sɛ mode sekan twa.

< Deuteronomy 23 >