< Deuteronomy 21 >

1 If one is found slain, lying in a field in the land that the LORD your God is giving you to possess, and it is not known who killed him,
Sɛ wohu sɛ wɔakum obi da afum wɔ asase a Awurade, mo Nyankopɔn, de rema mo no so, na sɛ munnim owudifo no a,
2 your elders and judges must come out and measure the distance from the victim to the neighboring cities.
mo ntuanofo ne atemmufo no bɛkɔ akosusuw ɔkwan a ɛda nea owufo no da hɔ ne kurow a ɛbɛn no ntam.
3 Then the elders of the city nearest the victim shall take a heifer that has never been yoked or used for work,
Afei, mpanyimfo a wɔwɔ kurow a ɛbɛn owufo no pɛɛ no mfa nantwi ba a ɔnyɛɛ adwuma da na ɔntwee konnua da
4 bring the heifer to a valley with running water that has not been plowed or sown, and break its neck there by the stream.
na wonni nʼanim mfa no nkɔ subon a womfuntumii anaa wonnuaa hwee wɔ hɔ da na nsu sen wɔ mu. Subon no mu na ɛsɛ sɛ wobu nantwi ba no kɔn mu.
5 And the priests, the sons of Levi, shall come forward, for the LORD your God has chosen them to serve Him and pronounce blessings in His name and to give a ruling in every dispute and case of assault.
Lewifo asɔfo bɛba hɔ, efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, paw wɔn sɛ wɔnka asɛm na wonhyira wɔ Awurade din mu. Na wɔn na wosi ntawntaw ne dɛmdi asenni ne asotwe so dua.
6 Then all the elders of the city nearest the victim shall wash their hands by the stream over the heifer whose neck has been broken,
Ɛsɛ sɛ kurow a ɛbɛn funu no mu mpanyimfo no hohoro wɔn nsa gu nantwi ba a wobuu ne kɔn mu no so,
7 and they shall declare, “Our hands did not shed this blood, nor did our eyes see it.
na wɔaka se, “Ɛnyɛ yɛn nsa na ehwiee mogya yi gui, na yɛn ani anhu nso.
8 Accept this atonement, O LORD, for Your people Israel whom You have redeemed, and do not hold the shedding of innocent blood against them.” And the bloodshed will be atoned for.
Awurade, gye saa mpata ma wo man Israel a wugyee wɔn no. Mfa mogya a edi bem yi ho so nto wo nkurɔfo Israel so.” Wowie eyi a, na ɛkyerɛ sɛ, wɔayi ɛso a ɛda wɔn so no afi hɔ.
9 So you shall purge from among you the guilt of shedding innocent blood, since you have done what is right in the eyes of the LORD.
Sɛ wodi saa nkyerɛkyerɛ yi so na wɔyɛ nea ɛteɛ wɔ Awurade ani so a, na moayi awudi no ho afɔbu afi mo atenae hɔ.
10 When you go to war against your enemies and the LORD your God delivers them into your hand and you take them captive,
Sɛ mokɔ ɔko tia mo atamfo na Awurade, mo Nyankopɔn no, dan wɔn hyɛ mo nsa na mofa wɔn nnommum,
11 if you see a beautiful woman among them, and you desire her and want to take her as your wife,
na sɛ muhu ɔbea hoɔfɛfo bi wɔ wɔn mu na, mopɛ sɛ mofa no sɛ ɔyere a, mutumi ware no.
12 then you shall bring her into your house. She must shave her head, trim her nails,
Momfa no mmra mo fi na munyi ne ti, mmubu ne werɛw,
13 and put aside the clothing of her captivity. After she has lived in your house a full month and mourned her father and mother, you may have relations with her and be her husband, and she shall be your wife.
na munyi ntade a na ɔhyɛ wɔ bere a mokyeree no no ngu hɔ. Na ɔntena mo fi nsu nʼagya ne ne na ɔsram akyi ansa na, moatumi akɔ ne ho sɛ ɔyere na wo nso woayɛ no okunu.
14 And if you are not pleased with her, you are to let her go wherever she wishes. But you must not sell her for money or treat her as a slave, since you have dishonored her.
Sɛ mo ani nnye ne ho a, momma no nkɔ baabiara a ɔpɛ sɛ ɔkɔ. Monntɔn no na monnyɛ no sɛ afenaa, efisɛ moagu nʼanim ase.
15 If a man has two wives, one beloved and the other unloved, and both bear him sons, but the unloved wife has the firstborn son,
Sɛ ɔbarima wɔ yerenom baanu na ɔdɔ ɔbaako kyɛn nea ɔka ho no, na wɔn baanu no mu biara ne no wɔ ɔbabarima, nanso nʼabakan no yɛ ɔbea a ɔmpɛ nʼasɛm no babarima,
16 when that man assigns his inheritance to his sons he must not appoint the son of the beloved wife as the firstborn over the son of the unloved wife.
na sɛ ɔhyɛ nsamansew de ma ne mmabarima a, ɛnsɛ sɛ ɔde kyɛfa kɛse no ma ɔbabarima kumaa a ɔyɛ ne yere a ɔdɔ no no babarima no.
17 Instead, he must acknowledge the firstborn, the son of his unloved wife, by giving him a double portion of all that he has. For that son is the firstfruits of his father’s strength; the right of the firstborn belongs to him.
Ɔbɛfa ne babarima a ɔyɛ ɔyere a ɔmpɛ nʼasɛm no sɛ nʼabakan no anam so ama no nʼagyapade no mmɔho abien. Saa ɔbabarima no yɛ nʼagya no ahoɔden nsɛnkyerɛnne a edi kan. Ɛno nti, abakan kyɛfa yɛ ne dea.
18 If a man has a stubborn and rebellious son who does not obey his father and mother and does not listen to them when disciplined,
Sɛ ɔbarima bi wɔ ɔbabarima a ɔyɛ asoɔden ne otuatewfo a ontie nʼagya ne ne na asɛm wɔ bere a wɔteɛ no so a,
19 his father and mother are to lay hold of him and bring him to the elders of his city, to the gate of his hometown,
nea ɛsɛ sɛ ɛba ara ne sɛ, agya no ne ɛna no de wɔn babarima no bɛkɔ mpanyimfo a wɔwɔ kurow no pon ano no anim.
20 and say to the elders, “This son of ours is stubborn and rebellious; he does not obey us. He is a glutton and a drunkard.”
Wɔbɛpae mu aka akyerɛ mpanyimfo no se, “Yɛn babarima yi yɛ ɔsoɔdenfo ne otuatewfo a ontie yɛn asɛm. Ɔyɛ odidifo ne ɔkɔwensani.”
21 Then all the men of his city will stone him to death. So you must purge the evil from among you, and all Israel will hear and be afraid.
Ɛba saa a, ɛsɛ sɛ mmarima a wɔwɔ kurow no mu nyinaa siw no abo kum no. Ɛsɛ sɛ mutu bɔne ase fi mo mu. Israel nyinaa bɛte na wɔabɔ hu.
22 If a man has committed a sin worthy of death, and he is executed, and you hang his body on a tree,
Sɛ obi yɛ amumɔyɛsɛm bi a ɛfata owu na enti wokum no na wɔde no sɛn dua so a,
23 you must not leave the body on the tree overnight, but you must be sure to bury him that day, because anyone who is hung on a tree is under God’s curse. You must not defile the land that the LORD your God is giving you as an inheritance.
ɛnsɛ sɛ nʼamu no sɛn dua no so ma ade kye so. Ɛsɛ sɛ da no ara, musie amu no, efisɛ obiara a wɔsɛn no wɔ dua so no wɔ Onyankopɔn nnome ase. Munngu asase a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo sɛ agyapade no ho fi.

< Deuteronomy 21 >