< Deuteronomy 18 >

1 The Levitical priests—indeed the whole tribe of Levi—shall have no portion or inheritance with Israel. They are to eat the offerings made by fire to the LORD; that is their inheritance.
Asɔfoɔ a wɔyɛ Lewifoɔ, nokorɛm Lewi abusuakuo nyinaa nni kyɛfa ne agyapadeɛ biara wɔ Israel ɔman mu te sɛ mmusuakuo a aka no. Mmom, asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no bɛdi ogya afɔdeɛ a wɔbɔ ma Awurade no bi sɛ wɔn agyapadeɛ.
2 Although they have no inheritance among their brothers, the LORD is their inheritance, as He promised them.
Israelfoɔ mu deɛ, wɔrennya agyapadeɛ biara sɛ wɔn ankasa kyɛfa. Awurade ankasa bɛyɛ wɔn kyɛfa sɛdeɛ ɔhyɛɛ wɔn bɔ no ara.
3 This shall be the priests’ share from the people who offer a sacrifice, whether a bull or a sheep: the priests are to be given the shoulder, the jowls, and the stomach.
Yei ne kyɛfa a asɔfoɔ no bɛnya afiri anantwie ne odwan a nnipa no de bɛbɔ afɔdeɛ no mu: nʼabati, nʼapantan ne nʼayamdeɛ.
4 You are to give them the firstfruits of your grain, new wine, and oil, and the first wool sheared from your flock.
Afei, momma wɔn mo aburookan mu adeɛ, nsã foforɔ ne ngo ne nwi a ɛdi ɛkan a wɔtwitwa firi odwan ho.
5 For the LORD your God has chosen Levi and his sons out of all your tribes to stand and minister in His name for all time.
Ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn, ayi Lewifoɔ afiri mo mmusuakuo nyinaa mu sɛ wɔnnyina, nsom daa wɔ Awurade din mu.
6 Now if a Levite moves from any town of residence throughout Israel and comes in all earnestness to the place the LORD will choose,
Sɛ Lewini bi pɛ na ɔfiri mo nkuro no mu biara a ɔte so mu wɔ Israel kɔ baabi a Awurade ayi a,
7 then he shall serve in the name of the LORD his God like all his fellow Levites who stand there before the LORD.
ɔtumi som wɔ Awurade, ne Onyankopɔn, din mu te sɛ deɛ ne nkurɔfoɔ Lewifoɔ a wɔsom wɔ hɔ wɔ Awurade anim no yɛ no ara.
8 They shall eat equal portions, even though he has received money from the sale of his father’s estate.
Sɛ mpo wanya sika bi afiri abusua agyapadeɛ bi tɔn mu a, wɔde ne kyɛfa a ɛwɔ afɔrebɔdeɛ no mu sɛ Lewini no bɛma no sɛ asɛdeɛ.
9 When you enter the land that the LORD your God is giving you, do not imitate the detestable ways of the nations there.
Sɛ monya duru asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo no so a, monhwɛ yie na moansua amanaman a ɛwɔ hɔ no amanneɛ a ɛyɛ akyiwadeɛ.
10 Let no one be found among you who sacrifices his son or daughter in the fire, practices divination or conjury, interprets omens, practices sorcery,
Mommma wɔnnhunu sɛ mo mu bi de ne babarima anaa ne babaa abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ. Na mommma mo nnipa no nnyɛ akɔmfoɔ a wɔhyɛ abosom nkɔm, abayifoɔ ne abisakorɔfoɔ, ne ntafowayifoɔ
11 casts spells, consults a medium or spiritist, or inquires of the dead.
ne nkaberɛkyerefoɔ ne asamanfrɛfoɔ, adutofoɔ a ɔbisa afunu.
12 For whoever does these things is detestable to the LORD. And because of these detestable things, the LORD your God is driving out the nations before you.
Obiara a ɔyɛ saa adeɛ yi bi no yɛ Awurade akyiwadeɛ na saa akyiwadeɛ yi enti, Awurade, mo Onyankopɔn, bɛpamo saa aman no afiri mo anim.
13 You must be blameless before the LORD your God.
Na wɔmmfa so bi nto mo so wɔ Awurade, mo Onyankopɔn, anim.
14 Though these nations, which you will dispossess, listen to conjurers and diviners, the LORD your God has not permitted you to do so.
Aman a morekɔtu wɔn yi tie wɔn a wɔpɛ abayisɛm ne nkɔmhyɛsɛm. Nanso mo deɛ, Awurade, mo Onyankopɔn, mma mo kwan sɛ monyɛ saa.
15 The LORD your God will raise up for you a prophet like me from among your brothers. You must listen to him.
Awurade, mo Onyankopɔn, bɛyi odiyifoɔ a ɔte sɛ me afiri mo Israelfoɔ yi ara mu. Ɛsɛ sɛ moyɛ ɔsetie ma no.
16 This is what you asked of the LORD your God at Horeb on the day of the assembly, when you said, “Let us not hear the voice of the LORD our God or see this great fire anymore, so that we will not die!”
Saa na mo ankasa mobisaa Awurade, mo Onyankopɔn, ɛberɛ a mohyiaa wɔ Horeb no. Mosrɛɛ sɛ mompɛ sɛ mote Awurade, mo Onyankopɔn, nne anaa mohunu egyadɛreɛ bio, ɛfiri sɛ, mosuro sɛ anhwɛ a, mobɛwuwu.
17 Then the LORD said to me, “They have spoken well.
Na Awurade buaa sɛ, “Mɛyɛ wɔn abisadeɛ ama wɔn.
18 I will raise up for them a prophet like you from among their brothers. I will put My words in his mouth, and he will tell them everything I command him.
Mɛda odiyifoɔ te sɛ wo adi afiri wɔn nkurɔfoɔ Israelfoɔ mu. Mɛkyerɛ saa odiyifoɔ no asɛm a mɛhyɛ no sɛ ɔnka nkyerɛ nnipa no, na ɔbɛka akyerɛ wɔn.
19 And I will hold accountable anyone who does not listen to My words that the prophet speaks in My name.
Obiara a wantie asɛm a odiyifoɔ no bɛka wɔ me din mu no, mʼankasa me ne ɔsoɔdenfoɔ no bɛdi.
20 But if any prophet dares to speak a message in My name that I have not commanded him to speak, or to speak in the name of other gods, that prophet must be put to death.”
Na odiyifoɔ biara a ɔnam onyame foforɔ bi so ka asɛm anaa ɔdi atorɔ wɔ me din mu no bɛwu.”
21 You may ask in your heart, “How can we recognize a message that the LORD has not spoken?”
Mobɛbisa mo ho sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na yɛahunu sɛ adiyisɛm no firi Awurade anaasɛ ɛmfiri no?”
22 When a prophet speaks in the name of the LORD and the message does not come to pass or come true, that is a message the LORD has not spoken. The prophet has spoken presumptuously. Do not be afraid of him.
Sɛ odiyifoɔ no hyɛ nkɔm wɔ Awurade din mu na amma mu a, na ɛnyɛ Awurade na ɔde asɛm no maeɛ. Na ɛkyerɛ sɛ, saa odiyifoɔ no ara kaa ɔno ankasa nʼasɛm bi kwa enti ɛnsɛ sɛ wɔsuro no.

< Deuteronomy 18 >