< Daniel 7 >

1 In the first year of the reign of Belshazzar over Babylon, Daniel had a dream, and visions passed through his mind as he lay on his bed. He wrote down the dream, and this is the summary of his account.
Ɔhene Belsasar adedi afe a edi kan wɔ Babilonia mu no, Daniel soo dae, nyaa anisoadehu ahorow, bere a ɔda ne mpa so no. Ɔkyerɛw dae no mu nsɛm titiriw too hɔ.
2 Daniel declared: “In my vision in the night I looked, and suddenly the four winds of heaven were churning up the great sea.
Daniel kae se, “Mʼanisoadehu no mu saa anadwo no, mihuu ɔsoro mframa anan a ɛrebobɔw fa po kɛse no so.
3 Then four great beasts came up out of the sea, each one different from the others:
Afei mmoa akɛse anan bi pue fii po no mu a ɛsono wɔn mu biara bɔbea.
4 The first beast was like a lion, and it had the wings of an eagle. I watched until its wings were torn off and it was lifted up from the ground and made to stand on two feet like a man, and given the mind of a man.
“Na aboa a odi kan no te sɛ gyata a ɔwɔ ɔkɔre ntaban. Mehwɛɛ no ara kosii sɛ wotutuu ne ntaban no, na wɔpagyaw no ma ogyinaa ne nan abien so te sɛ onipa. Na wɔmaa no onipa adwene.
5 Suddenly another beast appeared, which looked like a bear. It was raised up on one of its sides, and it had three ribs in its mouth between its teeth. So it was told, ‘Get up and gorge yourself on flesh!’
“Afei mihuu aboa a ɔto so abien a na ɔte sɛ sisi. Na ɔda ne nkyɛn mu a na mfe mparow abiɛsa hyɛ ne se ntam wɔ nʼanom. Na wɔka kyerɛɛ no se, ‘Sɔre na we nam a wubetumi!’
6 Next, as I watched, another beast appeared. It was like a leopard, and on its back it had four wings like those of a bird. The beast also had four heads, and it was given authority to rule.
“Eyi akyi no, mihuu aboa foforo a ɔte sɛ ɔsebɔ. Na ɔwɔ ntaban anan a ɛte sɛ nnomaa ntaban a etuatua nʼakyi. Saa aboa yi wɔ ti anan, na wɔmaa no tumi kɛse.
7 After this, as I watched in my vision in the night, suddenly a fourth beast appeared, and it was terrifying—dreadful and extremely strong—with large iron teeth. It devoured and crushed; then it trampled underfoot whatever was left. It was different from all the beasts before it, and it had ten horns.
“Eyi akyi no, mʼanisoadehu anadwo no, mihuu aboa a ɔto so anan a ne ho yɛ hu yiye, na ne ho yɛ den nso. Ɔwɔ se akɛse a ɛyɛ dade na ɔde bubu mmoa a ɔkyere wɔn no na wawe, na afei ɔde ne nʼanan tiatia nkae no so. Ɔda nsow koraa wɔ mmoa nkae no mu. Na ɔwɔ mmɛn du.
8 While I was contemplating the horns, suddenly another horn, a little one, came up among them, and three of the first horns were uprooted before it. This horn had eyes like those of a man and a mouth that spoke words of arrogance.
“Bere a migu so redwene mmɛn no ho no, abɛn ketewa foforo bi puee wɔ mmɛn dedaw no ntam, na etutuu mmɛn dedaw no mu abiɛsa. Na saa abɛn ketewa no wɔ aniwa te sɛ onipa, na ɔwɔ ano a ɛkasa ahantan so.
9 As I continued to watch, thrones were set in place, and the Ancient of Days took His seat. His clothing was white as snow, and the hair of His head was like pure wool. His throne was flaming with fire, and its wheels were all ablaze.
“Migu so rehwɛ no, “mihui sɛ, wɔde nhengua besisii hɔ, na Nea ɔwɔ hɔ fi Tete no bɛtenaa ase. Na nʼatade yɛ fitaa sɛ sukyerɛmma; na ne tinwi hoa sɛ oguan nwi. Nʼahengua dɛw sɛ ogyatannaa na nʼahengua nhankare nso dɛwee framfram.
10 A river of fire was flowing, coming out from His presence. Thousands upon thousands attended Him, and myriads upon myriads stood before Him. The court was convened, and the books were opened.
Na ogya a ɛte sɛ asubɔnten sen fii nʼanim bae. Abɔfo mpempem kotow no, na ɔpepe nso gyinagyinaa nʼanim. Baguafo no tenaa ase, na wofii ase buebuee nhoma mu.
11 Then I kept watching because of the arrogant words the horn was speaking. As I continued to watch, the beast was slain, and its body was destroyed and thrown into the blazing fire.
“Na mekɔɔ so hwɛe, efisɛ na abɛn ketewa no de ahantan rekasa. Mehwɛɛ ara kosii sɛ wokum aboa no, na wɔtow no kyenee ogyatannaa a ɛredɛw framfram no mu.
12 As for the rest of the beasts, their dominion was removed, but they were granted an extension of life for a season and a time.
Mmoa a aka no nso, wogyee wɔn tumi fii wɔn nsam, ma wɔtenaa ase kyɛe kakra.
13 In my vision in the night I continued to watch, and I saw One like the Son of Man coming with the clouds of heaven. He approached the Ancient of Days and was led into His presence.
“Anadwo a minyaa mʼanisoadehu no, mehwɛ huu obi te sɛ onipa ba no a ɔnam ɔsoro omununkum mu reba. Ɔbɛn Nea ɔwɔ hɔ fi Tete no, wodii nʼanim kɔɔ ne nkyɛn.
14 And He was given dominion, glory, and kingship, that the people of every nation and language should serve Him. His dominion is an everlasting dominion that will not pass away, and His kingdom is one that will never be destroyed.
Wɔmaa no tumi, anuonyam ne adehyetumi; na aman ne kasa ahorow nyinaa som no. Nʼahenni yɛ daa ahenni a to rentwa da. Nʼaheman yɛ nea wɔrensɛe no da.”
15 I, Daniel, was grieved in my spirit, and the visions in my mind alarmed me.
“Me, Daniel, nea mihuu no nyinaa haw me wɔ honhom mu, na mʼanisoadehu no bɔɔ me hu.
16 I approached one of those who were standing there, and I asked him the true meaning of all this. So he told me the interpretation of these things:
Enti, mekɔɔ wɔn a wogyinagyina hɔ no mu baako hɔ, kobisaa no saa nneɛma no nyinaa ase. “Ɔkyerɛɛ me ase se:
17 ‘These four great beasts are four kings who will arise from the earth.
‘Saa mmoa akɛse anan yi gyina hɔ ma ahemman anan a wɔbɛsɔre wɔ asase so.
18 But the saints of the Most High will receive the kingdom and possess it forever—yes, forever and ever.’
Nanso Ɔsorosoroni no ahotefo no begye ahemman no na wɔafa no afebɔɔ.’
19 Then I wanted to know the true meaning of the fourth beast, which was different from all the others—extremely terrifying—devouring and crushing with iron teeth and bronze claws, then trampling underfoot whatever was left.
“Afei mepɛɛ sɛ mihu aboa a ɔto so anan no a na ɔda nsow wɔ nkae no mu no nkyerɛase. Na ne ho yɛ hu yiye, na ɔde ne se a ɛyɛ dade ne nʼawerɛw a ɛyɛ kɔbere no tetew mmoa a ɔkyere wɔn no we no, na afei ɔde ne nan tiatia nkae no so.
20 I also wanted to know about the ten horns on its head and the other horn that came up, before which three of them fell—the horn whose appearance was more imposing than the others, with eyes and with a mouth that spoke words of arrogance.
Afei mepɛɛ sɛ mete mmɛn du a na etuatua ne ti ho ne nea epuee akyi no ase. Ɛbɛsɛee nea na ɛwɔ hɔ dedaw no mu abiɛsa, na eyi yɛ abɛn a edi mu kyɛn nkae no a na ɛwɔ onipa aniwa ne ano a ɛkasa ahantan so no.
21 As I watched, this horn was waging war against the saints and prevailing against them,
Mehwɛɛ no, na saa abɛn yi atu atreneefo no so sa redi wɔn so nkonim,
22 until the Ancient of Days arrived and pronounced judgment in favor of the saints of the Most High, and the time came for them to possess the kingdom.
kosii sɛ, Nea ɔwɔ hɔ fi Tete no ba bebuu atɛn, maa Ɔsorosoroni ahotefo no dii bem. Afei bere duu sɛ wɔfa ahemman no.
23 This is what he said: ‘The fourth beast is a fourth kingdom that will appear on the earth, different from all the other kingdoms, and it will devour the whole earth, trample it down, and crush it.
“Afei ɔkyerɛɛ me ase se, ‘Saa aboa a ɔto so anan yi yɛ ahemman a ɛto so anan a ɛbɛba asase so. Ɛbɛda nsow wɔ ahemman a aka no nyinaa mu. Ɛbɛmene asase nyinaa, na atiatia so abubu no asinasin.
24 And the ten horns are ten kings who will rise from this kingdom. After them another king, different from the earlier ones, will rise and subdue three kings.
Ne mmɛn du no yɛ ahemfo du a wobefi saa ahemman no mu. Afei ɔhene foforo bɛsɔre a ɔda nsow wɔ du a aka no mu a ɔbɛbrɛ ahemfo no mu baasa ase.
25 He will speak out against the Most High and oppress the saints of the Most High, intending to change the appointed times and laws; and the saints will be given into his hand for a time, and times, and half a time.
Ɔbɛkasa atia Ɔsorosoroni no, na wahyɛ ahotefo no so. Ɔbɛbɔ mmɔden sɛ, ɔbɛsesa wɔn afahyɛ kronkron ahorow ne wɔn mmara no, na wɔde wɔn ahyɛ nʼase akosi mmere bi.
26 But the court will convene, and his dominion will be taken away and completely destroyed forever.
“‘Nanso baguafo bɛtena ase, na wɔagye ne tumi nyinaa, na wɔasɛe no korakora.
27 Then the sovereignty, dominion, and greatness of the kingdoms under all of heaven will be given to the people, the saints of the Most High. His kingdom will be an everlasting kingdom, and all rulers will serve and obey Him.’
Afei wɔde ahenni ne tumi ne kɛseyɛ a ɛwɔ nheman a ɛwɔ ɔsoro ase nyinaa bɛma ahotefo, Ɔsorosoroni no nkurɔfo. Na nʼaheman bɛtena hɔ daa, na ahemfo nyinaa bɛsɔre no na wɔayɛ osetie ama no.’
28 Thus ends the matter. As for me, Daniel, my thoughts troubled me greatly, and my face turned pale. But I kept the matter to myself.”
“Asɛm no awiei ni. Me, Daniel, mʼadwennwene yi haw me yiye na mʼanim sesae, na mede saa nsɛm yi siee me koma mu.”

< Daniel 7 >