< Daniel 5 >

1 Later, King Belshazzar held a great feast for a thousand of his nobles, and he drank wine with them.
Mfe bebree akyi no, Ɔhene Belsasar too pon kɛse maa ne mpanyimfo apem, na ɔne wɔn nom nsa.
2 Under the influence of the wine, Belshazzar gave orders to bring in the gold and silver vessels that Nebuchadnezzar his father had taken from the temple in Jerusalem, so that the king could drink from them, along with his nobles, his wives, and his concubines.
Bere a nsa no ama Belsasar ani agye no, ɔhyɛe sɛ, wɔmfa sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nkuruwa a nʼagya Nebukadnessar tase fii Yerusalem asɔredan mu no mmra, sɛnea ɔne ne mpanyimfo, ne yerenom ne ne mpenanom bɛnom mu nsa.
3 Thus they brought in the gold vessels that had been taken from the temple, the house of God in Jerusalem, and the king drank from them, along with his nobles, his wives, and his concubines.
Enti ɔde saa sikakɔkɔɔ nkuruwa a wɔtase fii Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem mu no bae, na ɔhene no ne ne mpanyimfo, ne yerenom ne ne mpenanom nom mu nsa.
4 As they drank the wine, they praised their gods of gold and silver, bronze and iron, wood and stone.
Wɔrenom nsa no, wɔkamfoo wɔn ahoni a wɔde sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere, dade, dua ne abo ayɛ no.
5 At that moment the fingers of a human hand appeared and wrote on the plaster of the wall, near the lampstand in the royal palace. As the king watched the hand that was writing,
Amono mu hɔ no ara, wohui sɛ, onipa nsateaa rekyerɛw ɔhene ahemfi fasu no a ɛbɛn kaneadua no ho. Ɔhene no hwɛɛ nsa a ɛrekyerɛw no,
6 his face grew pale and his thoughts so alarmed him that his hips gave way and his knees knocked together.
na ehu maa nʼanim danee. Sɛnea ɔbɔɔ hu no maa ne kotodwe keka bobɔɔ mu, na ne nan mu yɛɛ mmrɛw.
7 The king called out for the enchanters, astrologers, and diviners to be brought in, and he said to these wise men of Babylon, “Whoever reads this inscription and tells me its interpretation will be clothed in purple and have a gold chain placed around his neck, and he will be made the third highest ruler in the kingdom.”
Ɔhene no teɛɛ mu frɛɛ se wɔmfa pɛadeahufo, Kaldeafo ne ntafowayifo mmra nʼanim. Ɔka kyerɛɛ saa Babilonia anyansafo yi se, “Obiara a obetumi akenkan nkyerɛw yi, akyerɛ me ase no, wobefura no ɔtamkɔkɔɔ a ɛyɛ adehye abasobɔde, na wɔde sikakɔkɔɔ ntweaban agu ne kɔn mu. Ɔno na ɔbɛyɛ ɔman sodifo a ɔto so abiɛsa wɔ ahemman yi mu.”
8 So all the king’s wise men came in, but they could not read the inscription or interpret it for him.
Nanso ɔhene no anyansafo no bae no, wɔn mu biara antumi ankenkan nkyerɛw no, ankyerɛ ase amma ɔhene no.
9 Then King Belshazzar became even more terrified, his face grew even more pale, and his nobles were bewildered.
Enti ɛmaa ɔhene no ho yeraw no yiye, na nʼanim sesae. Nʼabirɛmpɔn nso ho yeraw wɔn.
10 Hearing the outcry of the king and his nobles, the queen entered the banquet hall. “O king, may you live forever!” she said. “Do not let your thoughts terrify you, or your face grow pale.
Na bere a Ɔhemmea no tee ɔhene ne ne mpanyimfo nteɛteɛmu no, ɔyɛɛ ntɛm kɔɔ apontodan mu hɔ. Ɔka kyerɛɛ Belsasar se, “Nana nkwa so! Nana, nsuro na mma wʼanim nsesa!
11 There is a man in your kingdom who has the spirit of the holy gods in him. In the days of your father he was found to have insight, intelligence, and wisdom like that of the gods. Your father, King Nebuchadnezzar, appointed him chief of the magicians, enchanters, astrologers, and diviners. Your own father, the king,
Ɔbarima bi wɔ wʼahenni mu ha a ɔwɔ anyame kronkron honhom wɔ ne mu. Wʼagya Nebukadnessar adedi mu no, wohuu sɛ, saa ɔbarima yi wɔ ntease nhumu ne nyansa te sɛ anyame no. Wʼagya Nebukadnessar sii no panyin wɔ nkonyaayifo, pɛadeahufo, Kaldeafo ne ntafowayifo so wɔ Babilonia.
12 did this because Daniel, the one he named Belteshazzar, was found to have an extraordinary spirit, as well as knowledge, understanding, and the ability to interpret dreams, explain riddles, and solve difficult problems. Summon Daniel, therefore, and he will give you the interpretation.”
Saa ɔbarima Daniel yi a ɔhene too no din Beltesasar yi adwene mu dɔ, na Onyankopɔn ho nimdeɛ ne ntease ahyɛ no ma. Otumi kyerɛ dae ne kasanyansa ase, na nsɛm a ɛkyere adwene no, ɔsan mu. Momfrɛ Daniel na ɔbɛkyerɛ mo nkyerɛw no ase.”
13 So Daniel was brought before the king, who asked him, “Are you Daniel, one of the exiles my father the king brought from Judah?
Enti wɔkɔfaa Daniel baa ɔhene anim. Ɔhene no bisaa no se, “Wone Daniel no a mʼagya Nebukadnessar faa wo nnommum de wo fii Yuda bae no?
14 I have heard that the spirit of the gods is in you, and that you have insight, intelligence, and extraordinary wisdom.
Mate wo nka sɛ, wowɔ anyame honhom wɔ wo mu, na ntease, nhumu ne nyansa ahyɛ wo ma.
15 Now the wise men and enchanters were brought before me to read this inscription and interpret it for me, but they could not give its interpretation.
Wɔde anyansafo ne pɛadeahufo baa mʼanim sɛ wɔbɛkenkan nkyerɛw a egu ɔfasu yi ho yi na wɔnkyerɛ me ase, nanso wɔantumi.
16 But I have heard about you, that you are able to give interpretations and solve difficult problems. Therefore, if you can read this inscription and give me its interpretation, you will be clothed in purple and have a gold chain placed around your neck, and you will be made the third highest ruler in the kingdom.”
Na mate wo nka sɛ wutumi kyerɛ nsɛm ase; na wosan nsɛm a ɛkyere adwene mu. Na sɛ wutumi kenkan nkyerɛw a ɛwɔ ɔfasu yi ho na wokyerɛ me ase a, wobefura wo ɔtamkɔkɔɔ a ɛyɛ adehye abasobɔde, na wɔde sikakɔkɔɔ ntweaban begu wo kɔn mu. Na wobɛyɛ ɔman sodifo a ɔto so abiɛsa wɔ ahemman yi mu.”
17 In response, Daniel said to the king, “You may keep your gifts for yourself and give your rewards to someone else. Nevertheless, I will read the inscription for the king and interpret it for him.
Daniel buaa ɔhene no se, “Nana, mesrɛ, ma wʼakyɛde no ntena hɔ na fa wʼabasobɔde no ma obi foforo. Nanso, Nana, mɛkenkan nkyerɛw no, na makyerɛ wo ase.
18 As for you, O king, the Most High God gave your father Nebuchadnezzar sovereignty and greatness, glory and honor.
“Nana, Ɔsorosoro Nyankopɔn maa wʼagya Nebukadnessar kɛseyɛ, anuonyam ne nidi.
19 Because of the greatness that He bestowed on him, the people of every nation and language trembled in fear before him. He killed whom he wished and kept alive whom he wished; he exalted whom he wished and humbled whom he wished.
Ɔyɛɛ no kɛse ara kosii sɛ, nnipa ahorow nyinaa, aman nyinaa ne kasa biara du nʼanim a, wɔn ho popo biribiribiri. Okunkum wɔn a ɔpɛ sɛ okunkum wɔn, na ogyaa wɔn a ɔpɛ sɛ ogyaa wɔn. Ɔhyɛɛ wɔn a ɔpɛ sɛ ɔhyɛ wɔn anuonyam no anuonyam, na wɔn a ɔpɛ sɛ ɔbrɛ wɔn ase no, ɔbrɛɛ wɔn ase.
20 But when his heart became arrogant and his spirit was hardened with pride, he was deposed from his royal throne, and his glory was taken from him.
Nanso ahomaso maa ne koma ne nʼadwene yɛɛ den no, woyii no fii nʼahengua so, sii no fam, gyee nʼanuonyam no.
21 He was driven away from mankind, and his mind was like that of a beast. He lived with the wild donkeys and ate grass like an ox, and his body was drenched with the dew of heaven until he acknowledged that the Most High God rules over the kingdom of mankind, setting over it whom He wishes.
Wɔpam no fii nnipa mu. Wɔmaa no aboa adwene, na ɔne wuram mmoa tenae. Ɔwee sare te sɛ nantwi, na ɔsoro bosu fɔw no fɔkyee kosii sɛ, afei ohui sɛ, sɛɛ Ɔsorosoro Nyankopɔn na odi wiase ahemman nyinaa so, na ɔno ara nso na oyi obi a ɔpɛ ma odi so.
22 But you his son, O Belshazzar, have not humbled your heart, even though you knew all this.
“Nanso wo, ne ba Belsasar, wunim eyinom nyinaa, nanso woammrɛ wo ho ase.
23 Instead, you have exalted yourself against the Lord of heaven. The vessels from His house were brought to you, and as you drank wine from them with your nobles, wives, and concubines, you praised your gods of silver and gold, bronze and iron, wood and stone, which cannot see or hear or understand. But you have failed to glorify the God who holds in His hand your very breath and all your ways.
Woama wo ho so atia Ɔsoro Awurade mmom. Woafa saa nkuruwa yi a esisi wʼanim a wɔfa fii nʼasɔredan mu no. Wo ne wʼatitiriw ne wo yerenom ne wo mpenanom anom mu nsa, bere a morekamfo dwetɛ, sikakɔkɔɔ, kɔbere, dade, dua ne ɔbo anyame a wonhu ade, na wɔnnte asɛm, na wonnim hwee koraa no. Na moamfa nidi amma Onyankopɔn a okura mo nkwa na odi mo nkrabea so no.
24 Therefore He sent the hand that wrote the inscription.
Ne saa nti, Onyankopɔn asoma nsa yi sɛ, ɛmmɛkyerɛw nkra yi.
25 Now this is the inscription that was written: MENE, MENE, TEKEL, PARSIN.
“Nkra a, ɛkyerɛwee ni: Mene, Mene, Tekel, Parsin.
26 And this is the interpretation of the message: MENE means that God has numbered the days of your reign and brought it to an end.
“Saa nsɛm yi nkyerɛase ni: “‘Mene’ nkyerɛase ne wɔakan. Onyankopɔn akan wʼahenni nna a aka na watwa so de aba nʼawiei.
27 TEKEL means that you have been weighed on the scales and found deficient.
“‘Tekel’ nkyerɛase ne: wɔakari. Wɔakari wo wɔ nsania so, nanso woantumi sɔhwɛ no.
28 PERES means that your kingdom has been divided and given over to the Medes and Persians.”
“‘Parsin’ nkyerɛase ne: wɔakyekyɛ mu. Wɔakyekyɛ wʼahenni mu ama Mediafo ne Persiafo.”
29 Then Belshazzar gave the command, and they clothed Daniel in purple, placed a gold chain around his neck, and proclaimed him the third highest ruler in the kingdom.
Afei Belsasar ma wofuraa Daniel ɔtamkɔkɔɔ a ɛyɛ adehye abasobɔde, de sikakɔkɔɔ ntweaban guu ne kɔn mu. Wɔsoaa no sɛ, ɔman sodifo a ɔto so abiɛsa wɔ ahemman no mu.
30 That very night Belshazzar king of the Chaldeans was slain,
Saa anadwo no ara, wokum Babiloniahene Belsasar.
31 and Darius the Mede received the kingdom at the age of sixty-two.
Na Dario a ofi Mede faa ahenni no, na wadi mfirihyia aduosia abien.

< Daniel 5 >