< Daniel 3 >

1 King Nebuchadnezzar made a golden statue sixty cubits high and six cubits wide, and he set it up on the plain of Dura in the province of Babylon.
Ɔhene Nebukadnessar yɛɛ sikakɔkɔɔ ohoni bi a na ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn aduɔkron, na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn nkron. Wɔde sii Dura tata so wɔ Babiloniaman mu.
2 Then King Nebuchadnezzar sent word to assemble the satraps, prefects, governors, advisers, treasurers, judges, magistrates, and all the other officials of the provinces to attend the dedication of the statue he had set up.
Afei, ɔtoo nkra kɔmaa ahenemma, mpanimfoɔ, amradofoɔ, afotufoɔ, nsanaafoɔ, atemmufoɔ, asɛnnifoɔ ne ɔman no mu mpanimfoɔ sɛ, wɔmmra ohoni a wɔreda no adi no ase.
3 So the satraps, prefects, governors, advisers, treasurers, judges, magistrates, and all the rulers of the provinces assembled for the dedication of the statue that King Nebuchadnezzar had set up, and they stood before it.
Ɛberɛ a ahenemma, mpanimfoɔ, amradofoɔ, afotufoɔ, nsanaafoɔ, atemmufoɔ, asɛnnifoɔ ne ɔman no mu mpanimfoɔ no bɛhyiaeɛ sɛ wɔrebɛda ohoni a Ɔhene Nebukadnessar de asi hɔ adi no, wɔbɛgyinagyinaa ohoni no anim.
4 Then the herald loudly proclaimed, “O people of every nation and language, this is what you are commanded:
Na wɔbɔɔ dawuro teaam sɛ, “Nnipa ahodoɔ ne aman ahodoɔ ne kasa ahodoɔ nyinaa montie deɛ ɔhene ahyɛ sɛ monyɛ!
5 As soon as you hear the sound of the horn, flute, zither, lyre, harp, pipes, and all kinds of music, you must fall down and worship the golden statue that King Nebuchadnezzar has set up.
Sɛ mote abɛn, odurugya, sankuo, sankuten, atɛntɛbɛn ne nnwontodeɛ ahodoɔ nyinaa nnyegyeeɛ a, monkoto fam, na monsɔre ɔhene Nebukadnessar sikakɔkɔɔ ohoni no.
6 And whoever does not fall down and worship will immediately be thrown into the blazing fiery furnace.”
Obiara a wankoto fam ansɔre ohoni no dɔn no ara mu no, wɔde no bɛto fononoo a ogya redɛre wɔ mu framfram mu.”
7 Therefore, as soon as all the people heard the sound of the horn, flute, zither, lyre, harp, and all kinds of music, the people of every nation and language would fall down and worship the golden statue that King Nebuchadnezzar had set up.
Enti, ɛberɛ a wɔtee abɛn, odurugya sankuo, sankuba sankuo, bɛnta, atɛntɛbɛn ne nnwontodeɛ ahodoɔ nyinaa nnyegyeeɛ no, nnipa no nyinaa ne aman ahodoɔ ne wɔn a wɔka kasa ahodoɔ nyinaa kotoo fam, sɔree ohoni a Ɔhene Nebukadnessar de asi hɔ no.
8 At this time some astrologers came forward and maliciously accused the Jews,
Nanso, Kaldeafoɔ no bi kɔɔ ɔhene no nkyɛn kɔtoatoa Yudafoɔ no sɛ,
9 saying to King Nebuchadnezzar, “O king, may you live forever!
“Nana wo nkwa so!
10 You, O king, have issued a decree that everyone who hears the sound of the horn, flute, zither, lyre, harp, pipes, and all kinds of music must fall down and worship the golden statue,
Wohyɛɛ mmara maa ɔmanfoɔ sɛ, obiara te abɛn, odurugya sankuo, sankuba sankuo, bɛnta, atɛntɛbɛn ne nnwontodeɛ ahodoɔ nyinaa nnyegyeeɛ a, ɔnkoto fam, na ɔnsɔre sika ohoni no,
11 and that whoever does not fall down and worship will be thrown into the blazing fiery furnace.
na obiara a wantie ankɔto ansɔre ohoni no, wɔde no bɛto fononoo a ogya redɛre framfram wɔ mu no mu.
12 But there are some Jews you have appointed to manage the province of Babylon—Shadrach, Meshach, and Abednego—who have ignored you, O king, and have refused to serve your gods or worship the golden statue you have set up.”
Nanso, Nana, Yudafoɔ bi a wɔn din de Sadrak, Mesak ne Abednego a wode wɔn atuatua Babiloniaman ano no abu wo animtia, na wansɔre wʼanyame anaa sikakɔkɔɔ ohoni a wode asi hɔ no.”
13 Then Nebuchadnezzar, furious with rage, summoned Shadrach, Meshach, and Abednego. So these men were brought before the king,
Ɛhɔ ara, Nebukadnessar bo fuu yie, na ɔhyɛɛ sɛ, wɔmfa Sadrak, Mesak ne Abednego mmra nʼanim. Wɔde wɔn baeɛ no,
14 and Nebuchadnezzar said to them, “Shadrach, Meshach, and Abednego, is it true that you do not serve my gods or worship the golden statue I have set up?
Nebukadnessar bisaa wɔn sɛ, “Sadrak, Mesak ne Abednego, ɛyɛ nokorɛ sɛ, moansɔre mʼanyame ne sikakɔkɔɔ ohoni a mede asi hɔ no?
15 Now, if you are ready, as soon as you hear the sound of the horn, flute, zither, lyre, harp, pipes, and all kinds of music, you must fall down and worship the statue I have made. But if you refuse to worship, you will be thrown at once into the blazing fiery furnace. Then what god will be able to deliver you from my hands?”
Mɛma mo ɛkwan bio. Sɛ mote abɛn, odurugya sankuo, sankuba sankuo, bɛnta, atɛntɛbɛn ne nnwontodeɛ ahodoɔ nyinaa nnyegyeeɛ no, na mokoto fam, na mosɔre ohoni a mayɛ no a, na me ne mo nni asɛm biara. Na sɛ mopo a, wɔbɛto mo agu fononoo a ogya redɛre wɔ mu no mu prɛko pɛ. Sɛ ɛba saa a, nyame bɛn na ɔbɛtumi agye mo afiri me tumi ase?”
16 Shadrach, Meshach, and Abednego replied to the king, “O Nebuchadnezzar, we have no need to answer you in this matter.
Sadrak, Mesak ne Abednego buaa sɛ, “Ao, Nana Nebukadnessar, yɛnnye nni sɛ ɛho hia sɛ yɛyi yɛn ho ano wɔ wʼanim.
17 If the God whom we serve exists, then He is able to deliver us from the blazing fiery furnace and from your hand, O king.
Sɛ wɔto yɛn gu fononoo a ogya redɛre wɔ mu no mu a, Onyankopɔn a yɛsom no no bɛgye yɛn. Nana, ɔbɛgye yɛn afiri wo tumi ase.
18 But even if He does not, let it be known to you, O king, that we will not serve your gods or worship the golden statue you have set up.”
Na sɛ ɛba sɛ wannye yɛn mpo a, Nana nte aseɛ sɛ, sɔre deɛ, yɛrensɔre wʼanyame anaa sikakɔkɔɔ ohoni a wode asi hɔ no da biara da.”
19 At this, Nebuchadnezzar was filled with rage, and the expression on his face changed toward Shadrach, Meshach, and Abednego. He gave orders to heat the furnace seven times hotter than usual,
Nebukadnessar bo fuu Sadrak, Mesak ne Abednego yie, na wampɛ wɔn anim ahwɛ. Ɔhyɛɛ sɛ, wɔmma fononoo no ogya no hyeɛ no nnɔ mmɔho nson.
20 and he commanded some mighty men of valor in his army to tie up Shadrach, Meshach, and Abednego and throw them into the blazing fiery furnace.
Afei, ɔhyɛɛ nʼakodɔm mu mmarima ahoɔdenfoɔ pa ara no bi sɛ, wɔnkyekyere Sadrak, Mesak ne Abednego, na wɔnto wɔn ngu fononoo no mu ogyadɛreɛ no mu.
21 So they were tied up, wearing robes, trousers, turbans, and other clothes, and they were thrown into the blazing fiery furnace.
Enti, wɔkyekyeree saa nkurɔfoɔ yi a wɔhyehyɛ wɔn ntwontwo, wɔn ntadeɛ, wɔn mmotire ne wɔn ntoma papee, too wɔn guu fononoo ogya a ɛrederɛ no mu.
22 The king’s command was so urgent and the furnace so hot that the fiery flames killed the men who carried up Shadrach, Meshach, and Abednego.
Na ɛsiane ɔhene no abufutrasoɔ ne ɔhyɛ a ama fononoo no adɔ hyeehyeehye aborosoɔ no enti, asraafoɔ a wɔde Sadrak, Mesak, ne Abednego regu fononoo no mu no wuwuu ogyaframa no ano.
23 And these three men, Shadrach, Meshach, and Abednego, firmly bound, fell into the blazing fiery furnace.
Na Sadrak, Mesak ne Abednego a wɔakyekyere wɔn pampee no hwehwee ogya fononoo a ɛrederɛ no mu.
24 Suddenly King Nebuchadnezzar jumped up in amazement and asked his advisers, “Did we not throw three men, firmly bound, into the fire?” “Certainly, O king,” they replied.
Nebukadnessar gu so rehwɛ no, prɛko pɛ, ɔhuri teaam ahodwirie so guu nʼafotufoɔ no so sɛ, “Ɛnnyɛ mmarima baasa na yɛkyekyeree wɔn too wɔn guu fononoo no mu?” Wɔbuaa sɛ, “Aane, Nana, yɛyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ.”
25 “Look!” he exclaimed. “I see four men, unbound and unharmed, walking around in the fire—and the fourth looks like a son of the gods!”
Nebukadnessar teaam sɛ. “Monhwɛ! Mehunu nnipa baanan a biribiara nkyekyeree wɔn sɛ wɔnenam ogya no mu. Egya dɛreɛ no nhyee wɔn. Onipa a ɔtɔ so ɛnan no te sɛ anyame ba bi!”
26 Then Nebuchadnezzar approached the door of the blazing fiery furnace and called out, “Shadrach, Meshach, and Abednego, servants of the Most High God, come out!” So Shadrach, Meshach, and Abednego came out of the fire,
Na Nebukadnessar twe bɛnee fononoo a ogya redɛre wɔ mu no ɛpono ano, sɛdeɛ ɔbɛtumi, teaam sɛ, “Sadrak, Mesak ne Abednego, ɔsorosoro Onyankopɔn asomfoɔ, momfiri mmra! Mommra ha!” Ɛno enti, Sadrak, Mesak ne Abednego firii ogya no mu baeɛ.
27 and when the satraps, prefects, governors, and royal advisers had gathered around, they saw that the fire had no effect on the bodies of these men. Not a hair of their heads was singed, their robes were unaffected, and there was no smell of fire on them.
Afei, ahenemma, mpanimfoɔ, amradofoɔ ne afotufoɔ bɛtwaa wɔn ho hyiaeɛ, na wɔhunuu sɛ, ogya no anka wɔn. Wɔn tirinwi mpo ho anka. Na wɔn ntadeɛ anhye. Na wisie mpo mmɔn wɔn ho.
28 Nebuchadnezzar declared, “Blessed be the God of Shadrach, Meshach, and Abednego, who has sent His angel and delivered His servants who trusted in Him. They violated the king’s command and risked their lives rather than serve or worship any god except their own God.
Afei, Nebukadnessar kaa sɛ, “Ayɛyie nka Sadrak, Mesak ne Abednego Onyankopɔn. Ɔsomaa ne ɔbɔfoɔ, ma wɔbɛgyee nʼasomfoɔ a wɔgye no die. Wɔbuu me ɔhene mmara so, na wɔde wɔn honam maeɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔrensom na wɔrensɔre anyame biara gye wɔn Onyankopɔn.
29 Therefore I decree that the people of any nation or language who say anything offensive against the God of Shadrach, Meshach, and Abednego will be cut into pieces and their houses reduced to rubble. For there is no other god who can deliver in this way.”
Ne saa enti, merehyɛ saa mmara yi sɛ ɔman, nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ nyinaa mu, obiara a ɔbɛka Sadrak, Mesak ne Abednego Onyankopɔn ho abususɛm no, ampa ara wɔbɛtwitwa wɔn mu asinasini na wɔadwiri wɔn afie ama adane wira. Onyame biara nni hɔ a ɔbɛtumi agye nkwa sɛɛ yi.”
30 Then the king promoted Shadrach, Meshach, and Abednego in the province of Babylon.
Afei, Ɔhene Nebukadnessar maa Sadrak, Mesak ne Abednego dibea a ɛkorɔn yie wɔ Babiloniaman mu.

< Daniel 3 >