< Amos 7 >

1 This is what the Lord GOD showed me: He was preparing swarms of locusts just after the king’s harvest, as the late spring crop was coming up.
Deɛ Otumfoɔ Awurade yi kyerɛɛ me nie: na ɔreboaboa ntutummɛ bebree ano, abɛto wɔn agu asase no so. Yei yɛ ɛberɛ a wɔatwa ɔhene kyɛfa afiri mfuo no so na mfudeɛ no renyini bio.
2 And when the locusts had eaten every green plant in the land, I said, “Lord GOD, please forgive! How will Jacob survive, since he is so small?”
Ɛberɛ a mmoadabi no awe asase no so nnɔbaeɛ nyinaa no, me teaam sɛ, “Otumfoɔ Awurade, mesrɛ wo, fa wo nkurɔfoɔ bɔne kyɛ wɔn! Yakob rentumi nnyina, ɛfiri sɛ, ɔyɛ ɔman ketewa bi.”
3 So the LORD relented from this plan. “It will not happen,” He said.
Ɛno enti, Awurade bo dwooɛ. Na ɔgyaee nʼatirimpɔ no. Ɔkaa sɛ, “Merenyɛ.”
4 This is what the Lord GOD showed me: The Lord GOD was calling for judgment by fire. It consumed the great deep and devoured the land.
Deɛ Otumfoɔ Awurade yi kyerɛɛ me nie: Otumfoɔ Awurade de ogya rebɛbu atɛn; ɛbɛwee ebunu kɛseɛ no na ɛsɛee asase no.
5 Then I said, “Lord GOD, please stop! How will Jacob survive, since he is so small?”
Na me teaam sɛ, “Ao, Otumfoɔ Awurade, mesrɛ wo, gyae. Yakob rentumi nnyina, ɛfiri sɛ, ɔyɛ ɔman ketewa bi.”
6 So the LORD relented from this plan. “It will not happen either,” said the Lord GOD.
Ɛno enti, Awurade bo dwooɛ na ɔkaa sɛ, “Mɛgyae mʼatirimpɔ yi nso.”
7 This is what He showed me: Behold, the Lord was standing by a wall true to plumb, with a plumb line in His hand.
Yei ne deɛ ɔyi kyerɛɛ me: Na Awurade gyina ɔfasuo a wɔato no kyirebenn ho, a kyirebennyɛ ahoma kura no.
8 “Amos, what do you see?” asked the LORD. “A plumb line,” I replied. “Behold,” said the Lord, “I am setting a plumb line among My people Israel; I will no longer spare them:
Na Awurade bisaa me sɛ, “Amos, ɛdeɛn na wohunu?” Mebuaa sɛ, “Kyirebennyɛ ahoma.” Na Awurade kaa sɛ, “Mede kyirebennyɛ ahoma yi reto me nkurɔfoɔ Israelfoɔ ho; meremfa wɔn ho nkyɛ wɔn bio.
9 The high places of Isaac will be deserted, and the sanctuaries of Israel will be laid waste; and I will rise up against the house of Jeroboam with My sword.”
“Wɔbɛsɛe Isak sorɔnsorɔmmea na Israel kronkron tenabea nso wɔbɛbubu no; mede mʼakofena bɛsɔre atia Yeroboam efie.”
10 Then Amaziah the priest of Bethel sent word to Jeroboam king of Israel, saying, “Amos has conspired against you in the midst of the house of Israel. The land cannot bear all his words,
Amasia a ɔyɛ Bet-El ɔsɔfoɔ de nkra kɔmaa Israelhene Yeroboam sɛ, “Amos rebɔ pɔ atia wo wɔ Israel ha yi ara! Nsɛm a ɔreka no nnyɛ abodwosɛm.
11 for this is what Amos has said: ‘Jeroboam will die by the sword, and Israel will surely go into exile, away from their homeland.’”
Deɛ Amos reka nie: “‘Yeroboam bɛwu wɔ akofena ano, na ɛkwan biara so Israel bɛkɔ nnommumfa mu, wɔ akyirikyiri asase so.’”
12 And Amaziah said to Amos, “Go away, you seer! Flee to the land of Judah; earn your bread there and do your prophesying there.
Na Amasia ka kyerɛɛ Amos sɛ, “Firi ha kɔ, wo ɔdehunufoɔ! Sane kɔ Yuda asase so na kɔtena hɔ hyɛ wo nkɔm.
13 But never prophesy at Bethel again, because it is the sanctuary of the king and the temple of the kingdom.”
Nhyɛ nkɔm bio wɔ Bet-El ha, ɛfiri sɛ ɛha yɛ ɔhene tenabea kronkron ne ahemman no asɔredan.”
14 “I was not a prophet,” Amos replied, “nor was I the son of a prophet; rather, I was a herdsman and a tender of sycamore-fig trees.
Amos buaa Amasia sɛ, “Mennyɛ odiyifoɔ anaa odiyifoɔ bi ba, na na meyɛ odwanhwɛfoɔ, a na mehwɛ borɔdɔma nnua nso so.
15 But the LORD took me from following the flock and said to me, ‘Go, prophesy to My people Israel.’
Nanso, Awurade frɛɛ me firii nnwan so hwɛ so, ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Kɔhyɛ nkɔm kyerɛ me nkurɔfoɔ Israelfoɔ.’
16 Now, therefore, hear the word of the LORD. You say: ‘Do not prophesy against Israel; do not preach against the house of Isaac.’
Na afei, tie Awurade asɛm. Woka sɛ, “‘Nhyɛ nkɔm ntia Israelfoɔ, na gyae asɛnka a wode tia Isak fiefoɔ.’
17 Therefore this is what the LORD says: ‘Your wife will become a prostitute in the city, and your sons and daughters will fall by the sword. Your land will be divided by a measuring line, and you yourself will die on pagan soil. And Israel will surely go into exile, away from their homeland.’”
“Enti asɛm a Awurade ka nie: “‘Wo yere bɛbɔ adwaman wɔ kuropɔn yi mu, wo mmammarima ne wo mmammaa bɛwuwu wɔ akofena ano. Wɔbɛsusu wʼasase na wakyekyɛ mu, na wʼankasa nso, wobɛwu wɔ abosonsom ɔman mu, na ɛkwan biara so Israel bɛkɔ nnommumfa mu, wɔ akyirikyiri asase so.’”

< Amos 7 >