< Acts 9 >

1 Meanwhile, Saul was still breathing out murderous threats against the disciples of the Lord. He approached the high priest
Saa ɛberɛ no na Saulo ani abere sɛ ɔbɛtɔre Kristo akyidifoɔ no ase.
2 and requested letters to the synagogues in Damascus, so that if he found any men or women belonging to the Way, he could bring them as prisoners to Jerusalem.
Ɔkɔɔ Ɔsɔfopanin no nkyɛn kɔgyee adansedie krataa a ɛbɛma no tumi ama wakɔ hyiadan mu wɔ Damasko akɔkyekyere nnipa a wɔka ekuo a wɔfrɛ no Ɛkwan no ho, sɛ wɔyɛ mmaa anaa mmarima, na ɔde wɔn akɔ Yerusalem.
3 As Saul drew near to Damascus on his journey, suddenly a light from heaven flashed around him.
Ɔreyɛ abɛn Damasko no, prɛko pɛ, hann bi firi ɔsoro twa faa ne ho,
4 He fell to the ground and heard a voice say to him, “Saul, Saul, why do you persecute Me?”
maa ɔtwa hwee fam. Afei, ɔtee nne bi sɛ, “Saulo! Adɛn enti na wotaa me?”
5 “Who are You, Lord?” Saul asked. “I am Jesus, whom you are persecuting,” He replied.
Saulo bisaa sɛ, “Ɛyɛ wo hwan, Owura?” Nne no buaa sɛ, “Ɛyɛ me Yesu a wotaa me no.”
6 “Now get up and go into the city, and you will be told what you must do.”
Nne no kaa sɛ, “Sɔre na kɔ kuro no mu na wɔbɛkyerɛ wo deɛ ɛsɛ sɛ woyɛ.”
7 The men traveling with Saul stood there speechless. They heard the voice but did not see anyone.
Nnipa a wɔne Saulo nam no gyinaeɛ a wɔantumi anka hwee; wɔtee nne no, nanso wɔanhunu obiara.
8 Saul got up from the ground, but when he opened his eyes he could not see a thing. So they led him by the hand into Damascus.
Afei, Saulo sɔre firii fam hɔ buee nʼani, nanso na ɔnhunu adeɛ. Enti, wɔkurakura no nkakrankakra de no kɔɔ Damasko.
9 For three days he was without sight, and he did not eat or drink anything.
Nnansa a ɔdii wɔ Damasko no na ɔnhunu hwee. Na ɔnnidi na ɔnnom nso.
10 In Damascus there was a disciple named Ananias. The Lord spoke to him in a vision, “Ananias!” “Here I am, Lord,” he answered.
Na osuani bi wɔ Damasko a wɔfrɛ no Anania. Awurade frɛɛ no anisoadehunu mu sɛ, “Anania!” Ɔgyee so sɛ, “Awurade!”
11 “Get up!” the Lord told him. “Go to the house of Judas on Straight Street and ask for a man from Tarsus named Saul, for he is praying.
Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ Yuda efie a ɛwɔ Tempɔn Tee no so na kɔbisa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Saulo a ɔfiri Tarso no ase; ɔrebɔ mpaeɛ.
12 In a vision he has seen a man named Ananias come and place his hands on him to restore his sight.”
Anisoadehunu mu, ɔhunuu ɔbarima bi a wɔfrɛ no Anania a ɔde ne nsa too ne so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛsane ahunu adeɛ.”
13 But Ananias answered, “Lord, many people have told me about this man and all the harm he has done to Your saints in Jerusalem.
Anania buaa sɛ, “Awurade, mate saa ɔbarima yi ho nsɛm bebree, ne ha a ɔha wʼakyidifoɔ wɔ Yerusalem no.
14 And now he is here with authority from the chief priests to arrest all who call on Your name.”
Wakɔ asɔfoɔ mpanin nkyɛn akɔgye adansedie krataa a ɛbɛma no tumi na ɔde akyere obiara a ɔbɔ wo din wɔ ha no.”
15 “Go!” said the Lord. “This man is My chosen instrument to carry My name before the Gentiles and their kings, and before the people of Israel.
Awurade ka kyerɛɛ Anania sɛ, “Kɔ! Ɛfiri sɛ, ɔno na mayi no a menam ne so bɛma amanamanmufoɔ ne ahemfo ne Israelfoɔ nyinaa ate me din.
16 I will show him how much he must suffer for My name.”
Na mɛkyerɛ no amaneɛ a ɛsiane me din enti ɔbɛhunu.”
17 So Ananias went to the house, and when he arrived, he placed his hands on Saul. “Brother Saul,” he said, “the Lord Jesus, who appeared to you on the road as you were coming here, has sent me so that you may see again and be filled with the Holy Spirit.”
Afei, Anania kɔɔ efie hɔ de ne nsa guu Saulo so kaa sɛ, “Onua Saulo, Awurade Yesu no ankasa a ɔyii ne ho adi kyerɛɛ wo ɛkwan so ɛberɛ a woreba no asoma me sɛ, memmɛbue wʼani na hunu adeɛ, na Honhom Kronkron nhyɛ wo ma.”
18 At that instant, something like scales fell from Saul’s eyes, and his sight was restored. He got up and was baptized,
Amonom hɔ ara, biribi a ɛte sɛ abon firii nʼani so na ɔhunuu adeɛ. Ɔsɔre maa wɔbɔɔ no asu.
19 and after taking some food, he regained his strength. And he spent several days with the disciples in Damascus.
Ɔnyaa aduane bi di meeɛ no, ne ho sanee no. Saulo dii nna kakra wɔ asuafoɔ a na wɔwɔ Damasko no nkyɛn.
20 Saul promptly began to proclaim Jesus in the synagogues, declaring, “He is the Son of God.”
Ɔhyɛɛ aseɛ kaa asɛmpa no wɔ hyiadan mu sɛ, Yesu yɛ Onyankopɔn Ba ampa.
21 All who heard him were astounded and asked, “Isn’t this the man who wreaked havoc in Jerusalem on those who call on this name? And hasn’t he come here to take them as prisoners to the chief priests?”
Nnipa a wɔtee asɛm a ɔkaeɛ no nyinaa ho dwirii wɔn maa wɔbisaa sɛ, “Ɛnyɛ saa ɔbarima yi na na ɔkum wɔn a wɔbɔ saa din yi wɔ Yerusalem no anaa? Na yɛate sɛ ɔbaa ha sɛ ɔrebɛkyere wɔn a wɔbɔ saa din yi nyinaa de wɔn akɔma asɔfoɔ mpanin.”
22 But Saul was empowered all the more, and he confounded the Jews living in Damascus by proving that Jesus is the Christ.
Saulo asɛnka no mu yɛɛ den; nnipa no gyee nsɛm a ɔka faa Yesu ho sɛ ɔno ne Agyenkwa no diiɛ. Yudafoɔ a wɔte Damasko no antumi anka nsɛm a ɔkaeɛ no ho hwee.
23 After many days had passed, the Jews conspired to kill him,
Nna bi akyi no, Yudafoɔ no bɔɔ Saulo ho pɔ sɛ wɔbɛkum no,
24 but Saul learned of their plot. Day and night they watched the city gates in order to kill him.
nanso Saulo tee pɔ a wɔbɔɔ wɔ ne ho no. Na wɔtetɛ no wɔ kuro no apono ano awia ne anadwo apɛ no akum no.
25 One night, however, his disciples took him and lowered him in a basket through a window in the wall.
Anadwo bi Saulo akyidifoɔ de no sii kɛntɛn bi mu, twetwee no faa ɔfasuo so gyaa no sii fam.
26 When Saul arrived in Jerusalem, he tried to join the disciples, but they were all afraid of him, not believing that he was a disciple.
Saulo kɔɔ Yerusalem no, ɔpɛɛ sɛ ɔde ne ho kɔbɔ asuafoɔ no ho nanso wɔsuroo no, ɛfiri sɛ, na wɔnnye nni sɛ wasakyera abɛyɛ osuani.
27 Then Barnabas brought him to the apostles and described how Saul had seen the Lord, who spoke to him on the road to Damascus, and how Saul had spoken boldly in that city in the name of Jesus.
Barnaba kɔfaa no kɔɔ asuafoɔ no nkyɛn. Ɔkaa wɔn sɛdeɛ Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ Saulo na ɔkasa kyerɛɛ no wɔ Damasko ɛkwan so no ne sɛdeɛ ɔde akokoɔduru kaa Yesu ho asɛm wɔ Damasko no.
28 So Saul stayed with them, moving about freely in Jerusalem and speaking boldly in the name of the Lord.
Saulo ne wɔn tenaeɛ na ɔde akokoɔduru kaa Awurade asɛm no wɔ Yerusalem nyinaa.
29 He talked and debated with the Grecian Jews, but they tried to kill him.
Saulo ne Helenifoɔ nyaa akasakasa enti wɔbɔɔ pɔ sɛ wɔbɛkum no.
30 When the brothers learned of this, they took him down to Caesarea and sent him off to Tarsus.
Ɛberɛ a agyidifoɔ no tee pɔ a Helenifoɔ no bɔɔ wɔ Saulo ho no, wɔde no kɔɔ Kaesarea gyaa no ɛkwan ma ɔkɔɔ Tarso.
31 Then the church throughout Judea, Galilee, and Samaria experienced a time of peace. It grew in strength and numbers, living in the fear of the Lord and the encouragement of the Holy Spirit.
Afei, asafo a wɔwɔ Yudea, Samaria ne Galilea no nyinaa asom dwoo wɔn. Asafo no nam Honhom Kronkron so timiiɛ. Nnipa pii bɛkaa wɔn ho na wɔtenaa ase wɔ Awurade suro mu.
32 As Peter traveled throughout the area, he went to visit the saints in Lydda.
Petro tutuu akwan kɔɔ mmeammea. Ɛda bi, ɔkɔsraa agyidifoɔ a wɔwɔ Lida no,
33 There he found a man named Aeneas, who had been paralyzed and bedridden for eight years.
ɔhyiaa ɔbarima bi a ne din de Enea a wabubu agu kɛtɛ so mfeɛ nnwɔtwe wɔ hɔ.
34 “Aeneas,” Peter said to him, “Jesus Christ heals you! Get up and put away your mat.” Immediately Aeneas got up,
Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Enea, Awurade Yesu Kristo nsa wo yadeɛ. Sɔre na yi wo kɛtɛ!” Amonom hɔ ara, Enea sɔree.
35 and all who lived in Lydda and Sharon saw him and turned to the Lord.
Nnipa a wɔte Lida ne Saron no nyinaa hunuu no no, wɔde wɔn ho maa Awurade.
36 In Joppa there was a disciple named Tabitha (which is translated as Dorcas), who was always occupied with works of kindness and charity.
Na ɔbaa ogyedini bi te Yopa a ne din de Tabita a ne nkyerɛaseɛ ne Dorka a aseɛ ne ɔwansane. Saa ɔbaa yi de nʼadagyeɛ nyinaa yɛɛ papa, boaa ahiafoɔ.
37 At that time, however, she became sick and died, and her body was washed and placed in an upper room.
Saa ɛberɛ korɔ yi ara mu na yadeɛ bɔɔ no maa ɔwuiɛ. Wɔdwaree no de no kɔtoo abansoro dan bi mu.
38 Since Lydda was near Joppa, the disciples heard that Peter was there and sent two men to urge him, “Come to us without delay.”
Esiane sɛ Lida bɛn Yopa no enti, asuafoɔ a wɔwɔ Yopa no tee sɛ Petro wɔ Lida no, wɔsomaa mmarima baanu kɔsrɛɛ no sɛ ɔnyɛ ntɛm mmra.
39 So Peter got up and went with them. On his arrival, they took him to the upper room. All the widows stood around him, weeping and showing him the tunics and other clothing that Dorcas had made while she was still with them.
Petro yɛɛ ntɛm ne wɔn kɔeɛ. Ɔduruu hɔ no, wɔde no kɔɔ abansoro dan no mu. Akunafoɔ a na wɔwɔ hɔ no nyinaa bɛgyinagyinaa Petro ho suiɛ de ntadeɛ ne ntoma a Tabita te ase no ɔpam maa wɔn no kyerɛɛ no.
40 Then Peter sent them all out of the room. He knelt down and prayed, and turning toward her body, he said, “Tabitha, get up!” She opened her eyes, and seeing Peter, she sat up.
Petro maa wɔn nyinaa firii adi. Afei, ɔbuu nkotodwe, bɔɔ mpaeɛ danee nʼani kyerɛɛ amu no kaa sɛ, “Tabita, sɔre!” Tabita tee nʼani na ɔhunuu Petro no, ɔsɔre tenaa ase.
41 Peter took her by the hand and helped her up. Then he called the saints and widows and presented her to them alive.
Petro sɔɔ ne nsa ma ɔsɔre gyinaa hɔ. Afei, Petro frɛɛ agyidifoɔ no ne akunafoɔ no nyinaa de no maa wɔn.
42 This became known all over Joppa, and many people believed in the Lord.
Saa asɛm yi trɛɛ wɔ Yopa nyinaa maa nnipa pii gyee Awurade diiɛ.
43 And Peter stayed for several days in Joppa with a tanner named Simon.
Petro tenaa Simon a ɔhyɛ mmoa nwoma aduro no nkyɛn wɔ Yopa kyɛree kakra.

< Acts 9 >