< Acts 9 >

1 Meanwhile, Saul was still breathing out murderous threats against the disciples of the Lord. He approached the high priest
Saa bere no na Saulo ani abere sɛ ɔbɛtɔre Kristo akyidifo no ase.
2 and requested letters to the synagogues in Damascus, so that if he found any men or women belonging to the Way, he could bring them as prisoners to Jerusalem.
Ɔkɔɔ Ɔsɔfopanyin no nkyɛn kogyee adansedi krataa a ɛbɛma no tumi ama wakɔ hyiadan mu wɔ Damasko akɔkyekyere Yesu akyidifo, mmea ne mmarima, na ɔde wɔn akɔ Yerusalem.
3 As Saul drew near to Damascus on his journey, suddenly a light from heaven flashed around him.
Ɔreyɛ abɛn Damasko no, prɛko pɛ na hann bi fi ɔsoro twa faa ne ho
4 He fell to the ground and heard a voice say to him, “Saul, Saul, why do you persecute Me?”
ma otwa hwee fam. Afei, ɔtee nne bi se, “Saulo! Adɛn nti na wotaa me?”
5 “Who are You, Lord?” Saul asked. “I am Jesus, whom you are persecuting,” He replied.
Saulo bisae se, “Ɛyɛ wo hena, Owura?” Nne no buae se, “Ɛyɛ me Yesu a wotaa me no.”
6 “Now get up and go into the city, and you will be told what you must do.”
Nne no kae se, “Sɔre na kɔ kurow no mu na wɔbɛkyerɛ wo nea ɛsɛ sɛ woyɛ.”
7 The men traveling with Saul stood there speechless. They heard the voice but did not see anyone.
Nnipa a wɔne Saulo nam no gyinae a wɔantumi anka hwee; wɔtee nne no, nanso wɔanhu obiara.
8 Saul got up from the ground, but when he opened his eyes he could not see a thing. So they led him by the hand into Damascus.
Afei Saulo sɔre fii fam hɔ buee nʼani, nanso na onhu ade. Enti wokurakura no nkakrankakra de no kɔɔ Damasko.
9 For three days he was without sight, and he did not eat or drink anything.
Nnansa a odii wɔ Damasko no na onhu hwee. Na onnidi na ɔnnom nso.
10 In Damascus there was a disciple named Ananias. The Lord spoke to him in a vision, “Ananias!” “Here I am, Lord,” he answered.
Na osuani bi wɔ Damasko a wɔfrɛ no Anania. Awurade frɛɛ no anisoadehu mu se, “Anania!” Ogyee so se, “Awurade!”
11 “Get up!” the Lord told him. “Go to the house of Judas on Straight Street and ask for a man from Tarsus named Saul, for he is praying.
Awurade ka kyerɛɛ no se, “Kɔ Yuda fi a ɛwɔ Ɔtempɔn Tee no so na kobisa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Saulo a ofi Tarso no ase; ɔrebɔ mpae.
12 In a vision he has seen a man named Ananias come and place his hands on him to restore his sight.”
Anisoadehu mu na ohuu ɔbarima bi a wɔfrɛ no Anania a ɔde ne nsa too no so sɛnea ɛbɛyɛ a, ɔbɛsan ahu ade.”
13 But Ananias answered, “Lord, many people have told me about this man and all the harm he has done to Your saints in Jerusalem.
Anania buae se, “Awurade, mate saa ɔbarima yi ho nsɛm bebree, ne haw a ɔhaw wʼakyidifo wɔ Yerusalem no.
14 And now he is here with authority from the chief priests to arrest all who call on Your name.”
Wakɔ asɔfo mpanyin nkyɛn akogye adansedi krataa a ɛbɛma no tumi na ɔde akyere obiara a ɔbɔ wo din wɔ ha no.”
15 “Go!” said the Lord. “This man is My chosen instrument to carry My name before the Gentiles and their kings, and before the people of Israel.
Awurade ka kyerɛɛ Anania se, “Kɔ! Efisɛ ɔno na mayi no a menam ne so bɛma amanamanmufo ne ahemfo ne Israelfo nyinaa ate me din.
16 I will show him how much he must suffer for My name.”
Na mɛkyerɛ no amane a esiane me din nti obehu.”
17 So Ananias went to the house, and when he arrived, he placed his hands on Saul. “Brother Saul,” he said, “the Lord Jesus, who appeared to you on the road as you were coming here, has sent me so that you may see again and be filled with the Holy Spirit.”
Afei Anania kɔɔ fie hɔ de ne nsa guu Saulo so kae se, “Onua Saulo, Awurade Yesu no ankasa a oyii ne ho adi kyerɛɛ wo wɔ ɔkwan so bere a woreba no asoma me se, mimmebue wʼani mma wunhu ade na Honhom Kronkron nhyɛ wo ma.”
18 At that instant, something like scales fell from Saul’s eyes, and his sight was restored. He got up and was baptized,
Amono mu hɔ ara na biribi a ɛte sɛ abon fii nʼani so na ohuu ade. Ɔsɔre ma wɔbɔɔ no asu.
19 and after taking some food, he regained his strength. And he spent several days with the disciples in Damascus.
Onyaa aduan bi di mee no, ne ho san no. Saulo dii nna kakra wɔ asuafo a na wɔwɔ Damasko no nkyɛn.
20 Saul promptly began to proclaim Jesus in the synagogues, declaring, “He is the Son of God.”
Ofii ase kaa asɛmpa no wɔ hyiadan mu se, Yesu yɛ Onyankopɔn Ba ampa.
21 All who heard him were astounded and asked, “Isn’t this the man who wreaked havoc in Jerusalem on those who call on this name? And hasn’t he come here to take them as prisoners to the chief priests?”
Nnipa a wɔtee asɛm a ɔkae no nyinaa ho dwiriw wɔn ma wobisae se, “Ɛnyɛ saa ɔbarima yi na na okum wɔn a wɔbɔ saa din yi wɔ Yerusalem no ana? Na yɛate sɛ ɔbaa ha sɛ ɔrebɛkyere wɔn a wɔbɔ saa din yi nyinaa de wɔn akɔma asɔfo mpanyin.”
22 But Saul was empowered all the more, and he confounded the Jews living in Damascus by proving that Jesus is the Christ.
Saulo asɛnka no mu yɛɛ den; nnipa no gyee nsɛm a ɔka faa Yesu ho sɛ ɔno ne Agyenkwa no dii. Yudafo a wɔte Damasko no antumi anka nsɛm a ɔkae no ho hwee.
23 After many days had passed, the Jews conspired to kill him,
Nna bi akyi no, Yudafo no bɔɔ Saulo ho pɔw sɛ wobekum no,
24 but Saul learned of their plot. Day and night they watched the city gates in order to kill him.
nanso Saulo tee pɔw a wɔbɔɔ wɔ ne ho no. Na wɔtetɛw no wɔ kurow no apon ano awia ne anadwo apɛ no akum no.
25 One night, however, his disciples took him and lowered him in a basket through a window in the wall.
Anadwo bi Saulo akyidifo de no sii kɛntɛn bi mu, twetwee no faa ɔfasu so gyaa no sii fam.
26 When Saul arrived in Jerusalem, he tried to join the disciples, but they were all afraid of him, not believing that he was a disciple.
Saulo kɔɔ Yerusalem no, ɔpɛɛ sɛ ɔde ne ho kɔbɔ asuafo no ho nanso wosuroo no, efisɛ na wonnye nni sɛ wasakra abɛyɛ osuani.
27 Then Barnabas brought him to the apostles and described how Saul had seen the Lord, who spoke to him on the road to Damascus, and how Saul had spoken boldly in that city in the name of Jesus.
Barnaba kɔfaa no kɔɔ asuafo no nkyɛn. Ɔkaa wɔn sɛnea Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ Saulo na ɔkasa kyerɛɛ no wɔ Damasko kwan so no ne sɛnea ɔde akokoduru kaa Yesu ho asɛm wɔ Damasko no.
28 So Saul stayed with them, moving about freely in Jerusalem and speaking boldly in the name of the Lord.
Saulo ne wɔn tenae na ɔde akokoduru kaa Awurade asɛm no wɔ Yerusalem nyinaa.
29 He talked and debated with the Grecian Jews, but they tried to kill him.
Saulo ne Helenifo nyaa akasakasa enti wɔbɔɔ pɔw sɛ wobekum no.
30 When the brothers learned of this, they took him down to Caesarea and sent him off to Tarsus.
Bere a agyidifo no tee pɔw a Helenifo no bɔɔ wɔ Saulo ho no, wɔde no kɔɔ Kaesarea gyaa no kwan ma ɔkɔɔ Tarso.
31 Then the church throughout Judea, Galilee, and Samaria experienced a time of peace. It grew in strength and numbers, living in the fear of the Lord and the encouragement of the Holy Spirit.
Afei asafo a wɔwɔ Yudea, Samaria ne Galilea no nyinaa asom dwoo wɔn. Asafo no nam Honhom Kronkron so timii. Nnipa pii bɛkaa wɔn ho na wɔtenaa ase wɔ Awurade suro mu.
32 As Peter traveled throughout the area, he went to visit the saints in Lydda.
Petro tutuu akwan kɔɔ mmeaemmeae. Da bi a ɔkɔsraa agyidifo a wɔwɔ Lida no,
33 There he found a man named Aeneas, who had been paralyzed and bedridden for eight years.
ohyiaa ɔbarima bi a ne din de Enea a wabubu agu kɛtɛ so mfe awotwe wɔ hɔ.
34 “Aeneas,” Peter said to him, “Jesus Christ heals you! Get up and put away your mat.” Immediately Aeneas got up,
Petro ka kyerɛɛ no se, “Enea, Awurade Yesu Kristo nsa wo yare. Sɔre na yi wo kɛtɛ!” Amono mu hɔ ara na Enea sɔree.
35 and all who lived in Lydda and Sharon saw him and turned to the Lord.
Nnipa a wɔte Lida ne Saron no nyinaa huu no no, wɔde wɔn ho maa Awurade.
36 In Joppa there was a disciple named Tabitha (which is translated as Dorcas), who was always occupied with works of kindness and charity.
Na ɔbea ogyidini bi te Yopa a ne din de Tabita a ne nkyerɛase ne Dorka a ase ne ɔwansan. Saa ɔbea yi de nʼadagyew nyinaa yɛɛ papa, boaa ahiafo.
37 At that time, however, she became sick and died, and her body was washed and placed in an upper room.
Saa bere koro no ara mu na ɔyare bɔɔ no ma owui. Woguaree no de no kɔtoo abansoro dan bi mu.
38 Since Lydda was near Joppa, the disciples heard that Peter was there and sent two men to urge him, “Come to us without delay.”
Esiane sɛ Lida bɛn Yopa nti, asuafo a wɔwɔ Yopa no tee sɛ Petro wɔ Lida no, wɔsomaa mmarima baanu kɔsrɛɛ no sɛ ɔnyɛ ntɛm mmra.
39 So Peter got up and went with them. On his arrival, they took him to the upper room. All the widows stood around him, weeping and showing him the tunics and other clothing that Dorcas had made while she was still with them.
Petro yɛɛ ntɛm ne wɔn kɔe. Oduu hɔ no wɔde no kɔɔ abansoro dan no mu. Akunafo a na wɔwɔ hɔ no nyinaa begyinagyinaa Petro ho sui, de ntade ne ntama a Tabita te ase no ɔpam maa wɔn no kyerɛɛ no.
40 Then Peter sent them all out of the room. He knelt down and prayed, and turning toward her body, he said, “Tabitha, get up!” She opened her eyes, and seeing Peter, she sat up.
Petro maa wɔn nyinaa fii adi. Afei obuu nkotodwe, bɔɔ mpae dan nʼani kyerɛɛ amu no kae se, “Tabita, sɔre!” Tabita tew nʼani na ohuu Petro no, ɔsɔre tenaa ase.
41 Peter took her by the hand and helped her up. Then he called the saints and widows and presented her to them alive.
Petro soo ne nsa ma ɔsɔre gyinaa hɔ. Afei Petro frɛɛ agyidifo no ne akunafo no nyinaa de no maa wɔn.
42 This became known all over Joppa, and many people believed in the Lord.
Saa asɛm yi trɛw wɔ Yopa nyinaa ma nnipa pii gyee Awurade dii.
43 And Peter stayed for several days in Joppa with a tanner named Simon.
Petro tenaa Simon a ɔhyɛ mmoa nhoma aduru no nkyɛn wɔ Yopa kyɛɛ kakra.

< Acts 9 >