< Acts 6 >
1 In those days when the disciples were increasing in number, the Grecian Jews among them began to grumble against the Hebraic Jews because their widows were being overlooked in the daily distribution of food.
Ɛberɛ bi akyi a na asuafoɔ no redɔɔso no, akasakasa sii Hebrifoɔ a wɔka Arameike ne Hebrifoɔ a wɔka Griik kasa no ntam. Na Hebrifoɔ a wɔka Griik no no asɛm ne sɛ, Hebrifoɔ a wɔka Arameike no nhwɛ wɔn akunafoɔ yie.
2 So the Twelve summoned all the disciples and said, “It is unacceptable for us to neglect the word of God in order to wait on tables.
Enti, asomafoɔ dumienu no frɛɛ asuafoɔ no nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛnsɛ sɛ yɛgyae Onyankopɔn asɛnka kɔkyɛ aduane.
3 Therefore, brothers, select from among you seven men confirmed to be full of the Spirit and wisdom. We will appoint this responsibility to them
Enti, anuanom, monyi mo mu nnipa baason a Honhom Kronkron ahyɛ wɔn ma na wɔnim nyansa na wɔahwɛ aka saa asɛm no.
4 and will devote ourselves to prayer and to the ministry of the word.”
Yɛn ankasa de, yɛde yɛn adagyeɛ nyinaa bɛbɔ mpaeɛ aka Asɛmpa no.”
5 This proposal pleased the whole group. They chose Stephen, a man full of faith and of the Holy Spirit, as well as Philip, Prochorus, Nicanor, Timon, Parmenas, and Nicolas from Antioch, a convert to Judaism.
Nnipa no nyinaa penee adwene a asomafoɔ no de baeɛ no so. Enti, wɔyii Stefano a na gyidie ne Honhom Kronkron ahyɛ no ma no, ne Filipo, Prokoro, Nikanor, Timon, Pamina ne Nikolao a ɔfiri Antiokia a na ɔwɔ Yudasom no mu.
6 They presented these seven to the apostles, who prayed and laid their hands on them.
Wɔde saa nnipa yi kyerɛɛ asuafoɔ no maa wɔbɔɔ mpaeɛ de wɔn nsa guu wɔn so.
7 So the word of God continued to spread. The number of disciples in Jerusalem grew rapidly, and a great number of priests became obedient to the faith.
Nnipa pii gyee asɛm no diiɛ maa wɔn mu dodoɔ no ara bɛkaa wɔn ho. Yudafoɔ no mu pii nso gyee wɔn nkyerɛkyerɛ no diiɛ.
8 Now Stephen, who was full of grace and power, was performing great wonders and signs among the people.
Stefano a Onyankopɔn adom ne tumi ahyɛ no ma no yɛɛ anwanwadeɛ ahodoɔ bebree wɔ asafo no mu.
9 But resistance arose from what was called the Synagogue of the Freedmen, including Cyrenians, Alexandrians, and men from the provinces of Cilicia and Asia. They began to argue with Stephen,
Nanso, da koro bi nnipa bi a wɔfiri Yudafoɔ hyiadan bi a wɔfrɛ no “Ahofadifoɔ Hyiadan” no mu a wɔyɛ Yudafoɔ a wɔfiri Kirene ne Aleksandria ne wɔn a wɔfiri Kilikia ne Asia no ne Stefano gyee akyinnyeɛ.
10 but they could not stand up to his wisdom or the Spirit by whom he spoke.
Nanso, Honhom no maa Stefano nyansa maa ɔde kasaeɛ a obiara antumi anka hwee.
11 Then they prompted some men to say, “We heard Stephen speak words of blasphemy against Moses and against God.”
Ɛno enti wɔka hyɛɛ nkurɔfoɔ bi ano sɛ, “Yɛtee sɛ ɔreka abususɛm atia Mose ne Onyankopɔn.”
12 So they stirred up the people, elders, and scribes and confronted Stephen. They seized him and brought him before the Sanhedrin,
Wɔnam saa ɛkwan yi so maa nnipa no ne mpanin no ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no sɔre tiaa Stefano. Wɔbɛkyeree Stefano de no kɔɔ badwafoɔ anim.
13 where they presented false witnesses who said, “This man never stops speaking against this holy place and against the law.
Afei, wɔde nnipa ba bɛdii adansekurumu tiaa Stefano sɛ, “Daa, saa onipa yi ka abususɛm tia yɛn asɔredan kronkron no ne Mose Mmara no.
14 For we have heard him say that Jesus of Nazareth will destroy this place and change the customs that Moses handed down to us.”
Yɛtee mpo sɛ ɔreka sɛ, saa Yesu Nasareni no bɛdwiri yɛn asɔredan no agu na wasesa yɛn amanneɛ a Mose de maa yɛn no!”
15 All who were sitting in the Sanhedrin looked intently at Stephen, and they saw that his face was like the face of an angel.
Nnipa a na wɔte badwa mu hɔ no nyinaa hwɛɛ Stefano anim, na wɔhunuiɛ sɛ nʼanim ayɛ te sɛ ɔsoro ɔbɔfoɔ anim.