< Acts 16 >
1 Paul came to Derbe and then to Lystra, where he found a disciple named Timothy, the son of a believing Jewish woman and a Greek father.
Paulo toaa nʼakwantuo no so kɔɔ Derbe ne Listra. Ɛhɔ na na ogyidini bi a ne din de Timoteo a ne maame yɛ Yudani ogyidini na nʼagya nso yɛ Helani no te.
2 The brothers in Lystra and Iconium spoke well of him.
Anuanom a na wɔwɔ Listra ne Ikoniom no nyinaa dii Timoteo ho adanseɛ pa.
3 Paul wanted Timothy to accompany him, so he took him and circumcised him on account of the Jews in that area, for they all knew that his father was a Greek.
Esiane sɛ na Paulo pɛ sɛ ɔde Timoteo ka ne ho kɔ enti, ɔtwaa no twetia, ɛfiri sɛ, Yudafoɔ a na wɔwɔ hɔ no nyinaa nim sɛ Timoteo agya yɛ Helani.
4 As they went from town to town, they delivered the decisions handed down by the apostles and elders in Jerusalem for the people to obey.
Kuro biara a wɔduruu so no, wɔkaa mmara a asomafoɔ ne mpanimfoɔ a wɔwɔ Yerusalem ahyɛ sɛ wɔnni so no kyerɛɛ wɔn.
5 So the churches were strengthened in the faith and grew daily in numbers.
Asafo no nyinii gyidie mu na daa nnipa bebree bɛkaa wɔn ho.
6 After the Holy Spirit had prevented them from speaking the word in the province of Asia, they traveled through the region of Phrygia and Galatia.
Esiane sɛ Honhom Kronkron amma wɔn ɛkwan sɛ wɔnka asɛm no wɔ Asia no enti, wɔkɔɔ Frigia ne Galatia.
7 And when they came to the border of Mysia, they tried to enter Bithynia, but the Spirit of Jesus would not permit them.
Wɔduruu Misia hyeɛ so no, wɔpɛɛ sɛ anka wɔkɔ Bitinia, nanso Yesu Honhom no amma wɔn ɛkwan.
8 So they passed by Mysia and went down to Troas.
Enti, wɔfaa Misia kɔsii Troa.
9 During the night, Paul had a vision of a man of Macedonia standing and pleading with him, “Come over to Macedonia and help us.”
Ɛda no anadwo Paulo hunuu anisoadeɛ sɛ ɔbarima bi a ɔfiri Makedonia gyina hɔ resrɛ no sɛ, “Twa bra Makedonia bɛboa yɛn!”
10 As soon as Paul had seen the vision, we got ready to leave for Macedonia, concluding that God had called us to preach the gospel to them.
Anisoadehunu yi akyi no, yɛboaboaa yɛn ho sɛ yɛbɛkɔ Makedonia, ɛfiri sɛ, yɛtee aseɛ sɛ Onyankopɔn na wafrɛ yɛn sɛ yɛnkɔka asɛmpa no wɔ hɔ.
11 We sailed from Troas straight to Samothrace, and the following day on to Neapolis.
Yɛde ɛhyɛn firii Troa kɔɔ Samotrake na adeɛ kyeeɛ no, yɛduruu Neapoli.
12 From there we went to the Roman colony of Philippi, the leading city of that district of Macedonia. And we stayed there several days.
Yɛfiri hɔ no, yɛtoaa so kɔɔ Filipi, kuro titire a ɛwɔ Makedonia mansini a na Romafoɔ di so no mu. Yɛdii nna kakra wɔ saa kuro yi mu.
13 On the Sabbath we went outside the city gate along the river, where it was customary to find a place of prayer. After sitting down, we spoke to the women who had gathered there.
Homeda duruiɛ no, yɛfirii kuro no mu kɔɔ asubɔnten bi ho baabi a yɛate sɛ Yudafoɔ taa hyia wɔ hɔ bɔ mpaeɛ. Yɛkyerɛkyerɛɛ mmaa bi a wɔbaa hɔ no Atwerɛsɛm no.
14 Among those listening was a woman named Lydia, a dealer in purple cloth from the city of Thyatira, who was a worshiper of God. The Lord opened her heart to respond to Paul’s message.
Mmaa a wɔbɛtiee asɛm no mu baako ne Tiatirani Lidia a na ɔtɔn ntoma kɔkɔɔ. Na ɔyɛ Onyamesom ni enti Awurade buee nʼakoma mu maa ɔtiee asɛm a na Paulo reka no, gye diiɛ.
15 And when she and her household had been baptized, she urged us, “If you consider me a believer in the Lord, come and stay at my house.” And she persuaded us.
Wɔbɔɔ ɔne ne fiefoɔ nyinaa asu wieeɛ no, ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ, “Sɛ mogye tom sɛ meyɛ Awurade mu ogyidini ampa ara a, mommɛtena me fie.” Ɔkɔɔ so srɛɛ yɛn ara kɔsii sɛ yɛpeneeɛ.
16 One day as we were going to the place of prayer, we were met by a slave girl with a spirit of divination, who earned a large income for her masters by fortune-telling.
Ɛda bi a yɛrekɔ baabi a yɛhyia bɔ mpaeɛ no, yɛhyiaa afenaa bi a akɔm honhom wɔ ne mu a ɔde nʼakɔm no hyɛ nkɔm ma ne wuranom nya wɔn ho.
17 This girl followed Paul and the rest of us, shouting, “These men are servants of the Most High God, who are proclaiming to you the way of salvation!”
Ɔdii yɛne Paulo akyi teateaam sɛ, “Saa nnipa yi yɛ Ɔsorosoroni Onyankopɔn no asomfoɔ a wɔaba sɛ wɔrebɛka nkwagyeɛ ho asɛm akyerɛ mo.”
18 She continued this for many days. Eventually Paul grew so aggravated that he turned and said to the spirit, “In the name of Jesus Christ I command you to come out of her!” And the spirit left her at that very moment.
Yei kɔɔ so ara kɔsii sɛ da bi Paulo de ahometeɛ teateaa honhommɔne no sɛ, “Mehyɛ wo Yesu Kristo din mu sɛ, tu firi ne mu kɔ!” Amonom hɔ ara, na honhommɔne no tu firii afenaa no mu.
19 When the girl’s owners saw that their hope of making money was gone, they seized Paul and Silas and dragged them before the authorities in the marketplace.
Ɛberɛ a afenaa no wuranom hunuu sɛ deɛ ɛma wɔn sika no afiri wɔn nsa no, wɔkyeree Paulo ne Silas twee wɔn kɔɔ mpanin anim wɔ adwabɔeɛ.
20 They brought them to the magistrates and said, “These men are Jews and are throwing our city into turmoil
Wɔde wɔn brɛɛ mpanin bɔɔ wɔn soboɔ sɛ, “Saa nnipa yi yɛ Yudafoɔ a wɔde wɔn nneyɛeɛ ne wɔn nkyerɛkyerɛ redane yɛn kuro yi ani.
21 by promoting customs that are unlawful for us Romans to adopt or practice.”
Wɔrekyerɛkyerɛ amanneɛ bi a ɛsiane sɛ yɛyɛ Romafoɔ enti, yɛn mmara mma yɛn ho ɛkwan sɛ yɛgye tom.”
22 The crowd joined in the attack against Paul and Silas, and the magistrates ordered that they be stripped and beaten with rods.
Nnipadɔm a wɔwɔ hɔ no to hyɛɛ wɔn so, na mpanin no tetee Paulo ne Silas ntadeɛ mu, hyɛɛ sɛ wɔmmɔ wɔn mmaa.
23 And after striking them with many blows, they threw them into prison and ordered the jailer to guard them securely.
Wɔbɔɔ wɔn mmaa pii wieeɛ no, wɔde wɔn kɔguu afiase, na mpanin no hyɛɛ afiase sohwɛfoɔ no sɛ ɔnto wɔn mu yie sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔrennwane.
24 On receiving this order, he placed them in the inner cell and fastened their feet in the stocks.
Afiase sohwɛfoɔ no tee saa asɛm yi no, ɔde wɔn kɔguu afiase hɔ dan a ɛwɔ mfimfini no mu de nkɔnsɔnkɔnsɔn guguu wɔn nan de bobɔɔ dua mu.
25 About midnight Paul and Silas were praying and singing hymns to God, and the other prisoners were listening to them.
Ɔdasuom a Paulo ne Silas rebɔ mpaeɛ reto nnwom ayi Onyankopɔn ayɛ, na nneduafoɔ a wɔwɔ hɔ no nso retie wɔn no,
26 Suddenly a strong earthquake shook the foundations of the prison. At once all the doors flew open and everyone’s chains came loose.
prɛko pɛ, asase wosoo dendeenden maa afiase no nnyinasoɔ nso wosoeɛ maa apono no nyinaa buebueeɛ, na nneduafoɔ no nyinaa nkɔnsɔnkɔnsɔn teteeɛ.
27 When the jailer woke up and saw the prison doors open, he drew his sword and was about to kill himself, presuming that the prisoners had escaped.
Ɛberɛ a afiase sohwɛfoɔ no firi nna mu nyaneeɛ na ɔhunuu sɛ afiase no apono no abuebue no, ɔsusuu sɛ nneduafoɔ no nyinaa adwane enti ɔtwee ne sekan pɛɛ sɛ anka ɔde kum ne ho.
28 But Paul called out in a loud voice, “Do not harm yourself! We are all here!”
Nanso, Paulo teaam ka kyerɛɛ no sɛ, “Nkum wo ho! Yɛn nyinaa wɔ ha!”
29 Calling for lights, the jailer rushed in and fell trembling before Paul and Silas.
Ɛhɔ ara afiase sohwɛfoɔ no frɛ maa wɔde kanea brɛɛ no na ɔde ahopopoɔ ne suro bɛhwee Paulo ne Silas anim.
30 Then he brought them out and asked, “Sirs, what must I do to be saved?”
Afei, ɔde wɔn firii adi bisaa wɔn sɛ, “Awuranom, ɛdeɛn na menyɛ na manya nkwa?”
31 They replied, “Believe in the Lord Jesus and you will be saved, you and your household.”
Wɔbuaa sɛ, “Gye Awurade Yesu di na ɔbɛgye wo ne wo fiefoɔ nyinaa nkwa.”
32 Then Paul and Silas spoke the word of the Lord to him and to everyone in his house.
Afei, wɔkaa Awurade ho asɛm kyerɛɛ afiase sohwɛfoɔ no ne ne fiefoɔ nyinaa.
33 At that hour of the night, the jailer took them and washed their wounds. And without delay, he and all his household were baptized.
Anadwo no ara, afiase sohwɛfoɔ yi hohoroo Paulo ne Silas mmaabɔ akuro no anim. Afei, ɔmaa wɔbɔɔ ɔne ne fiefoɔ nyinaa asu.
34 Then he brought them into his home and set a meal before them. So he and all his household rejoiced that they had come to believe in God.
Afiase sohwɛfoɔ yi de Paulo ne Silas kɔɔ efie kɔmaa wɔn aduane diiɛ na ɔne ne fiefoɔ nyinaa ho sanee wɔn, ɛfiri sɛ, afei de, wɔagye Onyankopɔn adi.
35 When daylight came, the magistrates sent their officers with the order: “Release those men.”
Adeɛ kyeeɛ no, mpanin no somaa asraafoɔ kɔka kyerɛɛ afiase sohwɛfoɔ no sɛ, “Gyaa saa nnipa no ma wɔnkɔ.”
36 The jailer informed Paul: “The magistrates have sent orders to release you. Now you may go on your way in peace.”
Afiase sohwɛfoɔ no ka kyerɛɛ Paulo sɛ, “Mpanin no asoma abɛka sɛ mennyaa wo ne Silas ma monkɔ. Enti, monkɔ asomdwoeɛ mu.”
37 But Paul said to the officers, “They beat us publicly without a trial and threw us into prison, even though we are Roman citizens. And now do they want to send us away secretly? Absolutely not! Let them come themselves and escort us out!”
Nanso, Paulo ka kyerɛɛ asraafoɔ no sɛ, “Yɛyɛ Romafoɔ. Wɔammu yɛn fɔ wɔ bɔne biara ho na wɔde yɛn baa adwabɔeɛ, bɛbɔɔ yɛn mmaa, de yɛn guu afiase. Afei na mopɛ sɛ mogyaa yɛn sum ase? Dabi! Mpanin no ankasa mmra ha mmɛgyaa yɛn.”
38 So the officers relayed this message to the magistrates, who were alarmed to hear that Paul and Silas were Roman citizens.
Asraafoɔ no sane kɔbɔɔ Roma mpanin no amaneɛ. Wɔtee sɛ Paulo ne Silas yɛ Romafoɔ no, wɔsuroeɛ
39 They came to appease them and led them out, requesting that they leave the city.
enti wɔkɔmaa wɔn dibem, yii wɔn firii afiase hɔ ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmfiri kuro no mu.
40 After Paul and Silas came out of the prison, they went to Lydia’s house to see the brothers and encourage them. Then they left the city.
Paulo ne Silas firii afiase hɔ kɔɔ Lidia fie. Wɔkɔtoo anuanom no wɔ hɔ, hyɛɛ wɔn nkuran. Afei wofirii hɔ kɔeɛ.