< Acts 14 >
1 At Iconium, Paul and Barnabas went as usual into the Jewish synagogue, where they spoke so well that a great number of Jews and Greeks believed.
Paulo ne Barnaba duruu Ikoniom no, wɔkɔɔ Yudafoɔ asɔredan mu. Wɔkasa ma Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ bebree bɛyɛɛ agyidifoɔ.
2 But the unbelieving Jews stirred up the Gentiles and poisoned their minds against the brothers.
Nanso, Yudafoɔ a wɔpoo Awurade asɛm no hwanyan amanamanmufoɔ no, sane tuu wɔn aso tiaa anuanom no.
3 So Paul and Barnabas spent considerable time there, speaking boldly for the Lord, who affirmed the message of His grace by enabling them to perform signs and wonders.
Asomafoɔ no tenaa hɔ kyɛreeɛ. Na Awurade nam tumi a ɔde maa wɔn ma wɔyɛɛ anwanwadeɛ ahodoɔ no so kyerɛɛ sɛ nsɛm a wɔka fa nʼadom ho no yɛ nokorɛ.
4 The people of the city were divided. Some sided with the Jews, and others with the apostles.
Kuro no mu nnipa no mu kyɛɛ mmienu; ɛfa kɔɔ Yudafoɔ no afa na ɛfa nso kɔɔ asomafoɔ no afa.
5 But when the Gentiles and Jews, together with their rulers, set out to mistreat and stone them,
Amanamanmufoɔ ne Yudafoɔ no ne wɔn mpanimfoɔ yɛɛ adwene sɛ wɔbɛyɛ wɔn ayayadeɛ, asane asi wɔn aboɔ.
6 they found out about it and fled to the Lycaonian cities of Lystra and Derbe and to the surrounding region,
Asomafoɔ no tee pɔ a wɔbɔ faa wɔn ho no, wɔdwane kɔɔ Listra ne Derbe a ɛwɔ Likaoniaman mu ne nkuraa a atwa ho ahyia no nyinaa ase.
7 where they continued to preach the gospel.
Wɔkaa Asɛmpa no wɔ hɔ.
8 In Lystra there sat a man crippled in his feet, who was lame from birth and had never walked.
Ɛberɛ a Paulo ne Barnaba wɔ Listra no, wɔhunuu ɔbarima bi a na ɔyɛ obubuafoɔ firi nʼawoɔ mu.
9 This man was listening to the words of Paul, who looked intently at him and saw that he had faith to be healed.
Paulo rekasa no, obubuafoɔ no tiee no maa Paulo hunuu sɛ ɔwɔ gyidie a ɛbɛma watumi agyina so asa no yadeɛ. Enti Paulo hwɛɛ obubuafoɔ no
10 In a loud voice Paul called out, “Stand up on your feet!” And the man jumped up and began to walk.
teaam sɛ, “Sɔre gyina hɔ!” Amonom, obubuafoɔ yi huri gyinaeɛ, hyɛɛ aseɛ nanteeɛ.
11 When the crowds saw what Paul had done, they lifted up their voices in the Lycaonian language: “The gods have come down to us in human form!”
Nnipa no hunuu deɛ Paulo ayɛ no, wɔhyɛɛ aseɛ teateaam wɔ Likaonia kasa mu sɛ, “Anyame ayeyɛ wɔn ho sɛ nnipa aba yɛn nkyɛn.”
12 Barnabas they called Zeus, and Paul they called Hermes, because he was the chief speaker.
Yei enti wɔfrɛɛ Barnaba Seus ɛnna wɔfrɛɛ Paulo nso Hermes, ɛfiri sɛ, ɔno na na ɔka asɛm no.
13 The priest of Zeus, whose temple was just outside the city, brought bulls and wreaths to the city gates, hoping to offer a sacrifice along with the crowds.
Seus a na nʼasɔredan wɔ kurotia no ɔsɔfoɔ de nantwie ne nhwiren baa kuro no ɛpono ano, pɛɛ sɛ wɔbɔ afɔdeɛ ma asomafoɔ no.
14 But when the apostles Barnabas and Paul found out about this, they tore their clothes and rushed into the crowd, shouting,
Ɛberɛ a Barnaba ne Paulo tee afɔdeɛ a nnipa no pɛ sɛ wɔbɔ no, wɔde abufuo sunsuanee wɔn ntadeɛ mu, tuu mmirika kɔɔ nnipakuo no mu teateaam sɛ,
15 “Men, why are you doing this? We too are only men, human like you. We are bringing you good news that you should turn from these worthless things to the living God, who made heaven and earth and sea and everything in them.
“Ɛdeɛn na mopɛ sɛ moyɛ yi? Yɛyɛ nnipa te sɛ mo! Yɛaba sɛ yɛrebɛka asɛmpa no akyerɛ mo, ama moagyae saa nneɛma hunu yi yɛ, na mode mo ho ama Onyankopɔn a ɔbɔɔ ɔsoro, asase, ɛpo ne biribiara a ɛwɔ mu.
16 In past generations, He let all nations go their own way.
Ɛberɛ bi a atwa mu no, ɔmaa nnipa nyinaa kwan maa wɔyɛɛ deɛ wɔpɛ.
17 Yet He has not left Himself without testimony to His goodness: He gives you rain from heaven and fruitful seasons, filling your hearts with food and gladness.”
Nanso, Onyankopɔn nam nneɛma pa a ɔyɛ so di nʼankasa ho adanseɛ. Mmerɛ a ɛsɛ mu no, ɔma osuo tɔ, ma nnɔbaeɛ ba; ɔma mo aduane di, ma monya ahotɔ.”
18 Even with these words, Paul and Barnabas could hardly stop the crowds from sacrificing to them.
Nanso, saa kasa yi nyinaa akyi no, pɛ ara na nnipa no pɛɛ sɛ wɔbɔ afɔdeɛ ma wɔn.
19 Then some Jews arrived from Antioch and Iconium and won over the crowds. They stoned Paul and dragged him outside the city, presuming he was dead.
Yudafoɔ bi firi Antiokia a ɛwɔ Pisidia ne Ikoniom tuu nnipa no aso maa wɔsii Paulo aboɔ, twee no firii kuro no mu; na wɔsusu sɛ wawu.
20 But after the disciples had gathered around him, he got up and went back into the city. And the next day he left with Barnabas for Derbe.
Nanso, ɛberɛ a agyidifoɔ no bɛtwaa ne ho hyiaeɛ no, ɔsɔre sane kɔɔ kuro no mu. Adeɛ kyeeɛ no, ɔne Barnaba firii hɔ kɔɔ Derbe.
21 They preached the gospel to that city and made many disciples. Then they returned to Lystra, Iconium, and Antioch,
Paulo ne Barnaba kaa asɛmpa no wɔ Derbe maa nnipa pii gye diiɛ. Wɔfiri hɔ no, wɔsane kɔɔ Listra, Ikoniom ne Antiokia a ɛwɔ Pisidia.
22 strengthening the souls of the disciples and encouraging them to continue in the faith. “We must endure many hardships to enter the kingdom of God,” they said.
Wɔhyɛɛ agyidifoɔ no nkuran sɛ wɔntena ase gyidie mu. Wɔka kyerɛɛ agyidifoɔ yi sɛ, “Ansa na yɛbɛtumi akɔ Onyankopɔn Ahennie mu no, ɛsɛ sɛ yɛfa ɔhaw ahodoɔ pii mu.”
23 Paul and Barnabas appointed elders for them in each church, praying and fasting as they entrusted them to the Lord, in whom they had believed.
Asafo biara a wɔkɔɔ mu no, wɔsisii mpanimfoɔ maa wɔn; na wɔnam mpaeɛbɔ ne mmuadadie so de mpanimfoɔ no hyɛɛ Awurade a wɔde wɔn ho ato no so no nsa.
24 After passing through Pisidia, they came to Pamphylia.
Wɔfiri Pisidia no, wɔbaa Pamfilia.
25 And when they had spoken the word in Perga, they went down to Attalia.
Wɔkaa asɛmpa no wɔ Perge, na wɔfiri hɔ baa Atalia.
26 From Attalia they sailed to Antioch, where they had been commended to the grace of God for the work they had just completed.
Wɔfiri Atalia no, wɔsane baa Antiokia a ɛhɔ na ɛberɛ a na wɔrebɛfiri saa adwuma a wɔawie yi ase no, wɔde wɔn hyɛɛ Awurade adom nsa no.
27 When they arrived, they gathered the church together and reported all that God had done through them, and how He had opened the door of faith to the Gentiles.
Ɛberɛ a wɔduruu Antiokia no, wɔhyiaa asafo no mu nnipa nyinaa. Wɔkaa nneɛma a Onyankopɔn nam wɔn so ayɛ, ne sɛdeɛ Onyankopɔn abue ɛkwan ama amanamanmufoɔ agye asɛm no adi no nyinaa kyerɛɛ wɔn.
28 And they spent a long time there with the disciples.
Paulo ne Barnaba tenaa agyidifoɔ no nkyɛn kyɛreeɛ.