< 2 Samuel 15 >

1 Some time later, Absalom provided for himself a chariot with horses and fifty men to run ahead of him.
Eyi akyi no, Absalom tɔɔ teaseɛnam ne apɔnkɔ, na ɔbɔɔ mmarima aduonum paa sɛ wobedi nʼanim.
2 He would get up early and stand beside the road leading to the city gate. Whenever anyone had a grievance to bring before the king for a decision, Absalom would call out and ask, “What city are you from?” And if he replied, “Your servant is from one of the tribes of Israel,”
Adekyee biara, ɔsɔre ntɛm na wakɔtena kuropɔn no pon ano. Na sɛ nnipa bi de asɛm bɛto ɔhene no anim sɛ ommu ho atɛn a, Absalom bebisa faako a wofi, na wɔakyerɛ abusuakuw a wofi mu.
3 Absalom would say, “Look, your claims are good and right, but the king has no deputy to hear you.”
Na Absalom bɛka se, “Wʼasɛm yɛ dɛ de, nanso ɔhene nni obiara a obetie.
4 And he would add, “If only someone would appoint me judge in the land, then everyone with a grievance or dispute could come to me, and I would give him justice.”
Sɛ meyɛ otemmufo anka mepɛ. Anka nnipa de wɔn nsɛm bɛba mʼanim, na mabu wɔn atɛn.”
5 Also, when anyone approached to bow down to him, Absalom would reach out his hand, take hold of him, and kiss him.
Sɛ nnipa pɛ sɛ wɔkotow no a, Absalom remma wɔn nyɛ saa na mmom obeso wɔn nsa, ayɛ wɔn atuu.
6 Absalom did this to all the Israelites who came to the king for justice. In this way he stole the hearts of the men of Israel.
Absalom yɛɛ saa de nyaa Israelfo no nyinaa wɔ nʼafa.
7 After four years had passed, Absalom said to the king, “Please let me go to Hebron to fulfill a vow I have made to the LORD.
Mfirihyia anan akyi no, Absalom ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Ma menkɔ Hebron na menkɔbɔ afɔre mma Awurade sɛnea mahyɛ no bɔ no.
8 For your servant made a vow while dwelling in Geshur of Aram, saying: ‘If indeed the LORD brings me back to Jerusalem, I will worship the LORD in Hebron.’”
Bere a na mewɔ Gesur no na mehyɛɛ saa bɔ no se, ‘Sɛ Awurade de me san ba Yerusalem a, mɛbɔ afɔre ama no wɔ Hebron.’”
9 “Go in peace,” said the king. So Absalom got up and went to Hebron.
Ɔhene no kae se, “Eye, kɔ na kodi wo bɔhyɛ so.” Enti Absalom kɔɔ Hebron.
10 Then Absalom sent spies throughout the tribes of Israel with this message: “When you hear the sound of the horn, you are to say, ‘Absalom reigns in Hebron!’”
Bere a ɔwɔ hɔ no, ɔfaa sum ase somaa abɔfo kɔɔ Israel mmaa nyinaa kɔhwanyan ɔmanfo de tiaa ɔhene no. Ne nkra ne se, “Sɛ mote torobɛnto nne pɛ a, monka se, ‘Absalom adi hene wɔ Hebron.’”
11 Two hundred men from Jerusalem accompanied Absalom. They had been invited as guests and they went along innocently, for they knew nothing about the matter.
Absalom faa mmarima ahannu fii Yerusalem kaa ne ho a na wonnim Absalom nsusuwii yi ho hwee.
12 While Absalom was offering the sacrifices, he sent for Ahithophel the Gilonite, David’s counselor, to come from his hometown of Giloh. So the conspiracy gained strength, and Absalom’s following kept increasing.
Bere a Absalom rebɔ afɔre no, ɔsoma ma wɔkɔfaa Giloni Ahitofel a na ɔyɛ Dawid fotufo fi ne kurom Gilo bae. Enti pɔwbɔ no mu yɛɛ den na nnipa bebree no ara bɛkaa Absalom ho.
13 Then a messenger came to David and reported, “The hearts of the men of Israel are with Absalom.”
Ankyɛ, ɔbɔfo bi baa Yerusalem bɛka kyerɛɛ ɔhene Dawid se, “Israel nyinaa atu di Absalom akyi sɛ wɔayɛ adɔm atia wo.”
14 And David said to all the servants with him in Jerusalem, “Arise and let us flee, or we will not escape from Absalom! We must leave quickly, or he will soon overtake us, heap disaster on us, and put the city to the sword.”
Ɛhɔ ara, Dawid ka kyerɛɛ ne mmarima se, “Monyɛ no ntɛm na yenguan mfi ha, ansa na wadu ha, sɛnea amanehunu bɛpare yɛn ne Yerusalem kurow mu no nyinaa.”
15 The king’s servants replied, “Whatever our lord the king decides, we are your servants.”
Nʼafotufo no buae se, “Yegyina wʼakyi. Biribiara a wugye di sɛ eye no, yɛ.”
16 Then the king set out, and his entire household followed him. But he left behind ten concubines to take care of the palace.
Enti ɔhene no ne ne fifo sii mu kɔɔ prɛko pɛ a wannyaw biribiara wɔ akyi sɛ ne mpenanom du bi a wɔbɛhwɛ nʼahemfi no so.
17 So the king set out with all the people following him. He stopped at the last house,
Ɔhene no ne ne nkurɔfo no faa fam, na wɔfaa kuropɔn no fa bi,
18 and all his servants marched past him—all the Cherethites and Pelethites, and six hundred Gittites who had followed him from Gath.
maa Dawid asraafo no betwaa wɔn ho dii wɔn anim. Nnipa a wɔkaa Dawid ho kɔe no yɛ Gitifo ahansia a wofi Gat a ne bammɔfo nso ka ho.
19 Then the king said to Ittai the Gittite, “Why should you also go with us? Go back and stay with the new king, since you are both a foreigner and an exile from your homeland.
Na ɔhene no bisaa Gatni Itai a ɔyɛ ɔsafohene no se, “Adɛn nti na woka yɛn ho rekɔ? San kɔka wo nkurɔfo ho, na monkɔ ɔhene Absalom nkyɛn, efisɛ woyɛ ɔhɔho wɔ Israel ne ɔmamfrani a wɔatwa wo asu.
20 In fact, you arrived only yesterday; should I make you wander around with us today while I do not know where I am going? Go back and take your brothers with you. May the LORD show you loving devotion and faithfulness.”
Wuduu ha nnɛra nko ara. Na ɛsɛ sɛ mehyɛ wo na wo ne yɛn kyin ana? Me mpo, minnim baabi a yɛbɛkɔ. San wʼakyi na kɔfa wo asraafo ka wo ho, na Awurade nkyerɛ wo ne dɔ ne ne nokware.”
21 But Ittai answered the king, “As surely as the LORD lives, and as my lord the king lives, wherever my lord the king may be, whether it means life or death, there will your servant be!”
Nanso Itai ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Mede Awurade din ne wo ara wo nkwa ka ntam se, baabiara a wobɛkɔ no, mɛkɔ bi a nea ebesi biara mfa me ho; sɛ ɛyɛ nkwa anaa owu.”
22 “March on then,” said David to Ittai. So Ittai the Gittite marched past with all his men and all the little ones who were with him.
Dawid buaa no se, “Eye, ka yɛn ho.” Ɛno nti, Itai ne ne mmarima ahansia ne wɔn fifo kaa wɔn ho kɔe.
23 Everyone in the countryside was weeping loudly as all the people passed by. And as the king crossed the Kidron Valley, all the people also passed toward the way of the wilderness.
Awerɛhow kɛse sii asase no so, bere a ɔhene ne nʼakyidifo retwa mu no. Wotwaa Kidron Bon no de wɔn ani kyerɛɛ sare so.
24 Zadok was also there, and all the Levites with him were carrying the ark of the covenant of God. And they set down the ark of God, and Abiathar offered sacrifices until the people had passed out of the city.
Abiatar ne Sadok ne Lewifo no faa Apam Adaka no, na wɔde sii kwankyɛn. Na wɔbɔɔ afɔre wɔ hɔ kosii sɛ obiara senee.
25 Then the king said to Zadok, “Return the ark of God to the city. If I find favor in the eyes of the LORD, He will bring me back and let me see both it and His dwelling place again.
Na ɔhene no ka kyerɛɛ Sadok se, “San fa Onyankopɔn Adaka no kɔ kuropɔn no mu. Sɛ minya Awurade anim adom a, ɔbɛsan de me aba ama mahu Adaka no ne ne ntamadan no bio.
26 But if He should say, ‘I do not delight in you,’ then here I am; let Him do to me whatever seems good to Him.”
Nanso sɛ ɔka se, ‘Mʼani nnye wo ho’ a mepɛ, ma ɔmfa me mfa ɔkwan a onim sɛ eye ma no no so.”
27 The king also said to Zadok the priest, “Are you not a seer? Return to the city in peace—you with your son Ahimaaz, and Abiathar with his son Jonathan.
Na ɔhene no ka kyerɛɛ ɔsɔfo Sadok se, “Me nhyehyɛe ni: Wo ne Abiatar nyɛ komm nsan nkɔ kuropɔn no mu a wo babarima Ahimaas ne Yonatan a ɔyɛ Abiatar babarima ka ho.
28 See, I will wait at the fords of the wilderness until word comes from you to inform me.”
Mɛtwɛn wɔ faako a wotwa Asubɔnten Yordan kɔ sare no so hɔ akosi sɛ mɛte mo nkra. Momma mente asɛm a ebesi wɔ Yerusalem, ansa na makɔ sare so.”
29 So Zadok and Abiathar returned the ark of God to Jerusalem and stayed there.
Enti Sadok ne Abiatar faa Onyankopɔn Adaka no de san kɔɔ Yerusalem, na wɔtenaa hɔ.
30 But David continued up the Mount of Olives, weeping as he went up. His head was covered, and he was walking barefoot. And all the people with him covered their heads and went up, weeping as they went.
Dawid faa ɔkwan a ɛkɔ Ngo Bepɔw so no so a ɔrekɔ no nyinaa, na ɔretwa adwo. Na wakata ne ti so, na ne nan sisi fam saa ara a ɛkyerɛ awerɛhowdi. Na nnipa a wɔka ne ho no nso katakataa wɔn ti so, twaa adwo bere a wogu so reforo bepɔw no.
31 Now someone told David: “Ahithophel is among the conspirators with Absalom.” So David pleaded, “O LORD, please turn the counsel of Ahithophel into foolishness!”
Bere a obi ka kyerɛɛ Dawid se, afei de ne fotufo Ahitofel taa Absalom akyi no, Dawid bɔɔ mpae se, “Awurade, ma Ahitofel afotu nnan nkwaseasɛm.”
32 When David came to the summit, where he used to worship God, Hushai the Archite was there to meet him with his robe torn and dust on his head.
Woduu Ngo Bepɔw no atifi baabi a nnipa som Onyankopɔn no, Dawid huu Husai a ofi Arki a ɔretwɛn no. Na Husai asunsuan nʼatade mu, de dɔte asra ne tirim, de kyerɛ awerɛhowdi.
33 David said to him, “If you go on with me, you will be a burden to me.
Na Dawid ka kyerɛɛ no se, “Sɛ wo ne me kɔ a, wobɛyɛ adesoa ama me.
34 But you can thwart the counsel of Ahithophel for me if you return to the city and say to Absalom: ‘I will be your servant, my king; in the past I was your father’s servant, but now I will be your servant.’
San kɔ Yerusalem, na ka kyerɛ Absalom se, ‘Afei, mɛyɛ wo fotufo sɛnea da bi hɔ no na meyɛ wʼagya fotufo no.’ Ɛba saa a, wubetumi atia Ahitofel afotu mu, asɛe no.
35 Will not Zadok and Abiathar the priests be there with you? Report to them everything you hear from the king’s palace.
Asɔfo Sadok ne Abiatar wɔ hɔ. Ka adwene a wɔafa wɔ me ho, pɛ sɛ wɔkyere me no kyerɛ wɔn,
36 Indeed, their two sons, Ahimaaz son of Zadok and Jonathan son of Abiathar, are there with them. Send them to me with everything you hear.”
na wɔbɛsoma wɔn mmabarima Ahimaas ne Yonatan na wɔabɛhwehwɛ me, aka nea ɛrekɔ so akyerɛ me.”
37 So David’s friend Hushai arrived in Jerusalem just as Absalom was entering the city.
Enti Dawid adamfo Husai san kɔɔ Yerusalem, koduu hɔ bere koro a Absalom nso duu hɔ no mu.

< 2 Samuel 15 >