< 2 Chronicles 16 >
1 In the thirty-sixth year of Asa’s reign, Baasha king of Israel went up against Judah and fortified Ramah to prevent anyone from leaving or entering the territory of Asa king of Judah.
Asa dii adeɛ mfeɛ aduasa nsia no, Israelhene Baasa kɔto hyɛɛ Yuda so, na ɔbɔɔ Rama ho ban, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, obi ntumi nkɔ mu anaa ɔmpue mfiri ɔhene Asa Yudaman mu.
2 So Asa withdrew the silver and gold from the treasuries of the house of the LORD and the royal palace, and he sent it with this message to Ben-hadad king of Aram, who was ruling in Damascus:
Asa yii dwetɛ ne sikakɔkɔɔ firii Awurade Asɔredan adekoradan ne ahemfie hɔ. Ɔde kɔmaa Aramhene Ben-Hadad a na ɔdi ɔhene wɔ Damasko na ɔde saa nkra yi kaa ho:
3 “Let there be a treaty between me and you, between my father and your father. See, I have sent you silver and gold. Now go and break your treaty with Baasha king of Israel, so that he will withdraw from me.”
“Ma yɛnyɛ apam sɛdeɛ wʼagya ne mʼagya yɛɛ apam no. Mede dwetɛ ne sikakɔkɔɔ akyɛdeɛ rebrɛ wo. Twa wo ne Israelhene Baasa apam no mu, sɛdeɛ ɔremfa ne nsa nka me.”
4 And Ben-hadad listened to King Asa and sent the commanders of his armies against the cities of Israel, conquering Ijon, Dan, Abel-maim, and all the store cities of Naphtali.
Ben-Hadad penee ɔhene Asa abisadeɛ no so, na ɔsomaa nʼasraafoɔ, kɔto hyɛɛ Israel so. Wɔdii Iyon, Dan, Abel-Maim ne Naftali aduane akoraeɛ nkuropɔn nyinaa so.
5 When Baasha learned of this, he stopped fortifying Ramah and abandoned his work.
Ɛberɛ a Israelhene Baasa tee deɛ ɛrekɔ so no, ɔgyaee Rama ho banbɔ dwumadie no.
6 Then King Asa brought all the men of Judah, and they carried away the stones of Ramah and the timbers Baasha had used for building. And with these materials he built up Geba and Mizpah.
Enti, ɔhene Asa frɛɛ ne mmarima a wɔwɔ Yuda nyinaa, maa wɔbɛsoaa adansie aboɔ ne nnua a na Baasa de rebɔ Rama ho ban no. Asa de saa nneɛma yi bɔɔ nkuro Geba ne Mispa ho ban.
7 At that time Hanani the seer came to King Asa of Judah and told him, “Because you have relied on the king of Aram and not on the LORD your God, the army of the king of Aram has escaped from your hand.
Saa ɛberɛ no mu, ɔdehunumuni Hanani baa ɔhene Asa nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Esiane sɛ wode wo ho ato Aramhene so, na woagya Awurade wo Onyankopɔn enti, worentumi nni Aramhene akodɔm so.
8 Were not the Cushites and Libyans a vast army with many chariots and horsemen? Yet because you relied on the LORD, He delivered them into your hand.
Wonkae deɛ ɛbaa Etiopiafoɔ no ne Libiafoɔ ne wɔn akodɔm dodoɔ ne wɔn nteaseɛnam ne wɔn apɔnkɔsotefoɔ so no? Saa ɛberɛ no, na wode wo ho to Awurade so, na ɔde wɔn nyinaa hyɛɛ wo nsa.
9 For the eyes of the LORD roam to and fro over all the earth, to show Himself strong on behalf of those whose hearts are fully devoted to Him. You have acted foolishly in this matter. From now on, therefore, you will be at war.”
Awurade aniwa kyini fa asase so baabiara, sɛdeɛ ɔbɛhyɛ wɔn a wɔde wɔn akoma nyinaa to no so no den. Nkwaseasɛm bɛn na woadi yi! Ɛfiri ɛnnɛ, wobɛkɔ ɔko.”
10 Asa was angry with the seer and became so enraged over this matter that he put the man in prison. And at the same time Asa oppressed some of the people.
Asa bo fuu Hanani yie sɛ wabɛka saa asɛm yi akyerɛ no, na ɔkyeree no too afiase. Saa ɛberɛ no ara na Asa ahyɛ aseɛ rehyɛ ne nkurɔfoɔ no bi so.
11 Now the rest of the acts of Asa, from beginning to end, are indeed written in the Book of the Kings of Judah and Israel.
Asa ahennie ho nsɛm nkaeɛ, firi ahyɛaseɛ kɔsi awieeɛ no, wɔatwerɛ agu Yuda ne Israel ahemfo nwoma no mu.
12 In the thirty-ninth year of his reign, Asa became diseased in his feet, and his malady became increasingly severe. Yet even in his illness he did not seek the LORD, but only the physicians.
Nʼadedie mfeɛ aduasa nkron so no, yadeɛ huhu bi yɛɛ Asa nan. Yadeɛ no duruu ne mpɔmpɔnsoɔ a ɛreyɛ akum no mpo no, wanhwehwɛ Awurade mmoa akyiri ɛkwan, na mmom, ɔhwehwɛɛ ayaresafoɔ mmoa.
13 So in the forty-first year of his reign, Asa died and rested with his fathers.
Enti, nʼadedie mfeɛ aduanan baako so no, ɔwuiɛ.
14 And he was buried in the tomb that he had cut out for himself in the City of David. They laid him on a bier that was full of spices and various blended perfumes; then they made a great fire in his honor.
Wɔsiee no ɔboda a ɔno ara twa maa nʼankasa ho no mu wɔ Dawid kurom. Wɔdedaa no mpa a wɔde nnuhwam ne sradehwam ho hwa ahyɛ no ma, na nʼayiyɛ no mu no, nnipa no bɔɔ gyatanaa kɛseɛ bi de hyɛɛ no animuonyam.