< 2 Chronicles 15 >

1 Now the Spirit of God came upon Azariah son of Oded.
Na Onyankopɔn honhom baa Oded babarima Asaria so,
2 So he went out to meet Asa and said to him, “Listen to me, Asa and all Judah and Benjamin. The LORD is with you when you are with Him. If you seek Him, He will be found by you, but if you forsake Him, He will forsake you.
na ɔpue kɔhyiaa ɔhene Asa a ɔfiri akono reba no. Ɔteaam guu Asa so sɛ, “Tie me, Asa, Yudafoɔ ne Benyaminfoɔ nyinaa montie. Mmerɛ dodoɔ a mo ne Awurade te no, ɔno nso ne mo bɛtena. Ɛberɛ biara a mobɛhwehwɛ noɔ no, mobɛhunu no. Nanso sɛ mogya no a, ɔno nso bɛgya mo.
3 For many years Israel has been without the true God, without a priest to instruct them, and without the law.
Teteete no, na Israel nni nokorɛ Onyankopɔn, na wɔnni ɔsɔfoɔ a ɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn, na wɔnni Onyankopɔn mmara nso.
4 But in their distress they turned to the LORD, the God of Israel, and sought Him, and He was found by them.
Nanso, ɛberɛ biara a mobɛkɔ ahohiahia mu na mobɛkɔ Awurade Israel Onyankopɔn nkyɛn, na moahwehwɛ no no, mohunu no.
5 In those days there was no safety for travelers, because the residents of the lands had many conflicts.
Saa esum berɛ no mu, na akwantuo yɛ hu. Na ɔhaw wɔ ɔman no afanan nyinaa.
6 Nation was crushed by nation, and city by city, for God afflicted them with all kinds of adversity.
Akodie baa Ɔman ne ɔman ntam, kuropɔn ne kuropɔn ntam, ɛfiri sɛ Awurade maa ɔhaw ahodoɔ bebree baa mo so.
7 But as for you, be strong; do not be discouraged, for your work will be rewarded.”
Na afei, mo Yuda mmarima, mo ho nyɛ den, monnya akokoɔduru, na mobɛnya mo adwumayɛ so akatua.”
8 When Asa heard these words and the prophecy of Azariah son of Oded the prophet, he took courage and removed the detestable idols from the whole land of Judah and Benjamin and from the cities he had captured in the hill country of Ephraim. He then restored the altar of the LORD that was in front of the portico of the LORD’s temple.
Ɛberɛ a Asa tee saa asɛm yi firii odiyifoɔ Oded babarima Asaria nkyɛn no, ɔnyaa akokoɔduru, yiyii ahoni a ɛwɔ Yuda asase so ne Benyamin nyinaa ne nkuro a wako afa a ɛwowɔ Efraim bepɔ nsase so no. Ɔsiesiee Awurade afɔrebukyia a na ɛsi Awurade Asɔredan ntwonoo anim no.
9 And he assembled all Judah and Benjamin, along with those from the tribes of Ephraim, Manasseh, and Simeon who had settled among them, for great numbers had come over to him from Israel when they saw that the LORD his God was with him.
Afei, Asa frɛfrɛɛ nnipa a wɔwɔ Yuda ne Benyamin nyinaa. Ɔfrɛɛ nnipa a wɔfiri Efraim, Manase ne Simeon a wɔabɛtena wɔn mu no nso. Bebree tutu kɔtenaa Yuda wɔ Ɔhene Asa berɛ so, ɛfiri sɛ wɔhunuu sɛ Awurade ne Onyankopɔn ka ne ho.
10 So they gathered together in Jerusalem in the third month of the fifteenth year of Asa’s reign.
Ɛrekɔ bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa awieeɛ no mu a na Asa adi adeɛ mfeɛ dunum no, nnipa no boaa wɔn ho ano wɔ Yerusalem.
11 At that time they sacrificed to the LORD seven hundred oxen and seven thousand sheep from all the plunder they had brought back.
Saa ɛda no, wɔde mmoa a wɔkyekyeree wɔn ɔko mu no bi bɔɔ Awurade afɔdeɛ. Na mmoa no dodoɔ yɛ anantwie ahanson a nnwan ne mpɔnkye nso dodoɔ yɛ mpem nson.
12 Then they entered into a covenant to seek the LORD, the God of their fathers, with all their heart and soul.
Afei, wɔfiri wɔn akoma ne wɔn kra nyinaa mu yɛɛ apam sɛ wɔbɛhwehwɛ Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn.
13 And whoever would not seek the LORD, the God of Israel, would be put to death, whether young or old, man or woman.
Wɔpenee so sɛ, obiara a ɔbɛpo Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn no, wɔbɛkum no, sɛ ɔnnyiniiɛ anaa wanyini, sɛ ɔyɛ ɔbarima anaa ɔbaa.
14 They took an oath to the LORD with a loud voice, with shouting, trumpets, and rams’ horns.
Wɔhyɛnee ntotorobɛnto ne mmɛn dendeenden, de dii Awurade nokorɛdie ntam no ho adanseɛ.
15 And all Judah rejoiced over the oath, for they had sworn it with all their heart. They had sought Him earnestly, and He was found by them. So the LORD gave them rest on every side.
Wɔn nyinaa ani gyee saa apam yi ho, ɛfiri sɛ, wɔfiri wɔn akoma nyinaa mu na ɛyɛeɛ. Wɔpere hwehwɛɛ Onyankopɔn, na wɔhunuu no. Na Awurade maa wɔn ahomegyeɛ firii wɔn atamfoɔ a wɔwɔ afanan nyinaa nsam.
16 King Asa also removed his grandmother Maacah from her position as queen mother because she had made a detestable Asherah pole. Asa chopped down the pole, crushed it, and burned it in the Kidron Valley.
Mpo ɔhene Asa tuu ne nanabaa Maaka firii ahemaadwa no so, ɛfiri sɛ, ɔsii Asera afɔrebukyia a ɛyɛ atantanneɛ. Ɔtwaa dua no, bubuu mu, hyee no wɔ Kidron bɔnhwa mu.
17 The high places were not removed from Israel, but Asa’s heart was fully devoted all his days.
Ɛwom sɛ wɔantutu abosonsom asɔreeɛ no nyinaa amfiri Israel deɛ, nanso Asa de ne ho nyinaa maa Awurade ne nkwa nna nyinaa.
18 And he brought into the house of God the silver and gold articles that he and his father had dedicated.
Ɔde dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ne nneɛma ahodoɔ a ɔne nʼagya de maa Awurade no baa Onyankopɔn Asɔredan no mu.
19 And there was no war until the thirty-fifth year of Asa’s reign.
Enti, ɔko ansi bio kɔsii Asa adedie afe a ɛtɔ so aduasa enum no so.

< 2 Chronicles 15 >