< 1 Samuel 30 >

1 On the third day David and his men arrived in Ziklag, and the Amalekites had raided the Negev, attacked Ziklag, and burned it down.
Nnansa so, Dawid ne ne mmarima koduu Siklag. Na Amalekfo abɛtow ahyɛ Negeb so ahyew Siklag pasaa,
2 They had taken captive the women and all who were there, both young and old. They had not killed anyone, but had carried them off as they went on their way.
akyekyeree mmea ne mmofra ne mpanyin a wɔwɔ mu nyinaa. Wɔankum wɔn mu biara, mmom, wɔsoaa wɔn de wɔn kɔe.
3 When David and his men came to the city, they found it burned down and their wives and sons and daughters taken captive.
Bere a Dawid ne ne mmarima no huu sɛnea Siklag asɛe ne asɛm a ato wɔn abusuafo no,
4 So David and the troops with him lifted up their voices and wept until they had no strength left to weep.
wotwaa agyaadwo ara kosii sɛ afei na wontumi ntwa agyaadwo no bio.
5 David’s two wives, Ahinoam of Jezreel and Abigail the widow of Nabal of Carmel, had been taken captive.
Dawid yerenom baanu a wɔne Yesreelni Ahinoam ne Karmelni Abigail a na ɔyɛ Nabal yere no ka wɔn a wɔsoaa wɔn kɔe no ho.
6 And David was greatly distressed because the people spoke of stoning him, because the soul of every man grieved for his sons and daughters. But David found strength in the LORD his God.
Dawid ho yeraw no yiye, efisɛ na mmarima no adwene ho sɛ wobesiw no abo, esiane wɔn mmabarima ne wɔn mmabea a wɔakyekyere wɔn no nti. Nanso Dawid nyaa ahoɔden wɔ Awurade, ne Nyankopɔn mu.
7 Then David said to Abiathar the priest, the son of Ahimelech, “Bring me the ephod.” So Abiathar brought it to him,
Na Dawid ka kyerɛɛ ɔsɔfo Abiatar se, “Fa asɔfotade no brɛ me.” Na Abiatar de bae.
8 and David inquired of the LORD: “Should I pursue these raiders? Will I overtake them?” “Pursue them,” the LORD replied, “for you will surely overtake them and rescue the captives.”
Na Dawid bisaa Awurade se, “Mintiw dɔm no ana? Mɛto wɔn ana?” Awurade buaa no se, “Yiw, tiw wɔn. Na biribiara a wɔafa afi mo nkyɛn no, mo nsa bɛka ne nyinaa.”
9 So David and his six hundred men went to the Brook of Besor, where some stayed behind
Enti Dawid ne ne mmarima ahansia no sii kwan so. Ankyɛ biara na woduu Besor asuwa no so.
10 because two hundred men were too exhausted to cross the brook. But David and four hundred men continued in pursuit.
Nanso mmarima no mu ahannu de, na wɔabrɛbrɛ yiye nti wɔantumi antwa asu no. Ɛno nti, Dawid de asraafo ahannan a wɔaka no toaa so.
11 Now his men found an Egyptian in the field and brought him to David. They gave the man water to drink and food to eat—
Asraafo no bi huu Misraimni barima bi wɔ wuram hɔ ma wɔde no brɛɛ Dawid. Wɔmaa no brodo sɛ onni ne nsu sɛ ɔnnom.
12 a piece of a fig cake and two clusters of raisins. So he ate and was revived, for he had not had any food or water for three days and three nights.
Wɔsan maa no borɔdɔma ɔfam sin bi ne bobe aba ɔbɔnta, efisɛ na hwee nkaa nʼano nnansa; awia ne anadwo. Ankyɛ na onyaa ahoɔden.
13 Then David asked him, “To whom do you belong, and where are you from?” “I am an Egyptian,” he replied, “the slave of an Amalekite. My master abandoned me three days ago when I fell ill.
Dawid bisaa no se, “Hena nipa ne wo, na wufi he?” Obuae se, “Meyɛ Misraimni, na Amalekni bi akoa ne me. Nnansa ni na me wura gyaw me hɔ, efisɛ na meyare.
14 We raided the Negev of the Cherethites, the territory of Judah, and the Negev of Caleb, and we burned down Ziklag.”
Yɛkɔtoaa Keretifo wɔ Negeb a ɛyɛ Yudaman wɔ Kaleb asase so, na yɛhyew Siklag.”
15 “Will you lead me to these raiders?” David asked. And the man replied, “Swear to me by God that you will not kill me or deliver me into the hand of my master, and I will lead you to them.”
Dawid bisaa no se, “Enti wubedi mʼanim akɔ wɔn nkyɛn?” Aberante no buae se, “Sɛ wode Onyankopɔn din bɛka ntam sɛ worenkum me anaa worensan mfa me mma me wura de a, ɛno de, medi wʼanim de wo akɔ.”
16 So he led David down, and there were the Amalekites spread out over all the land, eating, drinking, and celebrating the great amount of plunder they had taken from the land of the Philistines and the land of Judah.
Na Misraimni no dii wɔn anim kɔɔ Amalekfo no atenae. Bere a Dawid ne ne mmarima no duu hɔ no, na Amalekfo no ahwete wɔ sare no so a wɔredidi nom na wɔde ahosɛpɛw resaw, efisɛ na wɔanya asade bebree afi Filistifo nkyɛn ne Yuda asase so.
17 And David struck them down from twilight until the evening of the next day. Not a man escaped, except four hundred young men who fled, riding off on camels.
Dawid ne ne mmarima to hyɛɛ wɔn so, kunkum wɔn wɔ afoa ano anadwo mu no nyinaa, kosii adekyee no anwummere. Amalekfo no mu biara antumi anguan, gye mmarima ahannan a wɔtenatenaa yoma so guanee no.
18 So David recovered everything the Amalekites had taken, including his two wives.
Dawid gyee biribiara a Amalekfo no fae, san gyee ne yerenom baanu no.
19 Nothing was missing, young or old, son or daughter, or any of the plunder the Amalekites had taken. David brought everything back.
Biribiara anyera; sɛ ɛyɛ akumaa anaa ɔpanyin, abarimaa anaa abeawa anaa biribiara a wɔfae sɛ asade no, Dawid de ne nyinaa san bae.
20 And he recovered all the flocks and herds, which his men drove ahead of the other livestock, calling out, “This is David’s plunder!”
Nʼakofo no kaa nguan ne anantwi no de wɔn bae. Na wɔkae se, “Eyinom nyinaa yɛ Dawid asade.”
21 When David came to the two hundred men who had been too exhausted to follow him from the Brook of Besor, they came out to meet him and the troops with him. As David approached the men, he greeted them,
Na woduu Besor asuwa no so no, wohuu mmarima ahannu a ɔbrɛ dodow nti, wɔantumi ne wɔn ankɔ no. Dawid kyiaa wɔn anigye so.
22 but all the wicked and worthless men among those who had gone with David said, “Because they did not go with us, we will not share with them the plunder we recovered, except for each man’s wife and children. They may take them and go.”
Nanso Dawid mmarima no mu asɛmpɛfo bi kae se, “Wɔne yɛn ankɔ nti, wɔrennya asade no bi. Momfa wɔn yerenom ne wɔn mma mma wɔn, na monka nkyerɛ wɔn se, womfi yɛn ani so nkɔ.”
23 But David said, “My brothers, you must not do this with what the LORD has given us. He has protected us and delivered into our hands the raiders who came against us.
Nanso Dawid kae se, “Dabi, anuanom! Monnyɛ nea Awurade de ama yɛn no ho pɛsɛmenkominya. Wakora yɛn so, aboa yɛn ama yɛadi yɛn atamfo so nkonim.
24 Who will listen to your proposal? The share of the one who went to battle will match the share of the one who stayed with the supplies. They will share alike.”
Mugye di sɛ sɛ moka no saa a, obi betie mo? Sɛ yɛrekyɛ a, momma yɛnkyɛ no pɛ mma wɔn a wɔkɔ ɔsa ne wɔn a wɔhwɛ akode so nyinaa.”
25 And so it has been from that day forward. David established this statute as an ordinance for Israel to this very day.
Efi saa bere no, Dawid yɛɛ eyi mmara, maa Israel nyinaa na wɔda so di so saa ara de besi nnɛ.
26 When David arrived in Ziklag, he sent some of the plunder to his friends, the elders of Judah, saying, “Here is a gift for you from the plunder of the LORD’s enemies.”
Bere a Dawid duu Siklag no, ɔsoma ma wɔde asade no bi kɔmaa Yuda mpanyimfo a na wɔyɛ ne nnamfonom kae se, “Mo akyɛde a yɛfa fi Awurade atamfo nsam ni.”
27 He sent gifts to those in Bethel, Ramoth Negev, and Jattir;
Wɔde akyɛde no kɔmaa wɔn a wɔwɔ Bet-El, Ramot a ɛwɔ anafo fam ne Yatir;
28 to those in Aroer, Siphmoth, and Eshtemoa;
wɔn a wɔwɔ Aroer, Sifmot, Estemoa
29 to those in Racal and in the cities of the Jerahmeelites and Kenites;
ne Rakal ne wɔn a wɔwɔ Yerahmeelfo nkurow mu ne Kenifo kurow mu,
30 to those in Hormah, Bor-ashan, and Athach;
ne wɔn a wɔwɔ Horma, Bor-Asan, Atak,
31 and to those in Hebron and in all the places where David and his men had roamed.
Hebron ne mmeaemmeae a Dawid ne ne mmarima kyinkyinii hɔ nyinaa.

< 1 Samuel 30 >