< 1 Samuel 17 >

1 Now the Philistines gathered their forces for war at Socoh in Judah, and they camped between Socoh and Azekah in Ephes-dammim.
Afei, Filistifoɔ boaboaa wɔn akodɔm ano wɔ Soko a ɛwɔ Yuda sɛ wɔrebɛko. Wɔkyeree sraban wɔ Soko ne Aseka ntam wɔ Efes-Damim.
2 Saul and the men of Israel assembled and camped in the Valley of Elah, arraying themselves for battle against the Philistines.
Saulo yɛɛ saa ara, boaboaa ne dɔm ano wɔ baabi a ɛbɛn Ela bɔnhwa.
3 The Philistines stood on one hill and the Israelites stood on another, with the valley between them.
Filistifoɔ faa bepɔ baako, ɛna Israelfoɔ no nso faa baako a bɔnhwa no da wɔn ntam.
4 Then a champion named Goliath, who was from Gath, came out from the Philistine camp. He was six cubits and a span in height,
Ɔbarima tenten hoɔdenfoɔ bi a ne din de Goliat a ɔfiri Gat no pue firii Filistifoɔ no sraban mu baeɛ. Na ne tenten bɛboro anammɔn nkron.
5 and he had a bronze helmet on his head. He wore a bronze coat of mail weighing five thousand shekels,
Na ɔhyɛ kɔbere kyɛ, hyɛ kɔbere akotaadeɛ a akodeɛ bobɔ mu, na emu duru yɛ dwetɛ kilogram aduonum nson.
6 and he had armor of bronze on his legs and a javelin of bronze slung between his shoulders.
Na ne nan nso, kɔbere nkatanan kata ho ɛna kɔbere pea nso sɛn nʼakyi.
7 The shaft of his spear was like a weaver’s beam, and its iron point weighed six hundred shekels. In addition, his shield bearer went before him.
Na ne pea ano dadeɛ no te sɛ ntomanwomfoɔ nsadua mu tonton, na ano dadeɛ no kari dwetɛ bɛyɛ kilogram nson. Na ɛkyɛmkurani di nʼanim.
8 And Goliath stood and shouted to the ranks of Israel, “Why do you come out and array yourselves for battle? Am I not a Philistine, and are you not servants of Saul? Choose one of your men and have him come down against me.
Goliat bɛgyinaa hɔ teaam guu Israelfoɔ no so sɛ, “Akodɔm yi nyinaa na morebɛko anaa? Monyi mo mu baako na ɔmmɛko mma mo, na me nso mɛsi Filistifoɔ anan mu. Yɛbɛko de awie asɛm no ka!
9 If he is able to fight me and kill me, then we will be your servants. But if I prevail against him and kill him, then you shall be our servants and labor for us.”
Sɛ mo onipa no tumi kum me a, yɛbɛyɛ mo nkoa. Na sɛ mekum no a, mobɛyɛ yɛn nkoa.”
10 Then the Philistine said, “I defy the ranks of Israel this day! Give me a man to fight!”
Filistini no kaa sɛ, “Memmfa Israel akodɔm nyɛ hwee. Momma me ɔbarima a ɔne me bɛko.”
11 On hearing the words of the Philistine, Saul and all the Israelites were dismayed and greatly afraid.
Ɛberɛ a Saulo ne Israelfoɔ tee yei no wɔbɔɔ huboa na wɔn ho popoeɛ.
12 Now David was the son of a man named Jesse, an Ephrathite from Bethlehem of Judah who had eight sons in the days of Saul. And Jesse was old and well along in years.
Na Dawid yɛ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yisai a ɔyɛ Efratni na ɔfiri Betlehem wɔ Yuda asase so no babarima. Na Yisai wɔ mmammarima baawɔtwe, na Saulo berɛ so no, na wabɔ akɔkoraa a ne mfeɛ a wadi no kɔ anim yie.
13 The three older sons of Jesse had followed Saul into battle: The firstborn was Eliab, the second was Abinadab, and the third was Shammah.
Na Yisai mmammarima mpanimfoɔ baasa na wɔdii Saulo akyi kɔɔ ɔko no. Na abakan no din de Eliab, nʼakyiri ba din de Abinadab, ɛna deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no din de Sama.
14 And David was the youngest. The three oldest had followed Saul,
Dawid deɛ, na ɔno ne akumaa koraa. Mpanimfoɔ baasa no na wɔdii Saulo akyi,
15 but David went back and forth from Saul to tend his father’s sheep in Bethlehem.
nanso, na Dawid di akɔneaba; ɔkɔsom Saulo na wakɔhwɛ nʼagya nnwan wɔ Betlehem nso.
16 For forty days the Philistine came forward every morning and evening to take his stand.
Filistini yi pue mema ne ho so wɔ Israelfoɔ akodɔm nʼanim anɔpa ne anwummerɛ, saa ara adaduanan.
17 One day Jesse said to his son David, “Take this ephah of roasted grain and these ten loaves of bread for your brothers and hurry to their camp.
Ɛda koro bi, Yisai ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Fa nkyeweɛ lita aduonu mmienu yi ne burodo mua edu yi kɔma wo nuanom mmarima.
18 Take also these ten portions of cheese to the commander of their unit. Check on the welfare of your brothers and bring back an assurance from them.
Na fa kyiisi edu a wɔatwitwa yi ma ɔsafohene no. Ɛyɛ a hwɛ sɛdeɛ wo nuanom mmarima no ho teɛ, na gye krataa firi wɔn nkyɛn brɛ me.
19 They are with Saul and all the men of Israel in the Valley of Elah, fighting against the Philistines.”
Na Dawid nuanom ne Israel akodɔm no wɔ Ela bɔnhwa no mu a wɔreko tia Filistifoɔ.”
20 So David got up early in the morning, left the flock with a keeper, loaded up, and set out as Jesse had instructed him. He reached the camp as the army was marching out to its position and shouting the battle cry.
Adeɛ kyee anɔpa no, Dawid gyaa nnwan no maa odwanhwɛfoɔ bi na ɔfaa akyɛdeɛ no kɔeɛ. Ɔduruu sraban mu hɔ ɛberɛ a na akodɔm no rekɔ mpasua ahodoɔ no so. Wɔrekɔ no, na wɔreteam reto ɔko nnwom.
21 And Israel and the Philistines arrayed in formation against each other.
Ankyɛre na Israel ne Filistifoɔ no bɛnee wɔn ho a wɔdi nhwɛanimu.
22 Then David left his supplies in the care of the quartermaster and ran to the battle line. When he arrived, he asked his brothers how they were doing.
Dawid gyaa ne nneɛma maa akodeɛ sohwɛfoɔ no, yɛɛ ntɛm kɔɔ akono hɔ kɔkyeaa ne nuanom.
23 And as he was speaking with them, suddenly the champion named Goliath, the Philistine from Gath, came forward from the Philistines and shouted his usual words, which David also heard.
Ɛberɛ a Dawid ne wɔn rekasa no, Filistini tenten hoɔdenfoɔ Goliat a ɔfiri Gat, firii Filistifoɔ akodɔm no mu teateaa mu kasatwie so kyerɛɛ Israel akodɔm no.
24 When all the men of Israel saw Goliath, they fled from him in great fear.
Ɛberɛ a Israelfoɔ no hunuu ɔbarima no, wɔn nyinaa de ehu dwane kɔeɛ.
25 Now the men of Israel had been saying, “Do you see this man who keeps coming out to defy Israel? To the man who kills him the king will give great riches. And he will give him his daughter in marriage and exempt his father’s house from taxation in Israel.”
Afei, na Israelfoɔ keka wɔ wɔn mu sɛ, “Woahunu ɔbrane no? Ɔba bɛkasa tiaa Israel da biara. Na woate akatua a ɔhene ahyɛ sɛ ɔde bɛma obiara a ɔbɛtumi akum noɔ no? Ɔhene ahyɛ sɛ ɔde ne babaa bɛma no aware, na ne fiefoɔ nso, ɔhene remma wɔntua ɛtoɔ biara a wɔgye no Israelman mu.”
26 David asked the men who were standing with him, “What will be done for the man who kills this Philistine and removes this disgrace from Israel? Just who is this uncircumcised Philistine, that he should defy the armies of the living God?”
Dawid bisaa mmarima a wɔgyina ne ho no sɛ, “Ɛdeɛn na mobɛyɛ ama ɔbarima a ɔbɛkum saa Filistini yi, na ɔnam so ayi saa animguaseɛ yi afiri Israel so? Hwan ne saa Filistini ɔbosonsomni yi a ɛsɛ sɛ ɔgu Onyankopɔn Teasefoɔ akodɔm anim ase?”
27 The people told him about the offer, saying, “That is what will be done for the man who kills him.”
Wɔtii asɛm a wɔaka dada no mu kyerɛɛ no sɛ, “Deɛ woate dada no yɛ nokorɛ. Ɛno na yɛbɛyɛ ama onipa a ɔbɛkum ɔbrane no.”
28 Now when David’s oldest brother Eliab heard him speaking to the men, his anger burned against David. “Why have you come down here?” he asked. “And with whom did you leave those few sheep in the wilderness? I know your pride and wickedness of heart—you have come down to see the battle!”
Ɛberɛ a Dawid nua panin Eliab tee sɛ ɔne mmarima no rekasa saa no, ne bo fuu no, na ɔbisaa sɛ, “Adɛn enti na woaba ha? Na nnwan kakra a wɔwɔ ɛserɛ so no, wode wɔn gyaa hwan? Menim sɛdeɛ wogye wo ho die ne sɛdeɛ wʼakomapirim teɛ. Ɔko yi hwɛ ara enti na wobaeɛ.”
29 “What have I done now?” said David. “Was it not just a question?”
Dawid bisaa sɛ, “Mayɛ ɛdeɛn? Nti, ɛnsɛ sɛ mekasa mpo?”
30 Then he turned from him toward another and asked about the offer, and those people answered him just as the first ones had answered.
Afei, ɔdanee ne ho ne afoforɔ kɔkasaeɛ. Ɔde asɛm korɔ no ara baeɛ, na mmarima no buaa no sɛdeɛ wɔaka dada no.
31 Now David’s words were overheard and reported to Saul, who called for him.
Asɛm a Dawid kaeɛ no twaa nnipa bi asom, ma wɔkɔbɔɔ Saulo amanneɛ, enti ɔsoma kɔfrɛɛ no.
32 And David said to Saul, “Let no man’s heart fail on account of this Philistine. Your servant will go and fight him!”
Dawid ka kyerɛɛ Saulo sɛ, “Mma hwee nha wo. Mɛkɔ na me ne Filistini yi akɔko.”
33 But Saul replied, “You cannot go out against this Philistine to fight him. You are just a boy, and he has been a warrior from his youth.”
Saulo buaa Dawid sɛ, “Nka ahohwisɛm! Worentumi ne saa Filistini yi nko. Woyɛ abarimaa nanso, ɔno deɛ, ɔyɛ ɔsraani firi ne mmɔfraase.”
34 David replied, “Your servant has been tending his father’s sheep, and whenever a lion or a bear came and carried off a lamb from the flock,
Na Dawid ka tii mu sɛ, “Mahwɛ mʼagya nnwan ara, na sɛ gyata anaa sisi bi ba sɛ ɔrebɛkyere odwan ba bi afiri nnwankuo no mu a,
35 I went after it, struck it down, and delivered the lamb from its mouth. If it reared up against me, I would grab it by its fur, strike it down, and kill it.
mede abaa poriwa di nʼakyi gye aboa no firi nʼanom. Na sɛ aboa no dane nʼani ba me hɔ a, mesɔ nʼabɔgye, kyere no, de abaa poriwa no bɔ no, kum no.
36 Your servant has killed lions and bears; this uncircumcised Philistine will be like one of them, for he has defied the armies of the living God.”
Mayɛ saa akum gyata ne sisi, na saa na mɛyɛ Filistini ɔbosonsomni no nso, ɛfiri sɛ, wagu Onyankopɔn Teasefoɔ akodɔm ho fi.
37 David added, “The LORD, who delivered me from the claws of the lion and the bear, will deliver me from the hand of this Philistine.” “Go,” said Saul, “and may the LORD be with you.”
Awurade a ɔgyee me firii gyata ne sisi mmɔwerɛ ano no, ɔno ara na ɔbɛgye me afiri Filistini yi nsam.” Saulo penee so kaa sɛ, “Ɛyɛ, kɔ. Awurade nka wo ho.”
38 Then Saul clothed David in his own tunic, put a bronze helmet on his head, and dressed him in armor.
Afei, Saulo de ɔno ankasa akodeɛ maa Dawid. Ɔde kɔbere kyɛ ne akotaadeɛ kaa ne ho.
39 David strapped his sword over the tunic and tried to walk, but he was not accustomed to them. “I cannot walk in these,” David said to Saul. “I am not accustomed to them.” So David took them off.
Dawid de hyɛeɛ, de akofena kyekyere taree so, tuu anammɔn bɛyɛ mmienu, kɔɔ nʼanim hwɛɛ sɛdeɛ ɛteɛ, ɛfiri sɛ, na ɔnhyɛɛ biribi a ɛte saa da. Afei, ɔkaa sɛ, “Merentumi mfa yeinom nhyehyɛ me ho nkɔ, ɛfiri sɛ, menhyɛɛ bi saa da.” Enti, ɔworɔɔ ne nyinaa guu hɔ.
40 And David took his staff in his hand, selected five smooth stones from the brook, and put them in the pouch of his shepherd’s bag. And with his sling in hand, he approached the Philistine.
Ɔfaa kokwaboɔ enum firii asuwa bi mu, de guu ne nnwanhwɛfoɔ kotokuo mu. Ɔfaa ne nnwanhwɛfoɔ poma ne nʼahwimmoɔ nko ara. Afei, ɔsii ɛkwan so sɛ ɔne Goliat rekɔko.
41 Now the Philistine came closer and closer to David, with his shield-bearer before him.
Goliat twe pinii Dawid a nʼakokyɛmkurafoɔ di nʼanim.
42 When the Philistine looked and saw David, he despised him because he was just a boy, ruddy and handsome.
Goliat hunuu Dawid no, ɔbuu no abomfiaa.
43 “Am I a dog,” he said to David, “that you come at me with sticks?” And the Philistine cursed David by his gods.
Ɔworoo so kyerɛɛ Dawid sɛ, “Meyɛ ɔkraman na wode poma aba me so?” Na ɔkaa nʼanyame din ntam de domee Dawid.
44 “Come here,” he called to David, “and I will give your flesh to the birds of the air and the beasts of the field!”
Goliat woroo so sɛ, “Bra mʼanim ha, na mede wo ɛnam bɛma nnomaa ne nkekaboa.”
45 But David said to the Philistine, “You come against me with sword and spear and javelin, but I come against you in the name of the LORD of Hosts, the God of the armies of Israel, whom you have defied.
Ɛnna Dawid nso teaam guu ne so sɛ, “Wode, akofena, pea ne bɛmma na ɛreba me so, na me deɛ, mede Awurade Otumfoɔ Israel akodɔm Onyankopɔn a woagu ne din ho fi no din na mede reba wo so.
46 This day the LORD will deliver you into my hand. This day I will strike you down, cut off your head, and give the carcasses of the Philistines to the birds of the air and the creatures of the earth. Then the whole world will know that there is a God in Israel.
Ɛnnɛ, Awurade bɛdi wo so nkonim, na mɛkum wo, atwa wo ti. Na mede wo mmarima a wɔdi wʼakyi no afunu mama nnomaa ne nkekaboa, na ewiase nyinaa bɛhunu sɛ, Onyankopɔn bi wɔ Israel!
47 And all those assembled here will know that it is not by sword or spear that the LORD saves; for the battle is the LORD’s, and He will give all of you into our hands.”
Na obiara bɛhunu sɛ, Onyankopɔn mfa akodeɛ na ɛgye ne nkurɔfoɔ. Ɛyɛ ne ko, na ɛnyɛ yɛn ko. Awurade de wo bɛma yɛn!”
48 As the Philistine started forward to attack him, David ran quickly toward the battle line to meet him.
Goliat yɛɛ sɛ ɔreba Dawid so no, ntɛm ara, na Dawid nso tuu mmirika kɔhyiaa no.
49 Then David reached into his bag, took out a stone, and slung it, striking the Philistine on the forehead. The stone sank into his forehead, and he fell facedown on the ground.
Ɔde ne nsa hyɛɛ nnwanhwɛfoɔ kotokuo no mu, yii kokwaboɔ baako de hyɛɛ nʼahwimmoɔ no mu toeɛ, ma ɛkɔbɔɔ Filistini no moma so. Kokwaboɔ no wuraa Goliat tirim ma ɔbu hweeɛ, maa nʼanim kɔbutuu fam.
50 Thus David prevailed over the Philistine with a sling and a stone; without a sword in his hand he struck down the Philistine and killed him.
Enti, Dawid de ahwimmoɔ ne kokwaboɔ baako dii Filistini ɔkwabrane no so. Na ɛsiane sɛ na ɔnni akofena enti,
51 David ran and stood over him. He grabbed the Philistine’s sword and pulled it from its sheath and killed him; and he cut off his head with the sword. When the Philistines saw that their hero was dead, they turned and ran.
ɔkɔɔ Goliat so kɔtwee nʼakofena firii ne bɔha mu. Dawid de akofena no kumm ɔkwabrane no twaa ne ti. Ɛberɛ a Filistifoɔ hunuu sɛ wɔn kwabrane no awuo no, wɔtete sane wɔn akyi, dwaneeɛ.
52 Then the men of Israel and Judah charged forward with a shout and pursued the Philistines to the entrance of Gath and to the gates of Ekron. And the bodies of the Philistines were strewn along the Shaaraim road to Gath and Ekron.
Afei, Israelfoɔ no bɔɔ ose kɛseɛ nkonimdie so, taa Filistifoɔ no ara kɔduruu Gat ne Ekron apono ano. Na Filistifoɔ a wɔawuwuo no afunu ne apirafoɔ no gugu ɛkwan so, de firi Saaraim de kɔduruu Gat ne Ekron.
53 When the Israelites returned from their pursuit of the Philistines, they plundered their camps.
Afei, Israelfoɔ akodɔm sane wɔn akyi bɛbɔ wuraa Filistifoɔ sraban a wɔadwane afiri hɔ no mu faa wɔn nneɛma.
54 David took the head of the Philistine and brought it to Jerusalem, and he put Goliath’s weapons in his own tent.
Dawid faa Goliat ti de kɔɔ Yerusalem, ɛna ɔkoraa Filistini no akodeɛ wɔ ɔno ankasa ne ntomadan mu.
55 As Saul had watched David going out to confront the Philistine, he said to Abner the commander of the army, “Abner, whose son is this young man?” “As surely as you live, O king,” Abner replied, “I do not know.”
Ɛberɛ a Saulo hunuu Dawid sɛ ɔrekɔ Goliat anim no, ɔbisaa Abner a na ɔyɛ nʼakodɔm sahene sɛ, “Abner, hwan ba ne saa aberanteɛ yi?” Abner buaa sɛ, “Nokorɛ nie, mennim.”
56 “Find out whose son this young man is!” said the king.
Ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛyɛ, bisa.”
57 So when David returned from killing the Philistine, still holding his head in his hand, Abner took him and brought him before Saul.
Dawid kumm Goliat akyire no, Abner de no brɛɛ Saulo a na Filistini no ti da so kura no.
58 “Whose son are you, young man?” asked Saul. “I am the son of your servant Jesse of Bethlehem,” David replied.
Saulo ka kyerɛɛ no sɛ, “Ka biribi a ɛfa wʼagya ho kyerɛ me, me ba.” Na Dawid buaa sɛ, “Ne din de Yisai, na yɛte Betlehem.”

< 1 Samuel 17 >