< 1 Peter 5 >

1 As a fellow elder, a witness of Christ’s sufferings, and a partaker of the glory to be revealed, I appeal to the elders among you:
Me a meyɛ ɔpanin no, metu asafo no mu mpanimfoɔ fo sɛ, meyɛ Kristo amanehunu no ho adanseɛ enti nʼanimuonyam a ɛbɛba no bɛka me. Metu mo fo sɛ,
2 Be shepherds of God’s flock that is among you, watching over them not out of compulsion, but because it is God’s will; not out of greed, but out of eagerness;
monyɛ nnwan a Onyankopɔn de wɔn ahyɛ mo nsa no nnwanhwɛfoɔ na monhwɛ wɔn yie sɛdeɛ Onyankopɔn pɛ sɛ moyɛ no. Monyɛ adwuma a monhwehwɛ ho akatua biara, na mmom, pɛ ara na mopɛ sɛ moyɛ.
3 not lording it over those entrusted to you, but being examples to the flock.
Monnhyɛ wɔn a wɔde wɔn ahyɛ mo nsa no so, na mmom monyɛ nhwɛsoɔ pa mma nnwan no.
4 And when the Chief Shepherd appears, you will receive the crown of glory that will never fade away.
Na sɛ Odwanhwɛfoɔ panin no ba a, wɔbɛma mo animuonyam ahenkyɛ a ɛho nsɛe da.
5 Young men, in the same way, submit yourselves to your elders. And all of you, clothe yourselves with humility toward one another, because, “God opposes the proud, but gives grace to the humble.”
Saa ara na ɛsɛ sɛ mmabunu, mobrɛ mo ho ase ma mpanimfoɔ. Mo nyinaa mfa ahobrɛaseɛ nkatanimu mmɔ mo asene na monsom mo ho mo ho ɛfiri sɛ, Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Onyankopɔn si ahantanfoɔ ɛkwan na ɔdom ahobrɛasefoɔ.”
6 Humble yourselves, therefore, under God’s mighty hand, so that in due time He may exalt you.
Enti mommrɛ mo ho ase nhyɛ Onyankopɔn nsa a tumi wɔ mu no ase sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛma mo so wɔ ɛberɛ a ɛsɛ mu.
7 Cast all your anxiety on Him, because He cares for you.
Momfa mo dadwene ne mo haw nyinaa nto ne so ɛfiri sɛ, ɔdwene mo ho.
8 Be sober-minded and alert. Your adversary the devil prowls around like a roaring lion, seeking someone to devour.
Mo ani nna hɔ; monwɛn ɛfiri sɛ, mo ɔtamfoɔ bonsam no nam sɛ gyata a ɔbobɔm hwehwɛ deɛ ɔbɛnya no amene.
9 Resist him, standing firm in your faith and in the knowledge that your brothers throughout the world are undergoing the same kinds of suffering.
Momfa gyidie nnyina pintinn nsi no ɛkwan ɛfiri sɛ, monim sɛ mo nuanom agyidifoɔ a wɔwɔ ewiase afanan nyinaa rehunu saa amane korɔ no ara bi.
10 And after you have suffered for a little while, the God of all grace, who has called you to His eternal glory in Christ, will Himself restore you, secure you, strengthen you, and establish you. (aiōnios g166)
Na adom nyinaa Onyankopɔn a wafrɛ mo aba ne daa animuonyam no mu Kristo mu no, ɔno ara na sɛ monya hunu amane kakra ansa a, ɔbɛsiesie mo pɛ; ɔbɛma mo ase atim; ɔbɛhyɛ mo den; ɔbɛma mo anya nnyinasoɔ. (aiōnios g166)
11 To Him be the power forever and ever. Amen. (aiōn g165)
Ɔno na tumi wɔ no daa daa. Amen. (aiōn g165)
12 Through Silvanus, whom I regard as a faithful brother, I have written to you briefly, encouraging you and testifying that this is the true grace of God. Stand firm in it.
Me nua ogyidini Silwano na ɔboaa me maa metwerɛɛ saa krataa tiawa yi. Mepɛ sɛ mehyɛ mo nkuran na medi adanseɛ sɛ, yei yɛ Onyankopɔn adom kann. Monnyina mu dennen.
13 The church in Babylon, chosen together with you, sends you greetings, as does my son Mark.
Asafo a Onyankopɔn ayi wɔ Babilonia no ne me ba Marko kyea mo.
14 Greet one another with a kiss of love. Peace to all of you who are in Christ.
Momfa ɔdɔ atuuyɛ wɔ Kristo mu nkyeakyea mo ho mo ho. Asomdwoeɛ nka mo a mowɔ Kristo mu no nyinaa.

< 1 Peter 5 >