< 1 Kings 22 >

1 Then three years passed without war between Aram and Israel.
Ɔko biara ansi Aram ne Israel ntam mfeɛ mmiɛnsa.
2 However, in the third year, Jehoshaphat king of Judah went down to visit the king of Israel,
Na mfeɛ mmiɛnsa no mu, ɔhene Yehosafat a ɔdi adeɛ Yuda kɔɔ Israelhene Ahab nkyɛn.
3 who said to his servants, “Do you not know that Ramoth-gilead is ours, but we have failed to take it from the hand of the king of Aram?”
Na Ahab abisa ne mpanimfoɔ sɛ, “Moahunu sɛ Aramfoɔ da so te yɛn kuro Ramot Gilead mu? Nanso, yɛnyɛɛ ho hwee!”
4 So he asked Jehoshaphat, “Will you go with me to fight against Ramoth-gilead?” Jehoshaphat answered the king of Israel, “I am like you, my people are your people, and my horses are your horses.”
Enti ɔbisaa Yehosafat sɛ, “Wobɛka me ho, na yɛako atia Ramot Gilead anaa?” Na Yehosafat buaa ɔhene Ahab sɛ, “Adɛn? Ɛyɛ asɛm a ɛda ne kwan mu. Wo ne me yɛ anuanom, na mʼakodɔm yɛ wo dea, sɛ wobɛka asɛm a wopɛ akyerɛ wɔn. Mpo, mʼapɔnkɔ da wo da.”
5 But Jehoshaphat also said to the king of Israel, “Please inquire first for the word of the LORD.”
Na Yehosafat ka kaa ho sɛ, “Deɛ ɛdi ɛkan no, ma yɛmmisa Awurade hɔ afotuo.”
6 So the king of Israel assembled the prophets, about four hundred men, and asked them, “Should I go to war against Ramoth-gilead, or should I refrain?” “Go up,” they replied, “and the Lord will deliver it into the hand of the king.”
Enti, ɔhene Ahab frɛɛ nʼadiyifoɔ a wɔn dodoɔ bɛyɛ ahanan no nyinaa, bisaa wɔn sɛ, “Menkɔko ntia Ramot Gilead anaa mennkɔ?” Wɔn nyinaa buaa sɛ, “Kɔ so! Awurade bɛma woadi nkonim animuonyam so.”
7 But Jehoshaphat asked, “Is there not still a prophet of the LORD here of whom we can inquire?”
Nanso, Yehosafat bisaa sɛ, “Enti, Awurade odiyifoɔ biara nso nni ha? Anka mepɛ sɛ mebisa no saa asɛm korɔ no ara.”
8 The king of Israel answered, “There is still one man who can ask the LORD, but I hate him because he never prophesies anything good for me, but only bad. He is Micaiah son of Imlah.” “The king should not say that!” Jehoshaphat replied.
Ɔhene Ahab buaa sɛ, “Awurade odiyifoɔ baako da so wɔ ha, nanso metane no. Ɔnhyɛ nkɔm pa biara sɛ nkɔm bɔne, na ɔhyɛ fa me ho. Ne din de Mikaia a ɔyɛ Imla babarima.” Na Yehosafat kaa sɛ, “Nkasa saa. Momma yɛntie asɛm a ɔwɔ ka.”
9 So the king of Israel called one of his officials and said, “Bring Micaiah son of Imlah at once.”
Enti, Israelhene frɛɛ ne mpanimfoɔ no mu baako, ka kyerɛɛ no sɛ, “Ka wo ho kɔfa Imla babarima Mikaia bra.”
10 Dressed in royal attire, the king of Israel and Jehoshaphat king of Judah were sitting on their thrones at the threshing floor by the entrance of the gate of Samaria, with all the prophets prophesying before them.
Israelhene Ahab ne Yudahene Yehosafat hyɛɛ wɔn ahemfo ntadeɛ, tenaa wɔn ahennwa mu wɔ aponnwa a ɛbɛn Samaria ɛkwan no ano. Saa ɛberɛ no, na Ahab adiyifoɔ no rehyɛ nkɔm wɔ wɔn anim.
11 Now Zedekiah son of Chenaanah had made for himself iron horns and declared, “This is what the LORD says: ‘With these you shall gore the Arameans until they are finished off.’”
Wɔn mu baako a wɔfrɛ no Sedekia a ɔyɛ Kenaana babarima yɛɛ dadeɛ mmɛn bi ka too dwa sɛ, “Sɛdeɛ Awurade ka nie: Mode saa mmɛn yi bɛwowɔ Aramfoɔ no akunkum wɔn.”
12 And all the prophets were prophesying the same, saying, “Go up to Ramoth-gilead and prosper, for the LORD will deliver it into the hand of the king.”
Adiyifoɔ a wɔwɔ hɔ no nyinaa penee so, kaa sɛ, “Aane, monkɔ Ramot-Gilead, na monkɔdi nkonim, ɛfiri sɛ, Awurade bɛma moadi nkonim.”
13 Then the messenger who had gone to call Micaiah instructed him, “Behold now, with one accord the words of the prophets are favorable to the king. So please let your words be like theirs, and speak favorably.”
Na ɔbɔfoɔ a ɔkɔfaa Mikaia no ka kyerɛɛ no sɛ, “Tie, adiyifoɔ no nyinaa hyɛ nkonimdie ho nkɔm ma ɔhene. Hwɛ sɛ wo ne wɔn adwene bɛyɛ baako, na wo nso, wobɛhyɛ nkonimdie ho nkɔm.”
14 But Micaiah said, “As surely as the LORD lives, I will speak whatever the LORD tells me.”
Nanso, Mikaia kaa sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade te aseɛ yi, deɛ Awurade aka akyerɛ me sɛ menka no na mɛka.”
15 When Micaiah arrived, the king asked him, “Micaiah, should we go to war against Ramoth-gilead, or should we refrain?” “Go up and triumph,” Micaiah replied, “for the LORD will give it into the hand of the king.”
Ɛberɛ a Mikaia bɛduruu ahennimu no, Ahab bisaa no sɛ, “Mikaia, yɛnkɔko ntia Ramot-Gilead anaa yɛnnkɔ?” Na Mikaia buaa sɛ, “Monkɔ! Na Awurade bɛma ɔhene adi nkonim animuonyam so.”
16 But the king said to him, “How many times must I make you swear not to tell me anything but the truth in the name of the LORD?”
Nanso, ɔhene no sɔɔ so sɛ, “Mpɛn ahe na menka sɛ, ɛberɛ biara a wobɛkasa ama Awurade no, ɛsɛ sɛ woka nokorɛ?”
17 So Micaiah declared: “I saw all Israel scattered on the hills like sheep without a shepherd. And the LORD said, ‘These people have no master; let each one return home in peace.’”
Na Mikaia ka kyerɛɛ no sɛ, “Anisoadehunu mu, mehunuu sɛ Israel abɔ apete mmepɔ no so, te sɛ nnwan a wɔnni ɔhwɛfoɔ. Na Awurade kaa sɛ, ‘Wɔakum wɔn wura. Ma wɔnkɔ efie asomdwoeɛ mu.’”
18 Then the king of Israel said to Jehoshaphat, “Did I not tell you that he never prophesies good for me, but only bad?”
Israelhene ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ, “Manka saa ankyerɛ wo? Ɛda biara saa na ɔyɛ. Ɔnhyɛ nkɔm pa biara sɛ nkɔntorɔ na ɔhyɛ fa me ho.”
19 Micaiah continued, “Therefore hear the word of the LORD: I saw the LORD sitting on His throne, and all the host of heaven standing by Him on His right and on His left.
Mikaia toaa so sɛ, “Tie deɛ Awurade ka. Mehunuu Awurade sɛ ɔte nʼahennwa so a ne sorofoɔ akodɔm nyinaa atwa ne ho ahyia wɔ ne nifa ne ne benkum so.”
20 And the LORD said, ‘Who will entice Ahab to march up and fall at Ramoth-gilead?’ And one suggested this, and another that.
Na Awurade bisaa sɛ, “Hwan na ɔbɛtumi adaadaa Ahab, ama wakɔ ɔko atia Ramot Gilead, a ɛbɛtumi aba sɛ wɔbɛkum no wɔ hɔ?” Wɔsusuu nsɛm ahodoɔ bebree ho wɔ hɔ,
21 Then a spirit came forward, stood before the LORD, and said, ‘I will entice him.’ ‘By what means?’ asked the LORD.
kɔsii sɛ ne korakora no, honhom bi kɔɔ Awurade nkyɛn kɔkaa sɛ, “Mɛtumi ayɛ!”
22 And he replied, ‘I will go out and be a lying spirit in the mouths of all his prophets.’ ‘You will surely entice him and prevail,’ said the LORD. ‘Go and do it.’
Awurade bisaa sɛ, “Ɛkwan bɛn so na wobɛfa ayɛ yei?” Na honhom no buaa sɛ, “Mɛkɔ akɔdaadaa Ahab adiyifoɔ, ama wɔadi atorɔ.” Awurade kaa sɛ, “Kɔ so yɛ, na wobɛdi nkonim.
23 So you see, the LORD has put a lying spirit in the mouths of all these prophets of yours, and the LORD has pronounced disaster against you.”
“Enti afei, Awurade de nkontompo honhom ahyɛ wʼadiyifoɔ anomu. Na Awurade adwene ɔhaw ne abɛbrɛsɛ ama wo.”
24 Then Zedekiah son of Chenaanah went up, struck Micaiah in the face, and demanded, “Which way did the Spirit of the LORD go when He departed from me to speak with you?”
Ɛnna Kenaana babarima Sedekia kɔɔ Mikaia so, kɔbɔɔ nʼani so. Ɔbisaa no sɛ, “Da bɛn na Awurade honhom firii me mu, bɛkasa kyerɛɛ wo?”
25 Micaiah replied, “You will soon see, on that day when you go and hide in an inner room.”
Na Mikaia buaa sɛ, “Ɛrenkyɛre biara, wobɛhunu nokorɛ no wɔ ɛberɛ a wobɛdwane akɔtɛ kɔkoam dan bi mu.”
26 And the king of Israel declared, “Take Micaiah and return him to Amon the governor of the city and to Joash the king’s son,
Israelhene Ahab hyɛɛ sɛ, “Monkyere Mikaia, na momfa no nkɔma Amon a ɔyɛ kuro no mu amrado, na momfa no nkɔ me babarima Yoas nkyɛn.
27 and tell them that this is what the king says: ‘Put this man in prison and feed him only bread and water until I return safely.’”
Monka saa nhyɛ a ɛfiri ɔhene nkyɛn nkyerɛ wɔn sɛ, ‘Fa saa ɔbarima yi to afiase, na burodo ne nsuo nko na momfa mma no nni, kɔsi sɛ mɛsane afiri akono aba asomdwoeɛ mu.’”
28 But Micaiah replied, “If you ever return safely, the LORD has not spoken through me.” Then he added, “Take heed, all you people!”
Nanso, Mikaia buaa sɛ, “Sɛ wosane ba asomdwoeɛ mu a, na ɛkyerɛ sɛ, Awurade amfa me so ankasa.” Na ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔgyinagyina hɔ, atwa ne ho ahyia no sɛ, “Saa asɛm a maka yi, monhyɛ no nso.”
29 So the king of Israel and Jehoshaphat king of Judah went up to Ramoth-gilead.
Na Israelhene ne Yudahene Yehosafat dii wɔn akodɔm anim, kɔto hyɛɛ Ramot-Gilead so.
30 And the king of Israel said to Jehoshaphat, “I will disguise myself and go into battle, but you wear your royal robes.” So the king of Israel disguised himself and went into battle.
Afei, ɔhene Ahab ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ, “Yɛrekɔ ɔko yi, mɛsakyera me ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, obiara renhunu me. Nanso, wo deɛ, hyɛ wʼahentadeɛ.” Enti, Ahab sakyeraa ne ho, na wɔkɔɔ ɔko no.
31 Now the king of Aram had ordered his thirty-two chariot commanders, “Do not fight with anyone, small or great, except the king of Israel.”
Saa ɛberɛ no, na Aramhene ahyɛ ne nteaseɛnamkafoɔ aduasa mmienu no sɛ, “Monto nhyɛ Israelhene nko ara so!”
32 When the chariot commanders saw Jehoshaphat, they said, “Surely this is the king of Israel!” So they turned to fight against him, but Jehoshaphat cried out.
Enti, ɛberɛ a Aramhene nteaseɛnamkafoɔ no hunuu Yehosafat sɛ ɔhyɛ nʼahentadeɛ no, wɔtaa no. Wɔteateaam sɛ, “Israelhene no ne no.” Nanso, ɛberɛ a Yehosafat teaam no,
33 And when the chariot commanders saw that he was not the king of Israel, they turned back from pursuing him.
nteaseɛnamkafoɔ no hunuu sɛ ɛnyɛ ɔno ne Israelhene no enti, wɔgyaa nʼakyidie.
34 However, a certain man drew his bow without taking special aim, and he struck the king of Israel between the joints of his armor. So the king said to his charioteer, “Turn around and take me out of the battle, for I am badly wounded!”
Aram sraani bi de anibiannasoɔ too agyan kyerɛɛ Israel asraafoɔ no so, ma ɛkɔwɔɔ Israelhene wɔ ne nkataboɔ ahyiaeɛ so. Ahab teaam kyerɛɛ ne teaseɛnamkafoɔ no sɛ, “Fa me firi ha ntɛm, na wɔapira me pa ara.”
35 The battle raged throughout that day, and the king was propped up in his chariot facing the Arameans. And the blood from his wound ran out onto the floor of the chariot, and that evening he died.
Ɔko no kɔɔ so saa ara da mu no nyinaa, na wɔde Ahab tweree biribi wɔ ne teaseɛnam mu a nʼani kyerɛ Aramfoɔ no. Mogya tuu no firi nʼapirakuro no mu, guu teaseɛnam no mu, na onwunu dwoeɛ no, ɔwuiɛ.
36 As the sun was setting, the cry rang out in the army: “Every man to his own city, and every man to his own land!”
Onwunu reyɛ adwo no, wɔteateaam faa akodɔm no nyinaa mu sɛ: “Ɔko no aba awieeɛ. Monsane nkɔ efie!”
37 So the king died and was brought to Samaria, where they buried him.
Na ɔhene no wuiɛ no, wɔde nʼamu no kɔɔ Samaria, kɔsiee no wɔ hɔ.
38 And the chariot was washed at the pool of Samaria where the prostitutes bathed, and the dogs licked up Ahab’s blood, according to the word that the LORD had spoken.
Na wɔhoroo ne teaseɛnam no ho wɔ asubura bi a ɛwɔ Samaria a adwamanfoɔ dware hɔ, na nkraman bɛtaferee ɔhene no mogya no, sɛdeɛ Awurade aka ato hɔ no.
39 As for the rest of the acts of Ahab, along with all his accomplishments and the ivory palace and all the cities he built, are they not written in the Book of the Chronicles of the Kings of Israel?
Nsɛm a ɛfa Ahab ahennie ho ne asonse ahemfie ho asɛm ne nkuro a ɔkyekyeree nyinaa no, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.
40 And Ahab rested with his fathers, and his son Ahaziah reigned in his place.
Ɛberɛ a Ahab wuiɛ no, wɔsiee no wɔ nʼagyanom mu. Na ne babarima Ahasia dii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
41 In the fourth year of Ahab’s reign over Israel, Jehoshaphat son of Asa became king of Judah.
Asa babarima Yehosafat bɛdii Yuda so ɛberɛ a na Ahab adi adeɛ wɔ Israel ne mfeɛ ɛnan so no.
42 Jehoshaphat was thirty-five years old when he became king, and he reigned in Jerusalem twenty-five years. His mother’s name was Azubah daughter of Shilhi.
Ɔdii adeɛ no, na wadi mfeɛ aduasa enum, na ɔdii adeɛ Yerusalem mfirinhyia aduonu enum. Na ne maame din de Asuba a ɔyɛ Silhi babaa.
43 And Jehoshaphat walked in all the ways of his father Asa; he did not turn away from them, but did what was right in the eyes of the LORD. The high places, however, were not removed; the people still sacrificed and burned incense on the high places.
Na Yehosafat yɛ ɔhene papa a ɔdii nʼagya Asa anammɔn akyi. Ɔyɛɛ adeɛ a ɛsɔ Awurade ani. Nanso, nʼahennie mu no, wantumi ammubu abosonnan enti, nnipa kɔɔ so bɔɔ afɔdeɛ, hyee aduhwam wɔ hɔ.
44 Jehoshaphat also made peace with the king of Israel.
Yehosafat ne Israelhene tenaa ase asomdwoeɛ mu.
45 As for the rest of the acts of Jehoshaphat, along with the might he exercised and how he waged war, are they not written in the Book of the Chronicles of the Kings of Judah?
Nsɛm a ɛfa Yehosafat ahennie ho nkaeɛ no, faako a ne tumi kɔduruiɛ ne ako a ɔdiiɛ no nyinaa, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.
46 He banished from the land the male shrine prostitutes who remained from the days of his father Asa.
Ɔpamoo abosomfie so adwamanfoɔ a na wɔgu so bɔ adwaman, firi nʼagya Asa berɛ so no nyinaa.
47 And there was no king in Edom; a deputy served as king.
Saa ɛberɛ no, na ɔhene nni Edom gye kuro no sohwɛfoɔ nko.
48 Jehoshaphat built ships of Tarshish to go to Ophir for gold, but they never set sail, because they were wrecked at Ezion-geber.
Yehosafat yɛɛ adwadihyɛn bebree sɛ ɛnkɔ Ofir nkɔpɛ sikakɔkɔɔ. Nanso, ahyɛn no antumi anyɛ adwuma, ɛsɛee wɔ Esion-Geber.
49 At that time Ahaziah son of Ahab said to Jehoshaphat, “Let my servants sail with your servants,” but Jehoshaphat refused.
Saa ɛberɛ no, Ahab babarima Ahasia susuu ho kyerɛɛ Yehosafat sɛ, “Ma me mmarima ne wo mmarima nkɔ ɛpo so akwan nsrahwɛ.” Nanso, Yehosafat ampene so.
50 And Jehoshaphat rested with his fathers and was buried with them in the city of his father David. And his son Jehoram reigned in his place.
Yehosafat wuiɛ no, wɔsiee no nʼagyanom nkyɛn wɔ Dawid kurom. Ne babarima Yehoram na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
51 In the seventeenth year of Jehoshaphat’s reign over Judah, Ahaziah son of Ahab became king of Israel, and he reigned in Samaria two years.
Ahab babarima Ahasia hyɛɛ aseɛ dii Israel so ɛberɛ a na Yehosafat adi adeɛ mfeɛ dunson wɔ Yuda. Ɔdii adeɛ Samaria mfeɛ mmienu.
52 And he did evil in the sight of the LORD and walked in the ways of his father and mother and of Jeroboam son of Nebat, who had caused Israel to sin.
Na ɔfaa nʼagya ne ne maame ne Nebat babarima Yeroboam anammɔn so, somm ahoni, yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so.
53 Ahaziah served and worshiped Baal, provoking the LORD, the God of Israel, to anger, just as his father had done.
Ɔsomm Baal, sɔree no, nam so fuu Awurade, Israel Onyankopɔn, bo sɛdeɛ nʼagya yɛeɛ no.

< 1 Kings 22 >