< 1 Kings 18 >
1 After a long time, in the third year of the drought, the word of the LORD came to Elijah: “Go and present yourself to Ahab, and I will send rain upon the face of the earth.”
Mfe abiɛsa akyi no, Awurade asɛm baa Elia nkyɛn se, “Fa wo ho kɔkyerɛ ɔhene Ahab na ka kyerɛ no se ɛrenkyɛ biara, mɛma osu atɔ asase no so.”
2 So Elijah went to present himself to Ahab. The famine was severe in Samaria,
Elia de ne ho kɔkyerɛɛ ɔhene Ahab. Na ɔkɔm no ano yɛɛ den yiye wɔ Samaria.
3 and Ahab summoned Obadiah, who was in charge of the palace. (Now Obadiah greatly feared the LORD,
Ahab frɛɛ Obadia a na ɔhwɛ nʼahemfi so no. Na Obadia gye Awurade di yiye.
4 for when Jezebel had slaughtered the prophets of the LORD, Obadiah had taken a hundred prophets and hidden them, fifty men per cave, providing them with food and water.)
Bere a na Isebel rekunkum Awurade adiyifo no, Obadia faa adiyifo no ɔha de wɔn kosiee abodan abien mu a, wɔn mu aduonum biara da ɔbodan baako mu. Na ɔmaa wɔn aduan ne nsu.
5 Then Ahab said to Obadiah, “Go throughout the land to every spring and every valley. Perhaps we will find grass to keep the horses and mules alive so that we will not have to destroy any livestock.”
Ahab ka kyerɛɛ Obadia se, “Kɔ na kɔhwehwɛ asase no so mmura ne abon nyinaa sɛ ebia yebenya sare ama apɔnkɔ ne mfurum yi awe sɛnea wɔrenwuwu.”
6 So they divided the land to explore. Ahab went one way by himself, and Obadiah went the other way by himself.
Enti wɔkyɛɛ asase no mu maa wɔn ho. Ahab faa fa na Obadia nso faa fa.
7 Now as Obadiah went on his way, Elijah suddenly met him. When Obadiah recognized him, he fell facedown and said, “Is it you, my lord Elijah?”
Obadia nam no, Elia hyiaa no. Obadia huu no, kaee no nti, ɔkotow no wɔ fam kae se, “Enti wo ni, me wura Elia?”
8 “It is I,” he answered. “Go tell your master, ‘Elijah is here!’”
Elia buae se, “Yiw, kɔka kyerɛ wo wura se, ‘Elia wɔ ha.’”
9 But Obadiah replied, “How have I sinned, that you are handing your servant over to Ahab to put me to death?
Obadia bisae se, “Me wura, dɛn bɔne na mayɛ a enti woresoma me Ahab nkyɛn ama wɔakum me yi?
10 As surely as the LORD your God lives, there is no nation or kingdom where my lord has not sent someone to search for you. When they said, ‘He is not here,’ he made that kingdom or nation swear that they had not found you.
Mmere dodow a Awurade, wo Nyankopɔn te ase yi, ɔman anaa ahemman biara nni hɔ a me wura nsomaa obi wɔ so sɛ ɔnhwehwɛ wo. Na ɔman anaa ahemman biara a wɔbɛka sɛ wunni so no, ɔma wɔka ntam, ka se wɔanhu wo.
11 And now you say, ‘Go tell your master that Elijah is here!’
Na afei, woka kyerɛ me sɛ menkɔ me wura nkyɛn nkɔka nkyerɛ no se, ‘Elia wɔ ha.’
12 I do not know where the Spirit of the LORD may carry you off when I leave you. Then when I go and tell Ahab and he does not find you, he will kill me. But I, your servant, have feared the LORD from my youth.
Minnim baabi a sɛ migyaw wo hɔ kɔ a, Awurade honhom bɛpagyaw wo akosi. Sɛ mekɔka kyerɛ Ahab, na wanhu wo a, obekum me. Nanso me, wo somfo, masom Awurade fi me mmofraase.
13 Was it not reported to my lord what I did when Jezebel slaughtered the prophets of the LORD? I hid a hundred prophets of the LORD, fifty men per cave, and I provided them with food and water.
Me wura, wontee nea meyɛɛ bere a na Isebel rekunkum Awurade adiyifo no ana? Mede Awurade adiyifo no ɔha siee abodan abien mu a, na wɔn mu aduonum wɔ ɔbodan baako biara mu. Memaa wɔn aduan ne nsu nso.
14 And now you say, ‘Go tell your lord that Elijah is here!’ He will kill me!”
Na afei, woka kyerɛ me se menkɔ me wura nkyɛn nkɔka nkyerɛ no se, ‘Elia wɔ ha!’ Obekum me!”
15 Then Elijah said, “As surely as the LORD of Hosts lives, before whom I stand, I will present myself to Ahab today.”
Elia kaa se, “Mmere dodow a Awurade a mesom no te ase yi, nea ɛbɛyɛ biara, mede me ho bɛma Ahab nnɛ.”
16 So Obadiah went to inform Ahab, who went to meet Elijah.
Enti Obadia kohyiaa Ahab, ka kyerɛɛ no, na Ahab kohyiaa Elia.
17 When Ahab saw Elijah, he said to him, “Is that you, O troubler of Israel?”
Ohuu Elia no, obisaa no se, “Wo ni, wo a wohaw Israelfo?”
18 “I have not troubled Israel,” Elijah replied, “but you and your father’s house have, for you have forsaken the commandments of the LORD and have followed the Baals.
Elia buae se, “Menhaw Israel ɔkwan biara so. Na mmom, wo ne wʼagya fifo na moahaw Israel. Moagyae Awurade mmara so di, akodi Baal akyi.
19 Now summon all Israel to meet me on Mount Carmel, along with the four hundred and fifty prophets of Baal and the four hundred prophets of Asherah who eat at Jezebel’s table.”
Enti frɛ Israel nnipa nyinaa na wommehyia me Karmel bepɔw so. Na fa Baal adiyifo ahannan aduonum ne Asera adiyifo ahannan a wodidi Isebel didipon so no nso bra.”
20 So Ahab summoned all the Israelites and assembled the prophets on Mount Carmel.
Na Ahab soma kɔɔ Israel nyinaa kɔboaboaa adiyifo no ano wɔ Karmel bepɔw so.
21 Then Elijah approached all the people and said, “How long will you waver between two opinions? If the LORD is God, follow Him. But if Baal is God, follow him.” But the people did not answer a word.
Elia dii nnipa no anim kae se, “Moadwene bɛyɛ ntanta wɔ saa asɛm yi ho akosi da bɛn? Sɛ Awurade yɛ Onyankopɔn a, munni nʼakyi, na sɛ Baal nso yɛ Onyankopɔn a, munni nʼakyi.” Nanso nnipa no yɛɛ dinn.
22 Then Elijah said to the people, “I am the only remaining prophet of the LORD, but Baal has four hundred and fifty prophets.
Elia ka kyerɛɛ ɔman no se, “Me nko ara ne Awurade odiyifo a maka, nanso Baal wɔ adiyifo ahannan aduonum.
23 Get two bulls for us. Let the prophets of Baal choose one bull for themselves, cut it into pieces, and place it on the wood but not light the fire. And I will prepare the other bull and place it on the wood but not light the fire.
Momma yɛn anantwinini abien. Momma wonyi mu baako, na wontwitwa no asinasin mfa ngu nnyina so, nsɔ wɔn mu gya. Nantwinini baako a waka no, mɛyɛ ne ho adwuma de agu nnyina so a merento mu gya.
24 Then you may call on the name of your god, and I will call on the name of the LORD. The God who answers by fire, He is God.” And all the people answered, “What you say is good.”
Na mobɛfrɛ mo nyame na me nso mafrɛ Awurade. Onyame a ɔnam ogya so gye so no, ɔno ne Onyankopɔn.” Ɔmanfo no nyinaa penee so.
25 Then Elijah said to the prophets of Baal, “Since you are so numerous, choose for yourselves one bull and prepare it first. Then call on the name of your god, but do not light the fire.”
Elia ka kyerɛɛ Baal adiyifo no se, “Momfa anantwinini no baako, na munni kan nsiesie no, efisɛ mo dɔɔso. Momfrɛ mo nyame a, monnto mu gya.”
26 And they took the bull that was given them, prepared it, and called on the name of Baal from morning until noon, shouting, “O Baal, answer us!” But there was no sound, and no one answered as they leaped around the altar they had made.
Enti wɔfaa nantwinini a wɔkae se wɔmfa no no, siesiee no too afɔremuka no so. Afei, wɔfrɛɛ Baal, frɛɛ no, frɛɛ no fi anɔpa mu nyinaa se, “Ao, Baal! Tie yɛn oo!” Wɔteɛteɛɛ mu saa ara, nanso wɔannya mmuae biara! Afei wɔde anibere saw faa afɔremuka a wɔasi no ho hyiae.
27 At noon Elijah began to taunt them, saying, “Shout louder, for he is a god! Perhaps he is deep in thought, or occupied, or on a journey. Perhaps he is sleeping and must be awakened!”
Eduu owigyinae no, Elia dii wɔn ho fɛw se, “Monteɛteɛ mu den! Ɔyɛ onyame! Ebia, ɔredwen biribi ho denneennen anaa ɔregye nʼahome, onyaa adagyew anaa watu kwan. Ebi nso a, na wada a ɛsɛ sɛ wonyan no.”
28 So they shouted louder and cut themselves with knives and lances, as was their custom, until the blood gushed over them.
Enti wɔteɛteɛ mu den, de afoa twitwaa wɔn ho wɔn ho, wowɔɔ wɔn ho wɔn ho peaw sɛnea wɔn amanne te, maa mogya pram wɔn.
29 Midday passed, and they kept on raving until the time of the evening sacrifice. But there was no response; no one answered, no one paid attention.
Owigyinae no twaa mu mpo no wɔtoaa wɔn nkɔmhyɛ no so, kosii anwummere afɔrebɔ bere no mu. Nanso mmuae biara amma. Wɔante obiara nne na obiara annye wɔn so.
30 Then Elijah said to all the people, “Come near to me.” So all the people approached him, and he repaired the altar of the LORD that had been torn down.
Afei, Elia ka kyerɛɛ ɔmanfo no nyinaa se, “Mommra me nkyɛn ha.” Wɔkɔɔ ne nkyɛn, na osiesiee Awurade afɔremuka a na abubu no.
31 And Elijah took twelve stones, one for each tribe of the sons of Jacob, to whom the word of the LORD had come and said, “Israel shall be your name.”
Elia faa abo dumien a baako biara gyina hɔ ma Israel abusuakuw baako,
32 And with the stones, Elijah built an altar in the name of the LORD. Then he dug a trench around the altar large enough to hold two seahs of seed.
na ɔde abo no san sii Awurade afɔremuka no. Na otwaa amoa a ne trɛw bɛyɛ anammɔn abiɛsa faa afɔremuka no ho hyiae.
33 Next, he arranged the wood, cut up the bull, placed it on the wood,
Ɔde nnyansin guu afɔremuka no so, twitwaa nantwinini no asinasin guu so. Afei ɔkae se, “Monhyɛ nhina akɛse no nsu ma ma, na munhwie ngu afɔrebɔde no ne nnyansin no so.” Wɔyɛɛ nea ɔkae no wiei no,
34 and said, “Fill four waterpots and pour the water on the offering and on the wood.” “Do it a second time,” he said, and they did it a second time. “Do it a third time,” he said, and they did it a third time.
ɔkae se, “Monyɛ saa ara bio!” Na wɔyɛɛ saa wiei no, ɔkae se, “Monyɛ saa ne mprɛnsa so.” Wɔyɛɛ sɛnea ɔkae no,
35 So the water ran down around the altar and even filled the trench.
maa nsu no sen faa afɔremuka no ho, maa mpo, ebu faa amoa no so.
36 At the time of the evening sacrifice, Elijah the prophet approached the altar and said, “O LORD, God of Abraham, Isaac, and Israel, let it be known this day that You are God in Israel and that I am Your servant and have done all these things at Your command.
Eduu bere a ɛsɛ sɛ wɔbɔ anwummere afɔre, sɛnea wɔn amanne kyerɛ no, odiyifo Elia kɔɔ afɔremuka no so, bɔɔ mpae se, “Awurade, Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn, kyerɛ nnɛ sɛ woyɛ Nyankopɔn wɔ Israel, na meyɛ wo somfo. Kyerɛ sɛ, nea mereyɛ yi nyinaa fi wo.
37 Answer me, O LORD! Answer me, so that this people will know that You, the LORD, are God, and that You have turned their hearts back again.”
Awurade, tie me! Tie me na saa nnipa yi nyinaa nhu sɛ, Awurade, woyɛ Onyankopɔn a woatwe wɔn asan aba wo nkyɛn.”
38 Then the fire of the LORD fell and consumed the sacrifice, the wood, the stones, and the dust, and it licked up the water in the trench.
Nʼano sii pɛ, na ogya a efi Awurade nkyɛn tew fii soro bɛhyew nantwinini ba no, nnyansin no, abo no ne mfutuma no. Mpo, ɛyow amoa no mu nsu no nyinaa.
39 When all the people saw this, they fell facedown and said, “The LORD, He is God! The LORD, He is God!”
Nnipa no hui no, wɔde wɔn anim butubutuw fam, teɛteɛɛ mu se, “Awurade yɛ Onyankopɔn! Awurade yɛ Onyankopɔn!”
40 Then Elijah ordered them, “Seize the prophets of Baal! Do not let a single one escape.” So they seized them, and Elijah brought them down to the Kishon Valley and slaughtered them there.
Na Elia hyɛe se, “Monkyere Baal adiyifo no nyinaa. Mommma wɔn mu baako koraa nguan.” Enti ɔmanfo no kyekyeree wɔn nyinaa. Na Elia de wɔn kɔɔ Kison bon mu kokunkum wɔn wɔ hɔ.
41 And Elijah said to Ahab, “Go up, eat and drink, for there is the sound of a heavy rain.”
Elia ka kyerɛɛ Ahab se, “Kɔ na kodi aduan pa, ma wo ho ntɔ wo! Na mate sɛ osu kɛse bi rebɛtɔ.”
42 So Ahab went up to eat and drink. But Elijah climbed to the summit of Carmel, bent down on the ground, and put his face between his knees.
Enti Ahab too pon. Na Elia foro kɔɔ Karmel bepɔw atifi, kobutuw fam, bɔɔ mpae.
43 “Go and look toward the sea,” he said to his servant. So the servant went and looked, and he said, “There is nothing there.” Seven times Elijah said, “Go back.”
Na ɔka kyerɛɛ ne somfo se, “Kɔ na fa wʼani kyerɛ po so.” Ɔsomfo no kɔ kɔhwɛɛ hɔ, na ɔba bɛka kyerɛɛ Elia se, “Manhu hwee.” Elia kaa saa kyerɛɛ no mpɛn ason sɛ ɔmfa nʼani nkɔkyerɛ hɔ. Ɔno nso kɔɔ mpɛn ason.
44 On the seventh time the servant reported, “There is a cloud as small as a man’s hand rising from the sea.” And Elijah replied, “Go and tell Ahab, ‘Prepare your chariot and go down before the rain stops you.’”
Ne mpɛn ason so no, ne somfo no ka kyerɛɛ no se, “Mihuu omununkum bi a ɛte sɛ onipa abasa a apue afi po no so reforo.” Ɛhɔ ara na Elia teɛɛ mu se, “Ntɛm! Kɔ Ahab nkyɛn kɔka kyerɛ no. ‘Foro wo teaseɛnam no, na san kɔ fie. Sɛ woanka wo ho a, osu no besiw wo kwan.’”
45 Meanwhile, the sky grew dark with clouds and wind, and a heavy rain began to fall. So Ahab rode away and went to Jezreel.
Ankyɛ biara na osu munaa tumm. Osuframa bɔe, na osu kɛse tɔe, na ntɛm so, Ahab kɔɔ Yesreel.
46 And the hand of the LORD came upon Elijah, and he tucked his cloak into his belt and ran ahead of Ahab all the way to Jezreel.
Afei, Awurade maa Elia ahoɔden sononko bi. Ɔkekaa nʼatade hyɛɛ nʼabɔso mu, na odii Ahab teaseɛnam no kan ara kosii Yesreel kwan ano.