< 1 Corinthians 13 >
1 If I speak in the tongues of men and of angels, but have not love, I am only a ringing gong or a clanging cymbal.
Sɛ mede nnipa ne abɔfoɔ tɛkrɛma kasa na menni dɔ a, na mete sɛ yaawa a ɛregyegyeɛ anaa akasaeɛ a ɛrewoso kɛkɛ.
2 If I have the gift of prophecy and can fathom all mysteries and all knowledge, and if I have absolute faith so as to move mountains, but have not love, I am nothing.
Ebia na mewɔ akyɛdeɛ a metumi ka asɛmpa no ma ɛka nnipa akoma; ebia na mewɔ osuahunu ne nteaseɛ ma mete ahintasɛm nyinaa ase; ebia na mewɔ gyidie a ɛma metumi tutu mmepɔ, nanso sɛ menni ɔdɔ a, menka hwee.
3 If I give all I possess to the poor and exult in the surrender of my body, but have not love, I gain nothing.
Mɛtumi de deɛ mewɔ nyinaa makyɛ na mpo matu me onipadua asi hɔ sɛ wɔnhye, nanso sɛ menni ɔdɔ a, mennya ho mfasoɔ biara.
4 Love is patient, love is kind. It does not envy, it does not boast, it is not proud.
Ɔdɔ wɔ boasetɔ na ne tirim yɛ mmerɛ; ɔdɔ nyɛ ahoɔyea anaa ɛnkyerɛ ne ho anaa ɔnni ahomasoɔ su;
5 It is not rude, it is not self-seeking, it is not easily angered, it keeps no account of wrongs.
ɔdɔ mmu ɔbra bɔne; ɔnyɛ pɛsɛmenkomenya; ne bo nha no; ɔmfa bɔne nhyɛ ne mu;
6 Love takes no pleasure in evil, but rejoices in the truth.
ɔdɔ mpɛ bɔne, na mmom, ɔpɛ nokorɛ.
7 It bears all things, believes all things, hopes all things, endures all things.
Ɔdɔ mpa aba; ne gyidie, nʼanidasoɔ ne ne boasetɔ nni hwammɔ.
8 Love never fails. But where there are prophecies, they will cease; where there are tongues, they will be restrained; where there is knowledge, it will be dismissed.
Ɔdɔ wɔ hɔ daa. Nkɔmhyɛ wɔ hɔ nanso, ɛnte hɔ daa; akyɛdeɛ a ɛma wɔka kasa foforɔ wɔ hɔ, nanso ɛwɔ nʼawieeɛ; osuahunu wɔ hɔ, nanso ɛbɛtwam.
9 For we know in part and we prophesy in part,
Deɛ yɛnim no ne nkɔm a yɛhyɛ no yɛ fa ne fa bi;
10 but when the perfect comes, the partial passes away.
nanso deɛ ɛyɛ pɛ no nya ba a, deɛ ɛyɛ fa ne fa no bɛgu.
11 When I was a child, I talked like a child, I thought like a child, I reasoned like a child. When I became a man, I set aside childish ways.
Meyɛ abɔfra no mekasaa sɛ abɔfra, medwenee sɛ abɔfra, mesusuu sɛ abɔfra, na meyɛɛ ɔpanin yi, magu mmɔfraasɛm no.
12 Now we see but a dim reflection as in a mirror; then we shall see face to face. Now I know in part; then I shall know fully, even as I am fully known.
Deɛ yɛhunu no seesei no te sɛ su bi a ɛyɛ kusuu wɔ ahwehwɛ mu. Ɛno akyi, yɛbɛhunu no kann. Deɛ menim seesei no yɛ ɛho fa bi; akyire yi, ɛbɛdi mu te sɛ Onyankopɔn nimdeɛ a ɔwɔ wɔ me ho no.
13 And now these three remain: faith, hope, and love; but the greatest of these is love.
Na afei nneɛma mmiɛnsa yi na ɛwɔ hɔ: gyidie, anidasoɔ, ɔdɔ; na ɔdɔ ne mu kɛseɛ.