< 1 Chronicles 29 >
1 Then King David said to the whole assembly, “My son Solomon, the one whom God has chosen, is young and inexperienced. The task is great because this palace is not for man, but for the LORD God.
Afei, Ɔhene Dawid danee nʼani kyerɛɛ ɔmanfoɔ no kaa sɛ, “Me babarima Salomo a Onyankopɔn ayi no sɛ ɔnni Israel so sɛ ɔhene foforɔ no da so yɛ abɔfra a ɔnni suahunu biara. Adwuma a ɛda nʼanim no so, na Asɔredan a ɔbɛsi no nyɛ ɛdan hunu bi. Ɛyɛ Awurade Onyankopɔn no ankasa dea.
2 Now with all my ability I have made provision for the house of my God—gold for the gold articles, silver for the silver, bronze for the bronze, iron for the iron, and wood for the wood, as well as onyx for the settings, turquoise, stones of various colors, all kinds of precious stones, and slabs of marble—all in abundance.
Mede deɛ metumi yɛ biara adi dwuma, maboaboa deɛ mɛtumi anya nyinaa ano ama me Onyankopɔn Asɔredan no sie. Seesei, sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere mfrafraeɛ, nnadeɛ ne nnua ne apopobibirieboɔ ne aboɔdemmoɔ, aboɔden agudeɛ ne abopa ne abohemaa ahodoɔ nyinaa pii wɔ hɔ.
3 Moreover, because of my delight in the house of my God, I now give for it my personal treasures of gold and silver, over and above all that I have provided for this holy temple:
Na ɛsiane me ho a mede ama me Onyankopɔn Asɔredan no enti, mede mʼankasa sikakɔkɔɔ ne dwetɛ bɛboa ɛdan no sie. Yeinom bɛka adansie no ho nneɛma a maboaboa ano, ama asɔredan kronkron no ho.
4 three thousand talents of gold (the gold of Ophir) and seven thousand talents of refined silver, to overlay the walls of the buildings,
Mama Ofir sikakɔkɔɔ a ɛboro tɔno 112 ne dwetɛ a wɔahoa ho tɔno 262 a wɔde bɛgu adan no afasuo anim,
5 for the gold work and the silver work, and for all the work to be done by the craftsmen. Now who will volunteer to consecrate himself to the LORD today?”
ne sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nnwuma a aka a adwumfoɔ no bɛyɛ no. Afei, hwan na ɔbɛyi ne yam de nʼayɛyɛdeɛ ama Awurade ɛnnɛ?”
6 Then the leaders of the households, the officers of the tribes of Israel, the commanders of thousands and of hundreds, and the officials in charge of the king’s work gave willingly.
Na abusua ntuanofoɔ, Israel mmusuakuo ntuanofoɔ, asahene ne asraafoɔ mpanimfoɔ ne ɔhene adwumayɛfoɔ nyinaa firii ɔpɛ pa mu maeɛ.
7 Toward the service of God’s house they gave 5,000 talents and 10,000 darics of gold, 10,000 talents of silver, 18,000 talents of bronze, and 100,000 talents of iron.
Wɔmaa sikakɔkɔɔ bɛyɛ tɔno 188, sika ankasa ɔpedu, ɛnna dwetɛ bɛyɛ tɔno 375, kɔbere mfrafraeɛ bɛyɛ tɔno 675 ne nnadeɛ bɛyɛ tɔno 3,750, de boaa Asɔredan no sie.
8 Whoever had precious stones gave them to the treasury of the house of the LORD, under the care of Jehiel the Gershonite.
Wɔmaa aboɔdemmoɔ bebree a wɔkɔkoraa no wɔ sikakorabea a ɛwɔ Awurade fie maa Yehiel a ɔyɛ Gerson aseni hwɛɛ so.
9 And the people rejoiced at the willing response of their leaders, for they had given to the LORD freely and wholeheartedly. And King David also rejoiced greatly.
Nnipa no ani gyee ɔma no ho, ɛfiri sɛ, wɔfiri ɔpɛ pa ne akoma pa mu na wɔyiyi maa Awurade, na Ɔhene Dawid ani gyee yie.
10 Then David blessed the LORD in the sight of all the assembly and said: “May You be blessed, O LORD, God of our father Israel, from everlasting to everlasting.
Na ɔhene Dawid kamfoo Awurade wɔ nnipa no nyinaa anim sɛ, “Ao Awurade, yɛn agya Israel Onyankopɔn, ayɛyie nka wo daa nyinaa.
11 Yours, O LORD, is the greatness and the power and the glory and the splendor and the majesty, for everything in heaven and on earth belongs to You. Yours, O LORD, is the kingdom, and You are exalted as head over all.
Kɛseyɛ, ahoɔden, animuonyam, nkonimdie ne tumi yɛ wo dea Ao Awurade. Biribiara a ɛwɔ ɔsoro ne asase so yɛ wo dea, Ao Awurade, na ahennie yi nso wɔ wo. Yɛma wo so sɛ wone adeɛ nyinaa so otumfoɔ.
12 Both riches and honor come from You, and You are the ruler over all. In Your hands are power and might to exalt and give strength to all.
Ahonya ne animuonyam firi wo nko ara, ɛfiri sɛ, woyɛ adeɛ nyinaa sodifoɔ. Tumi ne ahoɔden nyinaa wɔ wo nsam na wopɛ mu na wofiri ma nnipa yɛ kɛseɛ na wɔnya ahoɔden.
13 Now therefore, our God, we give You thanks, and we praise Your glorious name.
Ao, yɛn Onyankopɔn, yɛda wo ase, na yɛkamfo wo din kronkron no.
14 But who am I, and who are my people, that we should be able to give as generously as this? For everything comes from You, and from Your own hand we have given to You.
“Na me ne hwan na me nkurɔfoɔ ne nnipa bɛn a yɛtumi kyɛ wo biribi? Biribiara a yɛwɔ no firi wo nkyɛn, na deɛ yɛde ma wo no yɛ deɛ wode ama yɛn dada.
15 For we are foreigners and strangers in Your presence, as were all our forefathers. Our days on earth are like a shadow, without hope.
Yɛwɔ ha mmerɛ tiawa bi sɛ nsrahwɛfoɔ ne ahɔhoɔ wɔ asase a yɛn agyanom dii ɛkan wɔ so no so. Yɛn nna wɔ asase so te sɛ sunsumma a ɛtwam kɔ ntɛm so a wɔnhunu bio.
16 O LORD our God, from Your hand comes all this abundance that we have provided to build You a house for Your holy Name, and all of it belongs to You.
Ao Awurade, yɛn Onyankopɔn, saa nneɛma a yɛaboaboa ano de rebɛsi asɔredan de ahyɛ wo din kronkron animuonyam yi mpo firi wo nkyɛn! Ne nyinaa yɛ wo dea.
17 I know, my God, that You test the heart and delight in uprightness. All these things I have given willingly and with an upright heart, and now I have seen Your people who are present here giving joyfully and willingly to You.
Me Onyankopɔn, menim sɛ wohwehwɛ yɛn akoma mu, na sɛ wohunu nokorɛdie wɔ mu a, wʼani gye. Wonim sɛ mede adwene pa na ɛyɛɛ yeinom nyinaa, na mahwɛ ahunu sɛdeɛ wo nkurɔfoɔ firi akoma pa ne anigyeɛ mu de wɔn akyɛdeɛ aba.
18 O LORD, God of our fathers Abraham, Isaac, and Israel, keep this desire forever in the intentions of the hearts of Your people, and direct their hearts toward You.
Ao, Awurade, yɛn agyanom Abraham, Isak ne Israel Onyankopɔn, ma wo nkurɔfoɔ nyɛ ɔsetie mma wo daa. Mma ɔdɔ a wɔde dɔ wo no nsesa.
19 And give my son Solomon a whole heart to keep and carry out all Your commandments, decrees, and statutes, and to build Your palace for which I have made provision.”
Ma me babarima Salomo akoma nyinaa mu ɔpɛ pa, na ɔnni wʼahyɛdeɛ, wo mmara ne wo nkyerɛkyerɛ so, na ɔnsi saa Asɔredan yi a mayɛ ho ahoboa nyinaa yi.”
20 Then David said to the whole assembly, “Blessed be the LORD your God.” So the whole assembly blessed the LORD, the God of their fathers. They bowed down and paid homage to the LORD and to the king.
Afei, Dawid ka kyerɛɛ ɔmanfoɔ no nyinaa sɛ, “Monkamfo Awurade, mo Onyankopɔn!” Na ɔmanfoɔ no nyinaa kamfoo Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn, na wɔkoto buu nkotodwe wɔ Awurade ne ɔhene no anim.
21 The next day they offered sacrifices and presented burnt offerings to the LORD: a thousand bulls, a thousand rams, and a thousand lambs, along with their drink offerings, and other sacrifices in abundance for all Israel.
Adeɛ kyeeɛ no, wɔde anantwinini apem, nnwennini apem ne nnwanmmaa anini apem bɛbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ maa Awurade. Wɔsane gyinaa Israel ananmu, de ɔnom afɔrebɔdeɛ pii ne afɔrebɔdeɛ ahodoɔ baeɛ.
22 That day they ate and drank with great joy in the presence of the LORD. Then, for a second time, they designated David’s son Solomon as king, anointing him before the LORD as ruler, and Zadok as the priest.
Wɔde ahosɛpɛ didi nomee da no wɔ Awurade anim. Na bio, wɔhyɛɛ Dawid babarima Salomo ahenkyɛ sɛ wɔn ɔhene foforɔ. Wɔsraa no ngo wɔ Awurade anim sɛ wɔn ntuanoni, na wɔsraa Sadok nso ngo sɛ wɔn ɔsɔfoɔ.
23 So Solomon sat on the throne of the LORD as king in place of his father David. He prospered, and all Israel obeyed him.
Na Salomo tenaa Awurade ahennwa no so sɛ nʼagya Dawid ɔnanmusini, na ɔkɔɔ so yie, na Israel nyinaa tiee no.
24 All the officials and mighty men, as well as all of King David’s sons, pledged their allegiance to King Solomon.
Adehyeɛ mpanimfoɔ nyinaa, asahene ne Dawid mmammarima nyinaa suae kyerɛɛ ɔhene Salomo.
25 The LORD highly exalted Solomon in the sight of all Israel and bestowed on him royal majesty such as had not been bestowed on any king in Israel before him.
Na Awurade pagyaa Salomo maa Israelman no maa no nidie nwanwasoɔ, na ɔmaa Salomo ahonya ne animuonyam sene nʼagya.
26 David son of Jesse was king over all Israel.
Enti, Yisai babarima Dawid dii Israel nyinaa so ɔhene.
27 The length of David’s reign over Israel was forty years—seven years in Hebron and thirty-three years in Jerusalem.
Ɔdii ɔhene wɔ Israel mfeɛ aduanan a ne nkyerɛmu ne sɛ, ɔtenaa Hebron mfeɛ nson dii adeɛ, na mfeɛ aduasa mmiɛnsa nso, ɔtenaa Yerusalem.
28 He died at a ripe old age, full of years, riches, and honor, and his son Solomon reigned in his place.
Ɔtenaa ase kyɛree, nyinii yie, nyaa ahodeɛ ne animuonyam ansa na ɔrewu. Na ne babarima Salomo dii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
29 Now the acts of King David, from first to last, are indeed written in the Chronicles of Samuel the Seer, the Chronicles of Nathan the Prophet, and the Chronicles of Gad the Seer,
Ɛfiri Ɔhene Dawid adedie ahyɛaseɛ de kɔsi nʼawieeɛ mu nsɛm nyinaa, wɔatwerɛ agu ɔdehunufoɔ Samuel abakɔsɛm nwoma, odiyifoɔ Natan abakɔsɛm nwoma ne ɔdehunufoɔ Gad abakɔsɛm nwoma mu.
30 together with all the details of his reign, his might, and the circumstances that came upon him and Israel and all the kingdoms of the lands.
Nʼadedie mu akokoɔdurusɛm ne biribiara a ɛbaa ne so, Israel ne ahennie ahodoɔ a atwa ne ho ahyia nyinaa nso yɛ nsɛm a wɔatwerɛ.