< 1 Chronicles 16 >

1 So they brought the ark of God and placed it inside the tent that David had pitched for it. And they presented burnt offerings and peace offerings before God.
Na wɔde Onyankopɔn Apam Adaka no kosii ntamadan sononko bi a Dawid asiesie mu, na wɔbɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre wɔ Onyankopɔn anim.
2 When David had finished sacrificing the burnt offerings and peace offerings, he blessed the people in the name of the LORD.
Dawid wiee no, ohyiraa nkurɔfo no wɔ Awurade din mu.
3 Then he distributed to every man and woman of Israel a loaf of bread, a date cake, and a raisin cake.
Na ɔkyɛɛ Israelfo mmea ne mmarima nyinaa aduan. Obiara nyaa brodo mua, namkum ne bobe aba ɔfam.
4 David appointed some of the Levites to minister before the ark of the LORD, to celebrate, to give thanks, and to praise the LORD, the God of Israel.
Dawid yii saa Lewifo yi sɛ wonni nnipa no anim wɔ ɔsom mu, wɔ Awurade Apam Adaka no anim, na wɔmfa so nsrɛ ne nhyira, na wɔnna Awurade, Israel Nyankopɔn ase na wɔnkamfo no.
5 Asaph was the chief, Zechariah was second, then Jeiel, Shemiramoth, Jehiel, Mattithiah, Eliab, Benaiah, Obed-edom, and Jeiel. They were to play the harps and lyres, while Asaph sounded the cymbals
Asaf a na ɔda kuw yi ano no bɔɔ kyɛnkyɛn no. Na nʼabediakyirifo yɛ Sakaria a ɔto so abien, afei Yeiel, Semiramot, Yehiel, Matitia, Eliab, Benaia, Obed-Edom ne Yahasiel. Wɔn na wɔbɔɔ mmɛnta ne asankuten.
6 and the priests Benaiah and Jahaziel blew the trumpets regularly before the ark of the covenant of God.
Na Asɔfo Benaia ne Yahasiel taa bɔ ntorobɛnto wɔ Onyankopɔn Apam Adaka no anim.
7 On that day David first committed to Asaph and his brothers this song of thanksgiving to the LORD:
Saa da no, Dawid de saa aseda dwom a ɔde ma Awurade yi maa Asaf ne ne mfɛfo Lewifo:
8 “Give thanks to the LORD; call upon His name; make known His deeds among the nations.
Da Awurade ase na da ne kɛseyɛ adi. Ma wiase nyinaa nhu nea wayɛ.
9 Sing to Him, sing praises to Him; tell of all His wonders.
Monto dwom mma no, monto ayeyi dwom mma no; monka nʼanwonwade no nyinaa.
10 Glory in His holy name; let the hearts of those who seek the LORD rejoice.
Monhoahoa mo ho wɔ ne din kronkron mu; momma wɔn a wɔhwehwɛ Awurade no nnya koma mu anigye.
11 Seek out the LORD and His strength; seek His face always.
Momma mo ani nna Awurade ne nʼahoɔden so; na monhwehwɛ nʼanim bere biara.
12 Remember the wonders He has done, His marvels, and the judgments He has pronounced,
Monkae anwonwade a wayɛ, ne nsɛnkyerɛnne ne atɛn a obui.
13 O offspring of His servant Israel, O sons of Jacob, His chosen ones.
Mo Israelmma, Onyankopɔn somfo, Yakob mma a wapaw wɔn.
14 He is the LORD our God; His judgments carry throughout the earth.
Ɔyɛ Awurade, yɛn Nyankopɔn; nʼahenni da adi wɔ asase so nyinaa.
15 Remember His covenant forever, the word He ordained for a thousand generations—
Ɔkae nʼapam daa nyinaa, asɛm a ɔhyɛ maa awo ntoantoaso apem no.
16 the covenant He made with Abraham, and the oath He swore to Isaac.
Eyi ne apam a ɔne Abraham yɛe ne ntam a ɔka kyerɛɛ Isak.
17 He confirmed it to Jacob as a decree, to Israel as an everlasting covenant:
Ɔhyɛɛ mu den maa Yakob sɛ mmara, de maa Israel sɛ apam a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ;
18 ‘I will give you the land of Canaan as the portion of your inheritance.’
“Mede Kanaan asase no bɛma wo sɛ kyɛfa a ɛbɛyɛ wʼagyapade.”
19 When they were few in number, few indeed, and strangers in the land,
Ɔkaa eyi bere a na wɔnnɔɔso, ahɔhokuw ketewa bi a wɔwɔ Kanaan.
20 they wandered from nation to nation, from one kingdom to another.
Wofii aman so kɔɔ aman so, fii ahemman mu kɔɔ ahemman mu.
21 He let no man oppress them; He rebuked kings on their behalf:
Nanso wamma obi anhyɛ wɔn so; wɔn nti, ɔkaa ahene anim se;
22 ‘Do not touch My anointed ones! Do no harm to My prophets!’
“Mommfa mo nsa nka wɔn a masra wɔn ngo, na monnyɛ mʼadiyifo bɔne bi.”
23 Sing to the LORD, all the earth. Proclaim His salvation day after day.
Momma asase nyinaa nto dwom mma Awurade! Da biara, mompae mu nka asɛmpa no sɛ ogye nkwa.
24 Declare His glory among the nations, His wonderful deeds among all peoples.
Mommɔ nʼanuonyam nneyɛe ho dawuru wɔ amanaman mu. Monka anwonwade a ɔyɛ nkyerɛ obiara.
25 For great is the LORD, and greatly to be praised; He is to be feared above all gods.
Awurade yɛ ɔkɛse! Na nkamfo fata no! Ɛsɛ sɛ wosuro no sen anyame nyinaa.
26 For all the gods of the nations are idols, but it is the LORD who made the heavens.
Aman so anyame nyinaa yɛ ahoni bi kwa, nanso Awurade na ɔbɔɔ ɔsoro!
27 Splendor and majesty are before Him; strength and joy fill His dwelling.
Anuonyam ne tumi atwa ne ho ahyia, ahoɔden ne ahoɔfɛ wɔ nʼatenae.
28 Ascribe to the LORD, O families of the nations, ascribe to the LORD glory and strength.
Momfa mma Awurade, Amanaman mmusuakuw, momfa anuonyam ne tumi mma Awurade.
29 Ascribe to the LORD the glory due His name; bring an offering and come before Him. Worship the LORD in the splendor of His holiness;
Momfa anuonyam a ɛfata mma Awurade! Momfa mo afɔrebɔde mmra mmɛsom no. Monsɔre Awurade wɔ ne hyerɛn kronkron nyinaa mu.
30 tremble before Him, all the earth. The world is firmly established; it cannot be moved.
Momma asase nyinaa mpopo wɔ nʼanim. Wɔatim wiase dennen a entumi nhinhim.
31 Let the heavens be glad, and the earth rejoice. Let them say among the nations, ‘The LORD reigns!’
Momma ɔsoro ani nnye na asase nsɛpɛw ne ho! Momma aman nyinaa nte sɛ, Awurade yɛ ɔhene.
32 Let the sea resound, and all that fills it; let the fields exult, and all that is in them.
Momma ɛpo ne nea ɛwɔ mu nyinaa nteɛ mu nkamfo no. Momma mfuw ne wɔn nnɔbae mfa ahosɛpɛw mpue.
33 Then the trees of the forest will sing for joy before the LORD, for He is coming to judge the earth.
Momma kwae nnua nnyigyei nyɛ ayeyi Awurade anim! Efisɛ ɔrebebu asase atɛn.
34 Give thanks to the LORD, for He is good; His loving devotion endures forever.
Monna Awurade ase, efisɛ oye na nʼadɔe wɔ hɔ daa.
35 Then cry out: ‘Save us, O God of our salvation; gather and deliver us from the nations, that we may give thanks to Your holy name, that we may glory in Your praise.’
Monteɛteɛ mu se, “Gye yɛn, Ao yɛn nkwagye Onyankopɔn! Boa yɛn ano, na gye yɛn fi amanaman nsam, na yɛatumi ada wo din kronkron ase, na yɛadi ahurusi akamfo wo.”
36 Blessed be the LORD, the God of Israel, from everlasting to everlasting.” Then all the people said, “Amen!” and “Praise the LORD!”
Ayeyi nka Awurade, Israel Nyankopɔn, emfi mmeresanten nkosi nnasanten. Na nnipa no nyinaa gyee so se, “Amen!” Na wɔkamfoo Awurade.
37 So David left Asaph and his brothers there before the ark of the covenant of the LORD, to minister there regularly according to the daily requirements,
Dawid hyehyɛ maa Asaf ne ne mfɛfo Lewifo no sɛ wɔnsom daa wɔ Awurade Apam Adaka no anim, na wɔnyɛ nea ehia sɛ wɔyɛ no da biara.
38 along with Obed-edom and his sixty-eight relatives. Obed-edom son of Jeduthun, and also Hosah, were to be gatekeepers.
Saa kuw yi mu nnipa ne Obed-Edom (a ɔyɛ Yedutun babarima no), Hosa ne Lewifo aduosia awotwe a wɔyɛ apon ano hwɛfo.
39 And David left Zadok the priest and his fellow priests before the tabernacle of the LORD at the high place in Gibeon
Dawid de ɔsɔfo Sadok ne ne mfɛfo asɔfo tenaa Awurade Ahyiae Ntamadan a ɛwɔ bepɔw Gibeon no, sɛ wɔnsom wɔ Awurade anim wɔ hɔ.
40 to regularly present burnt offerings to the LORD on the altar of burnt offerings, morning and evening, according to all that was written in the Law of the LORD, which He had commanded Israel to keep.
Anɔpa ne anwummere biara, wɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ afɔremuka a wɔayi asi hɔ ama saa dwumadi no so. Na wodii biribiara a wɔakyerɛw sɛ Awurade mmara a ɔde ama Israel no so.
41 With them were Heman, Jeduthun, and the rest of those chosen and designated by name to give thanks to the LORD, for “His loving devotion endures forever.”
Dawid san yii Heman, Yedutun ne afoforo bi a wɔbobɔɔ wɔn din, yiyii wɔn no sɛ wɔnna Awurade ase “Na nʼadɔe no tim hɔ daa.”
42 Heman and Jeduthun had with them trumpets and cymbals for the music and instruments for the songs of God. And the sons of Jeduthun were stationed at the gate.
Heman ne Yedutun bɔɔ wɔn ntorobɛnto, kyɛnkyɛn ne nnwontode ahorow de gyigyee ayeyi nnwom a wɔto maa Onyankopɔn no ho. Na woyii Yedutun mmabarima ma wɔyɛɛ apon ano hwɛfo.
43 Then all the people departed for their homes, and David returned home to bless his household.
Na nnipa no nyinaa san kɔɔ wɔn afi mu. Dawid nso san kɔɔ ne fi, kohyiraa ne fifo.

< 1 Chronicles 16 >