< Joshua 11 >

1 And it came to pass, when Jabin king of Hazor heard thereof, that he sent to Jobab king of Madon, and to the king of Shimron, and to the king of Achshaph,
Ɛberɛ a Hasorhene Yabin tee asɛm a asi no, ɔtoo ahemfo a wɔdidi so yi nkra dendeenden: Madonhene Yobab, Simronhene ne Aksafhene;
2 and to the kings that were on the north, in the hill-country, and in the Arabah south of Chinneroth, and in the lowland, and in the heights of Dor on the west,
ahemfo a wɔwɔ atifi fam mmepɔ so, ahemfo a wɔwɔ Yordan Bɔnhwa a ɛda Galilea anafoɔ fam; ahemfo a wɔwɔ atɔeɛ fam nkokoɔ so; ahemfo a wɔwɔ Nafɔt Dor atɔeɛ fam;
3 to the Canaanite on the east and on the west, and the Amorite, and the Hittite, and the Perizzite, and the Jebusite in the hill-country, and the Hivite under Hermon in the land of Mizpah.
Kanaan ahemfo a wɔwɔ apueeɛ ne atɔeɛ; Amorifoɔ ahemfo ne Hetifoɔ ahemfo ne Perisifoɔ ahemfo ne ahemfo a wɔwɔ Yebusifoɔ mmepɔ asase so; ne Hewifoɔ a wɔwɔ nkuro a ɛwɔ Hermon bepɔ ase wɔ Mispa asase so.
4 And they went out, they and all their hosts with them, much people, even as the sand that is upon the sea-shore in multitude, with horses and chariots very many.
Saa ahemfo yi nyinaa gyee pene, boaboaa wɔn akodɔm ano sɛ wɔbɛka abɔ mu ako atia Israel. Wɔn akodɔm no nyinaa, apɔnkɔ dodoɔ ne nteaseɛnam yɛɛ asase no so ma te sɛ mpoano anwea.
5 And all these kings met together; and they came and encamped together at the waters of Merom, to fight with Israel.
Wɔbɔɔ wɔn atenaeɛ wɔ asuo a ɛbɛn Merom ho sɛ wɔrebɛko atia Israel.
6 And Jehovah said unto Joshua, Be not afraid because of them; for to-morrow at this time will I deliver them up all slain before Israel: thou shalt hock their horses, and burn their chariots with fire.
Awurade ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Nsuro wɔn. Ɔkyena sɛsɛɛ berɛ mu na wɔn nyinaa atotɔ. Bubu wɔn apɔnkɔ no nan na hye wɔn nteaseɛnam no.”
7 So Joshua came, and all the people of war with him, against them by the waters of Merom suddenly, and fell upon them.
Na Yosua ne nʼakodɔm kɔɔ Merom asuo no ho kɔto hyɛɛ wɔn so mpofirim.
8 And Jehovah delivered them into the hand of Israel, and they smote them, and chased them unto great Sidon, and unto Misrephoth-maim, and unto the valley of Mizpeh eastward; and they smote them, until they left them none remaining.
Na Awurade ma wɔdii wɔn atamfoɔ no so nkonim. Israelfoɔ no taa wɔn ara kɔsii Sidon Kɛseɛ ne Misrefot-Maim ho ne Mispa Bɔnhwa no mu wɔ apueeɛ fam, kɔsii sɛ atamfoɔ no akofoɔ baako mpo anka.
9 And Joshua did unto them as Jehovah bade him: he hocked their horses, and burnt their chariots with fire.
Ɛnna Yosua bubuu apɔnkɔ no nan, sane hyee nteaseɛnam no sɛdeɛ Awurade hyɛɛ wɔn no.
10 And Joshua turned back at that time, and took Hazor, and smote the king thereof with the sword: for Hazor beforetime was the head of all those kingdoms.
Yosua sane nʼakyi bɛgyee Hasor kuro no faeɛ, kumm ɛhɔ ɔhene. (Na anka Hasor yɛ saa ahemman nkabom no nyinaa kuropɔn.)
11 And they smote all the souls that were therein with the edge of the sword, utterly destroying them; there was none left that breathed: and he burnt Hazor with fire.
Israelfoɔ no sɛee biribiara a nkwa wɔ mu wɔ kuropɔn no so. Wɔannya ɔkra fua mpo. Na Yosua too Hasor kuropɔn no mu ogya.
12 And all the cities of those kings, and all the kings of them, did Joshua take, and he smote them with the edge of the sword, and utterly destroyed them; as Moses the servant of Jehovah commanded.
Yosua kunkumm ahemfo a aka no nyinaa ne wɔn manfoɔ sɛee wɔn pasaa sɛdeɛ Mose, Awurade ɔsomfoɔ, hyɛɛ no pɛpɛɛpɛ.
13 But as for the cities that stood on their mounds, Israel burned none of them, save Hazor only; that did Joshua burn.
Mmom, Yosua anhye kuropɔn biara a ɛsi esie so gye Hasor.
14 And all the spoil of these cities, and the cattle, the children of Israel took for a prey unto themselves; but every man they smote with the edge of the sword, until they had destroyed them, neither left they any that breathed.
Na Israelfoɔ no faa asadeɛ ne anantwie a wɔwɔ nkuro mmubuiɛ no mu nanso wɔkumm emu nnipa no nyinaa.
15 As Jehovah commanded Moses his servant, so did Moses command Joshua: and so did Joshua; he left nothing undone of all that Jehovah commanded Moses.
Sɛdeɛ Awurade hyɛɛ ne ɔsomfoɔ Mose no, saa ara na Mose nso hyɛɛ Yosua. Na Yosua nso yɛɛ sɛdeɛ wɔka kyerɛɛ no no, dii deɛ Awurade hyɛɛ Mose no nyinaa so.
16 So Joshua took all that land, the hill-country, and all the South, and all the land of Goshen, and the lowland, and the Arabah, and the hill-country of Israel, and the lowland of the same;
Enti, Yosua ko gyee ɔmantam no nyinaa a ɛyɛ mmepɔ ɔman, Negeb, Gosen asase, atɔeɛ fam nkokoɔ, Yordan Bɔnhwa, Israel mmepɔ ne nsase tata faeɛ.
17 from mount Halak, that goeth up to Seir, even unto Baal-gad in the valley of Lebanon under mount Hermon: and all their kings he took, and smote them, and put them to death.
Enti afei, Israel nsase bɛyɛɛ deɛ ɛfiri Halak bepɔ a ɛkɔsi Seir wɔ atifi fam toaso kɔ Baal-Gad a ɛwɔ Bepɔ Hermon ase wɔ Lebanon bɔnhwa mu. Yosua kunkumm nsase no so ahemfo nyinaa,
18 Joshua made war a long time with all those kings.
wɔ mmerɛ tenten akokoakoko mu.
19 There was not a city that made peace with the children of Israel, save the Hivites the inhabitants of Gibeon: they took all in battle.
Kuro biara nni ɔmantam yi mu a ɔne Israelfoɔ yɛɛ asomdwoeɛ apam gye sɛ Hewifoɔ a wɔte Gibeon no. Wɔdii wɔn a aka no nyinaa so nkonim.
20 For it was of Jehovah to harden their hearts, to come against Israel in battle, that he might utterly destroy them, that they might have no favor, but that he might destroy them, as Jehovah commanded Moses.
Awurade pirim wɔn akoma ma wɔko tiaa Israelfoɔ wɔ ɛberɛ a anka ɛsɛ sɛ wɔ ne wɔn yɛ asomdwoeɛ nhyehyɛeɛ. Enti wɔsɛee wɔn pasaa a ahummɔborɔ biara nni mu sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no.
21 And Joshua came at that time, and cut off the Anakim from the hill-country, from Hebron, from Debir, from Anab, and from all the hill-country of Judah, and from all the hill-country of Israel: Joshua utterly destroyed them with their cities.
Saa ɛberɛ no mu, Yosua tɔree Anak asefoɔ a na wɔte bepɔ nkuro Hebron, Debir, Anab ne bepɔman Yuda ne Israel nyinaa ase. Ɔkumm wɔn nyinaa na ɔsɛee wɔn nkuro no pasaa.
22 There was none of the Anakim left in the land of the children of Israel: only in Gaza, in Gath, and in Ashdod, did some remain.
Wɔn mu fua koraa anka wɔ Israel asase so, mmom, wɔn mu bi kaa Gasa, Gat ne Asdod.
23 So Joshua took the whole land, according to all that Jehovah spake unto Moses; and Joshua gave it for an inheritance unto Israel according to their divisions by their tribes. And the land had rest from war.
Enti, Yosua faa asase no nyinaa sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no. Ɔde maa Israelfoɔ sɛ wɔn agyapadeɛ sononko kyekyɛɛ mu maa mmusuakuo no. Enti awieeɛ no asase no so dwoeɛ.

< Joshua 11 >