< Genesis 21 >
1 And Jehovah visited Sarah as he had said, and Jehovah did unto Sarah as he had spoken.
Afei, Awurade hunuu Sara mmɔbɔ, sɛdeɛ ɔhyɛɛ no bɔ no.
2 And Sarah conceived, and bare Abraham a son in his old age, at the set time of which God had spoken to him.
Sara nyinsɛneeɛ, na ɔwoo ɔbabarima maa Abraham wɔ ne nkɔkoraaberɛm, ɛberɛ a Awurade hyɛɛ no bɔ no mu pɛpɛɛpɛ.
3 And Abraham called the name of his son that was born unto him, whom Sarah bare to him, Isaac.
Abraham too ɔbabarima a Sara woo no maa no no edin Isak, a aseɛ ne Sereɛ.
4 And Abraham circumcised his son Isaac when he was eight days old, as God had commanded him.
Ɛberɛ a Isak dii nnawɔtwe no, ɔtwaa no twetia, sɛdeɛ Onyankopɔn hyɛɛ no no.
5 And Abraham was a hundred years old, when his son Isaac was born unto him.
Wɔwoo Isak maa Abraham no, na wadi mfeɛ ɔha.
6 And Sarah said, God hath made me to laugh; every one that heareth will laugh with me.
Afei, Sara kaa sɛ, “Onyankopɔn ama masere. Na obiara a ɔbɛte saa asɛm yi ne me bɛbom asere.”
7 And she said, Who would have said unto Abraham, that Sarah should give children suck? for I have borne him a son in his old age.
Sara ka kaa ho sɛ, “Hwan na ɔsoo ho daeɛ ka kyerɛɛ Abraham sɛ, Sara bɛwo mma. Nanso, ne nkɔkoraaberɛm yi, mawo ɔbabarima ama no.”
8 And the child grew, and was weaned: and Abraham made a great feast on the day that Isaac was weaned.
Abɔfra no nyiniiɛ, ma wɔtwaa no nufoɔ. Ɛda a wɔtwaa Isak nufoɔ no, Abraham too ɛpono kɛseɛ.
9 And Sarah saw the son of Hagar the Egyptian, whom she had borne unto Abraham, mocking.
Nanso, Sara hunuu sɛ, ɔbabarima a nʼafenawa Misraimni Hagar woo no maa Abraham no redi Isak ho fɛ.
10 Wherefore she said unto Abraham, Cast out this handmaid and her son: for the son of this handmaid shall not be heir with my son, even with Isaac.
Enti, Sara ka kyerɛɛ Abraham sɛ, “Pam saa afenaa yi ne ne babarima yi firi ha; na Isak ne saa afenaa babarima yi nni wʼagyadeɛ biara mu kyɛfa.”
11 And the thing was very grievous in Abraham’s sight on account of his son.
Abraham tee saa asɛm no, ɛsiane ne babarima Ismael enti, ne werɛ hoo yie.
12 And God said unto Abraham, Let it not be grievous in thy sight because of the lad, and because of thy handmaid; in all that Sarah saith unto thee, hearken unto her voice; for in Isaac shall thy seed be called.
Nanso, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ, “Mma wo babarima Ismael ne wʼafenaa Hagar ho asɛm no nnha wo bebree. Asɛm biara a Sara bɛka akyerɛ wo no, tie, ɛfiri sɛ, Isak so na wɔnam bɛkan wʼasefoɔ.
13 And also of the son of the handmaid will I make a nation, because he is thy seed.
Mɛma afenaa no babarima Ismael no nso asefoɔ ayɛ ɔman kɛseɛ, ɛfiri sɛ, ɔno nso yɛ wʼaseni.”
14 And Abraham rose up early in the morning, and took bread and a bottle of water, and gave it unto Hagar, putting it on her shoulder, and [gave her] the child, and sent her away: and she departed, and wandered in the wilderness of Beer-sheba.
Adeɛ kyee anɔpatutuutu no, Abraham faa aduane ne nsuo a ɛgu aboa nwoma mu, de maa Hagar. Ɔde aduane no ne nsuo no sisii Hagar mmati so, ka kyerɛɛ ɔne ne ba Ismael no sɛ, wɔnkɔ. Ɔfirii hɔ kɔkyinkyinii Beer-Seba ɛserɛ so a na ɔnhunu baabi a ɔrekɔ.
15 And the water in the bottle was spent, and she cast the child under one of the shrubs.
Nsuo a ɛwɔ aboa nwoma no mu saeɛ no, ɔde ne babarima no kɔhintaa wira no mu baabi.
16 And she went, and sat her down over against him a good way off, as it were a bowshot: for she said, Let me not look upon the death of the child. And she sat over against him, and lifted up her voice, and wept.
Afei, ɔkɔtenaa akyiri baabi a woto ɛboɔ a ɛbɛtɔ, kaa sɛ, “Merentumi nhwɛ sɛ abarimaa no bɛwu.” Na ɛberɛ a Hagar te hɔ saa no, ɔhyɛɛ aseɛ suiɛ.
17 And God heard the voice of the lad; and the angel of God called to Hagar out of heaven, and said unto her, What aileth thee, Hagar? fear not; for God hath heard the voice of the lad where he is.
Onyankopɔn tee sɛ abarimaa no resu. Onyankopɔn ɔbɔfoɔ frɛɛ Hagar firi soro bisaa no sɛ, “Hagar! Asɛm bɛn na ɛha wo? Nsuro, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn ate abarimaa no su wɔ baabi a ɔda no.
18 Arise, lift up the lad, and hold him in thy hand; for I will make him a great nation.
Pagya abarimaa no, ɛfiri sɛ, mɛma no ayɛ ɔman kɛseɛ.”
19 And God opened her eyes, and she saw a well of water; and she went, and filled the bottle with water, and gave the lad drink.
Afei, Onyankopɔn buee Hagar ani, ma ɔhunuu subura bi. Ɔde aboa nwoma no kɔsaa nsuo ma, ɛnna ɔmaa abarimaa no bi nomeeɛ.
20 And God was with the lad, and he grew; and he dwelt in the wilderness, and became, as he grew up, an archer.
Onyankopɔn adom enti, abarimaa no nyiniiɛ. Ɔtenaa ɛserɛ no so hunuu agyantoɔ yie.
21 And he dwelt in the wilderness of Paran: and his mother took him a wife out of the land of Egypt.
Ɛberɛ a ɔte Paran ɛserɛ so no, ne maame kɔfaa ɔbaa firi Misraim asase so de no brɛɛ no awadeɛ.
22 And it came to pass at that time, that Abimelech and Phicol the captain of his host spake unto Abraham, saying, God is with thee in all that thou doest:
Saa ɛberɛ no mu, ɔhene Abimelek ne ne sahene Pikol baa Abraham nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Biribiara a woyɛ no, Onyankopɔn ka wo ho.
23 now therefore swear unto me here by God that thou wilt not deal falsely with me, nor with my son, nor with my son’s son: but according to the kindness that I have done unto thee, thou shalt do unto me, and to the land wherein thou hast sojourned.
Enti afei, di nse ka ntam wɔ Onyankopɔn anim kyerɛ me wɔ ha sɛ, worentwa me mma anaa mʼasefoɔ nkontompo. Saa ayamyɛ a mayɛ wo no, saa ara na fa yɛ me ne ɔman a wote so sɛ ɔmamfrani no.”
24 And Abraham said, I will swear.
Abraham penee so sɛ, “Meka saa ntam no!”
25 And Abraham reproved Abimelech because of the well of water, which Abimelech’s servants had violently taken away.
Afei, Abraham de subura bi a Abimelek nkoa de aniɛden afa no ho asɛm kɔtoo Abimelek anim.
26 And Abimelech said, I know not who hath done this thing: neither didst thou tell me, neither yet heard I of it, but to-day.
Nanso, Abimelek kaa sɛ, “Mennim onipa ko a ɔyɛɛ saa adeɛ no. Woammɔ me ho amaneɛ. Ɛnnɛ na mate saa asɛm yi.”
27 And Abraham took sheep and oxen, and gave them unto Abimelech; and they two made a covenant.
Enti, Abraham de nnwan ne anantwie brɛɛ Abimelek. Na mmarima baanu yi de yɛɛ apam.
28 And Abraham set seven ewe lambs of the flock by themselves.
Abraham yii nnwanten mma abereɛ nson firii nnwankuo no mu gyinaa fa.
29 And Abimelech said unto Abraham, What mean these seven ewe lambs which thou hast set by themselves?
Na Abimelek bisaa Abraham sɛ, “Nnwanten mma abereɛ nson a woayi wɔn agyina fa yi ase kyerɛ sɛn?”
30 And he said, These seven ewe lambs shalt thou take of my hand, that it may be a witness unto me, that I have digged this well.
Abraham buaa sɛ, “Nʼasekyerɛ ara ne sɛ, ɛyɛ akyɛdeɛ a mede rema wo de adi adanseɛ sɛ, me na metuu saa abura yi.”
31 Wherefore he called that place Beer-sheba; because there they sware both of them.
Ɛfiri saa ɛberɛ no rekorɔ no, wɔfrɛɛ saa abura no, Beer-Seba a aseɛ ne Ntanka Abura, ɛfiri sɛ, ɛhɔ na wɔn baanu yɛɛ apam no.
32 So they made a covenant at Beer-sheba: and Abimelech rose up, and Phicol the captain of his host, and they returned into the land of the Philistines.
Wɔyɛɛ apam no wiee wɔ Beer-Seba no, ɔhene Abimelek ne ne Sahene Pikol sane kɔɔ Filistifoɔ asase so.
33 And [Abraham] planted a tamarisk tree in Beer-sheba, and called there on the name of Jehovah, the Everlasting God.
Abraham nso duaa dua bi a wɔfrɛ no ɛsɛnteɛ wɔ abura no ho wɔ Beer-Seba. Ɛhɔ na daa na ɔsom Awurade teasefoɔ no.
34 And Abraham sojourned in the land of the Philistines many days.
Abraham tenaa Filistifoɔ asase no so sɛ ɔmamfrani nna bebree.