< Psalms 46 >

1 For the Chief Musician. By the sons of Korah. According to Alamoth. God is our refuge and strength, a very present help in trouble.
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Kora mma dwom. Wɔto no “alamot” sankuo nne so. Onyankopɔn ne yɛn dwanekɔbea ne yɛn ahoɔden, amanehunu mu ɔboafoɔ a ɔwɔ hɔ ɛberɛ biara.
2 Therefore we will not be afraid, though the earth changes, though the mountains are shaken into the heart of the seas;
Enti sɛ asase ani dane butu na mmepɔ tutu kɔgu ɛpo ase a, yɛrensuro,
3 though its waters roar and are troubled, though the mountains tremble with their swelling. (Selah)
sɛ ɛpo bɔ asorɔkye na ɛhuru na ɛma nkokoɔ woso mpo a, yɛrensuro.
4 There is a river, the streams of which make the city of God glad, the holy place of the tents of the Most High.
Asutene bi wɔ hɔ a ne nsuwansuwa de anigyeɛ ba Onyankopɔn kuropɔn mu, beaeɛ kronkron a Ɔsorosoroni no teɛ.
5 God is within her. She shall not be moved. God will help her at dawn.
Onyankopɔn te kuropɔn no mu, na ɔrenhwe ase; Onyankopɔn bɛboa no anɔpahema.
6 The nations raged. The kingdoms were moved. He lifted his voice and the earth melted.
Amanaman yɛ hoo, na ahennie hwehwe ase; ɔma ne nne so ma asase nane.
7 The LORD of Armies is with us. The God of Jacob is our refuge. (Selah)
Otumfoɔ Awurade ka yɛn ho. Yakob Onyankopɔn yɛ yɛn aban.
8 Come, see the LORD’s works, what desolations he has made in the earth.
Bra bɛhwɛ Awurade nnwuma, ɔsɛeɛ a ɔde aba asase no so.
9 He makes wars cease to the end of the earth. He breaks the bow, and shatters the spear. He burns the chariots in the fire.
Ɔma akodie gyae kɔsi asase ano. Ɔbubu agyan mu na ɔsɛe pea; ɔde ogya hye nkataboɔ.
10 “Be still, and know that I am God. I will be exalted among the nations. I will be exalted in the earth.”
Monyɛ komm na monhunu sɛ me ne Onyankopɔn; wɔbɛma me so wɔ amanaman no mu, wɔbɛma me so wɔ asase so.
11 The LORD of Armies is with us. The God of Jacob is our refuge. (Selah)
Otumfoɔ Awurade ka yɛn ho; Yakob Onyankopɔn yɛ yɛn aban.

< Psalms 46 >