< Judges 8 >

1 The men of Ephraim said to him, “Why have you treated us this way, that you did not call us when you went to fight with Midian?” They rebuked him sharply.
Afei, Efraimfo no bisaa Gideon se, “Adɛn nti na woyɛ yɛn saa? Adɛn nti na worekɔko atia Midian kan no, woamfrɛ yɛn?” Na wɔne Gideon kasaa anibere so.
2 He said to them, “What have I now done in comparison with you? Is not the gleaning of the grapes of Ephraim better than the vintage of Abiezer?
Na Gideon buaa wɔn se, “Dɛn na mayɛ a mede bɛtoto mo ho? Na Efraim bobe aba a ɛka wɔ twabere akyi no nye nsen Abieser bobe a wɔtewee nyinaa?
3 God has delivered into your hand the princes of Midian, Oreb and Zeeb! What was I able to do in comparison with you?” Then their anger was abated toward him when he had said that.
Onyankopɔn maa mudii Oreb ne Seeb a na wɔyɛ Midian asahene no so. Dɛn na matumi ayɛ a ɛsɛ eyi?” Efraim mmarima no tee Gideon mmuae no, wɔn bo tɔɔ wɔn yam.
4 Gideon came to the Jordan and passed over, he and the three hundred men who were with him, faint, yet pursuing.
Gideon ne ne mmarima ahaasa no twaa Asubɔnten Yordan, ɛwɔ mu sɛ na wɔabrɛ de, nanso wɔtoaa so taa atamfo no.
5 He said to the men of Succoth, “Please give loaves of bread to the people who follow me; for they are faint, and I am pursuing after Zebah and Zalmunna, the kings of Midian.”
Woduu Sukot no, Gideon ka kyerɛɛ ntuanofo a wɔwɔ hɔ no se, “Momma mʼakofo no aduan nni na wɔabrɛ. Meretaa Midian ahemfo Seba ne Salmuna.”
6 The princes of Succoth said, “Are the hands of Zebah and Zalmunna now in your hand, that we should give bread to your army?”
Na Sukot ntuanofo no buae se, “Kyere Seba ne Salmuna ansa na yɛama wʼakofo no aduan adi.”
7 Gideon said, “Therefore when the LORD has delivered Zebah and Zalmunna into my hand, then I will tear your flesh with the thorns of the wilderness and with briers.”
Gideon buae se, “Sɛ Awurade ma midi Seba ne Salmuna so nkonim a, mɛsan aba de sare so nsɔe ne akraate abesunsuan mo honam ani.”
8 He went up there to Penuel, and spoke to them in the same way; and the men of Penuel answered him as the men of Succoth had answered.
Na Gideon fii hɔ kɔɔ Penuel kɔsrɛɛ aduan bio, na onyaa mmuae koro no ara.
9 He spoke also to the men of Penuel, saying, “When I come again in peace, I will break down this tower.”
Na ɔka kyerɛɛ Penuelfo no se, “Sɛ mifi nkonimdi mu ba a, mebubu saa abantenten yi.”
10 Now Zebah and Zalmunna were in Karkor, and their armies with them, about fifteen thousand men, all who were left of all the army of the children of the east; for there fell one hundred twenty thousand men who drew sword.
Saa bere yi na Seba ne Salmuna ne akofo mpem dunum wɔ Karkor, aboafo a wofi apuei fam a na emu mpem ɔha aduonu atotɔ dedaw no nkaefo.
11 Gideon went up by the way of those who lived in tents on the east of Nobah and Jogbehah, and struck the army; for the army felt secure.
Gideon faa atutenafo kwan a ɛda Noba ne Yogbeha apuei fam no ho hyiae, na wɔtow hyɛɛ Midian nsraadɔm a na wɔn ani nna wɔn ho so no so.
12 Zebah and Zalmunna fled and he pursued them. He took the two kings of Midian, Zebah and Zalmunna, and confused all the army.
Midian ahemfo baanu a wɔn din de Seba ne Salmuna no guanee, nanso Gideon taa wɔn faa wɔn akofo nyinaa nnommum.
13 Gideon the son of Joash returned from the battle from the ascent of Heres.
Eyi akyi no, Yoas ba Gideon faa Heres tempɔn so sanee.
14 He caught a young man of the men of Succoth, and inquired of him; and he described for him the princes of Succoth, and its elders, seventy-seven men.
Ɛhɔ na ɔkyeree aberante bi a ofi Sukot. Ɔhyɛɛ no sɛ ɔnkyerɛw nnipa aduɔson ason a wɔyɛ sodifo ne ntuanofo a wɔwɔ kurow no mu no din mma no.
15 He came to the men of Succoth, and said, “See Zebah and Zalmunna, concerning whom you taunted me, saying, ‘Are the hands of Zebah and Zalmunna now in your hand, that we should give bread to your men who are weary?’”
Afei, Gideon san kɔɔ Sukot kɔka kyerɛɛ ɛhɔ ntuanofo no se, “Seba ne Salmuna ni. Yɛbaa ha no mudii me ho fɛw, kae se, ‘Kyere Seba ne Salmuna ansa na yɛama wʼakofo a wɔabrɛ no aduan adi.’”
16 He took the elders of the city, and thorns of the wilderness and briers, and with them he taught the men of Succoth.
Afei Gideon faa kurow no mu ntuanofo kyerɛɛ wɔn nyansa. Ɔde sare so nsɔe ne akraate twee wɔn aso.
17 He broke down the tower of Penuel, and killed the men of the city.
Ɔsan dwiriw Penuel abantenten no guu fam, kunkum kurow no mu mmarima nyinaa.
18 Then he said to Zebah and Zalmunna, “What kind of men were they whom you killed at Tabor?” They answered, “They were like you. They all resembled the children of a king.”
Afei, obisaa Seba ne Salmuna se, “Mmarima a mukum wɔn wɔ Tabor no na wɔte dɛn?” Wobuae se, “Mmarima no te sɛ wo. Na wɔn mu biara te sɛ ɔheneba.”
19 He said, “They were my brothers, the sons of my mother. As the LORD lives, if you had saved them alive, I would not kill you.”
Gideon ka kyerɛɛ wɔn se, “Na wɔyɛ me nuanom. Sɛ Awurade te ase yi, sɛ moankum wɔn a, anka me nso merenkum mo.”
20 He said to Jether his firstborn, “Get up and kill them!” But the youth did not draw his sword; for he was afraid, because he was yet a youth.
Ɔdan nʼani kyerɛɛ ne babarima panyin Yeter se, “Kum wɔn.” Nanso Yeter antwe nʼafoa, efisɛ na ɔyɛ abarimaa nti na osuro.
21 Then Zebah and Zalmunna said, “You rise and fall on us; for as the man is, so is his strength.” Gideon arose, and killed Zebah and Zalmunna, and took the crescents that were on their camels’ necks.
Seba ne Salmuna ka kyerɛɛ Gideon se, “Mma abarimaa nyɛ ɔpanyin adwuma! Wʼankasa yɛ!” Enti Gideon kum wɔn baanu, faa adehye agude a ɛsensɛn wɔn yoma kɔn mu no.
22 Then the men of Israel said to Gideon, “Rule over us, both you, your son, and your son’s son also; for you have saved us out of the hand of Midian.”
Na Israelfo no ka kyerɛɛ Gideon se, “Di yɛn so hene. Wo ne wo babarima ne wo nena bɛyɛ yɛn ahemfo, efisɛ woagye yɛn afi Midianfo nsam.”
23 Gideon said to them, “I will not rule over you, neither shall my son rule over you. The LORD shall rule over you.”
Nanso Gideon buae se, “Merenni mo so hene na me babarima nso renni mo so hene. Awurade na obedi mo so.”
24 Gideon said to them, “I do have a request: that you would each give me the earrings of his plunder.” (For they had golden earrings, because they were Ishmaelites.)
Mmom Gideon ka kyerɛɛ wɔn se, mewɔ abisade baako. “Mo mu biara mma me asokaa baako a mofa fii asade a munya fii mo atamfo a mudii wɔn so no nkyɛn.” (Atamfo a na wɔyɛ Ismaelfo no na obiara hyɛ sikakɔkɔɔ asokaa).
25 They answered, “We will willingly give them.” They spread a garment, and every man threw the earrings of his plunder into it.
Wobuaa se, “Yɛpene so dodo.” Wɔde nkataho sɛw fam. Na obiara de ne sikakɔkɔɔ asokaa a onyae beguu so.
26 The weight of the golden earrings that he requested was one thousand and seven hundred shekels of gold, in addition to the crescents, and the pendants, and the purple clothing that was on the kings of Midian, and in addition to the chains that were about their camels’ necks.
Na sikakɔkɔɔ asokaa dodow a wonyae no karii kilogram aduonu ne akyi pɔw anan a nyanne nketewa ne kɔnmuade, Midian ahemfo adehye ahyehyɛde ne nkɔnsɔnkɔnsɔn a egu wɔn yoma kɔn mu nka ho.
27 Gideon made an ephod out of it, and put it in Ophrah, his city. Then all Israel played the prostitute with it there; and it became a snare to Gideon and to his house.
Gideon de yɛɛ asɔfotade kronkron na ɔde sii kurow Ofra, ne kurow mu. Nanso ankyɛ na Israelfo no kɔsom no de guu wɔn ho fi na ɛdan afiri maa Gideon ne ne fifo.
28 So Midian was subdued before the children of Israel, and they lifted up their heads no more. The land had rest forty years in the days of Gideon.
Eyi ne abasɛm a ɛkyerɛ sɛnea Israelfo dii Midianfo so nkonim a wɔantumi ansɔre bio. Gideon nna a etwa to bɛyɛ mfe aduanan mu no, na asomdwoe wɔ asase no so.
29 Jerubbaal the son of Joash went and lived in his own house.
Afei, Yoas babarima Yerub-Baal san kɔɔ ne kurom.
30 Gideon had seventy sons conceived from his body, for he had many wives.
Na ɔwɔ yerenom bebree nti ɔwoo mmabarima aduɔson.
31 His concubine who was in Shechem also bore him a son, and he named him Abimelech.
Na ɔwɔ mpena nso wɔ Sekem a ɔne no woo ɔbabarima, too ne din Abimelek.
32 Gideon the son of Joash died in a good old age, and was buried in the tomb of Joash his father, in Ophrah of the Abiezrites.
Gideon wui no na wanyin yiye. Na wosiee no wɔ nʼagya Yoas da mu wɔ Ofra wɔ Abieserfo abusuasase so.
33 As soon as Gideon was dead, the children of Israel turned again and played the prostitute following the Baals, and made Baal Berith their god.
Gideon wui ara pɛ, Israelfo no kɔsom Baal ahoni, de bɔɔ wɔn ho ahohwi. Wɔnam so yɛɛ Baal-Berit wɔn nyame.
34 The children of Israel did not remember the LORD their God, who had delivered them out of the hand of all their enemies on every side;
Wɔn werɛ fii Awurade, wɔn Nyankopɔn a ogyee wɔn fii wɔn atamfo a wɔatwa wɔn ho ahyia no nsam no.
35 neither did they show kindness to the house of Jerubbaal, that is, Gideon, according to all the goodness which he had shown to Israel.
Na mpo, wɔanni nokware ankyerɛ Yerub-Baal (a ɔne Gideon) fifo wɔ nneɛma pa a ɔyɛ maa Israelfo no ho.

< Judges 8 >