< Job 9 >

1 Then Job answered,
Na Hiob kasaa bio sɛ:
2 “Truly I know that it is so, but how can man be just with God?
“Aane, menim sɛ yei yɛ nokorɛ. Na ɛbɛyɛ dɛn na ɔdasani bɛtene wɔ Onyankopɔn anim?
3 If he is pleased to contend with him, he cannot answer him one time in a thousand.
Sɛ obi pɛ sɛ ɔne Onyankopɔn yiyi a, ɔrentumi nyi nsɛm apem mu baako mpo ano.
4 God is wise in heart, and mighty in strength. Who has hardened himself against him and prospered?
Ne nyansa mu dɔ, na ne tumi so. Hwan na ɔne no adi asie na ne ho baabiara anti?
5 He removes the mountains, and they do not know it, when he overturns them in his anger.
Ɔtutu mmepɔ a wɔnnim ho hwee ɔbubu wɔn fa so wɔ nʼabufuo mu.
6 He shakes the earth out of its place. Its pillars tremble.
Ɔwoso asase firi ne siberɛ, na ɔma ne nnyinasoɔ woso biribiri.
7 He commands the sun and it does not rise, and seals up the stars.
Ɔkasa kyerɛ owia na ɛnhyerɛn, na ɔsɔ nsoromma hyerɛn ano.
8 He alone stretches out the heavens, and treads on the waves of the sea.
Ɔno nko ara na ɔtrɛ ɔsoro mu, na ɔnante ɛpo asorɔkye so.
9 He makes the Bear, Orion, and the Pleiades, and the rooms of the south.
Ɔno ne Nwenwenente, Akokɔbaatan ne ne mma Yɛfoɔ; Nsorommabafan ne ewiem anafoɔ fam nsorommakuo no.
10 He does great things past finding out; yes, marvelous things without number.
Ɔyɛ anwanwadeɛ a wɔntumi nte aseɛ, nsɛnkyerɛnneɛ a wɔntumi nkan.
11 Behold, he goes by me, and I do not see him. He passes on also, but I do not perceive him.
Sɛ ɔnam me ho a, menhunu no; sɛ ɔsene a, menhunu no.
12 Behold, he snatches away. Who can hinder him? Who will ask him, ‘What are you doing?’
Sɛ ɔhwim kɔ a, hwan na ɔsi no kwan? Hwan na ɔbɛtumi abisa no sɛ, ‘Ɛdeɛn na woreyɛ yi?’
13 “God will not withdraw his anger. The helpers of Rahab stoop under him.
Onyankopɔn nkora nʼabufuo so; Rahab aboafoɔ mpo ho popo wɔ nʼanim.
14 How much less will I answer him, and choose my words to argue with him?
“Na me ne hwan a me ne no bɛyiyi? Mɛyɛ dɛn anya nsɛm a me ne no de bɛgye akyinnyeɛ?
15 Though I were righteous, yet I would not answer him. I would make supplication to my judge.
Sɛ menim mpo a, merentumi nyi nʼano; ɛno ara ne sɛ mɛsrɛ ahummɔborɔ afiri me ɔtemmufoɔ nkyɛn.
16 If I had called, and he had answered me, yet I would not believe that he listened to my voice.
Mpo, sɛ mefrɛ no na ɔba a, mennye nni sɛ ɔbɛtie mʼasɛm.
17 For he breaks me with a storm, and multiplies my wounds without cause.
Ɔde asorɔkye bɛdwerɛ me ama mʼapirakuro adɔɔso kwa.
18 He will not allow me to catch my breath, but fills me with bitterness.
Ɔremma menya mʼahome, bio. Ɔde awerɛhoɔ bɛhyɛ me ma tɔ.
19 If it is a matter of strength, behold, he is mighty! If of justice, ‘Who,’ says he, ‘will summon me?’
Sɛ ɛba no ahoɔden a, ɔyɛ ɔhoɔdenfoɔ! Na sɛ ɛba atɛntenenee nso a, hwan na ɔbɛsamane no?
20 Though I am righteous, my own mouth will condemn me. Though I am blameless, it will prove me perverse.
Sɛ medi bem mpo a, mʼano bɛbu me kumfɔ; sɛ me ho nni asɛm a, ɛbɛbu me fɔ.
21 I am blameless. I do not respect myself. I despise my life.
“Ɛwom sɛ medi bem deɛ, nanso memmu me ho; abrabɔ afono me.
22 “It is all the same. Therefore I say he destroys the blameless and the wicked.
Ne nyinaa yɛ pɛ; ɛno enti na meka sɛ, ‘Ɔsɛe deɛ ne ho nni asɛm ne omumuyɛfoɔ.’
23 If the scourge kills suddenly, he will mock at the trial of the innocent.
Ɛberɛ a amanehunu de owuo aba no, ɔsere deɛ ne ho nni asɛm no akomatuo.
24 The earth is given into the hand of the wicked. He covers the faces of its judges. If not he, then who is it?
Ɛberɛ a asase akɔ amumuyɛfoɔ nsam no, ɔfira ɛso atemmufoɔ ani. Sɛ ɛnyɛ ɔno a, na ɛyɛ hwan?
25 “Now my days are swifter than a runner. They flee away. They see no good.
“Me nna ho yɛ herɛ sene ommirikatufoɔ; ɛsene kɔ a anigyeɛ kakra mpo nni mu.
26 They have passed away as the swift ships, as the eagle that swoops on the prey.
Ɛtwam kɔ sɛ akodoɔ a wɔde paparɔs ayɛ te sɛ akɔdeɛ a wɔreto akyere wɔn ahaboa.
27 If I say, ‘I will forget my complaint, I will put off my sad face, and cheer up,’
Sɛ meka sɛ, ‘Me werɛ mfiri mʼanwiinwii, mɛsesa me nsɛm ka, na masere a,’
28 I am afraid of all my sorrows. I know that you will not hold me innocent.
me yea ahodoɔ no bɔ me hu ara. Na menim sɛ, woremmu me bem.
29 I will be condemned. Why then do I labor in vain?
Woabu me fɔ dada enti, adɛn na ɛsɛ sɛ meha me ho kwa?
30 If I wash myself with snow, and cleanse my hands with lye,
Mpo sɛ ɛba sɛ mede samina dware na mede samina hohoro me nsa ho a,
31 yet you will plunge me in the ditch. My own clothes will abhor me.
wobɛto me atwene atɛkyɛ amena mu, ama mʼatadeɛ mpo akyiri me.
32 For he is not a man, as I am, that I should answer him, that we should come together in judgment.
“Ɔnyɛ onipa te sɛ me na mayi nʼano, na yɛakɔgyina asɛnniiɛ abobɔ yɛn nkuro.
33 There is no umpire between us, that might lay his hand on us both.
Sɛ anka obi wɔ hɔ a ɔbɛsiesie yɛn ntam na waka yɛn baanu abɔ mu a,
34 Let him take his rod away from me. Let his terror not make me afraid;
obi a ɔbɛyi Onyankopɔn abaa afiri me so, sɛdeɛ nʼahunahuna mmɔ me hu bio a,
35 then I would speak, and not fear him, for I am not so in myself.
anka mɛkasa a merensuro no, nanso saa tebea a mewɔ mu yi deɛ, mentumi.

< Job 9 >