< Isaiah 46 >

1 Bel bows down. Nebo stoops. Their idols are carried by animals, and on the livestock. The things that you carried around are heavy loads, a burden for the weary.
Bel bɔ ne mu ase, Nebo brɛ ne dibea ase; mfurum soa wɔn ahoni. Nsɛsode a wɔso nenam no mu yɛ duru, ɛyɛ adesoa ma nea wabrɛ.
2 They stoop and they bow down together. They could not deliver the burden, but they have gone into captivity.
Wɔbɔ mu kotow, bɔ wɔn mu ase; wontumi nsiw amanehunu ano, wɔn ankasa kɔ nkoasom mu.
3 “Listen to me, house of Jacob, and all the remnant of the house of Israel, that have been carried from their birth, that have been carried from the womb.
“Muntie me, Yakobfifo, mo a moaka wɔ Israelfi nyinaa, mo a maso mo mu fi mo nyinsɛn mu, na maturu mo afi bere a wɔwoo mo.
4 Even to old age I am he, and even to gray hairs I will carry you. I have made, and I will bear. Yes, I will carry, and will deliver.
Mpo kosi mo nkwakoraa bere ne bere a mubefuw dwen mu, Me ne no, Me ne nea obeso mo mu. Mabɔ mo na meturu mo; mɛwowaw mo na megye mo.
5 “To whom will you compare me, and consider my equal, and compare me, as if we were the same?
“Hena ho na mode me bɛto, anaa mubebu no me sɛso? Hena na mode me besusuw no, na mode no atoto me ho?
6 Some pour out gold from the bag, and weigh silver in the balance. They hire a goldsmith, and he makes it a god. They fall down— yes, they worship.
Ebinom hwie sikakɔkɔɔ fi wɔn nkotoku mu na wɔkari dwetɛ wɔ nsania so; wɔbɔ sika dwumfo paa, ma ɔde yɛ onyame bi, na wɔkotow sɔre no.
7 They bear it on their shoulder. They carry it, and set it in its place, and it stands there. It cannot move from its place. Yes, one may cry to it, yet it can not answer. It cannot save him out of his trouble.
Wɔsoa no wɔ wɔn mmati so, wɔde kosi nʼafa, na ɛka hɔ ara. Ɛrentumi mfi faako a esi. Obi teɛ mu frɛ no de, nanso ommua; ɛrentumi nyi no mfi ne haw mu.
8 “Remember this, and show yourselves men. Bring it to mind again, you transgressors.
“Monkae yiye, momma ɛnka mo tirim, munnwen ho mo atuatewfo.
9 Remember the former things of old; for I am God, and there is no other. I am God, and there is none like me.
Monkae nneɛma a atwam no, teteete nneɛma no; Mene Onyankopɔn, na obi nni hɔ; Mene Onyankopɔn, na obiara nte sɛ me.
10 I declare the end from the beginning, and from ancient times things that are not yet done. I say: My counsel will stand, and I will do all that I please.
Meda awiei adi fi mfiase, efi tete, meka nea ɛbɛba. Meka se: ‘Mʼatirimpɔw begyina, na mɛyɛ nea mepɛ nyinaa.’
11 I call a ravenous bird from the east, the man of my counsel from a far country. Yes, I have spoken. I will also bring it to pass. I have planned. I will also do it.
Mɛfrɛ anomaa a ɔkyere mmoa afi apuei fam; afi akyirikyiri asase so, onipa a ɔbɛhyɛ me botae ma. Nea maka no, ɛno na mɛma aba mu; nea madwen ho no, ɛno na mɛyɛ.
12 Listen to me, you stubborn-hearted, who are far from righteousness!
Muntie me, mo a moyɛ akokodurufo, mo a mo ne trenee ntam kwan ware;
13 I bring my righteousness near. It is not far off, and my salvation will not wait. I will grant salvation to Zion, my glory to Israel.
Mede me trenee rebɛn, enni akyirikyiri; na me nkwagye nso renkyɛ. Mɛma Sion nkwagye, na mede mʼanuonyam ama Israel.

< Isaiah 46 >