< Genesis 39 >

1 Joseph was brought down to Egypt. Potiphar, an officer of Pharaoh’s, the captain of the guard, an Egyptian, bought him from the hand of the Ishmaelites that had brought him down there.
Wɔde Yosef kɔɔ Misraim. Misraimni Potifar a na ɔyɛ Misraimhene Farao dabehene a na otua asraafodɔm ano no na ɔtɔɔ Yosef fii Ismaelfo aguadifo no nsam.
2 The LORD was with Joseph, and he was a prosperous man. He was in the house of his master the Egyptian.
Na Awurade ka Yosef ho nti, nʼabrabɔ sii no yiye. Ɔtenaa ne wura Misraimni no fi.
3 His master saw that the LORD was with him, and that the LORD made all that he did prosper in his hand.
Yosef wura no huu sɛ Awurade ka ne ho, na nea na ɔyɛ biara no, Awurade hyiraa so maa no, na
4 Joseph found favor in his sight. He ministered to him, and Potiphar made him overseer over his house, and all that he had he put into his hand.
Yosef nyaa nʼanim adom ma ɔde no yɛɛ ne boafo. Ankyɛ koraa na Potifar de Yosef sii ne fifo so panyin, de nea ɔwɔ nyinaa hyɛɛ ne nsa.
5 From the time that he made him overseer in his house, and over all that he had, the LORD blessed the Egyptian’s house for Joseph’s sake. The LORD’s blessing was on all that he had, in the house and in the field.
Bere a Potifar de Yosef sii ne fifo so panyin, de nea ɔwɔ nyinaa hyɛɛ ne nsa no, Awurade hyiraa Misraimni Potifar fie so, esiane Yosef nti. Awurade hyiraa nʼagyapade a ɛwɔ fi ne ne mfuw nyinaa so.
6 He left all that he had in Joseph’s hand. He did not concern himself with anything, except for the food which he ate. Joseph was well-built and handsome.
Enti ɔde nʼagyapade nyinaa hyɛɛ Yosef nsa. Esiane sɛ Potifar de nʼagyapade ne nʼadwumade nyinaa hyɛɛ Yosef nsa nti, wannwene biribiara ho sɛ aduan a obedi nko ara. Na Yosef yɛ aberante a ɔwɔ nnyinaso, na ne ho nso yɛ fɛ yiye.
7 After these things, his master’s wife set her eyes on Joseph; and she said, “Lie with me.”
Ankyɛ ahe biara na Yosef wura Potifar yere tuu nʼani sii ne so, ka kyerɛɛ Yosef se, “Bra, na wo ne me mmɛda!”
8 But he refused, and said to his master’s wife, “Behold, my master does not know what is with me in the house, and he has put all that he has into my hand.
Nanso Yosef ampene so, ka kyerɛɛ ne wura yere no se, “Esiane sɛ fie ha biribiara hyɛ me nsa nti, me wura nnwen fie ha biribiara ho. Ɔde nʼagyapade nyinaa ahyɛ me nsa.
9 No one is greater in this house than I am, and he has not kept back anything from me but you, because you are his wife. How then can I do this great wickedness, and sin against God?”
Obiara nni tumi nsen me wɔ fie ha. Me wura mfa biribiara nkame me wɔ fie ha sɛ wo nko ara, efisɛ woyɛ ne yere. Onyame mpa ngu sɛ mɛyɛ ade a ɛte saa. Ɛbɛyɛ dɛn na matumi ayɛ amumɔyɛde a ɛte sɛɛ! Ɛbɛyɛ bɔne kɛse atia Onyankopɔn.”
10 As she spoke to Joseph day by day, he did not listen to her, to lie by her, or to be with her.
Ɛwɔ mu sɛ da biara na Potifar yere no de saa asɛm yi hiahia Yosef ho de, nanso Yosef antwiw ammɛn no mpo, na akowie sɛ ɔne no bɛda.
11 About this time, he went into the house to do his work, and there were none of the men of the house inside.
Da koro bi, Yosef kɔɔ fie hɔ sɛ ɔrekɔyɛ nʼadwuma. Oduu hɔ no, na asomfo no mu biara nni hɔ.
12 She caught him by his garment, saying, “Lie with me!” He left his garment in her hand, and ran outside.
Potifar yere no soo Yosef atade mu kyeree no, ka kyerɛɛ no se, “Bra na wo ne me mmɛda!” Nanso Yosef yii nʼatade no guu ne so, guan fii fie hɔ.
13 When she saw that he had left his garment in her hand, and had run outside,
Potifar yere no huu sɛ Yosef agyaw nʼatade wɔ ne nsam aguan afi fie hɔ no,
14 she called to the men of her house, and spoke to them, saying, “Behold, he has brought a Hebrew in to us to mock us. He came in to me to lie with me, and I cried with a loud voice.
ɔfrɛɛ ne fifo, de nteɛteɛmu ka kyerɛɛ wɔn se, “Monhwɛ! Me kunu akɔfa Hebrini bi aba fie ha sɛ ommegu yɛn anim ase. Ɔbaa ha sɛ ɔrebɛto me mmonnaa na meteɛteɛɛ mu.
15 When he heard that I lifted up my voice and cried, he left his garment by me, and ran outside.”
Ɔtee sɛ mereteɛteɛ mu no, oyii nʼatade guu me so, guan fii fie ha.”
16 She laid up his garment by her, until his master came home.
Potifar yere no de Yosef atade a oyi guu ne so no siei, kosii sɛ ne kunu bae.
17 She spoke to him according to these words, saying, “The Hebrew servant, whom you have brought to us, came in to me to mock me,
Ɔbea no bɔɔ ne kunu amanneɛ se, “Hebrini akoa no a wokɔtɔɔ no brɛɛ yɛn no baa me nkyɛn sɛ anka ɔrebɛto me mmonnaa.
18 and as I lifted up my voice and cried, he left his garment by me, and ran outside.”
Meteɛteɛ mu no na oguan fii fie ha, gyaw nʼatade.”
19 When his master heard the words of his wife, which she spoke to him, saying, “This is what your servant did to me,” his wrath was kindled.
Bere a Yosef wura Potifar tee asɛm a ne yere ka kyerɛɛ no se, “Ɔkwan a wʼakoa no de me faa so ni” no, ne bo fuw yiye.
20 Joseph’s master took him, and put him into the prison, the place where the king’s prisoners were bound, and he was there in custody.
Yosef wura Potifar tee asɛm no no, ɔkyeree Yosef kɔtoo afiase, faako a ɔhene nneduafo gu no. Bere a Yosef da afiase hɔ no,
21 But the LORD was with Joseph, and showed kindness to him, and gave him favor in the sight of the keeper of the prison.
na Awurade ka ne ho. Awurade yɛɛ no adɔe ma ɛno nti, afiase sohwɛfo panyin no pɛɛ nʼasɛm yiye.
22 The keeper of the prison committed to Joseph’s hand all the prisoners who were in the prison. Whatever they did there, he was responsible for it.
Ɛyɛɛ saa maa afiase sohwɛfo panyin no de Yosef sii nneduafo no nyinaa so panyin, a na biribiara a wɔyɛ wɔ afiase hɔ no hyɛ ne nsa.
23 The keeper of the prison did not look after anything that was under his hand, because the LORD was with him; and that which he did, the LORD made it prosper.
Esiane sɛ na Awurade ka Yosef ho no nti, na afiase sohwɛfo panyin no nhaw ne ho nyɛ adwuma. Efisɛ biribiara a Yosef bɛyɛ no, Awurade hyira so ma esi yiye.

< Genesis 39 >