< Genesis 13 >

1 Abram went up out of Egypt—he, his wife, all that he had, and Lot with him—into the South.
Abram tu fii Misraim. Ɔno, ne yere, Lot, nʼagyapade ne ne fifo nyinaa baa Negeb.
2 Abram was very rich in livestock, in silver, and in gold.
Saa bere no na Abram anya ne ho a ɔwɔ nyɛmmoa, dwetɛ ne sikakɔkɔɔ pii.
3 He went on his journeys from the South as far as Bethel, to the place where his tent had been at the beginning, between Bethel and Ai,
Ofii Negeb hɔ no, odii atutena ara koduu Bet-El, faako a odii kan sii ne ntamadan a ɛwɔ Bet-El ne Ai ntam no.
4 to the place of the altar, which he had made there at the first. There Abram called on the LORD’s name.
Ɛhɔ na kan no osii nʼafɔremuka. Ɛhɔ nso na ɔkɔɔ so som Awurade.
5 Lot also, who went with Abram, had flocks, herds, and tents.
Na Lot a ɔne Abram nam no nso yɛ ɔdefo a ɔwɔ nguan, anantwi ne asomfo bebree.
6 The land was not able to bear them, that they might live together; for their possessions were so great that they could not live together.
Esiane sɛ saa bere no na Abram ne Lot nyinaa anya wɔn ho, na wɔwɔ nguan, anantwi ne asomfo pii nti, na wɔnsen asase no so.
7 There was strife between the herdsmen of Abram’s livestock and the herdsmen of Lot’s livestock. The Canaanites and the Perizzites lived in the land at that time.
Na akasakasa taa baa Abram mmoahwɛfo ne Lot mmoahwɛfo no ntam. Saa bere no na Kanaanfo ne Perisifo nso tete asase no so.
8 Abram said to Lot, “Please, let there be no strife between you and me, and between your herdsmen and my herdsmen; for we are relatives.
Enti Abram ka kyerɛɛ Lot se, “Mesrɛ wo, mma akasakasa mma me ne wo anaa me mmoahwɛfo ne wo mmoahwɛfo ntam, efisɛ yɛyɛ anuanom.
9 Is not the whole land before you? Please separate yourself from me. If you go to the left hand, then I will go to the right. Or if you go to the right hand, then I will go to the left.”
Ɛnyɛ asase no nyinaa na ɛda wʼanim yi? Ma yenni mpaapaemu. Sɛ wokɔ benkum a, mɛkɔ nifa, na sɛ wokɔ nifa nso a, mɛkɔ benkum.”
10 Lot lifted up his eyes, and saw all the plain of the Jordan, that it was well-watered everywhere, before the LORD destroyed Sodom and Gomorrah, like the garden of the LORD, like the land of Egypt, as you go to Zoar.
Lot hwɛɛ ne ho hyiae, huu sɛ asase a ɛda Yordan ho no yɛ asasebere. Na nsu wɔ mu baabiara te sɛ Eden turo mu anaasɛ Misraim asase a ɛda Soar fam hɔ no ara pɛ. Saa bere no, na Awurade nnya nsɛee Sodom ne Gomora ɛ.
11 So Lot chose the Plain of the Jordan for himself. Lot traveled east, and they separated themselves from one other.
Na Lot de nʼani kyerɛɛ apuei fam, faa asase a ɛda Yordan ho no. Eyi ne ɔkwan a Abram ne Lot faa so dii ntetewmu no.
12 Abram lived in the land of Canaan, and Lot lived in the cities of the plain, and moved his tent as far as Sodom.
Abram tenaa Kanaan asase so. Na Lot nso dii atutena wɔ nkuropɔn a ɛwowɔ nsase tamaa no so, na okosii ne ntamadan wɔ baabi a ɛbɛn Sodom.
13 Now the men of Sodom were exceedingly wicked and sinners against the LORD.
Na nnipa a wɔwɔ Sodom kurow no mu no yɛ amumɔyɛfo a daa wɔyɛ bɔne akɛseakɛse de tia Awurade.
14 The LORD said to Abram, after Lot was separated from him, “Now, lift up your eyes, and look from the place where you are, northward and southward and eastward and westward,
Lot tew ne ho fii Abram ho akyi no, Awurade ka kyerɛɛ Abram se, “Afei, ma wʼani so hwɛ atifi fam, anafo fam, apuei fam ne atɔe fam.
15 for I will give all the land which you see to you and to your offspring forever.
Mede asasetam a wʼani tua yi nyinaa bɛma wo ne wʼasefo afebɔɔ.
16 I will make your offspring as the dust of the earth, so that if a man can count the dust of the earth, then your offspring may also be counted.
Mɛma wʼasefo adɔɔso sɛ asase so mfutuma a obiara ntumi nkan.
17 Arise, walk through the land in its length and in its width; for I will give it to you.”
Sɔre, kɔ na kɔhwehwɛ asase no so nyinaa, efisɛ mede rema wo.”
18 Abram moved his tent, and came and lived by the oaks of Mamre, which are in Hebron, and built an altar there to the LORD.
Enti Abram tutuu ne ntamadan bɛtenaa odum kwae bi a ɛyɛ Mamrɛ de wɔ Hebron no. Ɛhɔ na osii afɔremuka maa Awurade.

< Genesis 13 >