< 2 Chronicles 36 >

1 Then the people of the land took Jehoahaz the son of Josiah, and made him king in his father’s place in Jerusalem.
Afei, nnipa a wɔwɔ asase no so no sii Yosia babarima Yehoahas ɔhene wɔ Yerusalem.
2 Joahaz was twenty-three years old when he began to reign; and he reigned three months in Jerusalem.
Ɛberɛ a Yehoahas dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduonu mmiɛnsa nanso, ɔdii adeɛ abosome mmiɛnsa pɛ.
3 The king of Egypt removed him from office at Jerusalem, and fined the land one hundred talents of silver and a talent of gold.
Misraimhene Neko a na ɔhwehwɛ apeatoɔ a ɛyɛ dwetɛ tɔno mmiɛnsa ne fa ne sikakɔkɔɔ kilogram aduasa ɛnan afiri Yuda no na ɔtuu no adeɛ so.
4 The king of Egypt made Eliakim his brother king over Judah and Jerusalem, and changed his name to Jehoiakim. Neco took Joahaz his brother, and carried him to Egypt.
Misraimhene yii Yehoahas nuabarima Eliakim sɛ ɔhene foforɔ a ɔbɛdi Yuda ne Yerusalem so, na ɔsesaa Eliakim din yɛɛ no Yehoiakim. Na Neko faa Yehoahas sɛ ɔdeduani de no kɔɔ Misraim.
5 Jehoiakim was twenty-five years old when he began to reign, and he reigned eleven years in Jerusalem. He did that which was evil in the LORD his God’s sight.
Yehoiakim dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduonu enum, na ɔdii ɔhene Yerusalem mfirinhyia dubaako. Nanso, ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ne Onyankopɔn ani so.
6 Nebuchadnezzar king of Babylon came up against him, and bound him in fetters to carry him to Babylon.
Afei, Babiloniahene Nebukadnessar kɔɔ Yerusalem, kɔko faeɛ. Ɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn guu Yehoiakim de no kɔɔ Babilonia.
7 Nebuchadnezzar also carried some of the vessels of the LORD’s house to Babylon, and put them in his temple at Babylon.
Nebukadnessar faa ademudeɛ a ɛwɔ Awurade Asɔredan no mu bi, de kɔguu nʼahemfie wɔ Babilonia.
8 Now the rest of the acts of Jehoiakim, and his abominations which he did, and that which was found in him, behold, they are written in the book of the kings of Israel and Judah; and Jehoiachin his son reigned in his place.
Yehoiakim ahennie ho nsɛm nkaeɛ, bɔne ahodoɔ a ɔyɛeɛ ne biribiara a wɔhunu tiaa no no wɔatwerɛ, agu Israel ne Yuda Ahemfo Nwoma mu. Na ne babarima Yehoiakyin bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
9 Jehoiachin was eight years old when he began to reign, and he reigned three months and ten days in Jerusalem. He did that which was evil in the LORD’s sight.
Yehoiakyin bɛdii adeɛ no, na wadi mfirinhyia dunwɔtwe, nanso ɔdii adeɛ wɔ Yerusalem abosome mmiɛnsa ne dadu pɛ. Yehoiakyin yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so.
10 At the return of the year, King Nebuchadnezzar sent and brought him to Babylon, with the valuable vessels of the LORD’s house, and made Zedekiah his brother king over Judah and Jerusalem.
Afe a ɛdi ɛkan wɔ bosome a ɛdi ɛkan mu no, ɔhene Nebukadnessar frɛɛ Yehoiakyin sɛ ɔmmra Babilonia. Wɔfaa ademudeɛ bebree firii Awurade Asɔredan no mu de kɔɔ Babilonia saa ɛberɛ no. Na Nebukadnessar yii Yehoiakyin wɔfa Sedekia, sɛ ɔnni ɔhene wɔ Yuda ne Yerusalem.
11 Zedekiah was twenty-one years old when he began to reign, and he reigned eleven years in Jerusalem.
Ɛberɛ a Sedekia bɛdii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduonu baako, na ɔdii adeɛ wɔ Yerusalem mfirinhyia dubaako.
12 He did that which was evil in the LORD his God’s sight. He did not humble himself before Jeremiah the prophet speaking from the LORD’s mouth.
Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade, ne Onyankopɔn ani so, na wammrɛ ne ho ase wɔ odiyifoɔ Yeremia a na ɔkasa ma Awurade no anim.
13 He also rebelled against King Nebuchadnezzar, who had made him swear by God; but he stiffened his neck, and hardened his heart against turning to the LORD, the God of Israel.
Afei, ɔsɔre tiaa ɔhene Nebukadnessar wɔ ɛberɛ a na waka ntam adi nse wɔ Onyankopɔn din mu sɛ, ɔbɛdi no nokorɛ. Na Sedekia yɛ kyenkyenee ne asoɔden, na wampɛ sɛ ɔde ne ho bɛbata Awurade, Israel Onyankopɔn ho.
14 Moreover all the chiefs of the priests and the people trespassed very greatly after all the abominations of the nations; and they polluted the LORD’s house which he had made holy in Jerusalem.
Asɔfoɔ no ntuanofoɔ nyinaa ne ɔmanfoɔ no kɔɔ so yɛɛ mmaratofoɔ. Wɔyɛɛ abosonsomfoɔ a wɔwɔ aman a atwa ahyia hɔ no nneyɛeɛ no bi, na wɔguu Awurade Asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no ho fi.
15 The LORD, the God of their fathers, sent to them by his messengers, rising up early and sending, because he had compassion on his people and on his dwelling place;
Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn, somaa nʼadiyifoɔ sɛ wɔnkɔbɔ wɔn kɔkɔ mpɛn bebree, ɛfiri sɛ, na ɔwɔ ahummɔborɔ ma ne nkurɔfoɔ ne nʼAsɔredan no.
16 but they mocked the messengers of God, despised his words, and scoffed at his prophets, until the LORD’s wrath arose against his people, until there was no remedy.
Nanso, nnipa no dii saa Onyankopɔn abɔfoɔ no ho fɛ, amfa wɔn nsɛm no anyɛ hwee. Wɔdii adiyifoɔ no ho fɛ ara kɔsii sɛ Awurade abufuhyeɛ turiiɛ a biribiara antumi annwodwo ano.
17 Therefore he brought on them the king of the Chaldeans, who killed their young men with the sword in the house of their sanctuary, and had no compassion on young man or virgin, old man or infirm. He gave them all into his hand.
Enti, Awurade de Babiloniahene ba bɛko tiaa wɔn. Babiloniafoɔ no kunkumm Yuda mmabunu maa mpo, wɔtaa wɔn kɔɔ Asɔredan no mu. Na wɔannya ahummɔborɔ amma nnipa no. Wɔkunkumm mmɔfra ne mpanin, mmarima ne mmaa, ahoɔdenfoɔ ne ayarefoɔ. Onyankopɔn de wɔn nyinaa maa Nebukadnessar.
18 All the vessels of God’s house, great and small, and the treasures of the LORD’s house, and the treasures of the king and of his princes, all these he brought to Babylon.
Ɔhene no sane sesaa nneɛma no nyinaa, akɛseɛ ne nketewa a na wɔde som wɔ Onyankopɔn Asɔredan mu, ne ademudeɛ a na ɛwɔ Awurade Asɔredan no mu ne ahemfie hɔ nyinaa de kɔɔ Babilonia. Ɔde mmapɔmma nyinaa nso kɔeɛ.
19 They burned God’s house, broke down the wall of Jerusalem, burned all its palaces with fire, and destroyed all of its valuable vessels.
Afei, nʼakodɔm no too Onyankopɔn Asɔredan no mu ogya, bubuu Yerusalem afasuo no, hyee ahemfie no nyinaa, sɛee biribiara a ɛwɔ boɔ no.
20 He carried those who had escaped from the sword away to Babylon, and they were servants to him and his sons until the reign of the kingdom of Persia,
Nnipa kakra a wɔkaeɛ no, wɔsoaa wɔn kɔɔ Babilonia, maa wɔkɔyɛɛ ɔhene no ne ne mmammarima asomfoɔ kɔsii sɛ Persia ahennie bɛdii tumi.
21 to fulfill the LORD’s word by Jeremiah’s mouth, until the land had enjoyed its Sabbaths. As long as it lay desolate, it kept Sabbath, to fulfill seventy years.
Enti, Awurade asɛm a wɔfaa Yeremia so kaeɛ no baa mu. Afei, asase no nso nyaa nʼahomegyeɛ, ɛdaa mpan mfirinhyia aduɔson sɛdeɛ odiyifoɔ no kaeɛ no.
22 Now in the first year of Cyrus king of Persia, that the LORD’s word by the mouth of Jeremiah might be accomplished, the LORD stirred up the spirit of Cyrus king of Persia, so that he made a proclamation throughout all his kingdom, and put it also in writing, saying,
Persiahene Kores adedie afe a ɛdi ɛkan mu no, Awurade maa odiyifoɔ Yeremia nkɔmhyɛ baa mu. Ɔkaa Kores akoma ma ɔtwerɛ bɔɔ no dawuro wɔ nʼahennie nyinaa mu sɛ,
23 “Cyrus king of Persia says, ‘The LORD, the God of heaven, has given all the kingdoms of the earth to me; and he has commanded me to build him a house in Jerusalem, which is in Judah. Whoever there is among you of all his people, the LORD his God be with him, and let him go up.’”
“Sɛdeɛ Persiahene Kores ka nie: “‘Awurade, ɔsorosoro Onyankopɔn de ahennie a ɛwɔ asase so nyinaa ama me. Wayi me sɛ mensi asɔredan mma no wɔ Yerusalem wɔ Yuda asase so. Mo a moyɛ Awurade nkurɔfoɔ nyinaa, monsane nkɔ Israel nkɔdi saa dwuma yi. Awurade, mo Onyankopɔn nka mo ho.’”

< 2 Chronicles 36 >