< Psalms 24 >

1 The earth is Jehovah's, and the fullness thereof, the world, and those who dwell therein.
Dawid dwom. Asase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa yɛ Awurade dea; ewiase ne wɔn a wɔte soɔ nyinaa wɔ no;
2 For he has founded it upon the seas, and established it upon the floods.
ɛfiri sɛ ɔno na ɔtoo ne fapem wɔ ɛpo so na ɔde sii nsuo ani.
3 Who shall ascend into the hill of Jehovah? And who shall stand in his holy place?
Hwan na ɔbɛtumi aforo Awurade bepɔ no? Hwan na ɔbɛtumi agyina ne tenabea kronkron hɔ?
4 He who has clean hands, and a pure heart, who has not lifted up his soul to falsehood, and has not sworn deceitfully.
Deɛ ɔyɛ ade tenenee na nʼakoma mu teɛ, deɛ ne kra nni ahoni akyi na ɔnnka ntanhunu.
5 He shall receive a blessing from Jehovah, and righteousness from the God of his salvation.
Ɔbɛnya Awurade nsam nhyira ne bembuo a ɛfiri ne Nkwagyeɛ Onyankopɔn.
6 This is the generation of those who seek after him, who seek thy face, even Jacob. (Selah)
Saa na awoɔ ntoatoasoɔ a wɔhwehwɛ Awurade no teɛ, wɔn a wɔhwehwɛ wʼanim no, Ao Yakob Onyankopɔn.
7 Lift up your heads, O ye gates, and be ye lifted up, ye everlasting doors, and the King of glory will come in.
Mo apono, mommuebue mommuebue, mo tete apono, na Animuonyam Ɔhene nhyɛne mu.
8 Who is the King of glory? Jehovah strong and mighty, Jehovah mighty in battle.
Hwan ne saa Animuonyam Ɔhene yi? Ɔno ne Awurade ɔhoɔdenfoɔ ne otumfoɔ no; Awurade a ɔyɛ ɔko mu nkonimdifoɔ.
9 Lift up your heads, O ye gates. Yea, lift them up, ye everlasting doors, and the King of glory will come in.
Mommuebue, Ao mo apono mommuebue, mo tete apono, na animuonyam Ɔhene no nkɔ mu.
10 Who is this King of glory? Jehovah of hosts, He is the King of glory. (Selah)
Hwan ne saa animuonyam Ɔhene yi? Asafo Awurade no, ɔno ne animuonyam Ɔhene no.

< Psalms 24 >