< John 12 >

1 Therefore six days before the Passover Jesus came to Bethany where Lazarus was, the man who died whom he raised from the dead.
Aka nna nsia na Twam Afahyɛ no aduru no, Yesu kɔɔ Betania, kuro a na Lasaro a Yesu nyanee no firi awufoɔ mu no te mu no mu.
2 So they made a supper for him there, and Martha served, and Lazarus was one of those who sat dining with him.
Wɔtoo Yesu ɛpono. Marta na ɔsomee wɔ saa apontoɔ yi ase. Lasaro tenaa Yesu nkyɛn pɛɛ wɔ ɛpono no ho.
3 Mary therefore, after taking a pound of ointment of very costly genuine spikenard, anointed the feet of Jesus and wiped his feet with her hair. And the house was filled of the aroma of the ointment.
Wɔredidi no, Maria faa ngohwam bi a ne boɔ yɛ den bɛhwie guu Yesu nan ase de ne tirinwi pepaeɛ. Ngo no hwa gyee efie hɔ nyinaa.
4 Therefore one of his disciples, Judas Iscariot, son of Simon, the man who was going to betray him, says,
Yuda Iskariot a ɔyɛ asuafoɔ no mu baako a akyire no ɔbɛyi Yesu ama no ani annye deɛ ɔbaa yi yɛeɛ no ho,
5 Why was this ointment not sold for three hundred denarii, and given to the poor?
enti ɔkaa sɛ, “Adɛn enti na wantɔn saa ngohwam yi na yɛamfa sika no amma ahiafoɔ?”
6 Now he said this, not because it was a concern to him about the poor, but because he was a thief, and he had the purse and removed things that were put in.
Ɛnyɛ sɛ na ɔdwene ahiafoɔ ho enti na ɔkaa saa asɛm yi, na mmom, na ɔyɛ ɔkorɔmfoɔ na ɛsiane sɛ na ɔhwɛ asuafoɔ no sika so enti, na ɔwiawia bi.
7 Jesus therefore said, Let her alone. She has keep it for the day of my burial.
Yesu kaa sɛ, “Monnyaa ɔbaa yi haw! Deɛ ɔbaa yi ayɛ yi, ɔde resiesie me ama me wuo.
8 For ye always have the poor with you, but ye do not always have me.
Mo ne ahiafoɔ na ɛwɔ hɔ ɛberɛ biara, na me deɛ, me ne mo rentena hɔ daa.”
9 Therefore a great multitude of the Jews knew that he is there. And they came, not only because of Jesus, but that they might also see Lazarus whom he had raised from the dead.
Ɛberɛ a Yudafoɔ no tee sɛ Yesu wɔ Betania no, wɔn mu pii kɔɔ hɔ. Ɛnyɛ Yesu nko enti na wɔkɔɔ hɔ, na mmom, wɔkɔɔ hɔ sɛ wɔrekɔhwɛ Lasaro a Yesu nyanee no firii awufoɔ mu no nso.
10 But the chief priests decided that they should kill Lazarus also,
Afei, asɔfoɔ mpanin no bɔɔ pɔ sɛ wɔbɛkum Lasaro nso,
11 since because of him many of the Jews were going and were believing in Jesus.
ɛfiri sɛ, ɛsiane Lasaro wusɔreɛ no enti, na nnipa bebree retwe wɔn ho afiri Yudafoɔ mpanin no ho abɛdi Yesu akyi.
12 On the morrow a great multitude having come to the feast, when they heard that Jesus was coming to Jerusalem,
Adeɛ kyeeɛ no, nnipadɔm a wɔaba Twam Afahyɛ no tee sɛ Yesu reba Yerusalem no,
13 took the branches of the palm trees, and went forth to meet him, and cried out, Hosanna! Blessed is he who comes in the name of the Lord, the King of Israel!
wɔbubuu ɛberɛ de kɔhyiaa no ɛkwan de ahurisie teateaam sɛ, “Hosiana!” “Nhyira nka deɛ ɔreba wɔ Awurade din mu no!” “Nhyira nka Israelhene!”
14 And Jesus, having found a young donkey, sat on it, as it is written,
Yesu rekɔ no, na ɔte afunumu ba bi so sɛdeɛ Atwerɛsɛm hyɛɛ ho nkɔm sɛ,
15 Fear not, daughter of Zion. Behold, thy King comes, sitting on a donkey's colt.
“Nsuro, Ɔbabaa Sion! Hwɛ sɛ wo ɔhene te afunumu ba so reba wo nkyɛn.”
16 Now his disciples did not understand these things at first, but when Jesus was glorified, then they remembered that these were things written because of him, and they did these things to him.
Ahyɛaseɛ no, asuafoɔ no ante yeinom nyinaa ase kɔsii sɛ wɔhyɛɛ Yesu animuonyam no ansa na wɔrekae sɛ, Atwerɛsɛm no aka saa asɛm yi nyinaa afa ne ho dada, na ɛno ara ne deɛ wɔayɛ no.
17 Therefore the multitude, the one that was with him when he called Lazarus from the sepulcher, and raised him from the dead, testified.
Nnipa a na wɔwɔ hɔ a wɔhunu sɛ Yesu nyanee Lasaro firii awufoɔ mu no kaa asɛm a ɛsii no kyerɛɛ afoforɔ.
18 Also because of this the multitude met him, because they heard of him doing this sign.
Yei enti na nnipa bebree kɔeɛ sɛ wɔrekɔhyia Yesu ɛkwan no, ɛfiri sɛ, na wɔate sɛ wayɛ anwanwadeɛ.
19 The Pharisees therefore said among themselves, Do ye see that ye accomplish nothing. Behold, the world has gone after him.
Farisifoɔ no hunuu deɛ ɛrekɔ so no, wɔkaa sɛ, “Anyɛ yie! Monhwɛ sɛ nnipa no nyinaa atu adi nʼakyi!”
20 Now some Greeks were from those who came up so that they might worship at the feast.
Afahyɛberɛ no mu no, Helafoɔ bi nso kɔɔ Yerusalem sɛ wɔrekɔsom.
21 These men therefore came to Philip, the man from Bethsaida of Galilee, and asked him, saying, Sir, we want to see Jesus.
Wɔkɔɔ Filipo a ɔfiri Betsaida no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Owura, yɛpɛ sɛ yɛhunu Yesu.”
22 Philip comes and tells Andrew, and again Andrew and Philip tell Jesus.
Filipo kɔbɔɔ Andrea amaneɛ maa wɔn baanu kɔka kyerɛɛ Yesu.
23 And Jesus answered them saying, The hour has come that the Son of man should be glorified.
Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛberɛ no aso sɛ wɔbɛhyɛ Onipa Ba no animuonyam.
24 Truly, truly, I say to you, unless the grain of wheat that falls into the ground dies, it remains alone, but if it dies it bears much fruit.
Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ, sɛ wɔamfa burofua anhyɛ fam amma amporɔ na amfifiri a, ɛda so yɛ burofua no ara, nanso sɛ ɛporɔ na ɛfifiri a, ɛso aba pii.
25 He who loves his life will lose it, and he who hates his life in this world will keep it for eternal life. (aiōnios g166)
Obiara a ɔdɔ ne kra no bɛhwere ne nkwa, na deɛ ɔnnɔ ne kra no ɔbɛnya nkwa a ɛnni awieeɛ. (aiōnios g166)
26 If any man serves me, let him follow me, and where I am, there my helper will also be. And if any man serves me, the Father will honor him.
Obiara a ɔpɛ sɛ ɔsom me no, ɛsɛ sɛ ɔdi mʼakyi, na baabiara a mewɔ no, ɛsɛ sɛ mʼasomfoɔ nso wɔ hɔ bi.”
27 Now is my soul troubled, and what shall I say? Father, save me from this hour. But because of this I came to this hour.
Yesu kaa sɛ, “Afei deɛ, me kra ho yera no na asɛm bɛn na menka? Menka sɛ, ‘Agya, gye me firi saa amanehunu yi mu anaa?’ Nanso, yei enti na wosomaa me baa ewiase sɛ memmɛhunu amane.
28 Father, glorify thy name. A voice therefore came out of heaven, saying, I both glorified it, and I will glorify again.
Agya, hyɛ wo din animuonyam!” Ɔkasa wieeɛ no, nne bi firi ɔsoro kaa sɛ, “Mahyɛ no animuonyam dada na mɛsane mahyɛ no bio.”
29 The multitude therefore that stood by and heard, said thunder occurred, others said, An agent has spoken to him.
Nnipakuo a na wɔwɔ hɔ no tee nne no, wɔkaa sɛ aprannaa na ɛrebobɔ mu. Ebinom nso kaa sɛ, ɔsoro ɔbɔfoɔ na ɔkasa kyerɛɛ no.
30 Jesus answered and said, This voice occurred not for my sake, but for your sakes.
Nanso, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo enti na saa nne yi kasaeɛ na ɛnyɛ me enti.
31 Now is the judgment of this world. Now the ruler of this world will be cast out.
Afei, ɛberɛ aduru sɛ wɔbu ewiase atɛn na wɔtu ɔbonsam a ɔdi ewiase so no gu.
32 And I, if I am lifted up from the earth, I will draw all men to myself.
Sɛ wɔnya ma me so firi asase mu a, mɛtwe nnipa nyinaa aba me nkyɛn.”
33 And he said this, signifying by what death he was going to die.
Ɔkaa yei de kyerɛɛ owuo ko a ɔbɛwu no.
34 The multitude answered him, We have heard from the law that the Christ remains into the age. And how can thou say, The Son of man must be lifted up? Who is this Son of man? (aiōn g165)
Nnipa no kaa sɛ, “Atwerɛsɛm no di adanseɛ sɛ, Agyenkwa no renwu da. Adɛn enti na wɔka kyerɛ yɛn sɛ, ɛsɛ sɛ wɔma Onipa Ba no so? Hwan ne saa Onipa Ba no?” (aiōn g165)
35 Jesus therefore said to them, Yet a little time the light is with you. Walk while ye have the light, so that darkness may not overcome you. And he who walks in the darkness knows not where he is going.
Yesu buaa wɔn sɛ, “Me hann no bɛhyerɛn ama mo mmerɛ tiawa bi mu. Ɛno enti, monnante mu ɛberɛ a mowɔ saa hann no mu yi nkɔ baabiara a mopɛ sɛ mokɔ, ansa na esum aduru; anyɛ saa a morenhunu kwan.
36 While ye have the light, believe in the light, so that ye may become sons of light. Jesus spoke these things, and after departing, he was hid from them.
Ɛberɛ a mowɔ hann mu yi, monnye hann no nni na moayɛ hann no mma.” Yesu kaa nsɛm yi wieeɛ no, ɔfirii hɔ de ne ho kɔhintaeɛ.
37 But although having done so many signs before them, they did not believe in him,
Ɛwom sɛ na Yesu ayɛ anwanwadeɛ ahodoɔ ama Yudafoɔ no ahunu deɛ, nanso na wɔnnye no nni ara.
38 so that the word of Isaiah the prophet that he spoke might be fulfilled: Lord, who has believed our report? And to whom has the arm of the Lord been revealed?
Yei ne Odiyifoɔ Yesaia asɛm a ɔkaa sɛ, “Awurade, hwan na wagye yɛn asɛnka adi? Na hwan nso na ɔbɛgye wʼanwanwadwuma no adi sɛ adansedie?”
39 Because of this they could not believe. Because Isaiah said again,
Yudafoɔ no annye anni ɛfiri sɛ, na Odiyifoɔ Yesaia asane aka sɛ,
40 He has blinded their eyes, and has hardened their heart, so that they would not see with their eyes, and understand with their heart, and be turned, and I would heal them.
“Onyankopɔn afira wɔn ani, na wapirim wɔn akoma, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔrentumi nnane mma me nkyɛn na masa wɔn yadeɛ.”
41 Isaiah said these things when he saw his glory, and spoke about him.
Yesaia kaa yei faa Yesu animuonyam a daakye ɔbɛnya a Onyankopɔn yi kyerɛɛ no no ho.
42 Yet, nevertheless, even many of the rulers believed in him, but because of the Pharisees they did not confess, so that they would not become excommunicated from the synagogue,
Mpo, na Yudafoɔ mpanin no mu pii gye Yesu di, nanso na wɔsuro sɛ, sɛ Farisifoɔ no hunu wɔn a, wɔremma wɔmma asɔredan no mu bio.
43 for they loved the praise of men more than the praise of God.
Na wɔpɛ sɛ nnipa bɛkamfo wɔn sene sɛ Onyankopɔn bɛhyɛ wɔn animuonyam.
44 And Jesus cried out and said, He who believes in me, believes not in me, but in him who sent me.
Yesu teaam sɛ, “Obiara a ɔgye me di no, ɛnyɛ me nko na ɔgye me di, na ɔgye deɛ ɔsomaa me no nso di.
45 And he who sees me sees him who sent me.
Na deɛ ɔhunu me no hunu deɛ ɔsomaa me no nso.
46 I have come a light into the world, so that every man who believes in me may not remain in the darkness.
Maba ewiase sɛ hann, na obiara a ɔgye me di no ankɔ so antena sum mu.
47 And if any man hears my sayings, and will not believe, I do not judge him, for I came not so that I might judge the world, but that I might save the world.
“Obiara a ɔte mʼasɛm na ɔnni so no, meremmu no atɛn. Ɛfiri sɛ, mamma sɛ merebɛbu nnipa atɛn, na mmom, mebaeɛ sɛ merebɛgye wɔn nkwa.
48 He who rejects me and does not receive my sayings, has that which judges him: the word that I spoke, that will judge him in the last day.
Obiara a ɔpo me na ɔnnye mʼasɛm nni no, ɔtemmufoɔ bi wɔ hɔ a ɔbɛbu no atɛn. Me nsɛm a maka akyerɛ mo no na Atemmuo da no ɛbɛbu mo atɛn.
49 Because I spoke not from myself, but the Father who sent me, he gave me commandment, what I should say, and what I should speak.
Nsɛm a maka no nyinaa, ɛnyɛ mʼankasa mʼadwene na mede ka kyerɛɛ mo, na mmom ɛyɛ deɛ Agya no ka kyerɛɛ me sɛ menka nkyerɛ mo no.
50 And I know that his commandment is eternal life. Therefore what things I speak, just as the Father has said to me, so I speak. (aiōnios g166)
Menim sɛ asɛm biara a Agya no ahyɛ me sɛ menka no de nnipa kɔ nkwa a ɛnni awieeɛ mu; enti asɛm a ɔbɛka akyerɛ me sɛ menka biara no, ɛno na meka!” (aiōnios g166)

< John 12 >