< Ezekiel 22 >

1 Moreover the word of Jehovah came to me, saying,
Awurade asɛm baa me nkyɛn se:
2 And thou, son of man, will thou judge, will thou judge the bloody city? Then cause her to know all her abominations.
“Onipa ba, wubebu no atɛn ana? Wubebu saa mogyahwiegu kuropɔn yi atɛn ana? Ɛno de fa ne nneyɛe a ɛyɛ akyiwade no nyinaa si nʼanim
3 And thou shall say, Thus says the lord Jehovah: A city that sheds blood in the midst of her, that her time may come, and who makes idols against herself to defile her!
na ka se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Wo kuropɔn a ɔnam mogyahwiegu so de nnome aba ne ho so na ɔde ahoni a ɔyɛ agu ne ho fi,
4 Thou have become guilty in thy blood that thou have shed, and are defiled in thine idols which thou have made. And thou have caused thy days to draw near, and have come even to thy years. Therefore I have made thee a reproach to the nations, and a mocking to all the countries.
woadi fɔ wɔ mogya a woahwie agu na woagu wo ho fi wɔ ahoni a woayɛ nti. Woama wo nna abɛn, na wo mfe awiei no aba. Enti mɛyɛ wo ahohorade wɔ amanaman no mu, ne akyiwade wɔ amantam no nyinaa mu.
5 Those that are near, and those that are far from thee, shall mock thee, thou infamous one, full of tumult.
Wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri bedi wo ho fɛw, wo Kuropɔn a wunni anuonyam, na basabasayɛ ahyɛ no ma.
6 Behold, the rulers of Israel, each one according to his power, have been in thee to shed blood.
“‘Hwɛ sɛnea Israel mmapɔmma a wɔwɔ wo mu no mu biara de ne tumi hwie mogya gu.
7 In thee they have made light of father and mother. In the midst of thee they have dealt with the sojourner by oppression. In thee they have wronged the fatherless and the widow.
Wɔabu agya ne ɛna animtiaa wɔ wo mu, wɔahyɛ ɔnanani so, na wɔatan ayisaa ne akunafo ani.
8 Thou have despised my holy things, and have profaned my sabbaths.
Woabu mʼakronkronne animtiaa na woagu me homenna ho fi.
9 Slanderous men have been in thee to shed blood, and in thee they have eaten upon the mountains. In the midst of thee they have committed lewdness.
Wo mu na mmarima ntwatosofo a wɔpɛ sɛ wohwie mogya gu wɔ, wɔn a wodidi wɔ sorɔnsorɔmmea abosonnan mu, na wɔyɛ ahohorade.
10 In thee they have uncovered their fathers' nakedness. In thee they have humbled her who was unclean in her impurity.
Wo mu na wɔn a wogu wɔn agyanom mpa ho fi wɔ; wɔn a wɔne mmea a wɔabu wɔn nsa, na wɔn ho ntew da no wɔ wo mu.
11 And one has committed abomination with his neighbor's wife, and another has lewdly defiled his daughter-in-law, and another in thee has humbled his sister, his father's daughter.
Wo mu na ɔbarima ne ne yɔnko yere yɛ bɔne a ɛyɛ akyiwade, ɔfoforo ne nʼasebea da wɔ animguase mu, na ɔfoforo ne ne nuabea da, ɔno ankasa nʼagya babea.
12 In thee they have taken bribes to shed blood. Thou have taken interest and increase. And thou have greedily gained from thy neighbors by oppression, and have forgotten me, says the lord Jehovah.
Wo mu na nnipa gye adanmude ka mogya gu; wogye nsiho ne mfaso a ɛboro so fi wɔn mfɛfo nkyɛn de nya wɔn ho bebree. Na mo werɛ afi me, Otumfo Awurade na ose.
13 Behold, therefore, I have smitten my hand at thy dishonest gain which thou have made, and at thy blood which has been in the midst of thee.
“‘Ampa ara mɛbɔ me nsam agu wʼasisi ahonya ne mogya a woahwie agu no so.
14 Can thy heart endure, or can thy hands be strong, in the days that I shall deal with thee? I, Jehovah, have spoken it, and will do it.
Wʼakokoduru betumi agyina anaasɛ wo nsa bɛyɛ den da a mene wo benya no ana? Me Awurade na akasa, na mɛyɛ.
15 And I will scatter thee among the nations, and disperse thee through the countries, and I will consume thy filthiness out of thee.
Mɛhwete wo mu agu amanaman no so, na mabɔ wo apansam amantam no mu; na mede wo afideyɛ aba nʼawie.
16 And thou shall be profaned in thyself, in the sight of the nations. And thou shall know that I am Jehovah.
Sɛ wogu wo ho fi wɔ amanaman no mu a, wubehu sɛ mene Awurade no.’”
17 And the word of Jehovah came to me, saying,
Afei, Awurade asɛm baa me nkyɛn se:
18 Son of man, the house of Israel has become dross to me. All of them are brass, and tin, and iron, and lead, in the midst of the furnace. They are the dross of silver.
“Onipa ba, Israelfi abɛyɛ dwetɛ ase fi ama me; wɔn nyinaa yɛ kɔbere, sanyaa, dade ne sumpii a wɔagyaw wɔ fononoo mu. Wɔyɛ dwetɛfi nko ara.
19 Therefore thus says the lord Jehovah: Because ye have all become dross, therefore, behold, I will gather you into the midst of Jerusalem
Ɛno nti sɛɛ na Otumfo Awurade se: ‘Esiane sɛ mo nyinaa abɛyɛ dwetɛfi nti, mɛboaboa mo ano wɔ Yerusalem.
20 as they gather silver and brass and iron and lead and tin into the midst of the furnace, to blow the fire upon it, to melt it. So I will gather you in my anger and in my wrath, and I will lay you there, and melt you.
Sɛnea nnipa boaboa dwetɛ, kɔbere, sumpii ne sanyaa ano hyɛ fononoo mu de ogyatannaa a ano yɛ den nan no, saa ara na mefi mʼabufuw ne mʼabufuwhyew mu aboaboa mo ano wɔ kuropɔn no mu na manan mo.
21 Yea, I will gather you, and blow upon you with the fire of my wrath, and ye shall be melted in the midst of it.
Mɛboaboa mo ano na mahuw mʼabufuwhyew gya agu mo so, na moanan wɔ ne mu.
22 As silver is melted in the midst of the furnace, so ye shall be melted in the midst of it. And ye shall know that I, Jehovah, have poured out my wrath upon you.
Sɛnea wɔnan dwetɛ wɔ fononoo mu no, saa ara na mobɛnan wɔ ne mu na moahu sɛ me Awurade na mahwie mʼabufuwhyew agu mo so.’”
23 And the word of Jehovah came to me, saying,
Na Awurade asɛm baa me nkyɛn bio se:
24 Son of man, say to her, Thou are a land that is not cleansed, nor rained upon in the day of indignation.
“Onipa ba, ka kyerɛ asase no se, ‘Woyɛ asase a wonnwiraa anaa osu ntɔɔ wo so wɔ abufuwhyew da no.’
25 There is a conspiracy by her prophets in the midst of it, like a roaring lion ravening the prey. They have devoured souls. They take treasure and precious things. They have made her widows many in the midst thereof.
Ne mmapɔmma abɔ pɔw bɔne wɔ ne mu te sɛ gyata a ɔbobɔ mu na ɔtetew ne hanam mu, wɔwe nnipa nam, wɔfa ademude ne nneɛma a ɛsom bo na wɔma akunafo dɔɔso wɔ ne mu.
26 Her priests have done violence to my law, and have profaned my holy things. They have made no distinction between the holy and the common, nor have they caused men to discern between the unclean and the clean, and have hid their eyes from my sabbaths, and I am profaned among them.
Nʼasɔfo bu me mmara so na wogu mʼakronkronne ho fi; wɔnnkyerɛ nsonoe a ɛda nea ɛyɛ kronkron ne nea ɛnyɛ kronkron ntam; wɔkyerɛkyerɛ sɛ nsonoe biara nna nea ɛho ntew ne nea ɛho tew ntam, na wobu wɔn ani gu me homennadi so, de gu me ho fi wɔ wɔn mu.
27 Her rulers in the midst of it are like wolves ravening the prey, to shed blood, to destroy souls, that they may get dishonest gain.
Nʼadwumayɛfo te sɛ mpataku a wɔretetew wɔn hanam mu; wohwie mogya gu na wokum nnipa de pɛ mfaso bɔne.
28 And her prophets have daubed for them with untempered mortar, seeing false visions, and divining lies to them, saying, Thus says the lord Jehovah, when Jehovah has not spoken.
Nʼadiyifo nam atoro anisoadehu ne nkontompo nkɔmhyɛ so ma saa nnebɔne yi yɛ fitaa. Wɔka se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se,’ wɔ bere a Awurade nkasaa ɛ.
29 The people of the land have used oppression, and exercised robbery. Yea, they have vexed the poor and needy man, and have oppressed the sojourner wrongfully.
Asase no so nnipa di amim na wɔbɔ korɔn; wɔhyɛ ahiafo ne mmɔborɔfo so, wonnye ahɔho ani na wɔde atɛntrenee kame wɔn.
30 And I sought for a man among them who should build up the wall, and stand in the gap before me for the land, that I should not destroy it, but I found none.
“Mehwehwɛɛ obi wɔ wɔn mu a ɔbɛto ɔfasu no na wagyina mʼanim wɔ asase no anan mu, sɛnea ɛbɛyɛ a merensɛe asase no, nanso manhu obiara.
31 Therefore I have poured out my indignation upon them. I have consumed them with the fire of my wrath. I have brought their own way upon their heads, says the lord Jehovah.
Ɛno nti, mehwie mʼabufuwhyew agu wɔn so, na mede mʼabufuw a ɛyɛ hu no atɔre wɔn ase, na mama nea wɔayɛ nyinaa abɔ wɔn ti so, Otumfo Awurade asɛm ni.”

< Ezekiel 22 >