< 1 Chronicles 21 >

1 And Satan stood up against Israel, and moved David to number Israel.
Ɔbonsam sɔre tiaa Israel, ma Dawid kanee Israelfoɔ.
2 And David said to Joab and to the princes of the people, Go, number Israel from Beersheba even to Dan, and bring me word that I may know the sum of them.
Dawid hyɛɛ Yoab ne nʼasahene sɛ, “Monkan nnipa a wɔwɔ asase yi so nyinaa firi Beer-Seba a ɛwɔ anafoɔ fam kɔsi Dan a ɛwɔ atifi fam, na momfa wɔn dodoɔ mmrɛ me, na ɛmma menhunu wɔn ano.”
3 And Joab said, Jehovah make his people a hundred times as many as they are. But, my lord the king, are they not all my lord's servants? Why does my lord require this thing? Why will he be a cause of guilt to Israel?
Na Yoab kaa sɛ, “Awurade mmɔ ne nkurɔfoɔ no dodoɔ ho mpɛn ɔha ɔha! Na me wura, adɛn enti na wopɛ sɛ woyɛ saa? Wɔn nyinaa nyɛ wʼasomfoɔ anaa? Adɛn enti na ɛsɛ sɛ woyɛ ma Israel yɛ bɔne?”
4 Nevertheless the king's word prevailed against Joab. Therefore Joab departed, and went throughout all Israel, and came to Jerusalem.
Nanso, ɔhene no kaa sɛ, deɛ ɛteɛ biara ɛsɛ sɛ Yoab kan nnipa no. Enti, Yoab kyinkyinii Israel nyinaa kanee nnipa no. Na ɔsane baa Yerusalem
5 And Joab gave up the sum of the numbering of the people to David. And all those of Israel were a million and a hundred thousand men who drew a sword. And Judah was four hundred seventy thousand men who drew a sword.
bɛkaa nnipa no dodoɔ kyerɛɛ Dawid. Na wɔn dodoɔ yɛ mmarima ɔpepem baako ne ɔpeha a wɔaso ɔsa kɔ wɔ Israel ne ɔpehanan aduɔson wɔ Yuda.
6 But he did not count Levi and Benjamin among them, for the king's word was abominable to Joab.
Nanso, Yoab amfa Lewi ne Benyamin mmusuakuo anka nnipakan no ho, ɛfiri sɛ, na deɛ ɔhene ahyɛ no sɛ ɔnyɛ no yɛ no ahomete.
7 And God was displeased with this thing, therefore he smote Israel.
Onyankopɔn ampɛ nnipakan no koraa enti, ɔtwee Israel aso wɔ ho.
8 And David said to God, I have sinned greatly, in that I have done this thing. But now, put away, I beseech thee, the iniquity of thy servant, for I have done very foolishly.
Na Dawid ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ, “Mayɛ bɔne kɛseɛ. Anka ɛnsɛ sɛ mekan nnipa no. Mesrɛ wo, fa me nkwaseadeɛ a mayɛ no kyɛ me.”
9 And Jehovah spoke to Gad, David's seer, saying,
Na Awurade kasa kyerɛɛ Gad a ɔyɛ Dawid ɔdehunumuni no. Na nkra no nie:
10 Go and speak to David, saying, Thus says Jehovah, I offer thee three things. Choose thee one of them, that I may do it to thee.
“Kɔ na kɔka kyerɛ Dawid sɛ, ‘Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Merema wo nneɛma mmiɛnsa. Yi saa asotweɛ yi mu baako na menyɛ ntia wo.’”
11 So Gad came to David, and said to him, Thus says Jehovah, Take which thou will:
Enti, Gad baa Dawid nkyɛn bɛkaa sɛ, “Nneɛma mmiɛnsa a Awurade de ama wo no nie:
12 either three years of famine, or three months to be consumed before thy foes while the sword of thine enemies overtakes thee, or else three days the sword of Jehovah, even pestilence in the land, and the agent of Jehovah destroying throughout all the borders of Israel. Now therefore consider what answer I shall return to him who sent me.
Wopɛ a, yi mfeɛ mmiɛnsa a ɛkɔm kɛseɛ bɛba anaa abosome mmiɛnsa a wʼatamfoɔ bɛkunkum mo anaa nnansa a ɔyaredɔm a ano yɛ den yie a, Awurade ɔbɔfoɔ nam so de ɔsɛeɛ bɛba Israel asase so. Dwene yei ho, na ma menhunu mmuaeɛ ko a memfa nkɔma Awurade.”
13 And David said to Gad, I am in a great strait. Let me fall, I pray, into the hand of Jehovah, for his mercies are very great, and let me not fall into the hand of man.
Dawid buaa Gad sɛ, “Yei yɛ ahohiahiasɛm. Ma ɛmfiri Awurade nsam, ɛfiri sɛ, nʼahummɔborɔ so. Mma ɛmfiri onipa nsam.”
14 So Jehovah sent a pestilence upon Israel, and there fell of Israel seventy thousand men.
Na Awurade maa ɔyaredɔm baa Israel so, maa nnipa ɔpeduɔson wuwuiɛ.
15 And God sent an agent to Jerusalem to destroy it. And as he was about to destroy, Jehovah beheld, and he relented of the evil, and said to the destroying agent, It is enough. Now halt thy hand. And the agent of Jehovah was standing by the threshing-floor of Ornan the Jebusite.
Afei, Onyankopɔn somaa ɔsoro ɔbɔfoɔ sɛ ɔnkɔsɛe Yerusalem. Na ɔsoro ɔbɔfoɔ no reyɛ ahoboa asɛe no no, Awurade nyaa ahummɔborɔ ka kyerɛɛ owuo soro ɔbɔfoɔ no sɛ, “Gyae! Ɛno ara dɔɔso!” Saa ɛberɛ no na ɔsoro ɔbɔfoɔ no gyina Yebusini Arauna ayuporobea hɔ.
16 And David lifted up his eyes, and saw the agent of Jehovah standing between earth and heaven, having a drawn sword in his hand stretched out over Jerusalem. Then David and the elders, clothed in sackcloth, fell upon their faces.
Dawid pagyaa nʼani hunuu sɛ Awurade ɔbɔfoɔ no gyina ɔsoro ne asase ntam a, watwe nʼakofena de akyerɛ Yerusalem so. Enti, Dawid ne Israel mpanimfoɔ firaa ayitoma de kyerɛɛ wɔn ahoyera, na wɔhwehwee fam de wɔn anim butubutuu hɔ.
17 And David said to God, Is it not I who commanded the people to be numbered? Even I it is who have sinned and done very badly. But these sheep, what have they done? Let thy hand, I pray thee, O Jehovah my God, be against me, and against my father's house, but not against thy people, that they should be plagued.
Na Dawid ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ, “Me na mede nnipakan no ho asɛm baeɛ! Me ne obi a mayɛ bɔne na mafom. Saa nkurɔfoɔ yi deɛ, ɛso bi nna wɔn so. Ɛdeɛn na wɔayɛ? Ao Awurade me Onyankopɔn, ma wʼabufuo mmra me ne me fiefoɔ so, na nsɛe wo nkurɔfoɔ.”
18 Then the agent of Jehovah commanded Gad to say to David that David should go up, and rear an altar to Jehovah in the threshing-floor of Ornan the Jebusite.
Na Awurade ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ Gad sɛ ɔnka nkyerɛ Dawid ma ɔnsi afɔrebukyia mma Awurade wɔ Yebusini Arauna ayuporobea hɔ.
19 And David went up at the saying of Gad, which he spoke in the name of Jehovah.
Na Dawid yɛɛ deɛ Awurade nam Gad so ka kyerɛɛ no no.
20 And Ornan turned back, and saw the agent, and his four sons who were with him hid themselves. Now Ornan was threshing wheat.
Arauna a saa ɛberɛ no nʼani abere repore nʼatokoɔ so no danee ne ho hunuu ɔbɔfoɔ no wɔ hɔ. Ne mmammarima baanan a na wɔka ne ho wɔ hɔ no dwane kɔtetɛeɛ.
21 And as David came to Ornan, Ornan looked and saw David, and went out of the threshing-floor, and bowed himself to David with his face to the ground.
Ɛberɛ a Arauna hunuu sɛ ɔhene Dawid reba ayuporobea hɔ no, ɔfiri hɔ kɔkotoo nʼanim.
22 Then David said to Ornan, Give me the place of this threshing-floor, that I may build thereon an altar to Jehovah. For the full price thou shall give it me, that the plague may be stopped from the people.
Na Dawid ka kyerɛɛ Arauna sɛ, “Tɔn ayuporobea yi ma me sɛdeɛ ne boɔ teɛ. Na mɛsi afɔrebukyia ama Awurade wɔ hɔ sɛdeɛ ɔbɛsi ɔyaredɔm no ano.”
23 And Ornan said to David, Take it to thee, and let my lord the king do that which is good in his eyes. Lo, I give thee the oxen for burnt offerings, and the threshing instruments for wood, and the wheat for the meal offering. I give it all.
Arauna ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Fa, me wura, na fa yɛ deɛ wopɛ. Anantwie a wode bɛbɔ afɔdeɛ nie. Wobɛtumi de ayuporobea nnua yi ayɛ anyina de asɔ ogya wɔ afɔrebukyia no so. Fa atokoɔ no nso bɔ atokoɔ afɔdeɛ. Mede ne nyinaa bɛma wo.”
24 And king David said to Ornan, No, but I will truly buy it for the full price. For I will not take that which is thine for Jehovah, nor offer a burnt offering without cost.
Na ɔhene no buaa Arauna sɛ, “Dabi! Mepɛ sɛ metua deɛ ɛfata ma wo. Merentumi nnye wʼagyapadeɛ mfa mma Awurade. Meremmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ a memmɔɔ ho ka.”
25 So David gave to Ornan for the place six hundred shekels of gold by weight.
Enti, Dawid tuaa sikakɔkɔɔ kilogram nson maa Arauna, de tɔɔ ayuporobea no.
26 And David built there an altar to Jehovah, and offered burnt offerings and peace offerings, and called upon Jehovah. And he answered him from heaven by fire upon the altar of burnt offering.
Dawid sii afɔrebukyia wɔ hɔ maa Awurade, bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ wɔ so. Na Dawid bɔɔ mpaeɛ no, Awurade tiee no, nam so de ogya firi soro bɛhyee afɔrebɔdeɛ a ɛwɔ afɔrebukyia no so no.
27 And Jehovah commanded the agent, and he put up his sword again into the sheath of it.
Afei, Awurade kasa kyerɛɛ ɔbɔfoɔ no maa ɔsane de nʼakofena no hyɛɛ ne bɔha mu.
28 At that time, when David saw that Jehovah had answered him in the threshing-floor of Ornan the Jebusite, then he sacrificed there.
Ɛberɛ a Dawid hunuu sɛ Awurade atie ne mpaeɛbɔ no, ɔbɔɔ afɔdeɛ pii wɔ Yebusini Arauna ayuporobea hɔ.
29 For the tabernacle of Jehovah, which Moses made in the wilderness, and the altar of burnt offering, were at that time in the high place at Gibeon.
Saa ɛberɛ no na Awurade Ahyiaeɛ Ntomadan ne afɔrebukyia a Mose sii wɔ ɛserɛ so hɔ no sisi Gibeon sorɔnsorɔmmea hɔ.
30 But David could not go before it to inquire of God, for he was afraid because of the sword of the agent of Jehovah.
Nanso, Dawid antumi ankɔ hɔ ankɔbisa Onyankopɔn ase, ɛfiri sɛ, akofena a Awurade ɔbɔfoɔ no tweeɛ no bɔɔ no hu.

< 1 Chronicles 21 >