< Jeremia 52 >
1 Zedekia was een en twintig jaren oud, als hij koning werd, en hij regeerde elf jaren te Jeruzalem; en de naam zijner moeder was Hamutal, een dochter van Jeremia, van Libna.
Sedekia dii ade no, na wadi mfirihyia aduonu baako. Odii ade wɔ Yerusalem mfirihyia dubaako. Na ne na din de Hamutal a ɔyɛ Yeremia a ofi Libna no babea.
2 En hij deed, dat kwaad was in de ogen des HEEREN, naar alles, wat Jojakim gedaan had.
Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, sɛnea Yehoiakim yɛe no.
3 Want het geschiedde, om den toorn des HEEREN tegen Jeruzalem en Juda, totdat Hij hen van Zijn aangezicht weggeworpen had; en Zedekia rebelleerde tegen den koning van Babel.
Awurade abufuw nti na eyinom nyinaa baa Yerusalem ne Yuda so, na akyiri no, oyii nʼani fii wɔn so. Afei, Sedekia sɔre tiaa Babiloniahene.
4 En het geschiedde in het negende jaar zijner regering, in de tiende maand, op den tienden der maand, dat Nebukadrezar, de koning van Babel, kwam tegen Jeruzalem, hij en zijn ganse heir, en zij legerden zich tegen haar, en zij bouwden tegen haar sterkten rondom.
Ɔsram Tebet (bɛyɛ Ɔpɛpɔn) da a ɛto so dunum wɔ Sedekia ahenni mfe akron so no, ɔhene Nebukadnessar dii nʼakofo nyinaa anim, bɛko tiaa Yerusalem. Wotwaa kuropɔn no ho hyiae. Wɔbobɔɔ mpampim wɔ kuropɔn no afasu ho.
5 Alzo kwam de stad in belegering, tot in het elfde jaar van den koning Zedekia.
Wotuaa kuropɔn no kosii Ɔhene Sedekia adedi afe a ɛto so dubaako no mu.
6 In de vierde maand, op den negenden der maand, als de honger in de stad sterk werd, en het volk des lands geen brood had;
Eduu ɔsram a ɛto so anan no da a ɛto so akron no, na ɔkɔm a asi kuropɔn no mu no ano ayɛ den a mu nnipa no nnya aduan nni.
7 Toen werd de stad doorgebroken, en al de krijgslieden vloden, en trokken uit des nachts, uit de stad, door den weg der poort tussen de twee muren, die aan des konings hof waren (de Chaldeen nu waren tegen de stad rondom), en zij togen door den weg des vlakken velds.
Na wɔpaee kuropɔn no fasu mu, na asraafo no nyinaa guanee. Wɔfaa ɔhene turo mu fii kuropɔn no mu anadwo, kɔfaa ɔpon a ɛwɔ afasu abien no ntam, de wɔn ani kyerɛɛ Araba.
8 Doch het heir der Chaldeen jaagde den koning na, en zij achterhaalden Zedekia in de vlakke velden van Jericho; en al zijn heir werd van bij hem verstrooid.
Nanso Babilonia asraafo no taa Ɔhene Sedekia kɔtoo no wɔ Yeriko tataw so. Na nʼasraafo no nyinaa afi ne ho abɔ ahwete,
9 Zij dan grepen den koning, en voerden hem opwaarts tot den koning van Babel naar Ribla, in het land van Hamath; die sprak oordelen tegen hem.
na wɔkyeree no. Wɔfaa no dommum de no kɔmaa Babiloniahene wɔ Ribla a ɛwɔ Hamat asase so, na hɔ na obuu no atɛn.
10 En de koning van Babel slachtte de zonen van Zedekia voor zijn ogen; en hij slachtte ook al de vorsten van Juda te Ribla.
Ribla hɔ na Babiloniahene kunkum Sedekia mmabarima wɔ nʼanim na okum Yudafo adwumayɛfo nyinaa nso.
11 En hij verblindde de ogen van Zedekia, en hij bond hem met twee koperen ketenen; alzo bracht hem de koning van Babel naar Babel, en stelde hem in het gevangenhuis, tot den dag zijns doods toe.
Afei otutuu Sedekia ani, de kɔbere mfrafrae mpokyerɛ guu no sɛ ɔde no rekɔ Babilonia, hɔ na ɔde no too afiase kosii ne wuda.
12 Daarna, in de vijfde maand, op den tienden der maand (dit jaar was het negentiende jaar van den koning Nebukadrezar, den koning van Babel), als Nebuzaradan, de overste der trawanten, die voor het aangezicht des konings van Babel stond, te Jeruzalem gekomen was;
Ab ɔsram (bɛyɛ Ɔsannaa) da ɛto so dunan wɔ afe a ɛyɛ Nebukadnessar mfe dunkron adedi mu no, Nebusaradan a ɔyɛ awɛmfo so panyin a ɔyɛ Babiloniahene mpanyimfo no mu baako no kɔɔ Yerusalem.
13 Zo verbrandde hij het huis des HEEREN en het huis des konings; mitsgaders alle huizen van Jeruzalem en alle huizen der groten verbrandde hij met vuur.
Ɔde ogya too Awurade asɔredan, ahemfi ne afi a ɛwɔ Yerusalem nyinaa mu. Ɔhyew ofi biara a edi mu.
14 En het ganse heir der Chaldeen, dat met den overste der trawanten was, brak alle muren van Jeruzalem rondom af.
Awɛmfo so panyin no hwɛ maa Babilonia asraafo no bubuu Yerusalem afasu no.
15 Van de armsten nu des volks en het overige des volks, die in de stad overgelaten waren, en de afvalligen, die tot den koning van Babel gevallen waren, en het overige der menigte, voerde Nebuzaradan, de overste der trawanten, gevankelijk weg.
Ɔsahene Nebusaradan a na otua awɛmfo no ano no faa wɔn a wodi hia no mu bi, wɔn a wɔkaa kuropɔn no mu, adwumfo a wɔaka ne wɔn a wɔkɔdɔm Babiloniahene no kɔɔ nnommum mu.
16 Maar van de armsten des lands liet Nebuzaradan, de overste der trawanten, enigen over tot wijngaardeniers en tot akkerlieden.
Nanso Nebusaradan gyaa wɔn a wodi hia wɔ asase no so no nkae sɛ wɔnhwɛ bobe nturo ne mfuw no.
17 Verder braken de Chaldeen de koperen pilaren, die in het huis des HEEREN waren, en de stellingen, en de koperen zee, die in het huis des HEEREN was; en zij voerden al het koper daarvan naar Babel.
Babiloniafo no bubuu kɔbere mfrafrae afadum, nnyinasode a wotumi moma so ne kɔbere mfrafrae Po a na ɛwɔ Awurade asɔredan mu, na wɔde kɔbere mfrafrae no nyinaa kɔɔ Babilonia.
18 Ook namen zij de potten en de schoffelen, en de gaffelen, en de sprengbekkens, en de rookschalen, en al de koperen vaten, waar men den dienst mede deed.
Afei wɔfaa nkuku, nsofi, kanea ntamabamma ntwitwaso, ɔpete nkuruwa, nsanka, mprɛte ne kɔbere mfrafrae nneɛma a wɔde yɛ ɔsom adwuma wɔ asɔredan mu no nso kɔe.
19 En de overste der trawanten nam weg de schalen, en de wierookvaten, en de sprengbekkens, en de potten, en de kandelaars, en de rookschalen, en de kroezen; wat geheel goud, en wat geheel zilver was.
Ɔhene awɛmfo sahene no faa nkankyee, nkankyee ntrantraa, ɔpete nkuruwa, nkuku, kaneannua, nsanka, mprɛte ne nkuruwa a wɔde di ɔnom afɔrebɔ ho dwuma no kɔe; wɔde sikakɔkɔɔ ankasa anaa dwetɛ na ɛyɛɛ eyinom nyinaa.
20 De twee pilaren, de ene zee, en de twaalf koperen runderen, die in de plaats der stellingen waren, die de koning Salomo voor het huis des HEEREN gemaakt had; het koper daarvan, te weten van al deze vaten, was zonder gewicht.
Kɔbere mfrafrae a wɔde yɛɛ afadum abien no, Po no ne anantwinini dumien a ɛwɔ nʼase ne nnyinaso a wɔmema so, na wontumi nkari saa nneɛma a Ɔhene Salomo yɛɛ wɔ Awurade asɔredan mu yi mu duru.
21 Aangaande de pilaren, achttien ellen was de hoogte eens pilaars, en een draad van twaalf ellen omving hem; en zijn dikte was vier vingeren, en hij was hol.
Na afadum no biara sorokɔ yɛ anammɔn aduonu ason na ne dantaban mu nso yɛ anammɔn dunwɔtwe. Emu da tokuru na ne hankare no mu piw yɛ nsateaa anan.
22 En het kapiteel daarop was koper, en de hoogte des enen kapiteels was vijf ellen, en een net, en granaatappelen op het kapiteel rondom, alles koper; en dezen gelijk had de andere pilaar, met granaatappelen.
Na kɔbere mfrafrae ntaaso a esi ɔfadum baako so no sorokɔ yɛ anammɔn ason ne fa a, wɔde kɔbere mfrafrae atoaa ahyehyɛ ho nyinaa ahyia. Afadum a aka no nso a wɔde kɔbere mfrafrae atoaa ahyehyɛ ho no te sɛ baako no.
23 En de granaatappelen waren zes en negentig, gezet naar den wind; alle granaatappelen waren honderd, over het net rondom.
Na Kɔbere mfrafrae atoaa aba a ɛsensɛn ntaaso no ano no yɛ aduɔkron asia, na nea ɛkata ntaaso no ho yɛ ɔha.
24 Ook nam de overste der trawanten Seraja, den hoofdpriester, en Zefanja, den tweeden priester, en de drie dorpelbewaarders.
Awɛmfo no sahene no faa ɔsɔfopanyin Seraia, abediakyiri Sefania ne ɔponanoahwɛfo baasa no nnommum.
25 En uit de stad nam hij een hoveling, die over de krijgslieden gesteld was, en zeven mannen uit degenen, die des konings aangezicht zagen, die in de stad gevonden werden, mitsgaders den oversten schrijver des heirs, die het volk des lands ten oorlog opschreef, en zestig mannen van het volk des lands, die in het midden der stad gevonden werden.
Ɔfaa ɔpanyin a otua asraafo no ano, ne adehye afotufo baason fii nnipa a na wɔda so wɔ kuropɔn no mu no mu. Afei ɔfaa ɔkyerɛwfo a na ɔyɛ adwumayɛfo panyin ma wɔn a wɔfa nnipa ma wɔkɔyɛ asraafo wɔ asase no so, ne nʼadwumayɛfo no mu aduosia a ohuu wɔn wɔ kuropɔn no mu no.
26 Als Nebuzaradan, de overste der trawanten, dezen genomen had, zo bracht hij hen tot den koning van Babel naar Ribla.
Ɔsahene Nebusaradan de wɔn nyinaa kɔɔ Babiloniahene anim wɔ Ribla.
27 En de koning van Babel sloeg hen en doodde hen te Ribla, in het land van Hamath. Alzo werd Juda uit zijn land gevankelijk weggevoerd.
Ɔhene no ma wokunkum wɔn wɔ Ribla a ɛwɔ Hamat. Enti wotwaa Yuda asu fii nʼasase so.
28 Dit is het volk, dat Nebukadrezar gevankelijk heeft weggevoerd; in het zevende jaar, drie duizend drie en twintig Joden;
Nnipa dodow a Nebukadnessar de wɔn kɔɔ nkoasom mu ni: nʼahenni afe a ɛto so ason mu, Yudafo 3,023;
29 In het achttiende jaar van Nebukadrezar, voerde hij gevankelijk weg achthonderd twee en dertig zielen uit Jeruzalem;
Nebukadnessar ahenni afe a ɛto so dunwɔtwe mu, nnipa a wofi Yerusalem, 832;
30 In het drie en twintigste jaar van Nebukadrezar voerde Nebuzaradan, de overste der trawanten, gevankelijk weg van de Joden zevenhonderd vijf en veertig zielen. Alle zielen zijn vier duizend en zeshonderd.
nʼahenni afe a ɛto so aduonu abiɛsa mu, ɔsahene Nebusaradan, a otua ɔhene awɛmfo ano no de Yudafo 745 kɔɔ nnommum mu. Nnipa no nyinaa dodow yɛ 4,600.
31 Het geschiedde daarna, in het zeven en dertigste jaar der gevankelijke wegvoering van Jojachin, den koning van Juda, in de twaalfde maand, op den vijf en twintigsten der maand, dat Evilmerodach, de koning van Babel, in het eerste jaar zijns koninkrijks, het hoofd van Jojachin, den koning van Juda, verhief, en hem uit het gevangenhuis uitbracht.
Yudahene Yehoiakyin nnommumfa afe a ɛto so aduasa ason mu a Ewil-Merodak bɛyɛɛ Babiloniahene no, oyii Yudahene Yehoiakyin fii afiase wɔ ɔsram a ɛto so dumien no da a ɛto so aduonu anum.
32 En hij sprak vriendelijk met hem, en stelde zijn stoel boven den stoel der koningen, die bij hem te Babel waren.
Ɔkaa abodwosɛm kyerɛɛ no, na ɔmaa no dibea a ɛwɔ anuonyam sen ahemfo a wɔne no wɔ Babilonia no de.
33 En hij veranderde de klederen zijner gevangenis; en hij at geduriglijk brood voor zijn aangezicht, al de dagen zijns levens.
Enti Yehoiakin yii nʼafiase ntade guu nkyɛn, na efi saa da no odidii wɔ ɔhene didipon so bere biara, kosii ne wuda.
34 En aangaande zijn tering, een gedurige tering werd hem van den koning van Babel gegeven, elk dagelijks bestemde deel op zijn dag, tot op den dag zijns doods, al de dagen zijns levens.
Na Babiloniahene no san maa Yehoiakin sika bere ano bere ano, ma ɔde tuatua ne ho aka, kosii ne wuda.