< Jeremia 34 >

1 Het woord, dat door Jahweh tot Jeremias werd gericht, terwijl Nabukodonosor, de koning van Babel, met heel zijn leger en alle koninkrijken van het gebied, waarover hij heerste, en met alle volken Jerusalem met al haar steden belegerde:
Bere a Babiloniahene Nebukadnessar ne nʼakofo ne nʼahenni nyinaa ne nnipa a wɔwɔ ahemman a odi so no mu reko tia Yerusalem ne nkurow a atwa ne ho ahyia no, saa asɛm yi fi Awurade nkyɛn baa Yeremia hɔ se,
2 Zo spreekt Jahweh, Israëls God! Ge moet tot Sedekias, den koning van Juda, gaan zeggen: Zo spreekt Jahweh! Zie, Ik lever deze stad in de macht van den koning van Babel; hij zal ze in vlammen doen opgaan.
“Nea Awurade, Israel Nyankopɔn se ni: Kɔ Yudahene Sedekia nkyɛn na kɔka kyerɛ no se, ‘Sɛnea Awurade se ni: Mede kuropɔn yi rebɛhyɛ Babiloniahene nsa, na ɔbɛhyew no dwerɛbee.
3 Gijzelf zult aan zijn hand niet ontsnappen, maar gevangen worden genomen en aan hem worden overgeleverd; gij zult den koning van Babel aanschouwen van oog tot oog, en hij zal van mond tot mond met u spreken; dan zult ge naar Babel gaan.
Worenguan mfi ne nsam na nokware, wɔbɛkyere wo de wo akɔma no. Wode wʼani behu Babiloniahene na ɔne wo bɛkasa anim ne anim. Na wobɛkɔ Babilonia.
4 Maar hoor nu ook het woord van Jahweh, Sedekias, koning van Juda! Zo spreekt Jahweh met betrekking tot u: Gij zult niet sterven door het zwaard!
“‘Nanso tie Awurade bɔhyɛ, Yudahene Sedekia. Sɛɛ na Awurade ka fa wo ho: Worennwu wɔ afoa ano;
5 In vrede zult ge sterven; en zoals men voor uw vaderen, de vroegere koningen die u vooraf zijn gegaan, doden-vuren heeft ontstoken, zo zal men ze ook voor u ontsteken, en de dodenklacht over u aanheffen: "Ach Heer!" Waarachtig, Ik heb het gezegd, is de godsspraak van Jahweh!
na wubewu asomdwoe mu. Sɛnea nnipa bɔɔ ayiyɛ gyatannaa de hyɛɛ wʼagyanom anuonyam, ahemfo dedaw a wodii wʼanim no, saa ara na wɔbɛbɔ gyatannaa ahyɛ wo anuonyam na wɔadi awerɛhow se, “Ao, owura!” Mʼankasa na mehyɛ saa bɔ yi, Awurade na ose.’”
6 Dit alles werd door den profeet Jeremias in Jerusalem tot Sedekias, den koning van Juda, gesproken,
Na odiyifo Yeremia kaa eyinom nyinaa kyerɛɛ Yudahene Sedekia wɔ Yerusalem,
7 terwijl het leger van den koning van Babel Jerusalem, Lakisj en Azeka belegerde, de enige overgebleven steden van Juda; want dit waren de enige vestingsteden van Juda, die nog stand hadden gehouden.
bere a Babiloniahene asraafo reko atia Yerusalem ne Yuda nkuropɔn, Lakis ne Aseka a na wogu so reko wɔ hɔ. Eyinom ne nkuropɔn a na aka wɔ Yuda a wɔwɔ bammɔ.
8 Het woord, dat door Jahweh tot Jeremias werd gericht, nadat koning Sedekias met heel de bevolking van Jerusalem zich verbonden had, een vrijlating onder hen af te kondigen.
Asɛm no fi Awurade hɔ baa Yeremia nkyɛn wɔ bere a ɔhene Sedekia ne Yerusalemfo ayɛ apam sɛ wɔbɛma nkoa ahofadi no akyi.
9 Iedereen zou zijn hebreeuwse slaaf en slavin de vrijheid schenken, en geen joodsen broeder meer in slavendienst houden.
Ɛsɛ sɛ obiara gyaa ne nkoa ne mfenaa Hebrifo; na obiara nni ho kwan sɛ ɔde ne yɔnko Yudani yɛ akoa.
10 Alle aanvoerders en heel het volk, die zich verbonden hadden, hun slaven en slavinnen vrij te laten en ze niet meer in dienst te houden, hadden er gevolg aan gegeven, en hun de vrijheid geschonken.
Enti adwumayɛfo no nyinaa ne nnipa a wɔyɛɛ saa apam yi penee so sɛ wobegyaa wɔn nkoa ne mfenaa, na wɔremfa wɔn nyɛ nkoa bio. Wɔpenee so, na wogyaa wɔn.
11 Maar later waren ze er weer op teruggekomen, en hadden hun slaven en slavinnen, die ze al hadden vrijgelaten, teruggehaald, en ze weer met geweld tot hun slaven en slavinnen gemaakt.
Nanso akyiri no, wɔsesaa wɔn adwene na wɔsan faa nnipa a wogyaa wɔn no de wɔn yɛɛ nkoa bio.
12 Toen werd het woord van Jahweh tot Jeremias gericht:
Na Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn se,
13 Zo spreekt Jahweh, Israëls God! Ik heb een verbond met uw vaderen gesloten, toen Ik ze uit het land van Egypte, hun slavenverblijf, heb geleid, en hun gezegd:
“Nea Awurade, Israel Nyankopɔn, se ni: Me ne mo agyanom yɛɛ apam bere a miyii wɔn fii Misraim, nkoasom asase so no. Mekae se,
14 Na zeven jaren moet ieder van u zijn hebreeuwsen broeder, die zich aan u heeft verkocht, de vrijheid schenken; zes jaren mag hij u dienen, dan moet ge hem laten gaan. Maar uw vaderen hebben niet naar Mij gehoord, hebben niet willen luisteren!
‘Mfe ason biara no, ɛsɛ sɛ mo mu biara gyaa ne yɔnko Hebrini a watɔn ne ho ama no. Sɛ wasom mfe asia a gyaa no na ɔmfa ne ho nni.’ Nanso mo agyanom antie na wɔamfa mʼasɛm.
15 Nu waart gijzelf tot inkeer gekomen, en hebt gedaan wat goed is in mijn ogen, door onder elkander een vrijlating af te kondigen, en voor mijn aanschijn een verbintenis daartoe aan te gaan in het huis, waarover mijn Naam is uitgeroepen.
Ɛnkyɛe koraa, nanso munuu mo ho na moyɛɛ nea eye wɔ mʼani so: Mo mu biara paee ahofadi maa ne manmma. Mpo moyɛɛ apam wɔ mʼanim, wɔ ofi a me Din da so no mu.
16 Maar ge zijt daar weer op teruggekomen, en hebt daardoor mijn Naam ontwijd: iedereen heeft zijn slaaf en slavin, die ge hadt laten gaan waarheen ze wilden, teruggehaald, en ze weer met geweld tot zijn slaven en slavinnen gemaakt.
Nanso mprempren, moadan mo ho na moahura me din ho; mo mu biara asan akɔfa nkoa ne mfenaa a mugyaa wɔn sɛ wɔnkɔ baabiara a wɔpɛ no. Moahyɛ wɔn ama wɔayɛ mo nkoa bio.
17 Daarom spreekt Jahweh: Ge hebt niet naar Mij willen luisteren, om de vrijlating af te kondigen voor uw broeder en naaste. Welnu, dan kondig Ik ù een vrijlating aan, is de godsspraak van Jahweh: "voor het zwaard, de pest en de honger"; en Ik maak u ten afschrik voor alle koninkrijken der aarde.
“Afei nea Awurade se ni: Muntiee me na mompaee ahofadi mmaa mo ankasa nkurɔfo. Enti afei mepae ‘ahofadi’ ma mo, Awurade na ose. ‘Ahofadi’ a ebegyaa mo ama afoa, ɔyaredɔm ne ɔkɔm. Mɛma moayɛ akyiwade ama asase so ahenni ahorow nyinaa.
18 Ik zal met de mannen, die mijn verbond overtraden en die zich aan de verbintenis niet hielden, die zij voor mijn aanschijn hebben aangegaan, handelen als met het kalf, dat ze in twee stukken hebben gehouwen, waar zij tussendoor zijn gelopen.
Nnipa a wɔabu mʼapam so, na wɔanni nhyehyɛe a ɛwɔ apam a wɔayɛ wɔ mʼanim no so no, mɛyɛ wɔn sɛ nantwi ba a wɔpae ne mu abien na wɔnantew nʼafaafa no ntam no.
19 De aanvoerders van Juda en Jerusalem, de hovelingen en priesters en heel het mindere volk, die tussen de stukken van het kalf zijn gelopen,
Yuda ne Yerusalem ntuanofo, asennii adwumayɛfo, asɔfo ne asase no so nnipa no nyinaa a monantew faa nantwi ba no afaafa no ntam no,
20 zal Ik in de macht van hun vijanden leveren en van hen die ze naar het leven staan, en hun lijken zullen het aas zijn voor de vogels in de lucht en de beesten op aarde.
mede wɔn bɛma wɔn atamfo a wɔrehwehwɛ wɔn nkwa no. Wɔn afunu bɛyɛ aduan ama wim nnomaa ne asase so mmoa.
21 Ook Sedekias, den koning van Juda, met al zijn aanvoerders lever Ik aan hun vijanden uit en aan hen die ze naar het leven staan, aan het leger van den koning van Babel, dat nu van u is weggetrokken.
“Mede Yudahene Sedekia ne nʼadwumayɛfo bɛhyɛ wɔn atamfo a wɔrehwehwɛ wɔn nkwa, Babiloniahene asraafo a wɔatwe wɔn ho no nsa.
22 Zie, Ik ontbied ze opnieuw, is de godsspraak van Jahweh, en breng ze terug naar deze stad; ze zullen haar belegeren, innemen, en in vlammen doen opgaan. En van de steden van Juda zal Ik een wildernis maken, waar niemand meer woont!
Merebɛhyɛ, Awurade asɛm ni, na mɛsan de wɔn aba kuropɔn yi mu. Wɔbɛko atia no, wɔbɛfa, na wɔahyew no dwerɛbee. Na mɛma Yuda nkurow ada mpan a obiara rentumi ntena hɔ.”

< Jeremia 34 >