< Deuteronomium 3 >

1 Toen wij de richting van Basjan insloegen en verder trokken, rukte Og, de koning van Basjan, met al zijn volk naar Edréi op, om ons te bestrijden.
Afei, yɛde yɛn ani kyerɛɛ Basan ɛkwan so. Basanhene Og ne nʼasraadɔm firi bɛhyiaa yɛn wɔ Edrei ne yɛn koeɛ.
2 Maar Jahweh sprak tot mij: Vrees hem niet; want Ik heb hem met al zijn volk en zijn land in uw handen geleverd. Ge moet met hem doen, zoals gij gedaan hebt met Sichon, den koning der Amorieten, die in Chesjbon woonde.
Nanso, Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Nsuro no, ɛfiri sɛ, mede ɔno ne nʼakodɔm ne nʼasase nyinaa ahyɛ wo nsa. Asɛm a ɛtoo Amorifoɔhene Sihon wɔ Hesbon no, saa asɛm korɔ no ara bi na ɛbɛto no.”
3 En Jahweh, onze God, leverde Og, den koning van Basjan, met al zijn volk in onze handen, en wij versloegen hem, zodat er niemand ontkwam.
Enti, Awurade, yɛn Onyankopɔn, sane de Basanhene Og ne nʼakodɔm nyinaa hyɛɛ yɛn nsa. Yɛbɔɔ wɔn guiɛ a anka wɔn mu baako koraa.
4 Wij namen toen al zijn steden in; er was geen vesting, die wij niet veroverden. Het waren zestig steden over heel de streek van Argob, dat het rijk van Og van Basjan vormde;
Saa ɛberɛ no, yɛfaa wɔn nkuropɔn nyinaa. Nkuropɔn aduosia no mu baako koraa nni hɔ a yɛannye amfiri wɔn nsam. Argob mantam a ɛyɛ Og ahenkuro wɔ Basan nyinaa ka ho.
5 alle versterkt met hoge muren, poorten en grendels, behalve nog de zeer talrijke open plaatsen.
Saa nkuropɔn yi nyinaa, na wɔato afasuo atentene afa ho de nnadeɛ apono atoto ano. Saa ɛberɛ korɔ no ara mu, yɛfaa nkuraa a na wɔntoo afasuo mfaa ho bebree.
6 Wij sloegen ze met de ban, zoals wij met Sichon, den koning van Chesjbon, hadden gedaan, en troffen er alle steden met mannen, vrouwen en kinderen mee.
Yɛsɛee Basan kuropɔn no korakora sɛdeɛ yɛsɛee Hesbonhene Sihon no. Yɛsɛee nkuro no ne emu mmarima, mmaa ne mmɔfra nyinaa pasapasa.
7 Al het vee met de buit van de steden behielden we voor onszelf.
Nanso, afieboa nyinaa ne nkuro no mu asadeɛ deɛ, yɛfom faeɛ.
8 Zo veroverden wij toen op de beide koningen der Amorieten, die in het Overjordaanse waren, het land van de beek Arnon af tot aan het Hermongebergte,
Amorifoɔ ahemfo baanu nsase a na ɛdeda Asubɔnten Yordan apueeɛ fam no nyinaa, yɛfaeɛ—nsase a ɛfiri Arnon subɔnhwa kɔsi bepɔ Hermon so nyinaa.
9 (de Sidoniërs noemen de Hermon Sirjon, de Amorieten noemen hem Senir),
Sidonfoɔ frɛ no Hermon Sirion ɛnna Amorifoɔ frɛ no Senir.
10 met al de steden van de vlakte, van heel Gilad en Basjan tot aan Salka en Edréi toe, die tot het koninkrijk van Og van Basjan behoorden.
Yɛadi nkuropɔn a ɛwɔ bepɔ no apampam no nyinaa so a Gilead ne Basan ka ho de kɔsi nkuro a ɛwɔ Saleka ne Edrei, a na ɛyɛ Og ahemman wɔ Basan no nso ka ho bi.
11 Og, de koning van Basjan, was de laatst overgeblevene der Refaïeten; zijn sarcofaag van bazalt bevindt zich te Rabbat-Ammon, en is negen el lang en vier el breed, naar de gewone el.
Abrane no deɛ, Basanhene Og nko na na waka. Ne dadeɛ mpa tenten boro anammɔn dumiɛnsa ɛnna ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn nsia. Ɛda so wɔ Amonfoɔ kuropɔn Raba mu seesei ara.
12 Nadat wij toen dat land in bezit hadden genomen, gaf ik het van Aroër af, dat aan de beek Arnon ligt, en de helft van het Gilad-gebergte met zijn steden aan de Rubenieten en Gadieten.
Yɛfaa asase no, mede asase no fa a ɛda firi Aroer Arnon subɔnhwa mu ne Gilead bepɔ fa ne ne nkuro no maa Rubenfoɔ ne Gadfoɔ.
13 De rest van Gilad met heel Basjan, het koninkrijk van Og, dus de hele streek Argob, gaf ik aan de halve stam van Manasse; (dit hele Basjan werd het land der Refaïeten genoemd).
Afei, mede asase no nkaeɛ a ɛyɛ Gilead ne Basan nyinaa a ɛyɛ na anka ɛyɛ Og ahemman no maa Manase abusua fa no. Saa Basan no nyinaa na wɔfrɛ no abrane asase.
14 Jaïr, de zoon van Manasse, ontving heel de streek Argob tot aan het land der Gesjoerieten en Maäkatieten, en noemde haar naar zijn naam, kampementen van Jaïr, zoals ze nu nog heten;
Manase abusua ɔkannifoɔ Yair faa Argob asase no nyinaa a ɛne Basan kɔsii Gesurfoɔ ne Maakatfoɔ hyeɛ so. Ɔde ne din too asase no frɛɛ hɔ Hawot-Yair de bɛsi ɛnnɛ.
15 aan Makir gaf ik het ene gedeelte van Gilad.
Mede Gilead maa Makir,
16 Aan de Rubenieten en de Gadieten gaf ik het andere gedeelte van Gilad tot de beek Arnon, halverwege die beek, welke de grens vormde, en tot aan de beek Jabbok, de grens der Ammonieten;
Rubenfoɔ ne Gadfoɔ no, memaa wɔn asase bi a ɛfiri Gilead fa bi, kɔsi Arnon subɔnhwa ho, de kɔsi Asubɔnten Yabok a ɛyɛ Amonfoɔ hyeɛ no so.
17 bovendien de Araba, met de Jordaan als grens, van Gennezaret af tot aan de Araba-Zee, de Zoutzee, onder de hellingen van de Pisga in het oosten.
Atɔeɛ hyeɛ no firi Asubɔnten Yordan a ɛda Araba a ɛfiri Kineret kɔsi Nkyene Ɛpo a ɛda Pisga bepɔ ayaase no.
18 Maar ik gaf u toen het volgende bevel: Jahweh uw God, heeft u wel dit land in bezit gegeven, maar gij moet met alle weerbare mannen, welbewapend aan de spits van uw israëlietische broeders oversteken;
Na mehyɛɛ mo saa ɛberɛ no sɛ, “Awurade mo Onyankopɔn de asase yi ama mo sɛ momfa. Nanso mo mmarima akofoɔ nyinaa nhyɛ akodeɛ nni mo nuanom Israelfoɔ anim ntwa Yordan.
19 alleen uw vrouwen, uw kinderen en uw vee—en ik weet, dat gij veel vee bezit—mogen achterblijven in de steden, die ik u heb gegeven.
Mo yerenom, mo mma ne mo afieboa bebrebe no deɛ, monnya wɔn wɔ mo akyi wɔ nkuro a mede ama mo no so.
20 Eerst als Jahweh aan uw broeders rust heeft verschaft, zoals aan u, en ook zij het land bezitten, dat Jahweh, uw God, hun aan de overzijde van de Jordaan zal schenken, mag ieder van u terugkeren naar zijn bezit, dat ik hem heb gegeven.
Sɛ Awurade bɔ Israelfoɔ a wɔaka no ho ban na wɔtena asase a Awurade de ama wɔn a ɛtwam Asubɔnten Yordan no so a, afei motumi sane mo akyi ba asase a mede ama mo no so.”
21 Ik heb toen Josuë bevolen: Met eigen ogen hebt ge alles aanschouwd, wat Jahweh, uw God, met deze twee koningen heeft gedaan. Zo zal Jahweh ook met alle koninkrijken doen, waartegen gij optrekt.
Saa ɛberɛ no, meka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Woahunu deɛ Awurade wo Onyankopɔn ayɛ saa ahemfo baanu yi. Saa ara na ɔbɛyɛ ahemman a ɛwɔ Yordan atɔeɛ fam no nyinaa.
22 Vrees hen dus niet; want Jahweh, uw God, zal zelf voor u strijden.
Nsuro aman a wɔwɔ hɔ no na Awurade bɛko ama wo.”
23 Ik bad toen Jahweh nog om ontferming, en sprak:
Saa ɛberɛ no, mesrɛɛ Awurade sɛ,
24 Jahweh, mijn Heer, Gij zijt begonnen uw dienaar uw grootheid en uw krachtige hand te laten aanschouwen; want welke God in de hemel of op de aarde wrocht zulke werken en machtige daden als Gij?
“Ao Otumfoɔ Awurade, meyɛ wʼakoa. Afei, na worekyerɛ me wo kɛseyɛ ne wo tumi. Onyame bɛn na ɔwɔ ɔsoro anaa asase so a ɔbɛtumi ayɛ mmaninneɛ te sɛ wo?
25 Ach, laat mij naar de overkant trekken, en het heerlijke land aanschouwen, aan de andere zijde van de Jordaan, dat schone gebergte met de Libanon.
Mesrɛ wo, ma me ntwa Yordan nkɔhwɛ asase nwanwa a ɛda ɛfa hɔ, ɔman fɛfɛ no ne Lebanon mmepɔ no.”
26 Maar Jahweh bleef vergramd tegen mij om uwentwil, en wilde niet naar mij horen. En Jahweh sprak tot mij: Genoeg, ge moogt er Mij niet meer over spreken.
Nanso ɛsiane mo enti, Awurade bo fuu me. Na wantie me. Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ “Ɛyɛ, nka saa asɛm yi ho hwee bio nkyerɛ me.
27 Bestijg de top van de Pisga, sla uw ogen op naar het westen en noorden, het zuiden en oosten; ge moogt het aanschouwen, maar gij zult de Jordaan niet oversteken.
Foro kɔ Pisga na hwɛ atɔeɛ ne atifi ne anafoɔ ne apueeɛ. Esiane sɛ, worentwa Yordan no enti, wʼankasa fa wʼani hwɛ asase no.
28 Draag het bevel over aan Josuë, bemoedig en sterk hem, want hij zal aan de spits van dit volk naar de overkant trekken en hen in bezit stellen van het land dat gij ziet
Nanso, tu Yosua na bɔ nʼaba so, na hyɛ no den na ɔno na ɔbɛdi saa nnipa yi anim atwa na wama wɔadi asase a wʼani tua yi so.”
29 Zo bleven we in de vallei tegenover Bet-Peor.
Ɛno enti, yɛtenaa subɔnhwa a ɛbɛn Bet-Peor.

< Deuteronomium 3 >