< Jeremia 44 >
1 Wachni nobiro ne Jeremia kuom jo-Yahudi modak Misri Mamwalo man Migdol, Tapanhes gi Memfis kod Misri Mamalo:
Saa asɛm yi baa Yeremia nkyɛn. Ɛfa Yudafoɔ a wɔtete Misraim anafoɔ fam wɔ Migdol, Tapanhes, Memfis ne Misraim atifi fam ho.
2 “Ma e gima Jehova Nyasaye Maratego, ma Nyasach Israel, wacho: Ne ineno masira malich mane akelo kuom Jerusalem kod kuom dala duto mag Juda. Kawuono gidongʼ gunda kendo okethgi,
“Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ: Mohunuu amanehunu kɛseɛ a mede baa Yerusalem ne Yuda nkuro nyinaa so. Ɛnnɛ wɔayeyɛ amanfo na wɔasɛe
3 nikech timbe maricho magisetimo. Negimiya mirima ma iya owangʼ kuom wangʼo ubani kendo lamo nyiseche manono ma gin kata un kata wuoneu ne ok ongʼeyo.
ɛsiane bɔne a wɔayɛ no enti. Wɔhyee nnuhwam, somm anyame foforɔ a wɔn anaa mo anaa mo agyanom nnim wɔn de hyɛɛ me abufuo.
4 Ne asiko ka aoro jotichna ma jonabi, mane giwacho ni, ‘Kik utim gima mononi ma ok ahero!’
Mpɛn bebree mesomaa mʼasomfoɔ adiyifoɔ a wɔkaa sɛ, ‘Monnyɛ saa atantanneɛ a mekyiri no!’
5 To ne ok gichiko itgi kata winja; ne ok gilokore gia e timbegi mamono kata weyo wangʼo ubani ne nyiseche manono.
Nanso wɔantie. Wɔamfa anyɛ asɛm, na wɔannane amfiri wɔn amumuyɛsɛm ho na wɔannyae hye a wɔhye nnuhwam ma anyame foforɔ no.
6 Emomiyo, mirimba mager nool oko; mine olandore kobebni e dala mag Juda kod yore mag Jerusalem kendo moketogi gibed gundini mokethore kaka gin kawuono.
Enti, mehwiee mʼabufuo guiɛ na ɛdɛre kɔɔ Yuda nkuro ne Yerusalem mmɔntene so, ma ɛsɛɛsɛeɛ na ɛdedaa mpan sɛdeɛ ɛteɛ ɛnnɛ yi.
7 “Koro ma e gima Jehova Nyasaye Maratego, ma Nyasach Israel, wacho: Angʼo momiyo ukelo masira malich kuomu ka uweyo chwo gi mon, rawere gi nyithindo mayom, makoro onge joma otony koa kuom jo-Juda?
“Na seesei, deɛ Asafo Awurade Onyankopɔn, Israel Onyankopɔn seɛ nie: Adɛn enti na mode amanehunu kɛseɛ aba mo ho so, sɛ moyii mmarima ne mmaa, mmɔfra ne mmotafowa firii Yuda a moangya nkaeɛfoɔ biara amma mo ho.
8 Angʼo momiyo uwangʼo iya gi gik ma lwetu oloso, uwangʼo ubani ne nyiseche manono ei Misri, kama osebiroe mondo udagie? Unutiekru kendu uwegi ka uloso ne un uwegi gigo mag kwongʼ gi ajara e dier ogendini duto manie piny.
Adɛn enti na mode deɛ mo nsa ayɛ hyɛ me abufuo, na mohye nnuhwam ma anyame foforɔ wɔ Misraim, baabi a moabɛtena hɔ? Mobɛsɛe mo ho, na moayɛ nnomedeɛ ne nsopa wɔ asase so amanaman nyinaa mu.
9 Dibed ni wiu osewil gi timbe maricho mane wuoneu otimo kod mago mane otim gi ruodhi kaachiel gi monde ruodhi mag Juda to gi richo mane utimo kaachiel gi mondeu e piny Juda kod e yore mag Jerusalem?
Mo werɛ afiri amumuyɛsɛm a mo agyanom, Yuda ahemfo ne ahemaa yɛeɛ, na mo ne mo yerenom nso yɛɛ wɔ Yuda asase ne Yerusalem mmɔntene so no anaa?
10 Nyaka chil kawuono pod ok gibolore kata chiwo luor, bende pod ok girito chikena gi buchena mane amiyou kaachiel gi wuoneu.
Ɛbɛsi ɛnnɛ yi, wɔmmrɛɛ wɔn ho ase, wɔnnaa anidie adi na wɔnnii me mmara ne ahyɛdeɛ a mede maa mo ne mo agyanom no so.
11 “Emomiyo, ma e gima Jehova Nyasaye Maratego, ma Nyasach Israel, wacho: Aramo chuth ni nyaka akel masira kuomu kendo atiek Juda duto.
“Enti, deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ nie: Masi mʼadwene pi sɛ mede amanehunu bɛba mo so na masɛe Yuda nyinaa.
12 Anakaw jo-Juda modongʼ mane oramo ni nyaka dhi Misri mondo gidak kanyo. Giduto ginirum Misri; noneg-gi gi ligangla kata ginitho nikech kech. Kochakore ngʼat matin nyaka ngʼat maduongʼ, noneg-gi gi ligangla kata gi kech. Ginibed gir kwongʼ kod bwok, joma ongʼadnegi bura kendo mijaro.
Mɛfa Yuda nkaeɛfoɔ a wɔsii wɔn adwene pi sɛ wɔbɛkɔ Misraim akɔtena hɔ no. Wɔn nyinaa bɛwuwu wɔ Misraim; wɔbɛtotɔ akofena ano anaa ɛkɔm bɛkum wɔn. Ɛfiri akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so, akofena ne ɛkɔm bɛkunkum wɔn. Wɔbɛyɛ nnomedeɛ, ahodwiredeɛ, afɔbudeɛ ne ahohora.
13 Anakum joma odak Misri gi ligangla, kech kod masira, mana kaka nakumo Jerusalem.
Mede akofena, ɛkɔm ne ɔyaredɔm bɛtwe wɔn a wɔtete Misraim aso, sɛdeɛ metwee Yerusalem aso no.
14 Onge jo-Juda mane odongʼ mane odhi dak Misri ma notony kata kwo ma ok odwogo e piny Juda, ma gigombo duogoe kendo dakie; onge manoduogi makmana ji moko manok manoringo lweny.”
Yuda nkaeɛfoɔ a wɔakɔtena Misraim no mu biara rennwane, na wɔremfa wɔn ho nni na wɔasane aba Yuda, asase a wɔpɛ sɛ wɔsane bɛtena so no; wɔn mu biara remma bio, gye sɛ adwanefoɔ kakraa bi.”
15 Eka chwo duto mane ongʼeyo ni mondegi wangʼo ubani ne nyiseche manono, kaachiel gi mon duto mane ni kanyo, ne gin oganda mangʼeny, kod ji duto manodak e piny Misri Mamwalo kod Mamalo, nowachone Jeremia niya,
Afei, mmarima a na wɔnim sɛ wɔn yerenom hye nnuhwam ma anyame foforɔ, wɔne mmaa a wɔwɔ hɔ no nyinaa ne nnipa a wɔwɔ Misraim Atifi fam ne Anafoɔ fam ka kyerɛɛ Yeremia sɛ,
16 “Ok wanawinj wach miwachonwa e nying Jehova Nyasaye!
“Yɛrentie asɛm a waka akyerɛ yɛn wɔ Awurade din mu no!
17 Adier wanatim gik moko duto mane wawacho ni wanatim: Wanawangʼ ubani ne Ruoth ma Dhako mar Polo kendo wanamiye misango miolo piny mana kaka wan kod wuonewa, ruodhiwa kod jotendwa notimo e dala mag Juda kod yore mag Jerusalem. E kindeno ne wan gi chiemo mathoth kendo ne wamewo kendo ne onge hinyruok moro amora kuomwa.
Ampa ara yɛbɛyɛ biribiara a yɛkaa sɛ yɛbɛyɛ: Yɛbɛhye nnuhwam ama Ɔsoro Hemmaa na yɛahwie ahwiesa ama no, sɛdeɛ yɛ ne yɛn agyanom, ahemfo ne adwumayɛfoɔ yɛɛ wɔ Yuda nkuro ne Yerusalem mmɔntene so pɛpɛɛpɛ. Saa ɛberɛ no na yɛwɔ aduane, na yɛdi yie a yɛnni ɔhaw biara nso.
18 To nyaka aa kinde mane waweyo wangʼo ubani ne Ruoth ma Dhako mar Polo kendo chiwone misango miolo piny, wasebedo maonge gimoro amora kendo ligangla gi kech osenegowa.”
Nanso ɛfiri ɛberɛ a yɛgyaee nnuhwam a yɛhye ma Ɔsoro Hemmaa, na yɛgyaee ahwiesa a yɛde ma no no, biribiara abɔ yɛn na yɛrewuwu wɔ akofena ne ɛkɔm ano.”
19 Mon-go nomedo wacho niya, “Kane wawangʼo ubani ne Ruoth ma Dhako mar Polo kendo chiwone misango miolo piny, donge chwowa nongʼeyo nine waloso kek machalo gi kite kendo wachiwone misango miolo piny?”
Na mmaa no nso ka kaa ho sɛ, “Ɛberɛ a yɛhyee nnuhwam maa Ɔsoro Hemmaa na yɛhwiee ahwiesa maa no no, na yɛn kununom nnim sɛ yɛto ɔfam a ɛyɛ ne sɛso, hwie ahwiesa ma no anaa?”
20 Eka Jeremia nowachone ji duto, chwo kaachiel gi mon, mane dwoke niya,
Na Yeremia ka kyerɛɛ nnipa no nyinaa, mmarima ne mmaa a wɔrebua noɔ no sɛ,
21 “Uparo ni Jehova Nyasaye ne ok ongʼeyo wach misengini ma un gi kwereu, kod ruodhiu gi jotendu kaachiel gi jopinyu duto ne otimo e miech Juda kendo e yore mag Jerusalem? Koso uparo ni wiye osewil kodgi.
“Mosusu sɛ, Awurade nnim sɛ na mo ne mo agyanom, mo ahemfo, adwumayɛfoɔ ne ɔmanfoɔ no hye nnuhwam ma ahoni wɔ Yuda nkuro so ne Yerusalem mmɔntene so anaa?
22 Ka Jehova Nyasaye ne ok nyal dhi nyime gineno timbeu mamono kod gigo magath mane utimo, pinyu nokwongʼ kendo odongʼ gunda maonge gima odakie, mana kaka en kawuono.
Ɛberɛ a mo amumuyɛ ne akyiwadeɛ a moyɛeɛ no fonoo Awurade no, mo asase danee nnomedeɛ ne amanfo a obiara nte so, sɛdeɛ ɛte ɛnnɛ yi.
23 Nikech usewangʼo ubani kendo usetimo richo ne Jehova Nyasaye kendo pod ok uluore kata luwo chikene kata puonj mage kod dwaro mage, masirani osebiro kuomu, mana kaka unene sani.”
Esiane sɛ moahye nnuhwam, ayɛ bɔne atia Awurade, na moannyɛ ɔsetie amma no, na moanni ne mmara, nʼahyɛdeɛ ne nʼadansesɛm soɔ enti, amanehunu aba mo so sɛdeɛ mohunu yi.”
24 Eka Jeremia nowachone ji duto, kaachiel gi mon, “Winjuru wach Jehova Nyasaye, un jo-Juda duto modak Misri.
Afei, Yeremia ka kyerɛɛ nnipa no nyinaa a mmaa no ka ho sɛ, “Mo Yudafoɔ a mowɔ Misraim nyinaa montie Awurade asɛm.
25 Ma e gima Jehova Nyasaye Maratego, ma Nyasach Israel, wacho: Un gi mondu usenyiso gi timbeu gik mane usingoru ka uwacho ni, ‘Nyaka wachop singruok mane waketo mar wangʼo ubani kendo chiwo misango miolo piny ne Ruoth ma Dhako mar Polo.’ “Dhiuru nyime, kendo utim gima ne usingo! Rituru singruoku!
Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ: Mo ne mo yerenom de mo nneyɛɛ akyerɛ mo bɔ a mohyɛɛ sɛ, ‘Ampa ara yɛbɛdi ɛbɔ a yɛhyɛɛ sɛ, yɛbɛhye nnuhwam ahwie ahwiesa ama Ɔsoro Hemmaa no, no so.’ “Monkɔ so, monni mo bɔhyɛ ne mo ntam so!
26 To winj wach Jehova Nyasaye, un jo-Yahudi duto modak Misri: ‘Akwongʼora gi nyinga maduongʼ,’ Jehova Nyasaye owacho, ‘ni onge ngʼato angʼata moa Juda modak Misri manochak oluong nyinga kata kwongʼore niya, “Akwongʼora gi nying Jehova Nyasaye Manyalo Gik Moko Duto.”
Nanso, montie Awurade asɛm, mo Yudafoɔ a mowɔ Misraim nyinaa. ‘Mede me din kɛseɛ no ka ntam sɛ,’ deɛ Awurade seɛ nie, ‘obiara a ɔfiri Yuda a ɔte Misraim asase so baabiara remmɔ me din nka ntam bio da sɛ, “Sɛ Otumfoɔ Awurade te ase yi.”
27 Angʼiyo kaka dakelnegi hinyruok, to ok kelonegi ber; nimar un jo-Yahudi man Misri nonegu gi ligangla kod kech nyaka tieku pep.
Na mɛhwɛ ama wɔahunu amane na ɛnyɛ yiedie; Yudafoɔ a wɔwɔ Misraim bɛwuwu wɔ akofena ne ɛkɔm ano kɔsi sɛ wɔbɛsɛe wɔn nyinaa.
28 Jogo mane otonyne ligangla kendo odwogo e piny Juda koa Misri nobed manok. Eka jo-Juda duto mane odongʼ mane obiro dak Misri nongʼe ni en wach ngʼa matiyo, mara koso margi.
Wɔn a wɔbɛdwane afiri akofena ano na wasane afiri Misraim akɔ Yuda asase so no bɛyɛ kakraa bi. Afei Yuda nkaeɛfoɔ a wɔbɛtenaa Misraim no nyinaa bɛhunu deɛ nʼasɛm yɛ nokorɛ; me deɛ anaa wɔn deɛ.
29 “‘Ma ema nobednu ranyisi ni anakumu kaeni, mondo omi ungʼe ni gima asechano timonu notimre.’
“‘Yei na ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ama mo sɛ mɛtwe mo aso wɔ ha, na mo ahunu sɛ ampa ara mʼahunahuna a ɛfa ɔhaw ho no bɛba mu,’ Awurade na ɔseɛ.
30 Ma e gima Jehova Nyasaye wacho: ‘Anachiw Farao Hofra ruodh Misri ne wasike madwaro ngimane, mana kaka ne achiwo Zedekia ruodh Juda ne Nebukadneza ruodh Babulon jasike mane dwaro ngimane.’”
‘Mede Misraimhene Farao Hofra rebɛhyɛ nʼatamfoɔ a wɔpɛ sɛ wɔkum no no nsa, sɛdeɛ mede Yudahene Sedekia hyɛɛ Babiloniahene Nebukadnessar, ne ɔtamfoɔ a na ɔrepɛ no akum no no nsa. Yei ne deɛ Awurade seɛ.’”