< Højsangen 2 >

1 Jeg er Sarons Rose, Dalenes Lilje
Meyɛ Saron nhwiren ne abon mu sukooko.
2 Som en Lilje midt iblandt Torne er min Veninde blandt Piger.
Sɛnea sukooko a ɛwɔ nsɔe mu te no, saa ara na me dɔfo te wɔ mmabaa mu.
3 Som et Æbletræ blandt Skovens Træer er min Ven blandt unge Mænd. I hans Skygge har jeg Lyst til at sidde, hans Frugt er sød for min Gane.
Sɛnea aprɛ te wɔ kwae mu nnua mu no, saa ara na me dɔfo te wɔ mmerante mu. Sɛ metena ne nwini mu a minya ahomeka na nʼaba nso yɛ mʼanom dɛ.
4 Til en Vinhal bragte han mig, hvor Mærket over mig er Kærlighed.
Ɔde me akɔ aponto ase, na mʼagyiraehyɛde yɛ ɔdɔ.
5 Styrk mig med Rosinkager, kvæg mig med Æbler, thi jeg er syg af Kærlighed.
Momma me bobe aba na minya ahoɔden, momma me aprɛ na ennwudwo me, efisɛ ɔdɔ ama matɔ beraw.
6 Hans venstre er under mit Hoved, hans højre tager mig i Favn.
Ne nsa benkum da mʼatiko, na ne nsa nifa aka me afam ne bo.
7 Jeg besværger eder, Jerusalems Døtre, ved Gazeller og Markens Hjorte: Gør ikke Kærligheden Uro, væk den ikke, før den ønsker det selv!
Yerusalem mmabea, mede atwewa ne wuram ɔforote hyɛ mo sɛ: Monnkanyan na munnyan ɔdɔ kosi bere a ɛsɛ mu.
8 Hør! Der er min Ven! Ja se, der kommer han i Løb over Bjergene, i Spring over Højene.
Tie! me dɔfo! Hwɛ! ɔno na ɔreba no, ɔrehuruhuruw wɔ mmepɔw no so na ɔbɔ pentenkwa wɔ nkoko no so.
9 Min Ven er som en Gazel, han er som den unge Hjort. Se, nu står han alt bag vor Mur. Han ser gennem Vinduet, kigger gennem Gitteret.
Me dɔfo te sɛ ɔtwe anaa ɔforote. Hwɛ! ogyina yɛn fasu akyi, ɔhwɛ mfɛnsere no mu, wagyen nʼani rehwɛ mfɛnsere no mu.
10 Min Ven stemmer i og siger så til mig: Stå op, min Veninde, du fagre, kom!
Me dɔfo kasa kyerɛɛ me se, “Sɔre, me dɔfo ne mʼahoɔfɛ na bra me nkyɛn.
11 Thi nu er Vinteren omme, Regntiden svandt, for hen,
Hwɛ! awɔwbere atwa mu; na asusow atwa mu kɔ.
12 Blomster ses i Landet, Sangens Tid er kommet, Turtelduens Kurren høres i vort Land;
Nhwiren afifi asase ani: nnwonto bere aso. Wɔte mmorɔnoma su wɔ yɛn asase so.
13 Figentræets Småfrugter svulmer, Vinstokken blomstrer, udspreder Duft. Stå op, min Veninde, du fagre, kom,
Borɔdɔma agu nhwiren; na bobe hua agye baabiara. Sɔre bra, me dɔfo; mʼahoɔfɛ, bra me nkyɛn.”
14 min Due i Fjeldets Kløfter, i Bjergvæggens Skjul! Lad mig skue din Skikkelse, høre din Røst, thi sød er din Røst og din Skikkelse yndig.
Mʼaborɔnoma a wohyɛ abotan ntokuru mu, ahintaw wɔ mmepɔw so, ma minhu wʼanim; ma mente wo nne; wo nne yɛ dɛ, na wʼanim yɛ fɛ.
15 Fang os de Ræve, de Ræve små, som hærger Vinen, vor blomstrende Vin!
Monkyekyere sakraman no mma yɛn, sakraman nketewa no a wɔsɛe bobe nturo, yɛn bobe nturo a ayɛ frɔmfrɔm no.
16 Min Ven er min, og jeg er hans, som vogter blandt Liljer;
Me dɔfo yɛ me dea, na mewɔ no; ɔhwehwɛ sukooko no mu.
17 til Dagen svales og Skyggerne længes, kom hid, min Ven, og vær som Gazellen, som den unge Hjort på duftende Bjerge!
Enkosi sɛ ade bɛkyɛ na sunsuma bɛsen akɔ no, dan wo ho, me dɔfo, na yɛ sɛ ɔtwewa anaa ɔforote a ɔwɔ nkoko mmonkyi mmonka no so.

< Højsangen 2 >