< Aabenbaringen 15 >
1 Og jeg så et andet Tegn i Himmelen, stort og vidunderligt: syv Engel som have de syv sidste Plager; thi med disse er Guds Harme fuldbyrdet.
Mehunuu ade foforɔ bi a ɛso na ɛyɛ nwanwa wɔ ɔsoro. Na wɔyɛ abɔfoɔ baason a wɔkura ɔhaw nson a ɛno ne ɔhaw a ɛtwa toɔ, ɛfiri sɛ, ɛno na ɛkyerɛ Onyankopɔn abufuo a ɛtwa toɔ.
2 Og jeg så som et Glarhav, blandet med Ild, og dem, som sejrende gik ud af Kampen med Dyret og dets Billede og dets Navns Tal, stående ved Glarhavet og holdende Guds Harper.
Afei, mehunuu biribi te sɛ ahwehwɛ ɛpo a wɔde ogya afra. Afei, mehunuu wɔn a wɔadi aboa no ne ne sɛso ohoni ne deɛ wɔde agyiraeɛ asi ne din anan mu no so nkonim. Na wɔgyinagyina ahwehwɛ ɛpo no ho a wɔkurakura asankuo a Onyankopɔn de ama wɔn no.
3 Og de sang Mose, Guds Tjeners, Sang, og Lammets Sang, og sagde: Store og vidunderlige ere dine Gerninger, Herre, Gud, du Almægtige! retfærdige og sande' ere dine Veje, du Folkeslagenes Konge!
Na wɔreto Onyankopɔn akoa Mose dwom ne Odwammaa no dwom sɛ, “Awurade, Otumfoɔ Onyankopɔn, wo nnwuma yɛ akɛseɛ na ɛyɛ nwanwa Amansanhene Wʼakwan tene na ɛyɛ nokorɛ.
4 Hvem skulde ikke frygte dig, Herre! og prise dit Navn? Thi du alene er hellig; ja, alle Folkeslagene skulle komme og tilbede for dit Åsyn, fordi dine retfærdige Domme ere blevne åbenbarede.
Hwan na ɔnsuro wo, Awurade? Hwan na ɔrenka wo kɛseyɛ? Wo nko na woyɛ kronkron. Aman nyinaa bɛba abɛsom wɔ wʼanim, ɛfiri sɛ, obiara ahunu wo tenenee nnwuma no.”
5 Og derefter så jeg, og Vidnesbyrdets Tabernakels Tempel i Himmelen blev åbnet,
Afei mehunuu sɛ asɔredan a ɛwɔ ɔsoro hɔ no Kronkron mu Kronkron no abue a adanseɛ ntomadan si mu.
6 og de syv Engle, som havde de syv Plager, gik ud af Templet, iførte rent og skinnende Linklæde og omgjordede om Brystet med Guldbælter.
Abɔfoɔ baason a wɔmaa wɔn tumi sɛ wɔmfa ɔhaw nson mmra no pue firii asɔredan no mu, a wɔhyehyɛ ntadeɛ fitafitaa a wɔbobɔ sikakɔkɔɔ abɔsoɔ wɔ wɔn koko so.
7 Og et af de fire levende Væsener gav de syv Engle syv Guldskåle fyldte med Guds Harme, han. som lever i Evighedernes Evigheder. (aiōn )
Afei, ateasefoɔ baanan no mu baako maa abɔfoɔ baason no sikakɔkɔɔ nkuruwa nson a Onyankopɔn a ɔte ase daa daa no abufuo ahyɛ no ma. (aiōn )
8 Og Templet fyldtes med Røg fra Guds Herlighed og fra hans Kraft; og ingen kunde gå ind i Templet, førend de syv Engles syv Plager fik Ende.
Wisie a ɛfiri Onyankopɔn animuonyam ne ne tumi mu no hyɛɛ asɔredan no ma. Na obiara antumi ankɔ asɔredan no mu kɔsii sɛ ɔhaw nson a abɔfoɔ baason no de baeɛ no to twaeɛ.