< Salme 57 >

1 (Til sangmesteren. Al-tasjhet. Af David. En miktam, da han flygtede ind i hulen for Saul.) Vær mig nådig, Gud, vær mig nådig, thi hos dig har min Sjæl søgt Ly; i dine Vingers Skygge søger jeg Ly, til Ulykken er drevet over.
Dawid dwom a ɔtoo bere a oguan fii Saulo nkyɛn kɔɔ ɔbodan no mu. Hu me mmɔbɔ, me Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ, na wo mu na me kra nya guankɔbea. Wo ntaban nwini ase na mɛpɛ guankɔbea kosi sɛ amanehunu no betwa mu.
2 Gud, den Højeste, påkalder jeg, den Gud, der gør vel imod mig;
Misu frɛ Onyankopɔn, Ɔsorosoroni no; Onyankopɔn a ɔma ne pɛ ba mu wɔ me ho.
3 han sender mig Hjælp fra Himlen og frelser min Sjæl fra dem, som vil mig til Livs. Gud sender sin Nåde og Trofasthed.
Ɔsoma fi ɔsoro hɔ begye me nkwa, ɔka wɔn a wɔtaa me anibere so no anim; Onyankopɔn soma ne dɔ ne ne nokware.
4 Jeg må ligge midt iblandt Løver, bo mellem Folk, der spyr Ild, hvis Tænder er Spyd og Pile, hvis Tunge er hvas som et Sværd.
Gyata atwa me ho ahyia; meda mmoa a wɔwe nam amono mu, nnipa a wɔn se te sɛ mpeaw ne mmɛmma na wɔn tɛkrɛma te sɛ afoa a ɛyɛ nnam.
5 Løft dig, o Gud, over Himlen, din Herlighed være over al Jorden!
Onyankopɔn, ɛsɛ sɛ wɔma wo so tra ɔsoro, na ama wʼanuonyam aba asase nyinaa so.
6 Et Net har de udspændt for mine Skridt, deres egen Fod skal hildes deri; en Grav har de gravet foran mig, selv skal de falde deri. (Sela)
Wɔtrɛw asau mu de sum mʼanan afiri, ahohiahia brɛɛ me ase. Wotuu amoa wɔ me kwan mu, nanso wɔn ankasa akɔtotɔ mu.
7 Mit Hjerte er trøstigt, Gud, mit Hjerte er trøstigt; jeg vil synge og lovprise dig,
Ao, Onyankopɔn, me koma agyina pintinn, me koma yɛ pintinn; mɛto dwom na mayi wo ayɛ.
8 vågn op, min Ære! Harpe og Citer vågn op, jeg vil vække Morgenrøden.
Me kra nyan! Sanku ne bɛnta, munnyan! Me nso menyan anɔpahema.
9 Jeg vil takke dig, Herre, blandt Folkeslag, prise dig blandt Folkefærd;
Awurade, mɛkamfo wo wɔ aman no mu; mɛto wo ho nnwom wɔ nnipa mu.
10 thi din Miskundhed når til Himlen, din Sandhed til Skyerne.
Wʼadɔe so, ɛkorɔn sen ɔsoro; wo nokwaredi du wim.
11 Løft dig, o Gud, over Himlen, din Herlighed være over al Jorden!
Ao, Onyankopɔn, wɔmma wo so mmoro ɔsoro; ma wʼanuonyam nkata asase nyinaa so. Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔto no sɛnea wɔto “Mma Wɔnnsɛe No” sanku nne so.

< Salme 57 >