< Salme 53 >
1 (Til sangmestern. Al-mahalat. En maskil af David.) Dårerne siger i Hjertet: "Der er ingen Gud!" Slet og afskyeligt handler de, ingen gør godt.
Dawid dwom. Ɔkwasea ka nʼakoma mu sɛ, “Onyankopɔn bi nni hɔ.” Wɔaporɔ, na wɔn akwan yɛ animguaseɛ. Baako koraa nni hɔ a ɔyɛ ade pa.
2 Gud skuer ned fra Himlen på Menneskenes Børn for at se, om der findes en forstandig, nogen, der søger Gud.
Onyankopɔn firi soro hwɛ adasamma wɔ fam sɛ ɔbɛhunu wɔn mu bi a wɔwɔ nteaseɛ, anaa ebinom a wɔhwehwɛ Onyankopɔn.
3 Afveget er alle, til Hobe fordærvet, ingen gør godt, end ikke een.
Obiara amane; wɔn nyinaa ayɛ bɔne; wɔn mu bi nni hɔ a ɔyɛ papa; ɔbaako mpo nni hɔ.
4 Er de Udådsmænd da uden Forstand de, der æder mit Folk, som åd de Brød, og ikke påkalder Gud?
Enti abɔnefoɔ rensua nyansa anaa? Wɔwe me nkurɔfoɔ sɛdeɛ nnipa di aduane. Wɔnnsu mfrɛ Onyankopɔn.
5 Af Rædsel gribes de da, hvor ingen Rædsel var; thi Gud adsplitter din Belejres Ben; de bliver til Skamme, thi Gud forkaster dem.
Wɔn na wɔwɔ hɔ a wɔabɔ huboa! Wɔn ho popo wɔ beaeɛ a ehu nni hɔ. Onyankopɔn bɛhwete wʼatamfoɔ no nnompe agu; wobɛgu wɔn anim ase, ɛfiri sɛ Onyankopɔn abu wɔn animtiaa.
6 Ak, kom dog fra Zion Israels Frelse! Når Gud vender sit Folks Skæbne, skal Jakob juble, Israel glædes.
Ao, ma Israel nkwagyeɛ mfiri Sion mmra! Onyankopɔn bɛsane de ne nkurɔfoɔ agyapadeɛ ama wɔn. Na Yakob adi ahurisie, na Israel ani agye! Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔbɔ no sankuo so.