< Salme 51 >

1 (Til sangmesteren. En salme af David, dengang Natan kom til ham, efter at han havde været inde hos Batseba.) Gud, vær mig nådig efter din Miskundhed, udslet mine Overtrædelser efter din store Barmhjertighed,
Dawid dwom a ɔtoo no bere a ɔde ne ho kaa Batseba na odiyifo Natan kɔɔ ne nkyɛn no. Ao, Onyankopɔn hu me mmɔbɔ, sɛnea wʼadɔe a ɛnsa da no te; wʼahummɔbɔ kɛse no nti, pepa me mmarato.
2 tvæt mig fuldkommen ren for min Skyld og rens mig for min Synd!
Hohoro mʼamumɔyɛ nyinaa na tew me ho fi me bɔne mu!
3 Mine Overtrædelser kender jeg jo, min Synd står mig altid for Øje.
Na mahu me mmarato, na mekae me bɔne daa.
4 Mod dig har jeg syndet, mod dig alene, og gjort, hvad i dine Øjne er ondt, at du må få Ret, når du taler, stå ren, når du dømmer.
Mayɛ mfomso atia wo; atia wo nko ara na mayɛ nea ɛyɛ bɔne wɔ wʼani so, enti wudi bem wɔ wʼatemmu mu na woteɛ wɔ wʼatemmu mu.
5 Se, jeg er født i Misgerning, min Moder undfanged mig i Synd.
Ampa ara wɔwoo me wɔ bɔne mu, na bɔne mu na me na nyinsɛn me.
6 Du elsker jo Sandhed i Hjertets Løndom, så lær mig da Visdom i Hjertedybet.
Ampa ara nokware na wohwehwɛ wɔ me mu. Wokyerɛ me nyansa a mu dɔ.
7 Rens mig for Synd med Ysop, tvæt mig hvidere end Sne;
Fa adwerɛ hohoro me ho, na me ho afi; guare me, na mɛhoa asen sukyerɛmma.
8 mæt mig med Fryd og Glæde, lad de Ben, du knuste, juble;
Ma mente ahosɛpɛw ne anigye nka; na ma nnompe a woabubu no nni ahurusi.
9 skjul dit Åsyn for mine Synder, udslet alle mine Misgerninger;
Kata wʼani wɔ me bɔne ho na pepa mʼamumɔyɛ nyinaa.
10 skab mig, o Gud, et rent Hjerte, giv en ny, en stadig Ånd i mit Indre;
Ao, Onyankopɔn, bɔ koma a mu tew wɔ me mu, na yɛ honhom a atim no foforo wɔ me mu.
11 kast mig ikke bort fra dit Åsyn, tag ikke din hellige Ånd fra mig;
Mpam me mfi wʼanim, na nyi wo Honhom Kronkron mfi me mu.
12 glæd mig igen med din Frelse, giv mig til Støtte en villig Ånd!
Fa wo nkwagye mu anigye no ma me bio, na ma me ɔpɛ honhom a ɛbɛma magyina.
13 Da vil jeg lære Overtrædere dine Veje, og Syndere skal vende om til dig.
Afei mɛkyerɛ nnebɔneyɛfo wʼakwan, na amumɔyɛfo bɛsan aba wo nkyɛn.
14 Fri mig fra Blodskyld, Gud, min Frelses Gud, så skal min Tunge lovsynge din Retfærd;
Ao, Onyankopɔn, gye me fi mogya ho afɔdi mu. Onyame a wugye me nkwa, na me tɛkrɛma bɛto wo trenee ho dwom.
15 Herre, åben mine Læber, så skal min Mund forkynde din Pris.
Awurade, bue mʼano fafa, na mede mʼano bɛpae mu aka wʼayeyi.
16 Thi i Slagtoffer har du ikke Behag, og gav jeg et Brændoffer, vandt det dig ikke.
Wompɛ afɔrebɔ, anka mɛbɔ; wʼani nnye ɔhyew afɔre ho.
17 Offer for Gud er en sønderbrudt Ånd; et sønderbrudt, sønderknust Hjerte agter du ikke ringe, o Gud.
Onyankopɔn afɔre yɛ honhom a abotow, Onyankopɔn, worempo ahonu ne ahobrɛase koma.
18 Gør vel i din Nåde mod Zion, opbyg Jerusalems Mure!
Ma ɛnyɛ wo fɛ sɛ wobɛma Sion anya nkɔso wɔ wʼanigye mu; na woasi Yerusalem afasu.
19 Da skal du have Behag i rette Ofre, Brænd- og Heloffer, da bringes Tyre op på dit Alter.
Afei wʼani begye ɔtreneeni afɔrebɔ ho, ɔhyew afɔre a edi mu; na wɔde anantwinini bɛbɔ afɔre wʼafɔremuka so. Wɔde ma dwonkyerɛfo.

< Salme 51 >